Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Suasua Yesu na Wɛn

Suasua Yesu na Wɛn

Suasua Yesu na Wɛn

“Monkɔ so nwɛn na mommɔ mpae.”—MAT. 26:41.

WUBEBUA DƐN?

Ɔkwan bɛn so na yɛn mpaebɔ bɛkyerɛ sɛ yɛrewɛn?

Sɛ yɛreyɛ asɛnka adwuma no a, dɛn na yɛbɛyɛ de akyerɛ sɛ yɛn ani da hɔ?

Sɛ yehyia sɔhwɛ a, dɛn nti na ɛho hia sɛ yɛkɔ so wɛn, na yɛbɛyɛ dɛn atumi ayɛ saa?

1, 2. (a) Sɛ yɛhwɛ sɛnea Yesu wɛnee no a, nsɛm bɛn na yebetumi abisa? (b) Nnipa a wɔnyɛ pɛ betumi asuasua Yesu nhwɛso a ɛyɛ pɛ no? Ma mfatoho.

EBIA wubebisa sɛ: Yebetumi awɛn te sɛ Yesu? Ebia wobɛka sɛ yentumi nyɛ saa efisɛ Yesu de, na ɔyɛ pɛ. Bio nso na Yesu nim nneɛma bi a ebesi daakye, nea ebesi mfe mpempem akyi mpo. Ɛnde so na ɛho hia sɛ Yesu wɛn? (Mat. 24:37-39; Heb. 4:15) Momma yenni kan nsusuw nsɛmmisa yi ho na ama yɛahu nea enti a ɛho hia paa sɛ yɛwɛn.

2 Onipa a ɔnyɛ pɛ betumi asua biribi afi nea ɔyɛ pɛ hɔ anaa? Yiw, efisɛ sukuuni betumi asuasua ɔkyerɛkyerɛfo a waben ma ayɛ yiye. Fa no sɛ obi resua sɛnea wɔtow agyan. Ebia mfiase no ɔrentumi nnyen n’ani ntow agyan no yiye, nanso ɔbɛkɔ so ara asua. Sɛ obetumi atow agyan no ma akɔ tee a, ɛsɛ sɛ ɔto ne bo ase sua ne kyerɛkyerɛfo a waben wɔ agyantow mu no. Osuani no hwɛ sɛnea ɔkyerɛkyerɛfo no gyina hɔ so agyan no mu. Nkakrankakra osuani no hu baabi a mframa bɔ kɔ ne ahoɔden a ɔde bɛtow agyan no. Sɛ ɔbɔ mmɔden sɛ obesuasua ne kyerɛkyerɛfo no a, nkakrankakra afei obetumi atow agyan no yiye. Saa ara na yɛn nso sɛ yetie Yesu akwankyerɛ na yesua ne nhwɛso a ɛyɛ pɛ no a, yebetumi ayɛ Kristofo papa.

3. (a) Dɛn na Yesu kae a ɛkyerɛ sɛ na ehia sɛ ɔno nso wɛn? (b) Dɛn na yebesusuw ho wɔ adesua yi mu?

3 So na ehia sɛ Yesu wɛn ankasa? Yiw, na ehia. Sɛ nhwɛso no, anadwo a ade rebɛkye ma Yesu awu no, ɔka kyerɛɛ n’asomafo anokwafo no sɛ: “Mo ne me nwɛn.” Ɔde kaa ho sɛ: “Monkɔ so nwɛn na mommɔ mpae na moankɔ sɔhwɛ mu.” (Mat. 26:38, 41) Ná Yesu yɛ obi a ɔtaa wɛn, nanso bere a ɔrebewu no de, ohui paa sɛ ehia sɛ ɔwɛn na ɔbɛn ne soro Agya no. Ná onim sɛ ehia sɛ n’asuafo nso wɛn; ɛnyɛ saa bere no nko, na mmom daakye nso. Momma yɛnhwɛ nea enti a Yesu pɛ sɛ yɛkɔ so wɛn. Ɛno akyi no, yɛbɛhwɛ nneɛma abiɛsa a ebetumi aboa yɛn ma yɛawɛn sɛnea Yesu yɛe no.

