Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kristofo a Wɔn Abusuafo Nyɛ Adansefo Ani Betumi Agye

Kristofo a Wɔn Abusuafo Nyɛ Adansefo Ani Betumi Agye

Kristofo a Wɔn Abusuafo Nyɛ Adansefo Ani Betumi Agye

“Wobɛyɛ dɛn ahu sɛ ɛnyɛ wo na wubegye wo [hokafo] nkwa?”—1 KOR. 7:16.

WUBETUMI ABUA?

Dɛn na Kristofo a wɔn abusuafo nni nokware no mu betumi ayɛ na asomdwoe atena wɔn fie?

Kristoni bɛyɛ dɛn aboa n’abusuafo ma wɔagye nokware no?

Dɛn na yebetumi ayɛ de aboa Kristofo a wɔn abusuafo nni nokware no mu no?

1. Sɛ obi gye nokware no a, ebetumi aka n’abusuafo dɛn?

BERE bi Yesu somaa n’asomafo no, na ɔka kyerɛ wɔn sɛ: “Sɛ mokɔ a, monka sɛ, ‘Ɔsoro ahenni no abɛn.’” (Mat. 10:1, 7) Wɔn a wɔde anisɔ gye asɛmpa no nya asomdwoe ne anigye. Nanso Yesu bɔɔ n’asomafo no kɔkɔ sɛ nnipa pii bɛsɔre atia Ahenni ho asɛm a wɔka no. (Mat. 10:16-23) Na sɛ ɛkɔba sɛ ɔsɔretia no fi yɛn abusuafo hɔ a, ebetumi ayɛ yaw paa.—Monkenkan Mateo 10:34-36.

2. Dɛn nti na Kristofo a wɔn abusuafo nni nokware no mu ani betumi agye?

2 So eyi kyerɛ sɛ Kristo akyidifo a wɔn abusuafo nni nokware no mu ani ntumi nnye? Ɛnte saa koraa! Ɛwom sɛ abusuafo betumi asɔre atia yɛn denneennen de, nanso ɛnyɛ obiara na n’abusuafo sɔre tia no. Na sɛ ɛba mpo sɛ abusuafo bi sɔre tia yɛn a, ebia bere bi bɛba a wobegyae. Sɛ abusuafo sɔre tia yɛn anaa wɔantie asɛm no a, nea yɛbɛyɛ wɔ ho na ɛbɛkyerɛ sɛ yɛn ani begye anaa yɛn ani nnye. Afei nso, Yehowa boa n’asomfo anokwafo, na ɔma wɔn ani gye wɔ tebea a emu yɛ den mu mpo. Kristoni betumi ayɛ nneɛma a edidi so yi ma n’ani agye: (1) Yɛ nea wubetumi ma asomdwoe ntena wo fie. (2) Bɔ mmɔden boa w’abusuafo ma wommegye nokware no.

MA ASOMDWOE NTENA WO FIE

3. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ Kristoni a n’abusuafo nni nokware no mu ma asomdwoe tena ne fie?

3 Sɛ asomdwoe wɔ fie a, ɛnyɛ den sɛ abusuafo begye nokware no. (Monkenkan Yakobo 3:18.) Sɛ Kristoni bi abusuafo nsom Yehowa mpo a, ɛsɛ sɛ ɔyɛ nea obetumi biara ma asomdwoe tena ne fie. Ɔbɛyɛ dɛn ayɛ saa?

4. Dɛn na Kristofo betumi ayɛ na ama wɔn asom adwo wɔn?

4 Ɛnsɛ sɛ Kristofo ma biribiara sɛe wɔn asomdwoe. Ehia sɛ yɛbɔ mpae hwehwɛ “Onyankopɔn asomdwoe a ɛboro adwene nyinaa so.” (Filip. 4:6, 7) Sɛ yesua Yehowa ho ade na yɛde Bible mu nsɛm bɔ yɛn bra a, ɛma yenya anigye ne asomdwoe. (Yes. 54:13) Sɛ yɛkɔ Kristofo nhyiam na yɛyere yɛn ho yɛ asɛnka adwuma no a, ɛno nso ma yɛn asom dwo yɛn na yɛn ani gye. Sɛ w’abusuafo nni nokware no mu mpo a, wubetumi afa akwan bi so anya Kristofo dwumadi ahorow yi mu kyɛfa. Susuw Enza * asɛm no ho hwɛ. Ná ne kunu sɔre tia no denneennen. Sɛ owie ne fie nnwuma a, na wasim kɔ asɛnka. Enza ka sɛ, “Bere biara a mɛyere me ho aka asɛmpa no akyerɛ afoforo no, Yehowa hyira me ma biribi pa fi mu ba.” Eyi ma onya asomdwoe, akomatɔyam, ne anigye.

