Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Yesu Kristo​—Yɛn Nsɛmmisa no Ho Mmuae

Yesu Kristo​—Yɛn Nsɛmmisa no Ho Mmuae

Yesu Kristo​—Yɛn Nsɛmmisa no Ho Mmuae

“Nnipakuw no se mene hena?”—LUKA 9:18.

YESU bisaa n’asuafo no saa asɛm no, efisɛ na onim sɛ ɛsono sɛnea obiara hu no. Nanso na biribiara nni hɔ a ɛsɛ sɛ ɛma wɔn adwene tu fra. Yesu antew ne ho anyɛ n’adwuma no wɔ sum ase. Mmom oyii n’anim kɔɔ nkurɔfo nkyɛn wɔ nkurow mu ne nkuraa ase. Ɔkaa asɛm no kyerɛkyerɛe wɔ baguam efisɛ na ɔpɛ sɛ nnipa hu ne ho nokwasɛm.—Luka 8:1.

Sɛ yɛhwɛ nsɛm a Yesu kae ne sɛnea ɔyɛɛ n’ade no a, yebetumi ahu ne ho nokwasɛm, na wɔayɛ ho kyerɛwtohɔ nso wɔ Bible mu Nsɛmpa anan no mu—Mateo, Marko, Luka ne Yohane. Kyerɛwtohɔ a efi Onyankopɔn hɔ yi na ɛbɛma yɛanya Yesu ho nsɛm a yebisa no ho mmuae. *Yohane 17:17.

ASƐMMISA: So Yesu tenaa ase ankasa?

MMUAE: Yiw. Abakɔsɛm akyerɛwfo te sɛ Josephus ne Tacitus a wɔtenaa ase wɔ Yesu bere so no ka sɛ Yesu tenaa ase ankasa. Nea ɛkyɛn ne nyinaa no, Nsɛmpa no ka no pefee sɛ Yesu yɛ obi a watena ase pɛn, na ɔnyɛ anansesɛm mu nnipa. Kyerɛwtohɔ no ka bere ne beae pɔtee a Yesu ho nsɛm sisii. Asɛmpa kyerɛwfo Luka bobɔɔ sodifo baason din de kyerɛɛ afe a Yesu fii ne som adwuma no ase, na wiase abakɔsɛm akyerɛwfo nso ka saa sodifo baason no ho asɛm.—Luka 3:1, 2, 23.

Yɛwɔ adanse a edi mu a ɛkyerɛ sɛ Yesu yɛ obi a ɔtenaa ase ankasa. Nhoma bi ka sɛ: “Nhomanimfo dodow no ara begye atom sɛ ɔbarima bi a wɔfrɛ no Yesu a ofi Nasaret tenaa ase bɛyɛ mfe 2,000 ni.”—Evidence for the Historical Jesus.

ASƐMMISA: Ɛyɛ ampa sɛ Yesu yɛ Onyankopɔn?

MMUAE: Dabi. Yesu ammu ne ho sɛ ɔne Onyankopɔn yɛ pɛ da. Mmom Yesu kaa no mpɛn pii sɛ Yehowa * yɛ kɛse sen no. Bere bi, Yesu frɛɛ Yehowa sɛ “me Nyankopɔn,” na bere foforo nso ɔfrɛɛ no “nokware Nyankopɔn koro pɛ.” (Mateo 27:46; Yohane 17:3) Ansa na obi bɛfrɛ obi foforo saa no, na ɔhyɛ onii no ase. Sɛ odwumayɛni frɛ n’adwumawura “me panyin” a, na nea ɔrekyerɛ ara ne sɛ ɔhyɛ n’ase.

