Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Yedi Yɛn Anidaso Ho Ahurusi

Yedi Yɛn Anidaso Ho Ahurusi

Yedi Yɛn Anidaso Ho Ahurusi

“Daa nkwa a Onyankopɔn a ontumi nni atoro no ahyɛ ho bɔ fi teteete ho anidaso [wɔ hɔ].”—TITO 1:2.

NTIMU

Yɛyɛ dɛn hu sɛ sɛ wɔn a wɔasra wɔn no bi di nokware kosi owu mu a anigye ba soro?

Wɔn a wɔasra wɔn no anidaso bam a, ɛbɛka nguan foforo no anidaso dɛn?

Sɛ yɛpɛ sɛ yɛn anidaso no bam a, “abrabɔ kronkron” ne “onyamesom pa” ho ade bɛn na ɛsɛ sɛ yɛda no adi?

1. Ɔkwan bɛn so na anidaso a Yehowa ama yɛanya no boa yɛn ma yegyina tebea a emu yɛ den ano?

ƆSOMAFO Paulo kae sɛ Yehowa yɛ “Onyankopɔn a ɔma anidaso.” Ɔde kaa ho sɛ Yehowa betumi afa ‘gye a yegye di so ama anigye ne asomdwoe nyinaa ayɛ yɛn mã, na yɛaboro so anidaso mu wɔ honhom kronkron ahoɔden mu.’ (Rom. 15:13) Sɛ yɛwɔ anidaso a ɛte saa a, yebetumi agyina tebea biara ano na yɛanya anigye ne asomdwoe. Anidaso a ɛte saa betumi ayɛ “ɔkra sɛkyɛ a etim hɔ na ɛyɛ pintinn” ama Kristofo a wɔasra wɔn ne nguan foforo no nso. (Heb. 6:18, 19) Sɛ yɛkɔ tebea a emu yɛ den mu te sɛ nea ahum kɛse bi rebɔ yɛn a, yebetumi aso yɛn anidaso no mu denneennen te sɛ sɛkyɛ sɛnea ɛbɛyɛ a yɛn adwenem nyɛ yɛn nãã anaa yɛn gyidi nyɛ mmerɛw.—Monkenkan Hebrifo 2:1; 6:11.

2. Anidaso abien bɛn na ɛwɔ hɔ ma Kristofo nnɛ, na dɛn nti na wɔn a wɔasra wɔn anidaso no ho hia “nguan foforo” no?

2 Anidaso a ɛwɔ hɔ no yɛ abien, na Kristofo a wɔwɔ awiei bere yi mu no mu biara wɔ saa anidaso yi biako. “Nguankuw ketewa” a wɔasra wɔn a wɔda so ara wɔ asase so no wɔ anidaso sɛ wobenya nkwa a owu nnim wɔ soro, na wɔne Kristo bɛyɛ ahene ne asɔfo wɔ n’Ahenni mu. (Luka 12:32; Adi. 5:9, 10) “Nguan foforo” a wɔyɛ “nnipakuw kɛse” no nso wɔ anidaso sɛ wɔbɛtena ase daa wɔ paradise asase so wɔ Mesia Ahenni ase. (Adi. 7:9, 10; Yoh. 10:16) Ɛsɛ sɛ nguan foforo no ma ɛtena wɔn adwenem sɛ, sɛ wobenya nkwa a, ɛsɛ sɛ wɔboa Kristo “nuanom” a wɔasra wɔn a wɔda so ara wɔ asase so no. (Mat. 25:34-40) Wɔn a wɔasra wɔn no benya wɔn akatua no ɔkwan biara so, na saa ara na nguan foforo no nso benya wɔn de. (Monkenkan Hebrifo 11:39, 40.) Momma yenni kan nsusuw anidaso a wɔn a wɔasra wɔn no wɔ ho.

KRISTOFO A WƆASRA WƆN NO “ANIDASO A NKWA WOM”

3, 4. Ɔkwan bɛn so na ‘wɔawo’ Kristofo a wɔasra wɔn no “foforo kɔ anidaso a nkwa wom mu”? Ɛyɛ anidaso bɛn?