5. Ɔhaw bɛn na wɔn a wɔn abusuafo nni nokware no mu taa hyia, na ɛhe na wobetumi anya mmoa?

5 Ɛsɛ sɛ yɛyere yɛn ho ma asomdwoe tena yɛne yɛn abusuafo a wonni nokware no mu ntam. Eyi betumi ayɛ den efisɛ ɛtɔ da bi a wɔbɛka sɛ yɛnyɛ biribi a Bible kasa tia. Sɛ yɛde Bible mu nsɛm bɔ yɛn bra a, ebetumi ama yɛn abusuafo binom bo afuw yɛn nanso sɛ yɛampa abaw a, daakye-daakye bi ɛde asomdwoe bɛba abusua no mu. Nanso sɛ Bible nkasa ntia biribi na yɛne wɔn twe no tann a, ɛde akyinnye hunu na ɛba. (Monkenkan Mmebusɛm 16:7.) Sɛ yehyia ɔhaw bi a, ɛho hia sɛ yɛkenkan Bible ne akoa nokwafo ne ɔbadwemma kuw no nhoma ahorow na yegye afotu fi mpanyimfo no nso hɔ.—Mmeb. 11:14.

6, 7. (a) Dɛn nti na sɛ ebinom ne Yehowa Adansefo fi ase sua ade a, wɔn abusuafo sɔre tia wɔn? (b) Sɛ Bible suani anaa obi a ɔwɔ nokware no mu abusuafo sɔre tia no a, dɛn na ɛsɛ sɛ ɔyɛ?

6 Sɛ yɛde yɛn ho to Yehowa so na yɛbɔ mmɔden sɛ yebehu nea enti a yɛn abusuafo a wonni nokware no mu yɛ nneɛma bi a, ebetumi ama yɛanya asomdwoe wɔ fie. (Mmeb. 16:20) Wɔn a wɔafi ase resua Bible mpo betumi ayɛ saa. Ɛnyɛ bere nyinaa na sɛ obi resua Bible no a ne kunu anaa ne yere bɛsɔre atia no. Ebia ɔbɛka sɛ ɛbɛboa abusua no mpo. Nanso ebia ebinom bɛsɔre atia denneennen. Ma yensusuw ɔbea bi a ɔde Esther a seesei ɔyɛ Ɔdansefo no ho nhwɛ. Ɔkae sɛ bere a ne kunu fii ase ne Yehowa Adansefo suaa Bible no, ne bo fuwii paa, na ɔhyew ne kunu nhoma totow bi gui. Howard nso sɔre tiaa ne yere bere a ofii ase suaa Bible no. Ɔkae sɛ: “Mmarima awarefo pii suro sɛ anhwɛ a na wɔadaadaa wɔn yerenom ma wɔakɔdɔm sum ase kuw bi. Sɛ ɔbarima susuw sɛ ne yere de ne ho rekɔto asiane bi mu a, nea ɔbɛyɛ ara ne sɛ ɔbɛsɔre atia.”

7 Sɛ yɛne obi sua Bible na ne hokafo sɔre tia no a, ɛsɛ sɛ yɛboa no ma ohu sɛ ɛnsɛ sɛ ogyae adesua no. Obetumi ne ne hokafo no adi no odwo so na wakyerɛ obu kɛse ama no. Mpɛn pii no ɛno ara tumi ma asɛm no twa. (1 Pet. 3:15) Howard ka sɛ, “Ɛyɛ me dɛ paa sɛ me yere hyɛɛ ne ho so na ɔne me anham!” Ne yere no nso kae sɛ: “Howard hyɛɛ me sɛ minnyae adesua no efisɛ na osusuw sɛ wɔresɛe m’adwene. Me ne no annye akyinnye, na mekae mpo sɛ ebia nea ɔreka no yɛ nokware, nanso meka kyerɛɛ no sɛ minnya nhuu biribi a ɛte saa. Enti mekae sɛ ɔnkenkan nhoma a meresua no. Ɔkenkanee na ogyee nea nhoma no ka toom. Eyi kaa no paa.” Momma yɛnhyɛ no nsow sɛ, sɛ obi kɔ asafo nhyiam anaa asɛnka a ebetumi ama ne hokafo a onni nokware no mu ate nka sɛ wayɛ ankonam, na ebia obesuro mpo sɛ n’aware begu. Nanso ɔhokafo a ɔwɔ nokware no mu betumi ne no akasa aka ne koma ato ne yam.