NEA ENTI A YESU PƐ SƐ YƐWƐN

4. Dɛn nti na ɛho hia sɛ yɛkɔ so wɛn?

4 Sɛ yebetwa no tiawa a, nneɛma abien nti na Yesu pɛ sɛ yɛwɛn. Nea edi kan ne sɛ ɛnyɛ biribiara a ebesi daakye na yenim. Bere a Yesu wɔ asase so no, ɛnyɛ nea ɛbɛba daakye nyinaa na na onim. Ɔno ankasa gyee eyi toom, na ɔkae sɛ: “Ɛdefa saa da no ne dɔn no ho de obiara nnim, abɔfo a wɔwɔ ɔsoro ne Ɔba no mpo nnim, gye Agya no nko.” (Mat. 24:36) Saa bere no, na Yesu a ɔne “Ɔba no” nnim da pɔtee a wiase bɔne yi bɛba awiei. Yɛn nso ɛ? So yenim biribiara a ɛbɛba daakye? Dabida! Yennim da pɔtee a Yehowa bɛsoma ne Ba no ma wabɛsɛe wiase bɔne yi. Sɛ yenim a, anka ɛho nhia sɛ yɛkɔ so wɛn. Yesu kae sɛ, awiei no bɛba mpofirim, bere a yɛn ani nna. Enti ehia sɛ yɛkɔ so wɛn.—Monkenkan Mateo 24:43.

5, 6. (a) Ɔkwan bɛn so na nea yenim fa Onyankopɔn Ahenni ho no boa yɛn ma yɛwɛn? (b) Sɛ yɛhwɛ nea yenim fa Satan ho a, dɛn nti na ɛsɛ sɛ yesi yɛn bo sɛ yɛbɛwɛn?

5 Ade a ɛto so abien nti a Yesu pɛ sɛ yɛwɛn ne sɛ yenim nneɛma pii a ɛbɛba daakye. Bere a Yesu wɔ asase so no, na onim nneɛma pii a ɛbɛba daakye, nanso na nnipa a wɔwɔ ne nkyɛn no mu dodow no ara nnim ho hwee. Nea yenim nnu Yesu de ho hwee. Nanso wama yɛahu nneɛma pii a ɛfa Onyankopɔn Ahenni ho ne nea ɛbɛyɛ daakye. Nanso nnipa dodow no ara a yehyia wɔn wɔ sukuu mu, adwumam, ne yɛn asasesin mu no nnim eyi ho hwee koraa. Eyi ma yehu ade foforo nti a ɛsɛ sɛ yɛwɛn. Ɛsɛ sɛ yɛma yɛn ani da hɔ bere nyinaa na yɛhwehwɛ hokwan a yɛde bɛka Onyankopɔn Ahenni no ho asɛm akyerɛ afoforo sɛnea Yesu yɛe no. Bere biara a yebenya hokwan a ɛte saa no, ɛnsɛ sɛ yɛma etwam kɔ, efisɛ nkurɔfo nkwa da asiane mu!—1 Tim. 4:16.

6 Ná ade foforo bi nso wɔ hɔ a Yesu nim, na eyi ma ɔwɛnee. Ná onim sɛ Satan awe ahinam so sɛ ɔbɛsɔ no ahwɛ na wataa no ma wagyae ne mũdi mu. Saa ɔtamfo tirimɔdenfo yi hwehwɛɛ “bere foforo” biara a obenya de asɔ Yesu ahwɛ. (Luka 4:13) Yesu nso daa ne ho so bere nyinaa. Sɔhwɛ oo, ɔtaa oo, ɔsɔretia oo, na wayɛ krado sɛ obegyina ano. Yɛn nso yɛwɔ tebea koro no ara mu. Yenim sɛ Satan da so ara yɛ n’ade te sɛ “gyata a ɔbobom apɛ obi amene no.” Ɛno nti Onyankopɔn Asɛm tu Kristofo nyinaa fo sɛ: “Mo ani nna hɔ, monwɛn.” (1 Pet. 5:8) Ɛnde yɛbɛyɛ dɛn atumi ayɛ saa?

