Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Bible Tumi Sesa Nnipa

Bible Tumi Sesa Nnipa

Bible Tumi Sesa Nnipa

DƐN na ɛmaa ɔbarima bi a ogyaee ɔsom a n’awofo de tetee no no san baa ɔsom no mu bio? Ɛyɛɛ dɛn na aberante bi a ɔde n’asetena nyinaa hwehwɛɛ agya a ɔbɛdɔ no no nyaa saa agya no bi? Kenkan saa nnipa yi anom asɛm.

“Ná Ɛsɛ sɛ Mesan ba Yehowa Nkyɛn.”—ELIE KHALIL

AFE A WƆWOO NO: 1976

ƆMAN A OFI MU: CYPRUS

TEBEA A NA ƆWOM: ƆBA HOHWINI

ME KAN ASETENA: Wɔwoo me wɔ Cyprus nanso Australia na metena nyinii. M’awofo yɛ Yehowa Adansefo, na wɔbɔɔ mmɔden sɛ wɔde Yehowa ne n’Asɛm Bible no ho dɔ bedua me mu. Nanso bere a mebɛyɛɛ ɔbabun no, mifii ase tew atua. Ná metaa yɛ nwaa pue fi fie anadwo kohyia mmabun foforo ma yekowiawia kar; yɛde yɛn ho too ɔhaw bebree mu.

Mfiase no, na misuro sɛ m’awofo behu nea mereyɛ no, enti na miwia me ho na ɛyɛ saa nneɛma no. Nanso nkakrankakra saa ehu no fii me mu. Me ne nnipa a wɔanyinyin kyɛn me a wɔnnɔ Yehowa faa nnamfo, na wɔsɛee me. Awiei koraa no, meka kyerɛɛ m’awofo sɛ magyae wɔn som no. Wonyaa abotare bɔɔ mmɔden sɛ wɔbɛboa me, nanso mamfa nea wɔkae no anyɛ hwee. Ɛyɛɛ m’awofo yaw paa.

Mitu fii fie akyi no, mifii ase nom nnubɔne, na mifii ase mpo duaa wii tɔn maa nkurɔfo. Mibuu brabɔne, na na mede bere pii kogye m’ani anadwo. Mebɛyɛɛ obi a ne bo fuw ntɛmntɛm nso. Enti sɛ obi yɛ biribi anaa ɔka biribi a mempɛ a, na me bo tumi fuw paa, na meteɛteɛm gu nkurɔfo so bobɔ wɔn. Wohwɛ mu a, nneɛma a na wɔakyerɛkyerɛ me sɛ ɛnsɛ sɛ Kristoni yɛ no, meyɛɛ ne nyinaa bi.

SƐNEA BIBLE NO SESAA M’ASETENA: Me ne aberante bi a ɔno nso nom nnubɔne bɛyɛɛ nnamfo paa; ne papa wui bere a na osua koraa. Ná yetumi bɔ nkɔmmɔ saa ara kosi anadwo dasum. Ɛtɔ da bi na sɛ yɛrebɔ nkɔmmɔ a, ɔka ne komam asɛm kyerɛ me sɛ wakae ne papa paa. Esiane sɛ na wɔakyerɛkyerɛ me owusɔre anidaso ho asɛm nti, nea mehu ara ne sɛ mafi ase reka Yesu ho asɛm akyerɛ no. Na metaa ka kyerɛ no sɛ Yesu nyanee awufo, na wahyɛ bɔ sɛ ɔbɛsan anyan awufo bio daakye. (Yohane 5:28, 29) Ɛyɛ a meka kyerɛ no sɛ: “Wo de, fa w’adwene bu sɛ wobɛsan ahu wo papa bio; yɛn nyinaa betumi atena asase so Paradise mu.” Saa nsɛm no kaa m’adamfo no koma paa.

Mmere foforo nso na m’adamfo no tumi kɔfa nsɛm bi te sɛ nna a edi akyiri ne Baasakoro nkyerɛkyerɛ no ba. Ɛba saa a, migye ɔno ankasa Bible kyerɛ no kyerɛw nsɛm ahorow bi a ɛka Yehowa Nyankopɔn, Yesu, ne nna a edi akyiri no ho nokwasɛm. (Yohane 14:28; 2 Timoteo 3:1-5) Mpɛn dodow a mekaa Yehowa ho asɛm kyerɛɛ m’adamfo no, mpɛn dodow no ara na midwinnwen Yehowa ho.