BOA WƆN MA WONNYE NOKWARE NO

8. Afotu bɛn na ɔsomafo Paulo de maa Kristofo a wɔn ahokafo nni nokware no mu?

8 Ɔsomafo Paulo tuu Kristofo fo sɛ, sɛ wɔn hokafo nni nokware no mu a, ɛnsɛ sɛ wogyaa no. * (Monkenkan 1 Korintofo 7:12-16.) Sɛ Kristoni ma ɛtena n’adwene mu sɛ daakye bi ne hokafo betumi abegye nokware no a, ebetumi ama n’ani agye. Nanso osuahu a yɛrebesusuw ho yi ma yehu sɛ, sɛ onua bi rebɔ mmɔden sɛ ɔbɛboa ne hokafo ma wahu nokware no a, ɛho hia sɛ ɔto ne bo ase.

9. Sɛ yɛreka Bible mu nokware no akyerɛ yɛn abusuafo a wonni nokware no mu a, dɛn na ɛsɛ sɛ ɛtena yɛn adwenem?

9 Jason ka sɛ bere a ohuu nokware no foforo no, n’ani gyei paa. Ɔka sɛ, “Ná me ho pere me sɛ mɛka akyerɛ obiara!” Sɛ Bible suani bi hu sɛ nea wasua afi Bible mu ne nokware no a, ebetumi ama n’ani agye araa ma bere nyinaa na ɛda n’ano. Ebia ɔbɛhwɛ kwan sɛ n’abusuafo nso begye nokware no ntɛm, nanso ebia wɔrentie asɛm no mpo. Bere a Jason huu nokware no, ne yere tee nka dɛn? Ɔbea no kae sɛ, “Ná ɔde nokware no tuatua m’aso.” Ɔbea foforo nso, bere a ne kunu gyee nokware no edii mfe 18 ansa na ɔno nso regye nokware no. Ɔbea no kae sɛ, “Me sei, na ɛsɛ sɛ misua nokware no nkakrankakra.” Sɛ wo ne obi resua Bible na ne hokafo ani nnye ho sɛ ɔbɛba nokware no mu a, dɛn nti na wommoa osuani no mma onhu sɛnea ɔbɛfa anifere kwan so akyerɛkyerɛ nokware no mu akyerɛ no? Mose kae sɛ: “Me nkyerɛkyerɛ bɛsosɔ sɛ osu, m’asɛm begu sɛ obosu, ɛbɛyɛ sɛ osu a ɛretɔ gu sare so.” (Deut. 32:2) Sɛ woto wo bo ase ne obi sua nokware no nkakrankakra te sɛ bosu a ɛregugu a, ɛkɔ ne mu sen sɛ wubehwie agu ne so waa.

10-12. (a) Afotu bɛn na ɔsomafo Petro de maa Kristofo a wɔn ahokafo nni nokware no mu? (b) Ɔkwan bɛn so na Bible suani bi de afotu a ɛwɔ 1 Petro 3:1, 2 yɛɛ adwuma?

10 Onyankopɔn de honhom kaa ɔsomafo Petro ma ɔde afotu maa Kristofo mmea a wɔn kununom nni asafo no mu. Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Mommrɛ mo ho ase mma mo ankasa mo kununom, na sɛ ebinom anyɛ aso amma asɛm no a, ɔyerenom nam wɔn abrabɔ so anya wɔn a ɔkasa nka ho, efisɛ wɔn ankasa bedi mo abrabɔ kronn ne obu a emu dɔ no ho adanse.” (1 Pet. 3:1, 2) Sɛ Kristoni bea brɛ ne ho ase ma ne kunu na onya obu kɛse ma no na sɛ ɔbarima no yɛ no basabasa mpo a, ebia daakye ɔbɛba abegye nokware no. Kristoni barima nso, sɛ ne yere nni nokware no mu na sɛ ɔsɔre tia no mpo a, ɛsɛ sɛ ɔdɔ ɔbea no na ɔyɛ no brɛbrɛ sɛnea Onyankopɔn pɛ sɛ abusua ti yɛ no.—1 Pet. 3:7-9.