SƐNEA MPAEBƆ BOA YƐN MA YƐWƐN

7, 8. Afotu bɛn na Yesu de mae wɔ mpaebɔ ho? Dɛn na yebetumi asua afi ne mpaebɔ no mu?

7 Bible ma yehu sɛ mpaebɔ betumi aboa yɛn ma yɛn ani ada hɔ na yɛawɛn na yɛne Yehowa ntam ayɛ kama. (Kol. 4:2; 1 Pet. 4:7) Bere a Yesu ka kyerɛɛ n’akyidifo sɛ wɔne no nwɛn no, ankyɛ koraa na ɔkae sɛ: “Monkɔ so nwɛn na mommɔ mpae na moankɔ sɔhwɛ mu.” (Mat. 26:41) Saa bere no na wɔrehyia tebea a emu yɛ den. Ɛnde, so eyi nkutoo nti na Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ wɔmmɔ mpae? Dabi. Mmom no, n’afotu no yɛ biribi a ɛsɛ sɛ yɛde bɔ yɛn bra da biara da.

8 Yesu nhwɛso no ma yehu sɛ mpaebɔ ho hia paa. Ebia wobɛkae sɛ bere bi Yesu bɔɔ n’Agya mpae anadwo mũ nyinaa. (Monkenkan Luka 6:12, 13.) Wo de, twa asɛm no ho mfonini hwɛ. Ná ɛyɛ fefɛw bere, na ɛbɛyɛ sɛ na Yesu wɔ beae bi a ɛbɛn Kapernaum wɔ Galilea. Bere a anim rebiribiri no, Yesu kɔɔ bepɔw bi a ɛbɛn Galilea Po no so. Afei ɔtoo n’ani hwɛɛ Kapernaum ne nkuraa a egu bepɔw no ayaase no, na nkanea a ɛwɔ hɔ no yɛɛ nketenkete wɔ n’ani so. Bere a Yesu fii ase sɛ ɔne Yehowa rekasa no, biribiara antwetwe n’adwene, enti wanhu mpo sɛ bere rekɔ. Bio nso wanhu sɛ nkanea no redunnum mmiako mmiako anaa ɔsram bi mpo nam wim, na wante anadwoboa biara nka. Ɛbɛyɛ sɛ ade titiriw a ɔbɔɔ ho mpae ne asomafo 12 a na ɔrebɛpaw wɔn no. Wo de, twa ho mfonini sɛ Yesu de n’asuafo no mu biara ho asɛm reto n’Agya anim na ɔresrɛ ne hɔ nyansa ne akwankyerɛ. Ná n’ani abere paa.

9. Sɛ yɛhwɛ sɛnea Yesu bɔɔ mpae anadwo mũ nyinaa a, dɛn na yebetumi asua afi mu?

9 So Yesu mpae no kyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ yɛn nso yɛde nnɔnhwerew pii bɔ mpae? Dabi. Yesu tee n’akyidifo no ase, na ɔkae sɛ: “Honhom no de, ɛpɛ, nanso honam no yɛ mmerɛw.” (Mat. 26:41) Nanso yebetumi asua biribi afi nea Yesu yɛe no mu. Sɛ nhwɛso no, ansa na yebesi gyinae biara a ɛbɛka yɛn ankasa anaa yɛn abusua anaa yɛn mfɛfo Kristofo no, so yɛde ho asɛm to yɛn soro Agya no anim? Yɛbɔ mpae ma yɛn nuanom mmarima ne mmea a yɛne wɔn resom no anaa? Sɛ yɛrebɔ mpae a yɛka yɛn komam asɛm, anaa nsɛm koro no ara na yetĩ mu? Afei hyɛ no nsow sɛ na Yesu gye bere ne n’Agya no kasa kokoam. Ɛnnɛ wiase a nnipa rebu fa so na wonnya wɔn ho twabere yi, ɛnyɛ den koraa sɛ obi werɛ befi nneɛma a ɛho hia paa wɔ asetena mu. Sɛ yegye bere bɔ Yehowa mpae kokoam a, ɛbɛboa yɛn ma yɛn ani ada hɔ na yɛawɛn. (Mat. 6:6, 7) Eyi bɛma yɛabɛn Yehowa na yɛayɛ nea yebetumi biara ahyɛ yɛne n’abusuabɔ mu den, na yɛakwati biribiara a ebetumi asɛe yɛne no ntam.—Dw. 25:14.