3 Ɔsomafo Petro kyerɛw nkrataa abien kɔmaa Kristofo a wɔasra wɔn no, na ɔfrɛɛ saafo no “wɔn a wɔapaw wɔn.” (1 Pet. 1:1) Ɔkaa anidaso a ɛyɛ anigye a nguankuw ketewa no wɔ ho asɛm kɔɔ akyiri. Petro kyerɛw wɔ ne krataa a edi kan no mu sɛ: “Nhyira nka yɛn Awurade Yesu Kristo Agya ne ne Nyankopɔn, efisɛ ne mmɔborɔhunu nti wawo yɛn foforo kɔ anidaso a nkwa wom mu denam nyan a wonyan Yesu Kristo fii awufo mu no so na ama yɛanya agyapade a ɛmporɔw na efĩ nni ho na ɛnsɛe. Wɔakora so wɔ ɔsoro ama mo a Onyankopɔn tumi nam gyidi so hwɛ mo so kɔ nkwagye a wɔrebeyi no adi wɔ mmere a edi akyiri mu no mu. Eyi mu na mudi ahurusi kɛse.”—1 Pet. 1:3-6.

4 Kristofo kakra a Yehowa apaw wɔn sɛ wɔne Kristo nni ade wɔ ɔsoro Ahenni no mu no, ‘wɔawo wɔn foforo,’ kyerɛ sɛ Onyankopɔn de ne honhom kronkron agye wɔn sɛ mma. Wɔde honhom kronkron asra wɔn sɛ wɔne Kristo nyɛ ahene ne asɔfo. (Adi. 20:6) Petro kae sɛ saa ‘awo foforo’ yi ma wonya “anidaso a nkwa wom.” Ɔkae sɛ saa anidaso no yɛ “agyapade a ɛmporɔw na efĩ nni ho na ɛnsɛe,” na wɔakora so ama wɔn “wɔ ɔsoro.” Ɛnyɛ nwonwa sɛ wɔn a wɔasra wɔn no di “ahurusi kɛse” saa! Nanso sɛ wɔn anidaso no bɛbam a, gye sɛ wɔkɔ so di nokware.

5, 6. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ Kristofo a wɔasra wɔn no yɛ nea wobetumi biara sɛ wobenya ɔsoro frɛ no?

5 Petro tuu Kristofo a wɔasra wɔn no fo wɔ ne krataa a ɛto so abien no mu sɛ ‘wɔnyɛ nea wobetumi biara mma frɛ a wɔafrɛ wɔn ne paw a wɔapaw wɔn no nni mu.’ (2 Pet. 1:10) Ɛsɛ sɛ wɔyere wɔn ho nya Kristofo su te sɛ gyidi, nyamesom pa, onuadɔ, ne ɔdɔ. Petro kae sɛ: “Sɛ eyinom nyinaa wɔ mo mu ma ebu so a, ɛremma monyɛ mmerɛw anaa wɔn a wɔnsow aba.”—Monkenkan 2 Petro 1:5-8.

6 Kristo ka kyerɛɛ mpanyimfo a wɔasra wɔn a na wɔwɔ Filadelfia asafo no mu wɔ Asia Kumaa no sɛ: “Esiane sɛ wudii me boasetɔ ho asɛm so nti, me nso mɛkora wo so wɔ sɔhwɛ bere a ɛbɛba wiase nyinaa so abɛsɔ wɔn a wɔte asase so ahwɛ no mu. Mereba ntɛm. Kɔ so kura nea wowɔ no mu denneennen, na obi annye w’abotiri.” (Adi. 3:10, 11) Wɔahyɛ wɔn a wɔapaw wɔn no bɔ sɛ, sɛ wodi nokware kosi owu mu a, wobenya “anuonyam abotiri a ɛnsɛe da.” Sɛ Kristoni a wɔasra no anni nokware a, ɔrennya saa abotiri no.—1 Pet. 5:4; Adi. 2:10.

