Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Bɛn Onyankopɔn

“Me De, Me Werɛ Remfi Wo”

“Me De, Me Werɛ Remfi Wo”

SO Yehowa dwen ne nkurɔfo ho ampa? Sɛ saa a, odwen wɔn ho kodu he? Sɛ yebetumi anya saa asɛm no ho mmuae a, gye sɛ Onyankopɔn no ara ada no adi akyerɛ yɛn. Sɛnea Yehowa te nka no, wada no adi pefee wɔ Bible mu. Ma yensusuw asɛm a ɛwɔ Yesaia 49:15 no ho.

Nea ɛbɛma yɛahu ɔdɔ kɛse a Yehowa wɔ ma ne nkurɔfo no, ɔnam Yesaia so de mfatoho a ɛka koma paa kyerɛkyerɛɛ mu. Ɔde asɛmmisa a ɛma yedwen kɔ akyiri yi na efii ase: “So ɔbea werɛ befi ne nufu ano ba ma enti ne yam renhyehye no mma ne yafunu mu ba?” Wote asɛmmisa yi foforo a, wobɛka sɛ ɛho mmuae yɛ biako pɛ. Ɛbɛyɛ dɛn na ɔbaatan werɛ afi ne ba a onum nufu? Awia oo, anadwo oo, abofra no biribiara da ne maame so, na sɛ abofra no hia biribi nso a, ɔbɛyɛ ara ama ne maame ahu! Nanso ɛnyɛ ɛno nko ara na na ɛwɔ Yehowa adwenem bere a obisaa saa asɛm no.

Dɛn nti na ɔbaatan hwɛ ne ba na ɔma abofra no nea ohia biara? Wususuw sɛ ɔpɛ sɛ abofra no gyae su nti na ɔyɛ saa? Dabi. Abadae nti, ɔbaatan wɔ ayamhyehye ma “ne yafunu mu ba.” Hebri asɛmfua a wɔkyerɛɛ ase ‘ayamhyehye’ no, wobetumi akyerɛ ase ‘mmɔborɔhunu.’ (1 Ahene 8:50; Yesaia 54:10) Saa Hebri asɛmfua yi betumi akyerɛ tema a wonya ma obi a onni ɔboafo anaa obi a n’asɛm yɛ mmɔbɔ. Ayamhyehye a ɔbaatan wɔ ma ne ba a otua nufu ano no yɛ atenka a emu yɛ den paa.

Nanso awerɛhosɛm ne sɛ, ɛnyɛ ɔbaatan biara na ne yam hyehye no ma ne ba ketewa. Yehowa ka sɛ: “Mmea yi werɛ betumi afi.” Wiase a yɛte mu yi, mmarima ne mmea pii ‘nni nokware na wonni tema.’ (2 Timoteo 3:1-5) Ɛwom ara a, yɛte sɛ ɔbaatan bi ato ne ba a wawo no foforo asaworam, wayɛ no ayayade, anaa watow no akyene. Nhoma bi a ɛkyerɛkyerɛ Bible mu ka Yesaia 49:15 ho asɛm sɛ: “Bɔne wɔ mmaatan ho, na ɛtɔ da a, amumɔyɛ tumi kata wɔn dɔ so. Nnipa dɔ a emu yɛ den saa no mpo tumi sɛe.”

Nanso Yehowa ma yɛn awerɛhyem sɛ: “Me de, me werɛ remfi wo.” Ɛno ma yehu adwene a Yehowa de bisaa asɛm a ɛwɔ Yesaia 49:15 no. Bere a Yehowa kaa saa asɛm no, ɛnyɛ sɛ na ɔde ne ho retoto ɔbaatan, na mmom na ɔrekyerɛ sɛ ɔnte sɛ ɔbaatan. Esiane sɛ bɔne wɔ mmaatan ho nti, ɛnyɛ da biara na wobenya ayamhyehye ama wɔn mma nketewa a wontumi nyɛ wɔn ho hwee no, nanso Yehowa de, ne werɛ remfi da sɛ obenya ayamhyehye ama n’asomfo a wohia mmoa. Nhoma a yɛafa mu asɛm aka dedaw no ka nokwasɛm yi fa Yesaia 49:15 ho: “Ɔkwan a wɔafa so aka Onyankopɔn dɔ ho asɛm wɔ ha yi de, gyama wɔnkaa ho asɛm saa wɔ Apam Dedaw no mu baabiara.”

So ɛnyɛ awerɛkyekye sɛ yebehu sɛ “yɛn Nyankopɔn [wɔ] mmɔborɔhunu”? (Luka 1:78) Adɛn na wonhwehwɛ ɔkwan a wubetumi afa so abɛn Yehowa? Ɔdɔ Nyankopɔn yi ma n’asomfo awerɛhyem sɛ: “Merennyaw wo na merempa wo nso da.”—Hebrifo 13:5.

February Bible akenkan:

Yesaia 43-62