SƐNEA YƐBƐMA YƐN ANI ADA HƆ AYƐ ASƐNKA ADWUMA NO

10. Dɛn na ɛkyerɛ sɛ Yesu de n’ani too fam hwehwɛɛ hokwan de dii adanse?

10 Yesu maa n’ani daa hɔ yɛɛ adwuma a Yehowa de hyɛɛ ne nsa no. Nnwuma bi wɔ hɔ a obi betumi ayɛ bere mpo a ɔremfa n’adwene nyinaa nsi so, nso ɔhaw biara mma. Nanso nnwuma pii wɔ hɔ a ɛhwehwɛ sɛ wode w’adwene nyinaa si so na woma w’ani da hɔ. Asɛnka adwuma no te saa. Yesu maa n’ani daa hɔ bere nyinaa sɛ obenya hokwan aka asɛmpa no akyerɛ afoforo. Eyi ho nhwɛso ne bere a Yesu ne n’asuafo no twaa kwan anɔpa mũ nyinaa koduu Sikar no. N’asuafo no kɔɔ kurow no mu sɛ wɔrekɔtɔ aduan, na Yesu tenaa abura bi ho sɛ ɔregye n’ahome. Nanso saa bere no nyinaa na n’ani da hɔ sɛ obenya hokwan de adi adanse, na onyaa bi. Samariani bea bi puee hɔ sɛ ɔrebɛsaw nsu. Ná anka Yesu betumi apa atweri baabi ayi n’ani so kakra, anaa wapɛ biribi ayi ne ho ano na waka n’ano atom. Nanso ofii ase ne ɔbea no bɔɔ nkɔmmɔ na odii adanse ma ɛkaa ne koma, na ɛboaa nnipa pii wɔ kurow no mu. (Yoh. 4:4-26, 39-42) So yɛn nso yebetumi asuasua Yesu na yɛama yɛn ani ada hɔ sɛ yɛde hokwan biara a yebenya bɛka asɛmpa no akyerɛ nnipa a yehyia wɔn daa no?

11, 12. (a) Bere a nnipa bi bɔɔ mmɔden sɛ wobeyi Yesu adwene afi n’adwuma no so no, dɛn na ɔkae? (b) Bere a Yesu reyɛ asɛnka adwuma no, dɛn na ɛkyerɛ sɛ ɔde biribiara too nea ɛsɛ sɛ ɔde to pɛpɛɛpɛ?

11 Ɛtɔ bere bi a na nnipa a wokura adwempa mpo bɔ mmɔden sɛ wobeyi Yesu adwene afi n’adwuma no so. Bere a Yesu saa nkurɔfo yare wɔ Kapernaum no, ɛkaa wɔn paa, enti na wɔpɛ sɛ wogye no tena hɔ. Ɔkwan bi so no yebetumi ate wɔn ase, nanso na Yesu adwuma titiriw ne sɛ ɔbɛka asɛm no akyerɛ “Israel fie nguan a wɔayera” nyinaa, na ɛnyɛ kurow biako nkutoo. (Mat. 15:24) Enti Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Ɛsɛ sɛ mekɔ nkurow foforo mu nso kɔka Onyankopɔn ahenni ho asɛmpa no, efisɛ eyi nti na wɔsomaa me.” (Luka 4:40-44) Eyi kyerɛ pefee sɛ na ade titiriw a ehia Yesu ne asɛnka adwuma no. Wamma biribiara antwitware n’ananmu.

