Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Sua Biribi Fi Onyankopɔn Asɛm Mu

Ɔkwan Bɛn na Ɛsɛ sɛ Yɛfa so Kae Yesu Wu No?

Ɔkwan Bɛn na Ɛsɛ sɛ Yɛfa so Kae Yesu Wu No?

Nea yɛrebɛka ho asɛm wɔ ha yi yɛ nsɛmmisa a ebia woabisa pɛn, na ɛbɛkyerɛ wo faako a wubetumi anya ho mmuae wɔ wo Bible mu. Yehowa Adansefo ani begye ho sɛ wɔne wo bɛbɔ ho nkɔmmɔ.

1. Yesu wu no, ɔkwan bɛn na ɛsɛ sɛ yɛfa so kae?

Yesu ka kyerɛɛ n’akyidifo no sɛ wonhyiam na wɔmfa paanoo ne bobesa nyɛ adidi mfa nkae ne wu. Paanoo no gyina hɔ ma Yesu nipadua, na bobesa no nso gyina hɔ ma ne mogya.—Kenkan Luka 22:19, 20.

Paanoo a Yesu de yɛɛ adidi no, na mmɔkaw nnim. Wohwɛ Bible mu a, wɔtaa de mmɔkaw gyina hɔ ma bɔne. Enti ɛfata sɛ wɔde paanoo no gyinaa hɔ maa Yesu nipadua a ɛyɛ pɛ no, efisɛ na bɔne nni ne ho. Ɔde ne nipadua bɔɔ afɔre, na ɛma wogyaee afɔre a na Mose Mmara no kyerɛ sɛ wɔmfa mmoa mmɔ no. (Hebrifo 10:5, 9, 10) Bobesa no nso kyerɛ Yesu mogya a ɛsom bo a ohwie gui de gyee yɛn fii bɔne mu no.—Kenkan 1 Petro 1:19; 2:24; 3:18.

2. Bere bɛn na ɛsɛ sɛ yɛkae Yesu wu no?

Yesu wui Nisan 14, na na saa da no yɛ Twam afahyɛ da. Yuda man mu no, sɛ owia kɔtɔ a, na da foforo afi ase. Anwummere ansa na Yesu rewu no, ɔne n’asomafo no dii Twam no. Ɛno akyi no, ɔde nkae adidi foforo sii hɔ sɛ wɔmfa nkae ne wu.—Kenkan Luka 22:14, 15.

Ɛnnɛ, Onyankopɔn nkurɔfo kae nea ɔnam Yesu so ayɛ a ebetumi agye wiase nyinaa afi bɔne ne owu mu no. (Exodus 12:5-7, 13, 17) Sɛnea na wodi Twam afahyɛ no pɛnkoro pɛ afe biara no, saa ara nso na yɛkae Yesu wu no pɛnkoro pɛ afe biara wɔ ɔsram a Bible frɛ no Nisan no da a ɛto so 14.—Kenkan Yohane 1:29.

3. Henanom na ɛsɛ sɛ wodi paanoo no na wɔnom bobesa no bi?

Yesu de bobesa no maa n’akyidifo no, na ɔkae sɛ: “Kuruwa yi gyina hɔ ma apam foforo.” (1 Korintofo 11:25) Wɔde apam foforo no besii Mmara apam no anan. Onyankopɔn hyɛɛ Israelfo no bɔ wɔ Mose Mmara apam no mu sɛ, sɛ wɔyɛ aso tie no a, ɔde wɔn bɛyɛ ne man. (Exodus 19:5, 6) Nanso Israelfo no antie Onyankopɔn. Ɛno nti na Yehowa de apam foforo sii hɔ no.—Kenkan Yeremia 31:31.

Apam foforo no nti, Yehowa nam nnipa kakraa bi so behyira nnipa pii. Wɔn a wɔwɔ apam no mu yɛ nnipa kakraa bi; wɔn dodow yɛ 144,000 pɛ. Yehowa nam saa nnipa yi so behyira nnipa mpempem pii a wofi aman nyinaa mu ama wɔanya daa nkwa wɔ paradise asase so. Wɔn a wɔwɔ apam foforo no mu binom som Yehowa wɔ asase so nnɛ. Wɔn nkutoo na ɛfata sɛ wodi paanoo no na wɔnom bobesa no bi efisɛ kuruwa no “gyina hɔ ma apam foforo” no.—Kenkan Luka 12:32; Adiyisɛm 14:1, 3.

4. Yesu wu a yɛkae no, mfaso bɛn na yenya fi mu?

Yesu wu a yɛkae no afe biara no ma yenya anisɔ a ɛkɔ akyiri ma ɔdɔ kɛse a Yehowa de adɔ yɛn no. Ɔsomaa ne Ba no ma obewu maa yɛn bɔne. Enti sɛ yɛkɔ Nkaedi no ase a, nea Yesu wu ama yɛanya no, ɛsɛ sɛ yedwennwen ho. Ɛsɛ sɛ yɛhwehwɛ akwan a yɛbɛfa so akyerɛ anisɔ ama nea Yehowa ne Yesu ayɛ ama yɛn no.—Kenkan Yohane 3:16; 2 Korintofo 5:14, 15.

Sɛ wopɛ nsɛm pii a, hwɛ nhoma a Yehowa Adansefo atintim yi, Dɛn na Bible Kyerɛkyerɛ Ankasa? kratafa 206-208 no.