M’awofo yɛɛ nea wobetumi biara sɛ wɔde Bible mu nokware aba bɛhyɛ me koma mu, nanso saa bere no, antumi annyin, na afei de efii ase de nkakrankakra nyinii. Ɛtɔ mmere bi na sɛ me ne me nnamfonom kɔ apontow ase na yɛrenom nnubɔne a, Yehowa ho adwene tumi ba me mu prɛko pɛ. Me nnamfo no mu pii kae sɛ wɔdɔ Onyankopɔn nanso na wɔn abrabɔ nkyerɛ saa. Ná mempɛ sɛ mɛyɛ sɛ wɔn, enti mihuu nea ɛsɛ sɛ meyɛ. Ná ɛsɛ sɛ mesan ba Yehowa nkyɛn.

Ná minim nea ɛsɛ sɛ meyɛ de, nanso na ne yɛ nna fam koraa. Anyɛ den koraa sɛ mɛyɛ nsakrae no bi; mitumi gyaee nnubɔne nom ntɛm. Afei me ne me nnamfo no twaa mu, na mifii ase ne Kristofo asafo no mu panyin bi suaa Bible.

Nsakrae no bi de, na ɛyɛ den paa. Nea na ɛyɛ den paa sɛ megyae ne m’abufuw no. Ɛtɔ da a na mitumi gyae kakra, nanso ɛwɔ hɔ ara a na asan aba. Ɛba saa a, na ɛhaw me; ɛyɛ a mete nka sɛ mabrɛ agu. Sɛ m’abam bu saa a, mekɔ asafo mu panyin a na me ne no sua Bible no nkyɛn. N’abotare ne n’ayamye nti, ɔhyɛɛ me nkuran pii. Ɛda bi de, ɔma mekenkanee Ɔwɛn-Aban mu asɛm bi de kyerɛe sɛ ɛnsɛ sɛ m’abam bu koraa. * Ɔne me bɔɔ nkɔmmɔ sɛnea ɛbɛyɛ a sɛ me bo fuw a, mehu nea ɛsɛ sɛ meyɛ. Mede Ɔwɛn-Aban mu asɛm no yɛɛ adwuma na mebɔɔ Yehowa nso mpae, enti nkakrankakra, m’abufuw no gyaee. Ne tiaatwa mu ne sɛ, April 2000 no, mebɔɔ asu bɛyɛɛ Yehowa Dansefo. Sɛnea m’awofo ani gyei de, ɛsɛ w’ani.

SƐNEA ABOA ME: Seesei mewɔ asomdwoe, na m’adwene mmu me fɔ efisɛ minim sɛ memfa nnubɔne nsɛe me nipadua. Nea mɛyɛ biara, adwuma oo, Kristofo nhyiam oo, ahomegye oo, m’ani gye paa. Minim sɛ daakye papa bi da hɔ retwɛn me.

Meda Yehowa ase sɛ manya awofo a wɔn werɛ amfi me da. Ɛyɛ a midwen Yesu asɛm a ɛwɔ Yohane 6:44 no ho. Ɛhɔ ka sɛ: “Obiara ntumi mma me nkyɛn gye sɛ Agya a ɔsomaa me no twe no.” Sɛ midwen ho hu sɛ Yehowa na atwe me nti na matumi asan aba ne nkyɛn a, ɛka me koma.

“Na Merehwehwɛ Agya.”—MARCO ANTONIO ALVAREZ SOTO

AFE A WƆWOO NO: 1977

ƆMAN A OFI MU: CHILE

TEBEA A NA ƆWOM: NÁ ƆBƆ ƆBRASƐE NE AWUDISƐM HO NNWOM

ME KAN ASETENA: Me maame na ɔtetee me wɔ Punta Arenas. Ɛyɛ kurow fɛfɛ bi a ɛwɔ Strait of Magellan, na ɛbɛn South America anafo pɛɛ. Bere a midii mfe anum na m’awofo tetew aware mu, na metee nka sɛ wɔato me asaworam, enti na merehwehwɛ agya.

