Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Natan—Ogyinaa Nokware Som Akyi

Natan—Ogyinaa Nokware Som Akyi

Natan—Ogyinaa Nokware Som Akyi

Ɛnyɛ mmerɛw sɛ wobɛma otumfoɔ bi agye ne mfomso atom na wasesa n’akwan. Sɛ wunim sɛ otumfoɔ yi akum obi de akata ne bɔne so a, anka wubenya akokoduru akɔ n’anim?

Tete Israel hene Dawid ne Bat-Seba sɛee aware maa nyinsɛn fii mu bae. Dawid kum Bat-Seba kunu de kataa wɔn bɔne so, na akyiri yi ɔwaree ɔbea no. Dawid kɔɔ so ara yɛɛ n’ahemfo dwuma asram pii a wanka bɔne no ho asɛm ankyerɛ obiara. Nanso Yehowa maa ɔhene no bɔne daa adi. Ɔsomaa ne diyifo Natan ma ɔde Dawid bɔne kosii n’anim.

Ná ɛnyɛ adwuma a ɛda fam. Fa no sɛ na wo ne Natan. Ná Natan di Yehowa nokware, na na n’ani kũ Onyankopɔn mmara ho, na ɛno na ɛboaa no ma okoyii Dawid ntɛn. Ɔkwan bɛn na na odiyifo no bɛfa so ayɛ saa na wama Ɔhene Dawid ahu sɛ ehia sɛ onu ne ho?

ƆKYERƐKYERƐFO A ƆYƐ ANIFERE

Dɛn nti na wunnye bere kakra nkenkan 2 Samuel 12:1-25? Fa no sɛ wo ne Natan a ɔreka saa asɛm yi akyerɛ Dawid: “Mmarima baanu tenaa kurow bi mu, obiako yɛ ɔdefo, na obiako yɛ ohiani. Ná ɔdefo no wɔ nguan ne anantwi bebree pa, na ohiani no de, onni hwee sɛ oguammere ketewa biako a ɔtɔɔ no. Ɔyɛn no, na ɔne no ne ne mma boom nyinii. Odii n’aduan bi, na ɔnom ne kuruwa ano. Ɔdaa ne kokom, na ɔbɛyɛe sɛ ne babea. Afei ɔhɔho bi baa ɔdefo no nkyɛn, nanso wampɛ sɛ ɔde ne nguan ne n’anantwi no bi yɛ ɔkwantuni a waba ne nkyɛn no hɔho, na ɔkɔfaa ohiani no guammere no siesie maa ɔbarima a ɔbaa ne nkyɛn no.”—2 Sam. 12:1-4.

Ná Dawid ankasa ahwɛ nguan pɛn, na ɔfaa no sɛ asɛm pa ara a asi. Nhomanimfo bi kae sɛ ɛbɛyɛ sɛ na Natan taa kɔ Dawid hɔ kɔka mmɔborɔwafo a wonni kamafo asɛm ma wɔn. Sɛ na saa na asɛm no te mpo a, na egye akokoduru na Natan de asɛm no asi ɔhene no anim de akyerɛ sɛ odi Onyankopɔn nokware. Asɛm a Natan kae no hyɛɛ Dawid abufuw, enti ɔkae sɛ: “Sɛ́ Yehowa te ase yi, ɔbarima a ɔyɛɛ saa no fata owu!” Afei Natan buee asɛm no ani sɛ: “Wo ara wone ɔbarima no!”—2 Sam. 12:5-7.

Wususuw sɛ dɛn nti na Natan faa ɔkwan a ɛte saa so kaa asɛm no? Sɛ ɔbarima bi koma fam ɔbea bi ho a, ɛnyɛ mmerɛw sɛ obesusuw nsɛm ho yiye. Yɛn nyinaa taa de nsɛm yiyi yɛn ho ano bere a yɛayɛ biribi a ɛmfata. Nanso mfatoho a Natan yɛe no maa Dawid buu ɔno ara ne ho fɔ a na onnim. Ɔhene no hui sɛ onipa a Natan kaa ne ho asɛm no yɛ osisifo paa. Natan twɛn kosii sɛ Dawid ankasa kasa tiaa asisisɛm a ɛte saa ansa na ɔde sii n’anim sɛ asɛm no fa no ho. Afei Dawid hui sɛ ne bɔne no mu yɛ duru, na eyi ma ɛyɛɛ mmerɛw maa no sɛ obegye nteɛso atom. Dawid gye toom sɛ bɔne a ɔne Bat-Seba yɛe no ama wabu Yehowa “animtiaa,” enti ogyee nteɛso no toom.—2 Sam. 12:9-14; Dw. 51, atifi asɛm.

