Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Apokrifa Nsɛmpa​—Ɛma Yehu Yesu Ho Nokwasɛm a Ahintaw Anaa?

Apokrifa Nsɛmpa​—Ɛma Yehu Yesu Ho Nokwasɛm a Ahintaw Anaa?

Apokrifa Nsɛmpa​—Ɛma Yehu Yesu Ho Nokwasɛm a Ahintaw Anaa?

“EYI de, ɛnyɛ asɛm ketewa! Nnipa pii te a, wɔn ho bedwiriw wɔn.” “Ɛbɛsesa tete Kristosom abakɔsɛm ho adwene a nnipa wɔ no.” Saa nsɛm yi na nhomanimfo de anigye kae bere a wohuu “Yuda Asɛmpa” a nkurɔfo kyerɛ sɛ ɛyerae bɛboro mfe 1,600 no. (Ne mfonini na ɛwɔ atifi ha no.)

Nnipa pii afi ase reka saa apokrifa nsɛmpa no ho asɛm bio. Ebinom kyerɛ sɛ saa nkyerɛwee no ama Yesu asetena mu nsɛm ne ne nkyerɛkyerɛ a ɛho hia a ɛso akata bere tenten no ada adi. Nanso dɛn ne apokrifa nsɛmpa no? Ɛyɛ ampa sɛ ebetumi akyerɛ yɛn Yesu ne Kristosom ho nokwasɛm bi a enni Bible mu anaa?

Apokrifa Nsɛmpa no Nyɛ Nsɛmpa a Wogye Tom

Efi afe 41 kosi 98 Y.B. no, Mateo, Marko, Luka ne Yohane kyerɛw “Yesu Kristo ho abakɔsɛm.” (Mateo 1:1) Ɛtɔ da bi a, edin a wɔde frɛ saa kyerɛwtohɔ no ne Yesu Kristo ho “asɛmpa.”—Marko 1:1.

Ɛwom, ebia Yesu ho atesɛm a wɔkeka kyerɛ ne nea wɔakyerɛw pii wɔ hɔ, nanso Nsɛmpa anan yi nkutoo na wobu no sɛ efi Onyankopɔn hɔ na ɛfata sɛ wobu no sɛ ɛka Kyerɛw Kronkron no ho. Na ɛno na ɛma yenya Yesu asase so asetena ne ne nkyerɛkyerɛ ho “nokware” no. (Luka 1:1-4; Asomafo Nnwuma 1:1, 2; 2 Timoteo 3:16, 17) Tete no, bere biara a wɔbɛhyehyɛ Kristofo Hela Kyerɛwnsɛm mu nhoma ahorow no, na wɔde Nsɛmpa anan yi ka ho. Obiara ntumi nka sɛ ɛnka Onyankopɔn Asɛm Bible no ho.

Nanso bere bi akyi no, nkyerɛwee bi nso fii ase bae a ɛno nso, wɔfrɛɛ no nsɛmpa. Wɔfrɛɛ saa nsɛmpa foforo yi apokrifa. *

Asomafo no akyi mfe pii no, Irenaeus a ofi Lyon no kyerɛwee sɛ na wɔn a wɔawae afi Kristosom ho no wɔ “apokrifa ne atoro nhoma bebree,” na emu bi ne nsɛmpa a “wɔn ankasa yɛe sɛ wɔde bɛdaadaa agyimfo” no. Ɛno nti eduu baabi no, na wobu apokrifa nsɛmpa no sɛ ɛyɛ hu sɛ obi bɛkenkan anaa obenya bi mpo.

Nanso asomafo no akyi mfe pii no, nkokorafo ne akyerɛwfo bɔɔ mmɔden biara sɛ wɔremma saa nhoma no nyera. Bɛyɛ mfe 300 ni no, ɛho asɛm san sɔree denneennen, na wohuu apokrifa nkyerɛwee dedaw ne nea wɔasesa mu pii, na na nsɛmpa pii ka ho. Ɛnnɛ, ebi wɔ hɔ a wɔatintim wɔ kasa ahorow a wɔka no kɛse no bebree mu.

Nsɛm a Wɔka Fa Yesu Ho a Ɛrentumi Nyɛ Nokware

Nnipa a wɔn ho nsɛm nnɔɔso anaa wɔnka wɔn ho asɛm koraa wɔ Nsɛmpa a wogye tom no mu no, wɔn na Apokrifa nsɛmpa no taa ka wɔn ho asɛm. Ebi nso ka nsɛm bi a wɔkyerɛ sɛ esisii bere a na Yesu yɛ abofra no. Yɛnhwɛ ɛho nhwɛso bi.

◼ Nsɛmpa bi a wɔka sɛ Yakobo na ɔkyerɛwee a wɔsan frɛ no “Maria Awo” no ka Maria awo ne ne mmofraase, ne ɔne Yosef aware ho asɛm. Ntease wom sɛ wɔfrɛ no nyamesom mu anansesɛm ne ayɛsɛm. Ɛboa adwene a nkurɔfo wɔ sɛ Maria yɛɛ ɔbaabun ne nkwa nna nyinaa, na wutumi hu sɛ wɔkyerɛw saa nhoma de hyɛɛ Maria anuonyam.—Mateo 1:24, 25; 13:55, 56.

◼ Nsɛmpa bi a wɔka sɛ Toma na ɔkyerɛwee no de, Yesu mmofraberem titiriw na ɛka ho asɛm—bere a onyaa mfe 5 kosi mfe 12 no. Ɛkyerɛ sɛ ɔyɛɛ anwonwade ahorow bi, nanso na ɛrentumi nyɛ nokware. (Hwɛ Yohane 2:11.) Ɛka Yesu ho asɛm sɛ abofra bɔne a seesei ara na ne bo afuw, na na ɔyɛ abofra a sɛ woka no a, ɔremfa wo ho nkyɛ wo; na sɛ n’akyerɛkyerɛfo, n’afipamfo ne mmofra foforo yɛ no bɔne bi a, otumi yɛ anwonwade ma wɔn ani fura, wɔdan mmubuafo, anaa wowu mpo.

◼ Apokrifa nsɛmpa bi te sɛ “Petro Asɛmpa” no ka bere a wodii Yesu asɛm, ne wu ne ne wusɔre ho asɛm. Ebi te sɛ “Pilato Nnwuma,” a ɛka “Nikodemo Asɛmpa” ho no nso ka nnipa a wodii saa dwuma no ho asɛm. Esiane sɛ nsɛm a ɛwɔ saa nhoma no mu nyɛ nokware na nnipa a ɛka wɔn ho asɛm no nso nyɛ nnipa a wɔatena ase da nti, yɛrentumi nnye nhoma no ntom sɛ ɛyɛ nokware. “Petro Asɛmpa” no pɛ sɛ ɛkyerɛ sɛ Pontio Pilato anni mfomso, na ɛka Yesu wusɔre no ho asɛm sɛ, ɛte sɛ anansesɛm.

Apokrifa Nsɛmpa ne Ɔwae a Efi Kristosom Mu

December 1945 mu no, nnipa bi a wɔte akuraa bi ase kopuee nsaano nkyerɛwee 13 so wɔ Nag Hammadi nkyɛn baabi wɔ Egypt atifi fam, na na nhoma 52 na ɛwom. Nhoma yi a wɔyɛe bɛboro mfe 200 wɔ asomafo no akyi no, wɔkyerɛ sɛ nyamesom ne nyansapɛfo kuw bi a wɔfrɛ wɔn Animadefo na wɔyɛe. Kuw no de asumansɛm, abosonsom, Helafo nyansapɛ, Yudasom ne Kristosom frafrae, na wɔn nkyerɛkyerɛ no sɛee Kristofo bi adwene.—1 Timoteo 6:20, 21.

“Toma Asɛmpa,” “Filipo Asɛmpa” ne “Nokware Asɛmpa” a ɛwɔ “Nag Hammadi Nhomakorabea” no ka Animadefo no nkyerɛkyerɛ ho asɛm sɛnea efi Yesu hɔ. “Yuda Asɛmpa” a wɔahu no nnansa yi ara no nso ka Animadefo nsɛmpa no ho. Ɛka Yuda ho asɛmpa sɛ ɔno nkutoo ne ɔsomafo a na onim Yesu yiye. Obi a ɔwɔ saa asɛmpa yi ho nimdeɛ pii ka Yesu ho asɛm sɛ ɔyɛ “ɔkyerɛkyerɛfo ne obi a ɔda nyansa ne nimdeɛ adi, na ɔnyɛ agyenkwa a owu maa wiase bɔne.” Nsɛmpa a efi Nyankopɔn nkyɛn no kyerɛ sɛ Yesu wu gyee wiase nyinaa fii bɔne mu. (Mateo 20:28; 26:28; 1 Yohane 2:1, 2) Enti yehu pefee sɛ adwene a na ɛwɔ Animadefo no nkyerɛkyerɛ no akyi ne sɛ wɔde bɛsɛe gyidi a nkurɔfo wɔ wɔ Bible mu no, na ɛnyɛ sɛ wɔde bɛhyɛ mu den.—Asomafo Nnwuma 20:30.

Nsɛmpa a Wogye Tom no Di Mu Koraa

Sɛ wotɔ wo bo ase hwɛ apokrifa nsɛmpa no yiye paa a, wubehu sɛ ɛyɛ atoro nko ara. Sɛ wode Nsɛmpa a wogye tom no toto apokrifa nsɛmpa no ho a, wuhu sɛ emfi Onyankopɔn koraa. (2 Timoteo 1:13) Nnipa a wonnim Yesu ne n’asomafo no na wɔkyerɛw apokrifa nsɛmpa no, na Yesu ne Kristosom ho nokwasɛm a ahintaw biara nnim. Mmom no, ɛyɛ bɔsrɛmka ne anansesɛm a ɛnyɛ nokware, na ɛmmoa yɛn ɔkwan biara so mma yenhu Yesu ne ne nkyerɛkyerɛ ho hwee.—1 Timoteo 4:1, 2.

Mateo ne Yohane de, na wɔka asomafo 12 no ho; Marko ne Luka nso, wɔne ɔsomafo Petro ne Paulo bɔe. Onyankopɔn honhom na ɛmaa wɔkyerɛw wɔn Nsɛmpa no. (2 Timoteo 3:14-17) Ɛno nti, biribiara a ehia na yɛagye adi sɛ “Yesu ne Kristo, Onyankopɔn Ba no,” ne nyinaa wɔ Nsɛmpa anan no mu.—Yohane 20:31.

[Ase hɔ asɛm]

^ nky. 7 Asɛm “apokrifa” no fi Hela asɛmfua bi a ɛkyerɛ “fa sie” mu. Mfiase no, na wɔde saa asɛmfua no gyina hɔ ma nkyerɛwee bi a ɛwɔ hɔ ma nnipakuw pɔtee bi na wɔde asie wɔn a wɔnka ho no. Nanso, akyiri yi wɔde gyinaa hɔ maa nhoma bi a nkurɔfo nnye ntom sɛ ɛka Bible ho.

[Mfonini Fibea wɔ kratafa 18]

Kenneth Garrett/National Geographic Stock