Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Bɛn Onyankopɔn

“Wɔrenkae Kan Nneɛma no Bio”

“Wɔrenkae Kan Nneɛma no Bio”

ƐTƆ da bi a, yɛkae nneɛma bi ma yɛn ani gye. Sɛ yɛkae mmere bi a yɛne yɛn adɔfo ani gyei a, ɛma yɛn akomatɔyam. Nneɛma bi nso wɔ hɔ a, yɛkae a etumi haw yɛn paa. Nneɛma bi asisi wɔ w’asetenam a sɛ wokae a ɛhyɛ wo awerɛhow anaa? Sɛ ɛba saa a, wubisa wo ho sɛ, ‘Enti saa awerɛhosɛm yi betumi afi me tirim da bi?’ Yenya saa asɛm no ho mmuae a ɛma awerɛkyekye paa wɔ nsɛm bi a odiyifo Yesaia kyerɛwee mu.—Kenkan Yesaia 65:17.

Yehowa abɔ ne tirim sɛ nneɛma a yɛkae ma yɛn werɛ how no, obetu ase koraa. Ɔkwan bɛn na ɔbɛfa so ayɛ saa? Obeyi wiase bɔne yi ne emu amanehunu nyinaa afi hɔ na ɔde wiase a eye kyɛn eyi koraa asi anan. Yehowa nam Yesaia so hyɛɛ bɔ sɛ: “Merebɔ ɔsoro foforo ne asase foforo.” Sɛ yɛte saa bɔhyɛ no ase a, ɛbɛma anidaso ahyɛ yɛn koma ma.

Dɛn ne ɔsoro foforo no? Nneɛma abien wɔ Bible no mu a ɛboa yɛn ma yehu dekode. Nea edi kan no, Bible akyerɛwfo foforo baanu nso kaa ɔsoro foforo ho asɛm, na emu biara kyerɛ nsakrae akɛse a ɛbɛba asase yi so. (2 Petro 3:13; Adiyisɛm 21:1-4) Nea ɛto so abien no, sɛ Bible ka “ɔsoro” a, etumi gyina hɔ ma ahenni anaa aban. (Yesaia 14:4, 12; Daniel 4:25, 26) Enti ɔsoro foforo no yɛ aban foforo a ɛno na ebetumi ama adetrenee akɔ so wɔ asase so. Aban biako pɛ na ebetumi ayɛ saa—Onyankopɔn soro Ahenni a Yesu kyerɛɛ yɛn sɛ yɛmmɔ ho mpae no. Saa Ahenni no bɛma adetrenee a Onyankopɔn pɛ no akɔ so wɔ asase so baabiara.—Mateo 6:9, 10.

Dɛn ne asase foforo no? Ma yɛnhwɛ biribi a ɛwɔ Bible mu a ɛboa yɛn ma yenya ho mmuae. Nea edi kan no, sɛ Bible ka “asase” a, ɛtɔ mmere bi a ɛfa nnipa ho, na ɛnyɛ asase no ankasa. (Dwom 96:1) Nea ɛto so abien, Bible ahyɛ nkɔm sɛ, sɛ Onyankopɔn nniso ba a, anokwafo besua adetrenee na wɔde abɔ wɔn bra wɔ asase so baabiara. (Yesaia 26:9) Enti asase foforo no yɛ nnipakuw a wɔbɛbrɛ wɔn ho ase ama Onyankopɔn nniso na wɔayɛ adetrenee wɔ Onyankopɔn anim.

Nneɛma a yɛkae ma yɛn werɛ how no, woahu ɔkwan a Yehowa bɛfa so atu ase? Yehowa bɔhyɛ a ɛfa ɔsoro foforo ne asase foforo ho no, ɛrenkyɛ, ɛbɛba mu ama trenee wiase foforo aba. * Saa wiase foforo no mu no, nneɛma a sɛ yɛkae a, ɛma yedi yaw wɔ ɔhonam ne adwene mu na ɛma yɛn werɛ how nyinaa betwam. Anigye nko ara na anokwafo benya, na da biara, biribiara a ɛbɛba wɔn tirim no bɛma wɔn ani agye.

Awerɛhosɛm a ɛhyɛ yɛn koma so nnɛ no nso ɛ? Yehowa bɔhyɛ a ɔmaa Yesaia kyerɛwee no toa so ka sɛ: “Wɔrenkae kan nneɛma no bio, na ɛremma komam bio.” Awerɛhow biara a yɛredi wɔ wiase dedaw yi mu no de nkakrankakra befi hɔ. W’ani nnye saa bɔhyɛ yi ho anaa? Sɛ w’ani gye ho de a, ɛnde adɛn na wonhwehwɛ mu nhu ɔkwan a wobɛfa so abɛn Onyankopɔn a wahyɛ yɛn bɔ sɛ ɔbɛma asi yɛn yiye daakye no?

March Bible akenkan:

Yesaia 63-66Yeremia 1-16

[Ase hɔ asɛm]

^ nky. 7 Sɛ wopɛ Onyankopɔn Ahenni ne nea ɛbɛyɛ nnansa yi ara ho nkyerɛkyerɛmu pii a, hwɛ nhoma a wɔato din Dɛn na Bible Kyerɛkyerɛ Ankasa? no, ti 3, 8, ne 9. Yehowa Adansefo na wotintimii.

[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 19]

Yehowa abɔ ne tirim sɛ nneɛma a yɛkae ma yɛn werɛ how no, obetu ase koraa