WƆKƆ AHENNI NO MU

7. Anidaso a ɛyɛ nwonwa bɛn na Yuda kaa ho asɛm wɔ ne krataa no mu?

7 Bɛyɛ afe 65 Y.B. mu no, Yesu nua Yuda kyerɛw ne mfɛfo Kristofo a wɔasra wɔn no. Ɔkae sɛ wɔyɛ “wɔn a wɔafrɛ wɔn.” (Yuda 1; fa toto Hebrifo 3:1 ho.) Ɔyɛɛ n’adwene sɛ anka ɔrekyerɛw wɔn aka nkwagye anidaso a anuonyam wom a “ɛwɔ hɔ ma” Kristofo a wɔafrɛ wɔn kɔ Onyankopɔn soro Ahenni mu no ho asɛm. (Yuda 3) Nanso ɔkyerɛw nsɛm bi a na ehia paa sɛ ɔka ho asɛm mmom. Ɛno mpo no, bere a ɔrewie ne krataa tiawa no, ɔkaa saa anidaso a ɛyɛ nwonwa a Kristofo a wɔasra wɔn no wɔ ho asɛm. Ɔkae sɛ: “Afei nea otumi bɔ mo ho ban fi hintiduato mu na moayɛ nnipa a wonni dɛm n’anuonyam anigye kɛse no mu, yɛn Agyenkwa Nyankopɔn koro no, anuonyam, kɛseyɛ, tumi ne ahoɔden mfa yɛn Awurade Yesu Kristo so nka no mmeresanten ne nnɛ ne daa.”—Yuda 24, 25.

8. Sɛnea Yuda 24 kyerɛ no, dɛn na ɛma yehu sɛ, sɛ wɔn a wɔasra wɔn no bi di nokware kosi owu mu a, anigye ba ɔsoro?

8 Akyinnye biara nni ho sɛ Kristofo anokwafo a wɔasra wɔn no mu biara pɛ sɛ Onyankopɔn bɔ ne ho ban fi biribiara a ebetumi ato no hintidua ma wɔakɔ ɔsɛe mu ho. Anidaso a wɔwɔ ne sɛ Yesu Kristo benyan wɔn afi awufo mu ma wɔde anigye kɛse akopue Onyankopɔn anim sɛ honhom abɔde a wɔyɛ pɛ. Sɛ Kristoni bi a wɔasra no di nokware kosi owu mu a, sɛnea ɛte biara wobenyan no “honhom nipadua mu,” ‘nea ɛmporɔw mu, anuonyam mu.’ (1 Kor. 15:42-44) Sɛ ‘ɔdebɔneyɛfo biako sakra na anigye pii ba ɔsoro’ a, ɛnde hwɛ sɛnea sɛ Kristo nuanom no bi di nokware kosi owu mu a, anigye bɛba ɔsoro afa. (Luka 15:7) Sɛ wɔn a wɔasra wɔn no bi de “anigye kɛse” nya n’akatua a, Yehowa ne honhom abɔde anokwafo no ne no bɛbom adi ahurusi.—Monkenkan 1 Yohane 3:2.

9. “Hokwan kɛse” a anokwafo a wɔasra wɔn no benya akɔ Ahenni no mu no kyerɛ dɛn? Saa anidaso no ka wɔn a wɔasra wɔn a wɔda so ara wɔ asase so no dɛn?

9 Petro nso kyerɛw Kristofo a wɔasra wɔn no sɛ, sɛ wɔkɔ so di nokware a, wobenya akatua no. Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ ‘ɛbɛma wɔanya hokwan kɛse akɔ yɛn Awurade ne yɛn Agyenkwa Yesu Kristo daa ahenni no mu.’ (2 Pet. 1:10, 11) Bere a Petro kae sɛ wobenya “hokwan kɛse” akɔ Ahenni no mu no, ebetumi aba sɛ nea na ɔrekyerɛ ne sɛ wɔde anuonyam kɛse na ɛbɛkɔ soro. Ebetumi aba nso sɛ “hokwan kɛse” yi kyerɛ nhyira a enni kabea a wobenya wɔ soro bere a wɔatu nkwa ho mmirika no awie no. Sɛ wɔn a wɔasra wɔn no twa wɔn ani hwɛ nokwaredi a wɔde bɔɔ wɔn bra a, anigye ne anisɔ bɛhyɛ wɔn koma ma. Akyinnye biara nni ho sɛ saa anidaso yi hyɛ Kristofo a wɔasra wɔn a wɔda so ara wɔ asase so no den ma ‘wosiesie wɔn adwene ma adwuma kɛse.’—1 Pet. 1:13.

NGUAN FOFORO NO “ANIDASO”

10, 11. (a) Anidaso bɛn na nguan foforo no wɔ? (b) Ɔkwan bɛn so na Kristo boa ma nnipa a wɔbɛtena asase so no anidaso bam? Na “Onyankopɔn mma ahoyi” no nso boa wɔ ɔkwan bɛn so?