Yesu kyerɛe nso sɛ ɛsono ɔno na ɛsono Onyankopɔn. Bere bi, Yesu ka kyerɛɛ akasatiafo bi a na wɔne no redi asi sɛ: “Wɔakyerɛw wɔ mo ankasa Mmara mu sɛ, ‘Nnipa baanu adanse yɛ nokware.’ Midi me ho adanse, na Agya a ɔsomaa me no nso di me ho adanse.” (Yohane 8:17, 18) Enti Yesu nko na Yehowa nko. Ɛnte saa a, anka yɛbɛyɛ dɛn abu wɔn sɛ adansefo baanu? *

ASƐMMISA: So na Yesu yɛ onipa pa bi kɛkɛ?

MMUAE: Dabi, na ɔnyɛ onipa pa kɛkɛ. Ná Yesu nim sɛ odi dwuma titiriw ma Onyankopɔn apɛde ba mu. Emu kakraa bi ni:

“Onyankopɔn Ba a ɔwoo no koro.” (Yohane 3:18) Ná Yesu nim baabi a ofi. Ɔtenaa ase bere tenten ansa na wɔrewo no wɔ asase so. Ɔkae sɛ: “Mifi soro aba.” (Yohane 6:38) Yesu yɛ Onyankopɔn abɔde a odi kan, na ɔboaa no ma ɔbɔɔ nneɛma a aka nyinaa. Esiane sɛ Yesu nko ara ne obi a Onyankopɔn nkutoo na ɔbɔɔ no nti, edi sɛ wɔfrɛɛ no “Onyankopɔn Ba a ɔwoo no koro” no.—Yohane 1:3, 14; Kolosefo 1:15, 16.

“Onipa Ba no.” (Mateo 8:20) Mpɛn pii na Yesu frɛɛ ne ho “onipa Ba no.” Saa asɛm no pue bɛyɛ mpɛn 80 wɔ Nsɛmpa no mu. Asɛmfua no ma yehu sɛ na ɔyɛ onipa ankasa, na ɛnyɛ Onyankopɔn a wadan ne ho onipa. Ɛyɛɛ dɛn na wɔwoo Onyankopɔn Ba koro no sɛ onipa? Yehowa nam honhom kronkron so yii ne Ba no nkwa bɛhyɛɛ Yudani baabun Maria awotwaa mu, na ɛma onyinsɛnee. Ɛno nti bere a wɔwoo Yesu no, na bɔne nni ne ho, enti na ɔyɛ pɛ.—Mateo 1:18; Luka 1:35; Yohane 8:46.

“Ɔkyerɛkyerɛfo.” (Yohane 13:13) Yesu maa mu daa hɔ sɛ adwuma a Onyankopɔn de ama no ne sɛ ‘ɔnkyerɛkyerɛ na ɔnka’ Onyankopɔn Ahenni no ho asɛmpa. (Mateo 4:23; Luka 4:43) Ɔkyerɛkyerɛɛ nneɛma mu maa emu daa hɔ pefee maa nkurɔfo huu nea Onyankopɔn Ahenni yɛ ne nea ɛbɛyɛ ama Yehowa apɛde aba mu.—Mateo 6:9, 10.

“Asɛm no.” (Yohane 1:1) Ná Yesu yɛ Onyankopɔn Kasamafo a ɔno na Onyankopɔn nam no so de akwankyerɛ ne nkyerɛkyerɛ ma nkurɔfo. Yesu na Yehowa nam ne so de Ne nsɛm maa nnipa wɔ asase so.—Yohane 7:16, 17.

ASƐMMISA: So Yesu ne Mesia a wɔhyɛɛ ne ho bɔ no?

MMUAE: Yiw. Bible hyɛɛ nkɔm too hɔ sɛ Mesia anaa Kristo a ɛkyerɛ “Nea Wɔasra No” bɛba. Ná Nea Wɔahyɛ ne ho bɔ no bedi dwuma titiriw ama Yehowa atirimpɔw aba mu. Da bi, Samariani bea bi ka kyerɛɛ Yesu sɛ: “Minim sɛ Mesia a wɔfrɛ no Kristo no reba.” Ɛnna Yesu ka kyerɛɛ no sɛ: “Me a me ne wo rekasa yi, mene no.”—Yohane 4:25, 26.

