Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Bɛn Onyankopɔn

“Yɛsrɛ Wo, Ma Yɛmmra Fie”

“Yɛsrɛ Wo, Ma Yɛmmra Fie”

Woasom Yehowa pɛn anaa? Woadwen ho sɛ wobɛsan asom no bio, anaa wusuro sɛ anhwɛ a ɔrennye wo bio? Yɛsrɛ wo tɔ wo bo kenkan asɛm yi ne nea edi so no nyinaa. Yɛahyɛ da asiesie saa nsɛm no ama wo.

“MEBƆƆ Yehowa mpae sɛ mesrɛ no ɔmma memmra fie na ɔmfa me bɔne nkyɛ me sɛ mahyɛ no awerɛhow.” Saa na ɔbea bi a ogyaee Kristofo asafo a wɔtetee no wom no kae. N’asɛm yɛ wo yaw anaa? Ɛyɛ a wubisa wo ho sɛ: ‘Onyankopɔn te nka dɛn wɔ wɔn a wɔasom no agyae no ho? So ɔkae wɔn? Ɔpɛ sɛ wɔsan “ba fie” anaa?’ Sɛ yebenya saa nsɛmmisa no ho mmuae a, momma yɛnhwɛ asɛm bi a Yeremia kyerɛwee. Mmuae no bɛma w’ani agye paa.—Kenkan Yeremia 31:18-20.

Hwɛ nea ɛmaa Yeremia kaa saa asɛm no. Afe 740 A.Y.B. mu, mfe pii ansa na wɔrewo Yeremia no, Yehowa maa Asiriafo bɛfaa Israel mmusuakuw du ahemman no nnommum. * Onyankopɔn maa kwan ma wɔkɔɔ ahokyere mu de twee wɔn aso, efisɛ na ne nkurɔfo no reyɛ bɔne akɛse na na wontie kɔkɔbɔ a Onyankopɔn nam n’adiyifo so de ama wɔn no. (2 Ahene 17:5-18) Bere a ɔman no fii wɔn asase so kɔɔ akyirikyiri na wɔne Onyankopɔn ntam tetewee no, wɔn ahokyere no ma wɔbrɛɛ wɔn ho ase anaa? So Yehowa werɛ fii wɔn? Ná obegye wɔn aba fie bio anaa?

“Minuu Me Ho”

Bere a wɔwɔ nkoasom mu no, wɔn adwene baa wɔn ho so na wonuu wɔn ho. Yehowa hui sɛ wofi koma mu anu wɔn ho ampa. Tie sɛnea Yehowa ka ahonu a Israelfo a wɔwɔ nkoasom mu no nyae ne sɛnea wɔsesaa wɔn suban no ho asɛm; wɔka wɔn nyinaa ho asɛm sɛ Efraim.

Yehowa kae sɛ: “Mate sɛ Efraim redi awerɛhow.” (Nkyekyɛm 18) Ɔtee sɛ Israelfo no redi abooboo wɔ nea wɔn bɔne de aba wɔn so no ho. Onimdefo bi kyerɛ sɛ asɛm “redi awerɛhow” no betumi akyerɛ “biribi a wɔwosow no denneennen.” Wɔbɛyɛɛ sɛ abofra bɔne bi a n’ahohwibra de no kɔ ahokyere mu. Sɛ odwinnwen ahokyere a ɔde aba ɔno ara so no ho a ɔwosow ne ti de kyerɛ sɛ ɔpɛ sɛ ɔsan ba fie. (Luka 15:11-17) Dɛn na ɔman no kae?

“Wateɛ me so sɛ nantwi ba a wɔntetee no.” (Nkyekyɛm 18) Nkurɔfo no gyee toom sɛ wɔfata asotwe, efisɛ wɔyɛɛ wɔn ade te sɛ nantwi ba a wɔntetee no. Nhwehwɛmu nhoma bi ka sɛ ntotoho no betumi akyerɛ sɛ wɔyɛɛ wɔn ade te sɛ nantwi a “watew atua ama wɔde poma a wɔde ka nantwi abɔ no. Sɛ wantew atua a anka wɔremfa poma no mmɔ no da.”

“Ma mensan mmra wo nkyɛn, na mɛsan aba ntɛm, efisɛ wone Yehowa me Nyankopɔn.” (Nkyekyɛm 18) Israelfo no brɛɛ wɔn ho ase, na wosu frɛɛ Onyankopɔn. Bɔne kwan a wɔfaa so no ma wɔyerae, nanso afei de, wɔsrɛe sɛ ɔmmoa wɔn mma wonhu kwan nsan mmra n’adom mu. Nkyerɛase foforo bi ka sɛ: “Woyɛ yɛn Nyankopɔn—yɛsrɛ wo, ma yɛmmra fie.”—Contemporary English Version.

“Ɛyɛɛ me yaw. . . . Mefɛree, na m’ani wui.” (Nkyekyɛm 19) Nkurɔfo no nuu wɔn ho efisɛ na wɔayɛ bɔne. Wogyee wɔn mfomso toom hui sɛ wɔayɛ bɔne. Wɔtee nka nso sɛ wɔn ani awu na wɔafɛre.—Luka 15:18, 19, 21.