Dɛn na yebetumi asua afi asɛm yi mu? Sɛ yɛne nkurɔfo resua Bible a, ɛsɛ sɛ yɛma ɛtena yɛn adwenem sɛ yɛbɛboa wɔn ma wɔn ankasa atumi asusuw nsɛm ho ahu nea eye. Ná Natan bu Dawid, enti ɔfaa anifere kwan so ne no kasae. Ná Natan nim sɛ Dawid dɔ trenee na ɔpɛ atɛntrenee. Esiane sɛ na Dawid wɔ su pa a ɛte saa nti, na odiyifo no nim sɛ ɔbɛte mfatoho no ase yiye. Yɛn nso yebetumi aboa nkurɔfo ma wɔahu sɛnea Yehowa susuw nneɛma ho. Ɔkwan bɛn na yebetumi afa so ayɛ saa? Nnipa dodow no ara nim adepa. Enti yebetumi aboa wɔn ma wɔde saa nimdeɛ no ayɛ adwuma, nanso ɛnsɛ sɛ yɛma wɔte nka sɛ yɛsen wɔn anaa yɛn na ɛsɛ sɛ yɛkyerɛ wɔn nea wɔnyɛ. Bible na ɛma yehu nea eye ne nea enye, ɛnyɛ yɛn adwene.

Ná Natan yɛ obi a odi nokware ma Onyankopɔn, na ɛno ne ade titiriw a ɛboaa no ma oyii ɔhene a ɔwɔ tumi no ntɛn. (2 Sam. 12:1) Sɛ yɛn nso yedi nokware saa a, ɛbɛma yɛde akokoduru agyina Yehowa mmara akyi pintinn.

OGYINAA NOKWARE SOM AKYI

Yebetumi aka sɛ na Natan ne Dawid yɛ nnamfo paa, efisɛ Dawid too ne mmabarima no biako din Natan. (1 Be. 3:1, 5) Bere a edi kan a Bible kaa Natan ho asɛm no, na ɔne Dawid na ɛwɔ hɔ. Ná wɔn baanu nyinaa dɔ Yehowa. Ná ɔhene no wɔ Natan mu ahotoso efisɛ oyii odiyifo no asotiw sɛ ɔpɛ sɛ osi asɔrefie ma Yehowa. Dawid kae sɛ: “‘Hwɛ, me de, mete ofie a wɔde nkyeneduru asi mu, nanso nokware Nyankopɔn adaka no si ntamadan mu.’ Ɛnna Natan ka kyerɛɛ ɔhene sɛ: ‘Nea ɛda wo koma so biara, kɔ na kɔyɛ, na Yehowa di w’akyi.’”—2 Sam. 7:2, 3.

Ná Natan yɛ Yehowa somfo nokwafo, enti na ne ho pere no sɛ ɔbɛboa Dawid ma wasi asɔrefie a edi kan koraa wɔ asase so a wɔbɛsom Yehowa wom. Nanso bere a Dawid tĩĩ asɛm no ho kyerɛɛ Natan no, Natan kaa n’adwene, na ɛnyɛ asɛm a Yehowa aka ahyɛ n’ano. Enti saa anadwo no ara Onyankopɔn ka kyerɛɛ ne diyifo no sɛ ɔnkɔsesa n’ano na ɔnka nkyerɛ ɔhene no sɛ ɛnyɛ ɔno Dawid na obesi asɔrefie ama Yehowa. Mmom Dawid ba na obesi. Nanso Natan ka kyerɛɛ Dawid sɛ Onyankopɔn ne no reyɛ apam sɛnea ɛbɛyɛ a Dawid ahengua “betim afebɔɔ.”—2 Sam. 7:4-16.