10 Ɔsomafo Paulo kyerɛw “Onyankopɔn mma” a ɔde ne honhom asra wɔn no, na ɔkaee wɔn sɛ wɔwɔ anidaso a anuonyam wom sɛ Kristo “mfɛfo adedifo.” Afei ɔkaa anidaso nwonwaso a Yehowa de ma nguan foforo mpempem pii no ho asɛm. Ɔkae sɛ: “Abɔde no [adesamma] de anigyina retwɛn Onyankopɔn mma [a wɔasra wɔn] ahoyi denneennen. Na wɔde abɔde no ahyɛ adehunu ase a ɛnyɛ n’ankasa ne pɛ so, na mmom ɛnam nea ɔde hyɛɛ ase no so, anidaso mu, a ɛne sɛ abɔde no ankasa nso benya ahofadi afi ɔporɔw nkoasom mu akɔ Onyankopɔn mma anuonyam ahofadi mu.”—Rom. 8:14-21.

11 Bere a Yehowa hyɛɛ bɔ sɛ ɔnam ‘aseni’ no so begye adesamma afi “ɔwɔ dedaw,” Satan Ɔbonsam nsam no, ɔma wonyaa “anidaso.” (Adi. 12:9; Gen. 3:15) Ná Yesu Kristo ne ‘aseni’ no ankasa. (Gal. 3:16) Bere a Yesu wui na wonyan no no, ɔmaa adesamma nyaa anidaso ankasa sɛ wobegye wɔn afi bɔne ne owu nkoasom mu. “Onyankopɔn mma ahoyi” no nso hyɛ saa anidaso no den. Wɔn a wɔasra wɔn a wɔahyɛ wɔn anuonyam no ka ‘aseni’ no ho. ‘Wobeyi wɔn adi’ bere a wɔbɛka Kristo ho ma wɔasɛe Satan wiase bɔne yi. (Adi. 2:26, 27) Eyi bɛma nguan foforo a wobefi ahohiahia kɛse no mu no anya wɔn ti adidi mu.—Adi. 7:9, 10, 14.

12. Sɛ woyi wɔn a wɔasra wɔn no adi a, mfaso nwonwaso bɛn na adesamma benya?

12 Kristo Mfirihyia Apem Nniso no bɛma “abɔde no” anaa adesamma anya ahotɔ kɛse! Saa bere no, wobeyi “Onyankopɔn mma” a wɔahyɛ wɔn anuonyam no adi wɔ ɔkwan foforo so. Wɔne Kristo bɛyɛ asɔfo, na wɔaboa adesamma ma wɔanya mfaso a ɛwɔ Yesu agyede afɔre no so. Sɛ ɔsoro Ahenni no di tumi wɔ asase so a, adesamma bɛde wɔn ho afi nea bɔne ne owu akɔfa aba nyinaa ho. Nnipa a wɔyɛ osetie de nkakrankakra “benya ahofadi afi ɔporɔw nkoasom mu.” Sɛ wɔkɔ so di Yehowa nokware wɔ Mfirihyia Apem no mu ne afei sɔhwɛ a etwa to a ɛbɛba Mfirihyia Apem no awiei mu a, wɔbɛkyerɛw wɔn din afebɔɔ wɔ “nkwa nhoma” no mu. Wɔbɛkɔ “Onyankopɔn mma anuonyam ahofadi mu.” (Adi. 20:7, 8, 11, 12) Eyi yɛ anidaso nwonwaso ampa!

MA ANIDASO NO NTENA W’ADWENEM

13. Dɛn na ɛma yenya anidaso, na bere bɛn na wobeyi Kristo adi?

13 Nsɛm a Onyankopɔn honhom kaa Petro ma ɔkyerɛw wɔ ne nkrataa abien no mu no boa wɔn a wɔasra wɔn ne nguan foforo no nyinaa ma wɔn anidaso no tena wɔn adwenem. Ɔkae sɛ Yehowa adom so na wɔanya saa anidaso no na ɛnyɛ nnwuma a wɔyɛ so. Ɔkyerɛwee sɛ: “Momma mo ani nna hɔ yiye; momfa mo ani nto adom a mo nsa bɛka wɔ Yesu Kristo ahoyi mu no so.” (1 Pet. 1:13) Wobeyi Kristo adi bere a waba rebetua n’akyidifo anokwafo ka na ɔde Yehowa atemmu aba nnipa abɔnefo so no.—Monkenkan 2 Tesalonikafo 1:6-10.