Israelfo no nuu wɔn ho. Awerɛhow hyɛɛ wɔn ma, wɔkaa wɔn bɔne kyerɛɛ Onyankopɔn na wɔsan fii wɔn akwammɔne no ho. Nu a wonuu wɔn ho no bedwudwo Onyankopɔn koma anaa? Ɔbɛma wɔaba fie anaa?

“Hu Ara na Mehu No Mmɔbɔ”

Ná Yehowa wɔ atenka a emu yɛ den ma Israelfo no. Ɔkae sɛ: “Meyɛ Israel Agya, na Efraim yɛ m’abakan.” (Yeremia 31:9) Ɛbɛyɛ dɛn na agya a ɔdɔ ne ba rennye no mma fie bere a ne ba no afi ne koma mu anu ne ho no? Yehowa yɛ agya a ɔte nka ma ne nkurɔfo, hwɛ sɛnea ɔka atenka a ɔwɔ no ho asɛm.

“So Efraim yɛ ɔba a ɔsom bo ma me, anaa ɔba a mepɛ n’asɛm yiye? Dodow a mekasa tia no no, dodow no ara na mɛkae no.” (Nkyekyɛm 20) Hwɛ sɛnea nsɛm yi ka koma! Ná ehia sɛ Onyankopɔn kasa “tia” ne mma, na ɔbɔ wɔn kɔkɔ wɔ wɔn akwammɔne ho mpɛn pii te sɛ ɔwofo a ɔdɔ ne mma nanso ɔde ne nan si fam. Bere a wɔyɛɛ ahomaso a wɔantie n’asɛm no, ɔma wɔkɔɔ nkoasom mu, kyerɛ sɛ, ɔpam wɔn fii fie. Ɛwom sɛ na ɛsɛ sɛ ɔtwe wɔn aso de, nanso ne werɛ amfi wɔn. Ɛnyɛ ade a na ne werɛ betumi afi wɔn da. Agya a ɔdɔ ne mma rentumi mma ne werɛ mfi wɔn. Enti bere a Yehowa hui sɛ ne mma no anu wɔn ho ampa no, ɔtee nka dɛn?

“Me nsono mu twitwa me ne ho. * . . . Hu ara na mehu no mmɔbɔ.” (Nkyekyɛm 20) Yehowa ani gyinaa ne mma no denneennen. Sɛnea wonuu wɔn ho nokwarem no kaa Yehowa koma na n’ani gyee ho paa sɛ ɔbɛma wɔasan aba ne nkyɛn. Yehowa te sɛ agya a Yesu kaa ne ho asɛm wɔ ɔba hohwini bɛ no mu no, na “ɔyɛɛ no mmɔbɔ.”—Luka 15:20.

“Yehowa, Ma Memmra Fie!”

Nsɛm a ɛwɔ Yeremia 31:18-20 no ma yehu sɛnea Yehowa ayamhyehye ne ne mmɔborɔhunu te. Onyankopɔn werɛ remfi wɔn a bere bi na wɔsom no no. Enti sɛ saafo no pɛ sɛ wɔsan ba ne nkyɛn a dɛn na wɔbɛyɛ? Onyankopɔn wɔ ɔpɛ sɛ ɔde “bɔne befiri.” (Dwom 86:5) Ɔrempam wɔn a wofi wɔn komam anu wɔn ho a wɔba ne nkyɛn no da. (Dwom 51:17) Mmom no, n’ani gye sɛ ɔbɛyɛ wɔn awaawaa atuu aba fie.—Luka 15:22-24.

Ɔbea a yedii kan kaa ne ho asɛm no tuu anammɔn san baa Yehowa nkyɛn, na ɔkɔɔ Yehowa Adansefo asafo nhyiam wɔ baabi a ɔte. Nea edi kan no, na ehia sɛ odi atenka bi a ɔwɔ so. Ɔkae sɛ: “Metee nka sɛ me so nni mfaso.” Nanso asafo mu mpanyimfo no hyɛɛ me nkuran na wɔboaa me ma minyaa honhom mu ahoɔden bio. Ɔde anisɔ a efi komam ka sɛ: “Ɛyɛ me anigye paa sɛ Yehowa ama maba fie!”

Sɛ woasom Yehowa agyae na sɛ wopɛ sɛ wosan som no a, yɛto nsa frɛ wo sɛ kɔ Yehowa Adansefo asafo nhyiam wɔ baabi a wote. Kae sɛ, sɛ nnipa a wɔanu wɔn ho srɛ Yehowa sɛ, “Yɛsrɛ wo, ma yɛmmra fie” a, Yehowa yam bɛhyehye no ama wɔn na wahu wɔn mmɔbɔ.

April Bible akenkan:

Yeremia 17-31

[Ase hɔ nsɛm]

^ nky. 5 Afe 997 A.Y.B. mu no, Israelfo mu kyɛe ma wobenyaa ahemman abien. Biako ne Yuda abusua abien ahemman a na wɔwɔ anafo fam no. Biako a aka ne Israel abusua du ahemman a wɔsan frɛɛ no Efraim no. Nea ɛma wɔfrɛɛ no saa ne sɛ ɛno ne abusuakuw a na ɛsõ.

^ nky. 16 Nhoma bi a wɔayɛ ama wɔn a wɔkyerɛ Bible ase kaa ne nsono mu a etwitwa no a wɔde yɛɛ mfatoho no ho asɛm sɛ: “Yudafo faa no sɛ atenka nyinaa fi onipa yam.”