Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Wɔrehwehwɛ Mmuae

Wɔrehwehwɛ Mmuae

Wɔrehwehwɛ Mmuae

“Ɛkame ayɛ sɛ obiara wɔ asɛm bi ka wɔ [Yesu] ho. Sɛ yegye Yesu di oo, sɛ yennye no nni oo, yɛn nyinaa bisa yɛn ho sɛ, ‘Hena koraa ne saa ɔbarima yi?’”—NHOMAKYERƐWFO STAN GUTHRIE.

NKURƆFO bisa Yesu ho nsɛm pii. Nhoma a wɔakyerɛw afa Yesu ho no, nkurɔfo ani gye ho paa. Ne ho sini nso, nkurɔfo pɛ paa. Nanso, nnipa bebree da so ara bisa Yesu ho nsɛm, na ɛsono obiara adwene wɔ Yesu ho.

Mfe kakra a atwam ni no, nsɛnkyerɛwfo bisabisaa nkurɔfo wɔ Intanɛt so sɛ, “Hena ne Yesu?” Mmuae a wɔmae no bi na edidi so yi:

● “Ɛyɛ me sɛ ɔyɛ rabi (ɔkyerɛkyerɛfo) bi a onyaa ayamhyehye maa nnipa, na ɔyɛ obi a nkurɔfo betumi asuasua no.”

● “Ná ɔyɛ onipa te sɛ yɛn ara, nanso ɔyɛɛ nneɛma a ɛboro nnipa ahoɔden so.”

● “Adanse biara nni hɔ a ɛkyerɛ sɛ Yesu atena ase pɛn.”

● “Yesu yɛ Onyankopɔn Ba a wɔwoo no ma owui, na onyan fii awufo mu de gyee yɛn fii yɛn bɔne mu. Ɔda so te ase nnɛ, na ɔbɛsan aba asase so bio.”

● “Migye di sɛ Yesu Kristo yɛ Onyankopɔn ba a ɔwoo no koro; ɔyɛ onipa san yɛ onyame.”

● “Yesu ho nsɛm yɛ anansesɛm a wɔto kyerɛ mmofra.”

Ɛda adi pefee sɛ nkurɔfo adwene a egu ahorow yi nyinaa ntumi nyɛ nokware. Yesu ho nsɛm a nkurɔfo bisa no, wugye di sɛ baabi wɔ hɔ a yebetumi anya ho mmuae a edi mu anaa? Wɔn a wotintim nsɛmma nhoma yi gye di sɛ Bible no yɛ Onyankopɔn Asɛm, na ɛno nko ara na ɛka Yesu ho nokwasɛm nyinaa. *2 Timoteo 3:16.

Asɛm a edi eyi so no de Yesu ho nsɛm a nkurɔfo taa bisa no ho mmuae a efi Bible mu bɛma yɛn. Ɔno ankasa kae sɛ nkwagye ho kwan abue ama obiara a “ɔkyerɛ no mu gyidi.” (Yohane 3:16) Yɛto nsa frɛ wo sɛ hwehwɛ mmuae no mu, na ebia ɛbɛma woahu sɛ ɛsɛ sɛ wusua Yesu ho ade pii, na woahu ɔkwan a wobɛfa so akyerɛ no mu gyidi.

[Ase hɔ asɛm]

^ nky. 11 Sɛ wopɛ nsɛm pii a, hwɛ nhoma a wɔato din Dɛn na Bible Kyerɛkyerɛ Ankasa? no ti 2 a n’asɛmti ne “Bible—Nhoma a Efi Onyankopɔn Hɔ” no. Yehowa Adansefo na wotintimii.