Adwene a na Natan wɔ wɔ asɔrefie no ho ne Onyankopɔn de anhyia. Nanso odiyifo a na ɔbrɛ ne ho ase yi anwiinwii, na mmom otiee akwankyerɛ a Yehowa de maa no no. Sɛ ɛba sɛ Onyankopɔn teɛ yɛn so a, yebetumi asua biribi afi Natan nhwɛso no mu. Nnwuma a akyiri yi Onyankopɔn maa Natan yɛe no ma yehu sɛ na ɔda so ara yɛ odiyifo a ɔwɔ n’anim dom. Sɛ wohwɛ a, Yehowa de ne honhom kaa Natan ne ɔdehufo Gad ma wɔkyerɛɛ Dawid sɛnea ɔbɛhyehyɛ nnwontofo 4,000 ma wɔato dwom wɔ asɔrefie hɔ.—1 Be. 23:1-5; 2 Be. 29:25.

ƆBƆƆ AHENNI NO HO BAN

Ná Natan nim sɛ Solomon na obedi Ɔhene Dawid ade. Enti bere a Adoniya yɛɛ n’adwene sɛ obehwim ahengua no wɔ Dawid nkwakoraabere mu no, Natan yɛɛ ho biribi ntɛm. Saa bere no nso, Natan yɛɛ anifere na odii nokware. Nea edi kan, ɔka kyerɛɛ Bat-Seba sɛ ɔnkae Dawid sɛ ɔno ankasa ahyɛ bɔ sɛ wɔn ba Solomon na ɔbɛyɛ ɔhene. Ɛno akyi no, Natan ankasa kɔɔ Dawid anim kobisaa no sɛ ɔno na wapaw Adoniya sɛ onni n’ade anaa. Bere a ɔhene huu sɛnea asɛm no rekeka kɔ no, ɔka kyerɛɛ Natan ne nhenkwaa anokwafo a wɔaka no sɛ wɔnsra Solomon sɛ ɔhene. Enti pɔw a Adoniya bɔe sɛ obesi ne ho hene no gye gui.—1 Ahe. 1:5-53.

ƆKYERƐWFO A ƆBRƐ NE HO ASE

Nnipa pii gye tom sɛ Natan ne Gad na wɔkyerɛw 1 Samuel ti 25 kosi 31 ne 2 Samuel no. Wɔaka wɔ saa Bible mu nhoma yi mu sɛ: “Ɔhene Dawid ho nsɛm nyinaa, ne mfiase kosi n’awiei, wɔakyerɛw ne nyinaa wɔ ɔdehwɛfo Samuel ne odiyifo Natan ne ɔdehufo Gad nsɛm no mu.” (1 Be. 29:29) Bible ma yehu nso sɛ Natan na ɔkyerɛw “Solomon ho nsɛm.” (2 Be. 9:29) Eyi kyerɛ sɛ Dawid wu akyi no, ɛbɛyɛ sɛ Natan kɔɔ so yɛɛ adwuma wɔ ahemfie hɔ.

Ɛbɛyɛ sɛ Natan ankasa na ɔkyerɛw ne ho nsɛm dodow no ara a yenim no. Nanso ne ho nsɛm bi wɔ hɔ a wanka, na ɛno ma yehu nipa ko a ɔyɛ. Ná Natan yɛ ɔkyerɛwfo hobrɛasefo. Wanhwehwɛ anuonyam anaa din amma ne ho. Bible ho nhoma bi ka sɛ Natan ankyerɛ n’ase na wanka n’abusua ho asɛm biara wɔ Bible mu. Yennim Natan asetenam nsɛm titiriw biara.

ODII YEHOWA NOKWARE

Natan ho nsɛm kakra a yɛahu wɔ Bible mu no ma yehu sɛ na ɔbrɛ ne ho ase nanso ɔde akokoduru boa maa Onyankopɔn nhyehyɛe kɔɔ so. Yehowa Nyankopɔn maa no asɛyɛde a emu yɛ duru. Dwinnwen su ahorow a na Natan wɔ no bi ho: ne nokwaredi ne anisɔ a onya maa Onyankopɔn mmara. Yere wo ho suasua su a ɛte saa.

Ebia ɛremma da sɛ wɔbɛka akyerɛ wo sɛ kɔka ahemfo a wɔsɛe aware anim anaa kɔsɛe pɔw a obi abɔ sɛ obesi ne ho hene. Nanso Onyankopɔn betumi aboa wo ma woadi no nokware na woagyina ne mmara a ɛteɛ akyi. Wubetumi nso ayɛ ɔkokodurufo, na bere koro no ara wode anifere akyerɛkyerɛ nokware no na woagyina nokware som akyi.

[Kratafa 25 mfonini]

Natan twee Bat-Seba adwene sii biribi titiriw so de bɔɔ Ahenni no ho ban