Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Suasua Wɔn Gyidi

Ɔbɔɔ N’abusua Ho Ban, Ɔhwɛɛ Wɔn, Wampa Abaw

Ɔbɔɔ N’abusua Ho Ban, Ɔhwɛɛ Wɔn, Wampa Abaw

YOSEF hyehyɛɛ nneɛma no guu afurum no so. Afei, ɔde ne nsa fofaa aboa no ho de kyerɛe sɛ bere asõ. Fa w’adwene bu sɛ Yosef gyina sum mu retoto n’ani hwɛ Betlehem kurow no. Ampa ara na n’adwene bɛkɔ akwantu tenten a ɛda n’anim no so. Wɔrekɔ Egypt nohoa! Wɔrekohyia nnipa foforo koraa a ɛsono wɔn kasa ne wɔn amammerɛ. Ɛbɛyɛ dɛn na abusua ketewa yi atumi ne nnipa a ɛsono wɔn biribiara no atena?

Ná Yosef aso dae ama Onyankopɔn nam ne bɔfo so aka asