Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Nea Yegye Di no Ho Hia Anaa?

Nea Yegye Di no Ho Hia Anaa?

Nea Yegye Di no Ho Hia Anaa?

“Mubehu nokware no, na nokware no bɛma moade mo ho.”—YOHANE 8:32.

YƐHWƐ Bible mu a, yebehu Yesu ho nokwasɛm, na ebetumi ama yɛade yɛn ho afi atosɛm ho a yɛn adwenem renyɛ yɛn nãã. Nanso, nea yegye di wɔ Yesu ho no, ɛho hia anaa? Yiw, ɛho hia, efisɛ ɛho hia Yehowa, na ɛho hia Yesu nso, enti ɛsɛ sɛ ɛho hia yɛn.

Dɛn nti na ɛho hia Yehowa? Mmuae no ara ne sɛ, “Onyankopɔn ne dɔ.” (1 Yohane 4:8) Yehowa pɛ sɛ yɛtena ase daa wɔ anigye mu. Yesu kae sɛ: “Onyankopɔn dɔ [adesamma] wiase paa ma enti ɔde ne Ba a ɔwoo no koro no mae, na obiara a ɔkyerɛ no mu gyidi no . . . wanya daa nkwa.” (Yohane 3:16) Onyankopɔn somaa ne Ba no sɛ ommegye yɛn na ommue hokwan mma yɛn na yɛatumi atena ase daa wɔ asase so Paradise mu, na ama Ne mfitiase atirimpɔw no aba mu. (Genesis 1:28) Enti Onyankopɔn wɔ ɔpɛ no sɛ ɔde daa nkwa bɛma wɔn a wobesua ne Ba no ho nokwasɛm na wɔde abɔ wɔn bra.—Romafo 6:23.

Dɛn nti na ɛho hia Yesu? Yesu nso dɔ adesamma. Onyaa ɔdɔ, na ofi ne pɛ mu de ne nkwa too hɔ maa yɛn. (Yohane 15:13) Ná onim sɛ ɛno na ɛbɛma nnipa anya nkwa. (Yohane 14:6) So ɛsɛ sɛ ɛyɛ yɛn nwonwa sɛ Yesu pɛ sɛ nnipa dodow no ara nya n’agyede afɔre no so mfaso? Ɛno nti na ɔde ahyɛde maa n’akyidifo anokwafo sɛ wɔnkyerɛkyerɛ nnipa a wɔwɔ wiase nyinaa Onyankopɔn apɛde ne n’atirimpɔw.—Mateo 24:14; 28:19, 20.

Dɛn nti na ɛho hia yɛn? Susuw nneɛma a ɛho hia wo no kakra ho—w’apɔwmuden ne w’abusua. Sɛ wo ne wɔn a wodɔ wɔn nyinaa wɔ apɔwmuden ne asetena pa a, anka wompɛ? Yehowa nam Yesu so rema woahu sɛ wo ne wɔn a wodɔ wɔn no betumi anya apɔwmuden ne asetena a enni awiei wɔ wiase foforo no mu. Na saa bere no, ɛyaw ne amanehunu befi hɔ. (Dwom 37:11, 29; Adiyisɛm 21:3, 4) W’ani begye saa asetena pa no ho anaa? Sɛ saa a, ɛnde biribi wɔ hɔ a ehia sɛ woyɛ.

San hwɛ Bible mu asɛm a ɛwɔ atifi hɔ no. Ɛka sɛ: “Mubehu nokware no, na nokware no bɛma moade mo ho.” Sɛ yehu Yesu ho nokwasɛm ne dwuma a odi ma Onyankopɔn atirimpɔw ba mu no a, ebetumi ama yɛade yɛn ho afi nkoasom a ɛsen biara mu—bɔne ne owu nkoasom. Nanso sɛ wubetumi ade wo ho a, ɛsɛ sɛ wuhu “nokware no.” Adɛn nti na wommɔ mmɔden nsua saa nokware no ho ade na wunhu sɛnea wo ne w’adɔfo betumi anya so mfaso? Yehowa Adansefo ani begye ho sɛ wɔbɛboa wo.