14, 15. (a) Sɛ yɛn anidaso no bɛtena yɛn adwenem fann a, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛkae? (b) Dɛn na Petro kae sɛ yɛnyɛ?

14 Sɛ yɛn anidaso no bɛtena yɛn adwenem fann a, ɛsɛ sɛ biribiara a yɛreyɛ no, yɛkae sɛ “Yehowa da” no reba. Yehowa bɛsɛe nnipa nniso anaa “ɔsoro” a ɛwɔ hɔ yi, ne adesamma abɔnefo anaa “asase” ne “emu nneɛma.” Petro kyerɛwee sɛ: “Munhu nnipa ko a ɛsɛ sɛ moyɛ . . .  bere a motwɛn na moma Yehowa da no ba yɛ ntɛm mo adwenem, ɛda a ɔsoro bɛsɔ ogya asɛe na emu nneɛma a adɔ ayɛ kɔɔ no bɛnan no!”—2 Pet. 3:10-12.

15 Wɔde “ɔsoro foforo [a ɛne Kristo Ahenni nniso] ne asase foforo [a ɛne nnipa a wɔteɛ]” besi “ɔsoro” ne “asase” a ɛwɔ hɔ no ananmu. (2 Pet. 3:13) Petro kaa nea ɛsɛ sɛ yɛyɛ bere a ‘yɛretwɛn’ wiase foforo a wɔahyɛ ho bɔ a yɛn ani da so no. Ɔkaa no pefee sɛ: “Adɔfo, esiane sɛ moretwɛn eyinom nti, monyɛ nea mubetumi biara mma ommehu mo sɛ nnipa a wɔn ho nni nkekae ne dɛm biara wɔ asomdwoe mu.”—2 Pet. 3:14.

MA ANIDASO A YƐWƆ NO NKYERƐ WO KWAN

16, 17. (a) Dɛn na yɛbɛyɛ de akyerɛ sɛ yekura “abrabɔ kronkron” ne “onyamesom pa” mu? (b) Ɛbɛyɛ dɛn na yɛn nsa aka nea yɛn ani da so no?

16 Ɛsɛ sɛ yɛma yɛn anidaso no tena yɛn adwenem, nanso ɛho hia nso sɛ yɛma yɛn anidaso no kyerɛ yɛn kwan. Ɛsɛ sɛ yɛhwɛ sɛ yɛbɛbɔ yɛn bra ma asɔ Yehowa ani. Nea “abrabɔ kronkron” kyerɛ ne sɛ yebekura “abrabɔ pa mu wɔ amanaman no mu.” (2 Pet. 3:11; 1 Pet. 2:12) Bio nso, ɛsɛ sɛ yɛdɔ yɛn nuanom a wɔwɔ wiase nyinaa. Yɛwɔ saa ɔdɔ yi a, yɛbɛyɛ nea yebetumi biara ma biakoyɛ atena yɛn asafo mu. (Yoh. 13:35) “Onyamesom pa” kyerɛ sɛ yɛbɛyɛ nneɛma a ɛbɛma yɛne Yehowa anya abusuabɔ a emu yɛ den. Ebi ne sɛ yɛbɛma yɛn mpaebɔ atu mpɔn, yɛbɛkenkan Bible da biara da, yebegye bere asua ade akɔ akyiri, yɛbɛyɛ abusua som, na yɛayere yɛn ho aka “ahenni ho asɛmpa” no.—Mat. 24:14.

17 Yɛn nyinaa pɛ sɛ yɛbɔ yɛn bra ma Yehowa ani sɔ yɛn na wagye yɛn nkwa bere a wiase bɔne yi “bɛnan” no. Sɛ yɛyɛ saa a, yɛn nsa bɛka nea yɛn ani da so no. Eyi ne “daa nkwa a Onyankopɔn a ontumi nni atoro no ahyɛ ho bɔ fi teteete ho anidaso” no.—Tito 1:2.

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Kratafa 22 mfonini]

‘Wɔwo’ Kristofo a wɔasra wɔn no “foforo kɔ anidaso a nkwa wom mu”

[Kratafa 24 mfonini]

Ma anidaso no ntena w’abusuafo adwenem