Me maame ne Yehowa Adansefo suaa Bible, na ɔde me kɔɔ Kristofo nhyiam wɔ Ahenni Asa so. Nanso na mempɛ nhyiam no kɔ koraa, enti na mehyɛ da su wɔ kwan so. Midii mfe 13 no, migyaee kɔ koraa.

Saa bere no, na m’ani abegye nnwonto ho, na mibehui sɛ mewɔ nnwonto dom akyɛde. Midii mfe 15 no, na mebɔ nnwom a ano yɛ den a ɔbrasɛe ne awudisɛm wom wɔ afahyɛ ase, asanombea, ne baabi a nnipa ahyia regye wɔn ani. Nnwontofo akukudam a mede me ho bɔɔ wɔn no maa m’ani begyee sankudwom ho. Afei mehyɛɛ da kosuaa nnwonto wɔ nnwonto sukuu bi mu. Midii mfe 20 no, mitu kɔɔ ɔman no ahenkurow Santiago kɔtoaa nnwonsua no so. Mekɔɔ so ne nnwontofo akuw a wɔbɔ nnwom a ano yɛ den a ɔbrasɛe ne awudisɛm wom yɛɛ adwuma.

Saa bere yi nyinaa na mete nka sɛ minni anigye, na sɛnea ɛbɛyɛ a m’ani begye nti, me ne me nnamfo a me ne wɔn bɔ dwom a mafa wɔn sɛ m’abusua no nom nsa ne nnubɔne. Sɛ wuhu me a, obiara renka nkyerɛ wo sɛ meyɛ otuatewfo, efisɛ na m’ahosiesie nyinaa kyerɛ saa. Ná mehyɛ ntade tuntum da biara; migyinaa m’abogyesɛ, na migyaw me ti nhwi ma no fuwii ara ma anka ɛreyɛ adu me sisi akyi.

Bere nyinaa na me suban ne me nneyɛe ma meko ntɔkwaw na meyɛ nneɛma a ɛma mikopue polisifo anim. Da koro bi, na nnipakuw bi a wɔtɔn nnubɔne rehaw me ne me nnamfonom no, na esiane sɛ na manom nsa abow nti, me ne wɔn koe. Nkurɔfo no boroo me ara maa m’apantan huanee.

Nanso, ade a ɛyɛɛ me yaw koraa ne nea me nnamfonom de yɛɛ me. Da bi, mihui sɛ me mpena ne m’adamfo paa ahyehyɛ hɔ mfe pii a me nnamfonom a wɔaka no nyinaa nim nso wɔanka ankyerɛ me da. Ɛyɛɛ me yaw yiye.

Mesan tu kɔɔ Punta Arenas kɔkyerɛɛ nnwom wɔ hɔ, na na mesan bɔ sanku. Mekɔɔ so ne nnwontofo kuw no bɔɔ nnwom a ano yɛ den a awudisɛm wom no kyere guu apaawa so mpo. Mihyiaa ababaa fɛfɛɛfɛ bi a wɔfrɛ no Sussan, na me ne no tenae. Akyiri yi Sussan hui sɛ ne maame gye Baasakoro nkyerɛkyerɛ no di, na me de, minnye nni. Enti obisaa me sɛ: “Emu nea ɛwɔ he na ɛyɛ nokware?” Meka kyerɛɛ no sɛ minim sɛ Baasakoro nkyerɛkyerɛ no nyɛ nokware, nanso mantumi amfa Bible ansi so dua. Mmom na minim wɔn a wobetumi de Bible akyerɛkyerɛ mu. Meka kyerɛɛ no sɛ Yehowa Adansefo betumi de Bible akyerɛ no nokware no. Afei meyɛɛ biribi a na magyae yɛ mfe pii—mebɔɔ Onyankopɔn mpae sɛ ɔmmoa me.

Nna kakraa bi akyi no, mihuu ɔbarima mannifo bi, na mibisaa no sɛ ɔyɛ Yehowa Dansefo anaa. Ɛwom sɛ sɛnea na mete no bɔɔ ne hu de, nanso bere a mibisaa no nhyiam a wɔyɛ wɔ Ahenni Asa so ho asɛm no, ofii ayamye mu buae. Mihui paa sɛ ɔbarima a mihyiaa no no yɛ me mpaebɔ no ho mmuae. Mekɔɔ Ahenni Asa so, na metenaa akongua a ɛwɔ akyiri paa no so sɛnea ɛbɛyɛ a obiara renhu me. Nanso wɔn a na wɔwɔ hɔ no mu pii kaee sɛ bere a meyɛ abofra no na meba asafo nhyiam. Wɔmaa me akwaaba na wɔyɛɛ me awaawaa atuu; ɛno ma metee nka sɛ manya asomdwoe ankasa. Ná ɛte sɛ nea masan aba fie no. Bere a mihuu ɔbarima a meyɛ abofra no ɔne me suaa Bible no, meka kyerɛɛ no sɛ ɔne me nsua ade bio.