12 So Yesu de n’adwene nyinaa sii n’adwuma no so araa ma wannya bere mpo annye n’ani anaa wanyɛ nneɛma foforo biara? Anaasɛ asɛnka adwuma no gyee n’adwene araa ma na onipa biara asɛm mfa ne ho? Dabi, Yesu de biribiara too nea ɛsɛ sɛ ɔde to pɛpɛɛpɛ. Ná ɔne ne nnamfo hyia gye wɔn ani. Ná ɔwɔ ayamhyehye ma mmusua, na ɔkaa mmofra mpo bataa ne ho.—Monkenkan Marko 10:13-16.

13. Bere a yɛreyɛ asɛnka adwuma no, yɛbɛyɛ dɛn awɛn sɛ Yesu? Yɛbɛyɛ dɛn na yɛanyɛ nneɛma antra so?

13 Sɛ yesuasua sɛnea Yesu wɛnee no a, dɛn na yɛn nso yɛbɛyɛ na yɛde biribiara ato nea ɛsɛ sɛ yɛde to pɛpɛɛpɛ? Yɛmpɛ sɛ wiase no twetwe yɛn adwene fi yɛn adwuma no so. Ebia yɛn nnamfo ne yɛn abusuafo a wɔwɔ yɛn ho adwempa mpo bɛka akyerɛ yɛn sɛ ɛnsɛ sɛ yɛhaw yɛn ho pii wɔ asɛnka adwuma no mu, anaa wɔbɛka mpo sɛ yɛmpɛ bra bi mmɔ sɛnea yɛn mfɛfo yɛ no. Nanso sɛ yesuasua Yesu a, yɛbɛfa asɛnka adwuma no sɛ aduan a yedi. (Yoh. 4:34) Asɛnka adwuma no ma yenya honhom fam ahoɔden na ɛma yɛn bo tɔ yɛn yam. Nanso ɛnsɛ sɛ yɛyɛ nneɛma tra so na yɛyɛ yɛn ho treneefo dodo na yɛde anigye kame yɛn ho koraa. Yɛpɛ sɛ yesuasua Yesu na yɛn ani gye, efisɛ yɛyɛ “anigye Nyankopɔn no” asomfo.—1 Tim. 1:11.

SƐNEA YƐBƐWƐN WƆ SƆHWƐ MMERE MU

14. Sɛ yɛkɔ sɔhwɛ mu a, ahwɛyiye bɛn na ehia sɛ yɛyɛ, na dɛn ntia?

14 Sɛnea yɛahu no, ɛyɛ bere a Yesu kɔɔ sɔhwɛ a emu yɛn den mu titiriw na otuu n’akyidifo fo sɛ wɔnwɛn. (Monkenkan Marko 14:37.) Sɛ yɛkɔ ahokyere mu a, saa bere no paa na ɛsɛ sɛ yɛkae nhwɛso a Yesu yɛe no. Sɛ nnipa kɔ sɔhwɛ mu a, ɛyɛ a wɔn mu pii werɛ fi nokwasɛm titiriw bi. Saa nokwasɛm no ho hia paa ma enti Mmebusɛm nhoma no atĩ mu aka no mprenu sɛ: “Ɛwɔ ɔkwan bi a ɛteɛ onipa ani so, nanso n’awiei yɛ owu kwan.” (Mmeb. 14:12; 16:25) Sɛ yehyia nsɛnnennen bi na yɛde yɛn ankasa adwene di ho dwuma a, ebetumi ayɛ asiane ama yɛne yɛn adɔfo.

15. Sɛ abusua ti bi kɔ ahokyere mu a, dɛn na ebetumi ayɛ sɔhwɛ ama no?

15 Yɛmfa no sɛ ɛyɛ den ma abusua ti bi sɛ ɔbɛhwɛ “n’ankasa ne nnipa,” anaa ne fiefo. (1 Tim. 5:8) Ebia obenya adwuma bi nanso ɛbɛma watoto asafo nhyiam anaa asɛnka mu, anaa ɔrentumi nni anim wɔ abusua som mu. Sɛ odi n’adwene nkutoo akyi a, ebia ɔbɛka sɛ mfomso biara nni ho sɛ ɔbɛyɛ adwuma a ɛte saa. Nanso nkakrankakra obetumi agu asu honhom mu anaa obegyae Yehowa som koraa. Eyi nti ɛho hia paa sɛ yedi afotu a ɛwɔ Mmebusɛm 3:5, 6 akyi. Solomon kae sɛ: “Fa wo koma nyinaa to Yehowa so, na mfa wo ho ntweri w’ankasa ntease. Hu no w’akwan nyinaa mu, na ɔno na ɔbɛma w’akwan ateɛ.”