11 Kristofo pii de Petro afotu no ayɛ adwuma nnɛ ma wɔanya so mfaso. Wɔn mu biako ne Selma. Bere a ofii ase ne Yehowa Adansefo suaa Bible no, ne kunu Steve ani annye ho. Steve kae sɛ, “Me bo fuwii, metwee ninkunu, na na misuro sɛ obi begye me yere.” Selma ka sɛ: “Ansa na merebehu nokware no, sɛ me ne Steve wɔ hɔ na sɛ merebue m’ano mpo a na me yam hyehye me. Ná ne koma haw no paa. Bere a mifii ase suaa Bible no de, asɛm no sɛee koraa.” Ɛnde dɛn na ɛma ɛyɛɛ yiye?

12 Selma kae sɛ Ɔdansefo a ɔne no suaa ade no boaa no ma osuaa biribi. Selma kyerɛkyerɛ asɛm no mu sɛ: “Da bi onuawa no bae sɛ ɔne me rebesua ade nanso na mempɛ sɛ yesua ade saa da no. Efisɛ anadwo a ade rebɛkye ma onuawa no aba no, na merekyerɛkyerɛ biribi mu akyerɛ Steve ɛnna ɔbɔɔ me. Mekaa nea esii kyerɛɛ onuawa no, na mema ohui sɛ asɛm no ahaw me. Na ɔka kyerɛɛ me sɛ menkenkan 1 Korintofo 13:4-7. Mekenkan wiei no, mekae wɔ me tirim sɛ, ‘Steve nyɛɛ eyi mu biara nkyerɛe sɛ ɔdɔ me.’ Nanso onuawa no ma mehwɛɛ asɛm no wɔ ɔkwan foforo so. Obisaa me sɛ, ‘Saa nneɛma yi mu ahe na woyɛ de kyerɛ sɛ wodɔ wo kunu?’ Mibuae sɛ, ‘Menyɛ emu biara, efisɛ n’asetena yɛ den dodo.’ Onuawa no tɔɔ ne bo ase bisae sɛ, ‘Selma, mo mu hena na ɔpɛ sɛ ɔyɛ Kristoni? Wo anaa Steve?’ Mihui sɛ ɛsɛ sɛ mesesa m’adwene, enti mebɔɔ Yehowa mpae sɛ ɔmmoa me ma mennɔ Steve paa. Afei nkakrankakra nneɛma fii ase sesae.” Mfe 17 akyi no, Steve begyee nokware no.

NEA AFOFORO BETUMI AYƐ DE ABOA

13, 14. Dɛn na asafo no mufo betumi ayɛ de aboa wɔn a wɔn abusuafo nni nokware no mu?

13 Sɛnea osu gugu ma ɛnonom kɔ asase mu ma nnɔbae yɛ yiye no, saa ara na asafo no mufo nyinaa betumi aboa ma Kristofo a wɔn abusuafo nni asafo no mu anya anigye. Elvina a ɔwɔ Brazil ka sɛ, “Ɔdɔ a me nuanom Kristofo mmarima ne mmea yii no adi kyerɛɛ me no na ɛboaa me ma mesoo nokware no mu denneennen.”

14 Sɛ asafo no mufo da ayamye adi kyerɛ obi a onni nokware no mu na wɔkyerɛ ne ho anigye a, ebetumi ama wasesa n’adwene. Ɔbea bi a ɔwɔ Nigeria gyee nokware no, na mfe 13 akyi no, ne kunu nso gyee nokware no. Ne kunu ka sɛ: “Da bi, na me ne Ɔdansefo bi retu kwan, na ne kar sɛee wɔ akwantemfi. Ɔkɔhwehwɛɛ Adansefo a na wɔwɔ akuraa bi a ɛbɛn hɔ, na wɔmaa yɛn baabi dae anadwo no. Wɔhwɛɛ yɛn kama, na sɛ wunnim a wobɛka sɛ yenim yɛn ho fi yɛn mmofraase. Ná me yere taa ka sɛ Kristofo wɔ ɔdɔ, na ɛhɔ na metee saa asɛm no ase.” Ɔbarima bi a ɔwɔ England gyee nokware no, na mfe 18 twaam ansa na ne yere nso reba nokware no mu. Ɔbea no ka sɛ: “Ná Adansefo no taa frɛ me ne me kunu ne yɛn to nsa didi. Ná wɔma m’ani ka paa.” * Ɔbarima bi a ɔno nso wɔ England a akyiri yi ɔbɛyɛɛ Ɔdansefo kae sɛ: “Ansa na mereba asafo no mu no, na anuanom mmarima ne mmea bɛsra yɛn, ɛyɛ a wɔfrɛ yɛn ma yɛkɔ wɔn afie nso, na mihui sɛ wodwen nnipa ho. Bere a wogyee me too ayaresabea no, wɔn mu pii bɛsraa me, na eyi na ɛma mihui paa sɛ wodwen nnipa ho.” Sɛ wunim sɛ onua bi abusuafo nni asafo no mu a, so wubetumi afa akwan a ɛte saa ara so ayi ayamye adi akyerɛ saa abusuafo no?