Yɛwɔ adanse a ɛkyerɛ ampa sɛ Yesu ne Mesia no anaa? Sɛnea sɛ obi de ne kokurobeti tim biribi so a, ɛne obiara de nsɛ no, saa ara na yɛwɔ adanse ahorow abiɛsa a ne nyinaa ka bom ma yehu Mesia no. Saa adanse no fata Yesu anaa? Ma yɛnhwɛ nea edidi so yi:

Abusua a ofi mu. Bible ka too hɔ sɛ Mesia no bɛyɛ Abraham aseni a ofi Dawid abusua mu. (Genesis 22:18; Dwom 132:11, 12) Yesu fi wɔn baanu nyinaa mu.—Mateo 1:1-16; Luka 3:23-38.

Nkɔmhyɛ a aba mu. Hebri Kyerɛwnsɛm no hyɛɛ Mesia no asase so asetena ho nkɔm, na ɛkaa n’awo ne ne wu ho asɛm kɔɔ akyiri. Nkɔmhyɛ no nyinaa baa mu wɔ Yesu so. Emu bi ni: Wɔwoo no wɔ Betlehem (Mika 5:2; Luka 2:4-11), wɔfrɛɛ no fii Egypt (Hosea 11:1; Mateo 2:15), na wokum no no wɔammubu ne nnompe (Dwom 34:20; Yohane 19:33, 36). Biribiara nni hɔ a anka Yesu ankasa betumi ayɛ ama saa Mesia nkɔmhyɛ no nyinaa aba mu wɔ no so. *

Adanse a Onyankopɔn ankasa de mae. Bere a wɔwoo Yesu no, Onyankopɔn somaa abɔfo kɔɔ nguanhwɛfo nkyɛn kɔka kyerɛɛ wɔn sɛ wɔawo Mesia no. (Luka 2:10-14) Bere a Yesu reyɛ ne som adwuma no, Onyankopɔn ankasa kasa fii soro mpɛn pii kyerɛe sɛ wagye Yesu atom. (Mateo 3:16, 17; 17:1-5) Yehowa maa Yesu tumi de yɛɛ anwonwade, na ɛno nso dii adanse sɛ Yesu ne Mesia no.—Asomafo Nnwuma 10:38.

ASƐMMISA: Dɛn nti na ɛho behiae sɛ Yesu hu amane na owu?

MMUAE: Ná Yesu yɛ onipa a bɔne nni ne ho a amanehunu mfata no. Wɔsɛn no dua so ma owuu animguase wu te sɛ omumɔyɛfo, na na ɛno nso mfata no. Ne nyinaa mu no, na Yesu nim dedaw sɛ wɔbɛtan n’ani saa, nanso ɔbrɛɛ ne ho ase gyee animguase no.—Mateo 20:17-19; 1 Petro 2:21-23.

Wɔhyɛɛ Mesia no ho nkɔm sɛ obehu amane na wawu ama afoforo bɔne. (Yesaia 53:5; Daniel 9:24, 26) Yesu ankasa kae sɛ ɔbae sɛ ɔde ne kra rebɛyɛ “agyede de agye nnipa bebree.” (Mateo 20:28) Wɔn a wɔwɔ Yesu afɔrebɔ wu a egye nkwa no mu gyidi no, wɔn ani da so sɛ wobegye wɔn afi bɔne ne owu mu na wɔatena asase so Paradise daa. *Yohane 3:16; 1 Yohane 4:9, 10.

ASƐMMISA: Enti yebetumi agye adi paa sɛ wonyanee Yesu fii awufo mu?