16. (a) Dɛn na Yesu yɛe a ɛkyerɛ sɛ ɔde ne ho too Yehowa nyansa so na ɛnyɛ n’ankasa nyansa? (b) Sɛ mmusua ti kɔ ahokyere mu a, dɛn na wɔyɛ de kyerɛ sɛ wɔde wɔn ho to Yehowa so sɛnea Yesu yɛe no?

16 Bere a Yesu hyiaa sɔhwɛ no, wamfa ne ho anto n’ankasa ntease so da. Wo de, susuw ho hwɛ! Onipa a onim nyansa sen obiara a watena asase yi so pɛn no amfa ne ho anto n’ankasa nyansa so. Sɛ nhwɛso no, bere a Satan sɔɔ Yesu hwɛe no, otĩĩ mu kae sɛ: “Wɔakyerɛw sɛ.” (Mat. 4:4, 7, 10) Enti bere a Yesu hyiaa sɔhwɛ no, ɔde ne ho too n’Agya nyansa so ma ofii mu sɔnn. Nea Yesu yɛe no kyerɛ sɛ ɔbrɛ ne ho ase, nanso ahobrɛase yɛ su a abɔ Satan, na okyi kɔkɔɔkɔ. So yɛn nso yɛde yɛn ho to Yehowa nyansa so? Sɛ abusua ti suasua Yesu na ɔwɛn a, ɔbɛma Onyankopɔn Asɛm akyerɛ no kwan, titiriw bere a ɔrehyia sɔhwɛ no. Mmusua ti pii reyɛ saa wɔ wiase nyinaa. Wɔde Onyankopɔn Ahenni ne ne som di kan wɔ wɔn asetena mu, na wɔmma asetena mu nneɛma nnye wɔn adwene. Eyi na ɛkyerɛ sɛ wɔrehwɛ wɔn mmusua ankasa. Yehowa nso hyira adwuma kakra a wɔyɛ so ma wonya nea wɔde bɛhwɛ wɔn mmusua, sɛnea n’Asɛm ka no.—Mat. 6:33.

17. Dɛn na ɛka wo ma wowɛn sɛnea Yesu yɛe no?

17 Nokwasɛm ne sɛ, sɛ yebetumi awɛn a, onii a ɛsɛ sɛ yesuasua no paa ne Yesu. Ne nhwɛso no betumi aboa yɛn na agye yɛn nkwa mpo. Kae sɛ Satan asi nketekrakye sɛ ɔbɛdaadaa wo ma wada wɔ honhom mu na wo gyidi ayɛ mmerɛw, na wasom Yehowa biarabiara anaa woagyae wo mũdi mu koraa. (1 Tes. 5:6) Mma Satan nni wo so nkonim! Suasua Yesu na wɛn. Gye bere bɔ mpae, ma w’ani nna hɔ wɔ asɛnka adwuma no mu, na fa wo ho to Yehowa so bere a worehyia sɔhwɛ. Sɛ woyɛ saa a, w’ani begye na woanya akomatɔyam wɔ wiase a ɛda owupa so yi mpo mu. Sɛ wokɔ so wɛn, na bere so sɛ Yesu rebɛsɛe wiase bɔne yi a, ɔbɛba abehu wo sɛ w’ani da hɔ na woresom Onyankopɔn denneennen. Sɛ wudi nokware a, hwɛ sɛnea Yehowa ani begye sɛ obehyira wo!—Adi. 16:15.

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Kratafa 6 mfonini]

Yesu kaa asɛm no kyerɛɛ ɔbea bi wɔ abura ho. Hokwan bɛn na wohwehwɛ de di adanse da biara?

[Kratafa 7 mfonini]

Sɛ woboa w’abusua ma wɔsom Yehowa yiye a, ɛbɛkyerɛ sɛ worewɛn