SƐNEA BIBLE NO SESAA M’ASETENA: Da koro mekenkanee Mmebusɛm 27:11; ɛhɔ ka sɛ: “Me ba, yɛ onyansafo, na ma me koma ntɔ me yam.” M’ani gyei sɛ mihui sɛ onipa a ɔnsɛ hwee koraa no betumi ama amansan yi Bɔfo no ani agye. Mihui sɛ Yehowa ne Agya ankasa a na mahwehwɛ no me nkwa nna nyinaa no!

Ná mepɛ sɛ meyɛ me soro Agya no apɛde, nanso na mayɛ akoa ama nnubɔne ne nsa mfe pii. Mebɛtee Yesu nkyerɛkyerɛ a ɛwɔ Mateo 6:24 no ase; ɛhɔ se “obiara ntumi nsom awuranom baanu.” Bere a merebɔ mmɔden paa sɛ mɛyɛ nsakrae no, asɛm a ɛwɔ 1 Korintofo 15:33 no kaa me koma paa. Ɛka sɛ: “Fekubɔne sɛe ɔbra pa.” Mihui sɛ, sɛ metumi agyae nneɛma bɔne a mereyɛ no a, gye sɛ migyae mmeae a mekɔ daa no na me ne me nnamfonom nso twa mu. Afotu a Bible de ma no mu da hɔ: Ná ɛsɛ sɛ meyɛ nea metumi biara de gyae nneɛma a esiw me kwan no.—Mateo 5:30.

Esiane sɛ m’ani gye nnwom ho yiye nti, ɛyɛɛ den maa me paa sɛ megyae nnwom a ano yɛ den no bɔ. Nanso me nnamfonom a wɔwɔ asafo no mu no boaa me ma mitumi gyaee. Migyaee asabow ne nnubɔnenom. Miyii me ti nhwi twitwaa m’abogyesɛ, na migyaee ntade tuntum nko ara a na mehyɛ no. Bere a meka kyerɛɛ Sussan sɛ mepɛ sɛ miyi me ti nhwi no, ne ho peree no sɛ obehu nea mereyɛ wɔ Ahenni Asa no so. Ɔkae sɛ, “Me ne wo bɛkɔ akɔhwɛ nea ɛkɔ so wɔ Ahenni Asa no so!” N’ani gyee nea ohui wɔ hɔ no ho, na ankyɛ, ofii ase suaa Bible. Awiei koraa no, me ne Sussan waree. Afe 2008 mu no, yɛn nyinaa bɔɔ asu bɛyɛɛ Yehowa Adansefo. Yɛn ani agye paa sɛ yɛabɛka me maame ho na yɛresom Yehowa.

SƐNEA ABOA ME: Magye me ho afi wiase a emu anigye nyɛ papa ne fekubɔne mu. M’ani da so ara gye nnwom ho, nanso miyiyi mu. Mede me suahu boa m’abusuafo ne afoforo, titiriw paa ne mmabun. Mepɛ sɛ meboa wɔn ma wohu sɛ, nneɛma a ɛwɔ wiase no bebree betumi ayɛ sɛ nea ɛyɛ fɛ, nanso wohwɛ mu paa a, ɛyɛ “nwura dodow.”—Filipifo 3:8.

Manya nnamfo a wodi nokware wɔ Kristofo asafo no mu, baabi a ɔdɔ ne asomdwoe ankasa wɔ. Nea ɛsen ne nyinaa no, Yehowa a mabɛn no no ama manya Agya.

[Ase hɔ asɛm]

^ nky. 14 “Animia Ma Yedi Nkonim” yɛ asɛm bi a ɛbaa February 1, 2000, Ɔwɛn-Aban mu wɔ kratafa 4-6.

[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 13]

“Yehowa na atwe me nti na matumi asan aba ne nkyɛn”