Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Nsɛm A Akenkanfo Bisa . . .

So asase bɛsɛe?

So asase bɛsɛe?

▪ Ná ebinom gye di sɛ asase bɛsɛe October 21, 2011, nanso amma saa. Enti nkɔm a U.S. radio adwumayɛni Harold Camping hyɛe no yɛɛ ɔkwa. Ɔhyɛɛ nkɔm sɛ Atemmu Da bɛba May 21, 2011. Ɔkae sɛ saa da no, asasewosow kɛse bi besi wiase nyinaa, na asram anum akyi, October 21 no, wɔbɛsɛe asase no.

Nanso asase rensɛe da. Nea ɔbɔɔ asase no rema no nsɛe. N’Asɛm ka sɛ: “Wode asase atim hɔ pintinn sɛ ennyina hɔ daa.”—Dwom 119:90.

Ebia nnipa a wɔkenkan Bible no binom rennye ntom sɛ wɔremfa ogya nsɛe asase. Wɔde asɛm a ɛwɔ 2 Petro 3:7, 10 na esi wɔn asɛm no so. Ɛhɔ ka sɛ: “Ɛnam asɛm koro no ara so na wɔakora ɔsoro ne asase a ɛwɔ hɔ yi so ama ogya de retwɛn atemmu ne amumɔyɛfo sɛe da. . . . Nanso Yehowa da no bɛba sɛ ɔkorɔmfo, na emu na ɔsoro betwam kurududu, na nneɛma a adɔ ayɛ kɔɔ no bɛnan, na asase ne emu nnwuma bɛda adi.” So ɛsɛ sɛ yɛfa ɔsomafo Petro asɛm no sɛnea ɔkaa no no ara?

Dabi, ɛnsɛ sɛ yɛfa no saa. Dɛn ntia? Efisɛ, ɛsɛ sɛ saa asɛm no ne nsɛm foforo a ɛwɔ Petro krataa no mu ne Bible mu nsɛm a aka nyinaa hyia. Sɛ yɛfa Petro asɛm yi sɛnea ɔkaa no no a, ɛbɛkyerɛ sɛ nnipa abɔnefo a wɔte amansan kɛse yi fã ketewaa bi nti, wɔde ogya bɛhyew ɔsoro anaa amansan yi nyinaa, na wɔbɛhyew nsoromma pepeankama ne nneɛma pii a ɛwom no. Sɛ w’ani nnye mpoano anhwea ketewa bi ho a, ɛno nti wobɛsɛe anhwea a ɛwɔ mpoano no nyinaa anaa? Ntease nnim sɛ wobɛyɛ saa! Saa ara nso na Yehowa renka sɛ nnipa a wɔte amansan no fã baabi atew atua nti, ɔbɛsɛe amansan a wabɔ no nyinaa.

Sɛ eyi da nkyɛn a, ntease a ɛte saa no ne asɛm a Yesu Kristo kae no nhyia. Ɔkae sɛ: “Anigye ne wɔn a wodwo, efisɛ wobenya asase no.” (Mateo 5:5; Dwom 37:29) Agya a ɔwɔ ɔdɔ besi dan kama ama n’abusua na wasan ahyew no anaa? (Dwom 115:16) Ɔrenyɛ saa da! Yehowa nyɛ Ɔbɔadeɛ kɛkɛ na mmom ɔyɛ Agya a ɔdɔ ne mma.—Dwom 103:13; 1 Yohane 4:8.

Petro de asɛm “asase” dii dwuma sɛnkyerɛnne kwan so, na ɔde gyinaa hɔ maa adesamma—adesamma abɔnefo. Hyɛ no nsow sɛ Petro de asɛm no totoo Noa Nsuyiri no ho. (2 Petro 3:5, 6) Saa bere no, nnipa abɔnefo nkutoo na wɔsɛee wɔn; asase de, ansɛe, na wɔansɛe Noa ne n’abusua nso. Ɛno nti “ɔsoro” a Petro de dii dwuma no nso yɛ sɛnkyerɛnne kwan so. “Ɔsoro” no nso gyina hɔ ma nnipa nniso a ɛredi tumi. Enti wobeyi abɔnefo a wɔmpɛ sɛ wɔbɛsakra no afi hɔ, na wɔbɛsɛe nnipa sodifo a wɔn tirim yɛ den no nyinaa ama Onyankopɔn soro nniso anaa n’Ahenni no abesi anan.—Daniel 2:44.

Enti, asase yi bɛsɛe anaa? Dabi. Nea ɛbɛsɛe ne sɛnkyerɛnne kwan so asase anaa adesamma abɔnefo no. Asase ne atreneefo de, wɔbɛtena hɔ daa.—Mmebusɛm 2:21, 22.