MMUAE: Yiw. Yesu hwɛɛ kwan paa sɛ wobenyan no afi awufo mu. (Mateo 16:21) Nanso momma yɛnhyɛ no nsow sɛ Yesu anaa Bible akyerɛwfo no mu biara anka sɛ Yesu no ara na obenyan afi awufo mu. Mmom Bible ka sɛ: “Onyankopɔn san owu hama no, na onyan no.” (Asomafo Nnwuma 2:24) Sɛ yegye tom sɛ Onyankopɔn wɔ hɔ, na ɔno na ɔbɔɔ nneɛma nyinaa a, ɛnde yebetumi aka sɛ ɛrenyɛ den koraa sɛ obenyan ne Ba no afi awufo mu.—Hebrifo 3:4.

Yɛwɔ adanse a edi mu a ɛkyerɛ sɛ wonyanee Yesu anaa? Momma yɛnhwɛ nea edidi so yi.

Nnipa a wohuu no no adanse. Yesu wu akyi mfe 22 no, ɔsomafo Paulo kyerɛw sɛ nnipa bɛboro 500 na wohui sɛ Yesu anyan afi awufo mu, na bere a Paulo rekyerɛw ne krataa no, na wɔn mu dodow no ara da so te ase. (1 Korintofo 15:6) Sɛ onipa biako anaa baanu di adanse a, obi betumi abɔ agu ntɛm, nanso nnipa 500 adanse de, hena na obetumi abɔ agu?

Adansefo a wɔn adanse yɛ nokware. Yesu asuafo no nyaa hokwan soronko huu nea esii ankasa, na wɔde akokoduru ka maa obiara tee sɛ wɔanyan Yesu afi awufo mu. (Asomafo Nnwuma 2:29-32; 3:13-15) Asuafo no bɛtee ase mpo sɛ, sɛ Kristofo gyidi betumi adi mu a, gye sɛ wogye tom sɛ wonyanee Yesu. (1 Korintofo 15:12-19) Saa asuafo no sii wɔn bo sɛ, sɛ wobekum wɔn mpo a wɔrennyae Yesu mu gyidi. (Asomafo Nnwuma 7:51-60; 12:1, 2) Wohwɛ a, hena na ɔde ne nkwa bɛto hɔ ama biribi a ɔno ara nim sɛ ɛnyɛ nokware?

Nea yɛasusuw ho yi yɛ Yesu ho nsɛmmisa asia ho mmuae a Bible de ma. Mmuae no ma yehu onipa ko a Yesu yɛ. Nanso mfaso bɛn na ɛwɔ so sɛ yebenya mmuae no? Nea yegye di wɔ Yesu ho no, ɛho hia anaa?

[Ase hɔ nsɛm]

^ nky. 4 Sɛ wopɛ sɛ wuhu nsonsonoe a ɛda Bible mu Nsɛmpa no ne atosɛm a wɔakyerɛw afa Yesu ho no ntam a, hwɛ asɛm a wɔato din “Apokrifa Nsɛmpa—Ɛma Yehu Yesu Ho Nokwasɛm a Ahintaw Anaa?” wɔ kratafa 18-19.

^ nky. 9 Bible ma yehu sɛ Yehowa yɛ Onyankopɔn din.

^ nky. 10 Sɛ wopɛ mu nkyerɛkyerɛmu pii a, hwɛ asɛm a wɔato din “Yehowa Dansefo Bi ne Obi Bɔ Nkɔmmɔ—So Yesu Yɛ Onyankopɔn?” wɔ kratafa 20-22.

^ nky. 21 Sɛ wopɛ sɛ wuhu sɛnea nkɔmhyɛ ahorow bi baa mu wɔ Yesu so a, hwɛ nhoma a wɔato din Dɛn na Bible Kyerɛkyerɛ Ankasa? no kratafa 200.

^ nky. 25 Sɛ wopɛ sɛ wuhu sɛnea Yesu wu no tumi gye nkwa a, hwɛ nhoma a wɔato din Dɛn na Bible Kyerɛkyerɛ Ankasa? no ti 5.