Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

So Wunim?

So Wunim?

So Wunim?

Bere a Yesu kae sɛ yɛnkɔ “akwansin abien” no, dɛn na na ɔreka ho asɛm?

Yesu Bepɔw so Asɛnka a agye din no mu no, ɔkae sɛ: “Sɛ obi a ɔwɔ tumi hyɛ wo sɛ monkɔ kwansin biako a, wo ne no nkɔ akwansin abien.” (Mateo 5:41) Ná wɔn a wɔretie Yesu no bɛte ase sɛ nea ɔreka ho asɛm no yɛ adwuma a obi a ɔwɔ tumi hyɛ ɔmanfo ma wɔyɛ.

Yesu bere so no, Romafo na na wodi Israelfo so. Ná ɛnyɛ den koraa sɛ wɔbɛhyɛ nnipa anaa mmoa ama wɔayɛ nnwuma bi anaasɛ wobegye biribiara a wobu no sɛ ɛho hia na ama aban dwumadi akɔ so ntɛmtɛm. Ɛho nhwɛso ne sɛ, Roma asraafo no hyɛɛ Simon a ofi Kirene ma ɔsoaa Yesu asɛndua no kɔɔ baabi a na wɔrekokum Yesu no. (Mateo 27:32) Saa ade a na wɔyɛ no, na Yudafo no bu no sɛ ɛyɛ nhyɛso a wɔn ani nnye ho koraa, na na ɛhyɛ wɔn abufuw.

Yennim kwantenten a na wotumi hyɛ ɔmanfo ma wɔsoa nnesoa twa. Nanso yebetumi aka sɛ, na ɔmanfo no ntwa kwan mmoro nea wɔahyɛ wɔn sɛ wonkodu no. Enti bere a Yesu ka kyerɛɛ n’atiefo no sɛ wɔnkɔ akwansin abien anaa wɔmfa kwansin biako nka ho no, na ɔreka akyerɛ wɔn sɛ ɛsɛ sɛ wɔyɛ nnwuma a ɛfata sɛ wɔyɛ ma atumfoɔ no a wonwiinwii.—Marko 12:17.

Anas bɛn na Nsɛmpa no bɔɔ ne din no?

Bere na wɔredi Yesu asɛm no, wɔkae sɛ na Anas (Ananus) yɛ ‘ɔsɔfo panyin.’ (Luka 3:2; Yohane 18:13; Asomafo Nnwuma 4:6) Ná ɔyɛ Israel sɔfo panyin Kaiafa ase, na na ɔno ankasa nso ayɛ ɔsɔfo panyin fi bɛyɛ afe 6 anaa 7 Y.B. kosi bɛyɛ afe 15 Y.B., na saa bere no na Roma sodifo Valerius Gratus tuu no ade so. Ɛno akyi mpo no, esiane sɛ na Anas ayɛ sɔfo panyin pɛn nti, na ɔda so wɔ tumi kɛse wɔ Israel. Ne mmabarima baanum ne ne babea kunu nso nyaa ɔsɔfo panyin dibea no.

Bere tenten a na Israelfo no di wɔn ho so no, gye sɛ ɔsɔfo panyin no awu ansa na wɔde obi asi n’anan. (Numeri 35:25) Nanso, bere a wɔbɛhyɛɛ Romafo ase no, na Roma amrado ne ahemfo a Romafo de wɔn asisi hɔ no na wɔpaw ɔsɔfo panyin no, enti na wotumi tu wɔn ade so. Abakɔsɛm kyerɛwfo Flavius Josephus bɔ amanneɛ sɛ Roma amrado Quirinius a na odi Siria so no gyee ɔsɔfo panyin no fii obi a na wɔfrɛ no Joazar nsam bɛyɛ afe 6 anaa 7 Y.B. na ɔde Anas sii n’anan. Nanso ɛte sɛ nea sodifo a wɔyɛ abosonsomfo yi hwɛ hui sɛ wɔbɛpaw ɔsɔfo panyin no afi asɔfo no mu.

Anas abusua no gyee dimmɔne sɛ wɔyɛ adifudepɛfo, na na wɔanya wɔn ho sɛɛ tam. Nea ebia ɛma wonyaa wɔn ho saa ne sɛ na wɔn nkutoo na wɔtɔn nneɛma a wɔde bɔ afɔre wɔ mmeae a ɛbemmɛn asɔrefie no; nneɛma no bi ne mmorɔnoma, nguan, ngo ne nsa. Josephus ka sɛ na Anas ba Ananus (Ananias) wɔ “asomfo a na wɔnka mmara. Ná wɔde anuɔden gyigye asɔfo no ntotoso dudu fi wɔn nsam; na sɛ obi ka sɛ ɔremfa mma wɔn a, na wɔhwe no.”