15, 16. Dɛn na ebetumi aboa obi a n’abusuafo nni nokware no mu ma n’ani agye?

15 Sɛ yɛde mfe pii bɔ bra pa na yɛfa anifere kwan so di yɛn abusuafo a wonni nokware no mu adanse mpo a, ɛnyɛ wɔn nyinaa na wobegye nokware no. Ɛnyɛ dɛn ara a ebinom bɛpo asɛm no anaa wɔbɛsɔre atia yɛn mpo. (Mat. 10:35-37) Nanso sɛ Kristofo da su pa adi a, adepa betumi afi mu aba. Ɔbarima bi a akyiri yi ɔbɛkaa ne yere ho wɔ nokware no mu kae sɛ: “Sɛ Kristoni yi suban pa adi kyerɛ ne hokafo a onni nokware no mu a, ebetumi aka ne koma paa a Kristoni no renhu mpo. Enti sɛ wo hokafo nni nokware no mu a, mpa abaw.”

16 Sɛ wo busuani bi annye nokware no mpo a, w’ani betumi agye. Onuawa bi se waka asɛm no akyerɛ ne kunu mfe 21 ni, nanso ɔnyɛɛ ho hwee. Ɔka sɛ: “M’ani gye efisɛ meyere me ho sɛ mɛyɛ nea ɛsɔ Yehowa ani na madi no nokware, na me ne n’ayɔnkofa mu ayɛ den. Migye bere pii sua ade, kɔ asɛnka, boa asafo no mufo, na mekɔ asafo nhyiam bere nyinaa. Eyi ama mabɛn Yehowa kɛse na abɔ me koma ho ban.”—Mmeb. 4:23.

MPA ABAW!

17, 18. Sɛ Kristoni bi abusuafo nni nokware no mu mpo a, dɛn na ebetumi ama wanya anidaso?

17 Sɛ woyɛ Kristoni na sɛ w’abusuafo nni nokware no mu a, mpa abaw. Kae sɛ “Yehowa din kɛse no nti, ɔrennyaw ne man.” (1 Sam. 12:22) Sɛ wobata ne ho a, ɔno nso ne wo bɛtena. (Monkenkan 2 Beresosɛm 15:2.) Enti “ma w’ani nka Yehowa ho” na “fa wo kwan hyɛ Yehowa nsa, na fa wo ho to no so.” (Dw. 37:4, 5) ‘Kura mpaebɔ mu denneennen’ na nya ahotoso sɛ yɛn soro Agya no dɔ wo na ɔbɛboa wo ma woagyina ɔhaw biara ano.—Rom. 12:12.

18 Srɛ Yehowa sɛ ɔmfa ne honhom kronkron mmoa wo na asomdwoe ntena wo fie. (Heb. 12:14) Sɛ woyɛ saa a, ebetumi aka w’abusuafo a wonni nokware no mu no koma. Sɛ wobɔ mmɔden sɛ ‘wobɛyɛ ade nyinaa de ahyɛ Onyankopɔn anuonyam’ a, w’ani begye, w’asom bedwo wo, na wo koma bɛtɔ wo yam. (1 Kor. 10:31) Wubetumi anya ahotoso nso sɛ wo nuanom mmarima ne mmea a wɔwɔ Kristofo asafo no mu beyi wɔn yam aboa wo.

[Ase hɔ nsɛm]

^ nky. 4 Ɛnyɛ wɔn din ankasa ne no.

^ nky. 8 Nea Paulo reka yi nkyerɛ sɛ, sɛ obi hyia tebea a emu yɛ den paa a, ɔne ne hokafo ntumi ntetew mu. Eyi yɛ gyinae a emu yɛ duru a obi ankasa si. Hwɛ “Momfa Mo Ho Nsie Onyankopɔn Dɔ Mu” nhoma no kratafa 220-221.

^ nky. 14 Kyerɛwnsɛm no nkae wɔ baabiara sɛ yɛrentumi ne wɔn a wonni nokware no mu nnto nsa nnnidi.—1 Kor. 10:27.

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Kratafa 28 mfonini]

Hwehwɛ bere pa fa kyerɛkyerɛ wo gyidi mu

[Kratafa 29 mfonini]

Yi ayamye adi kyerɛ wɔn a wonni nokware no mu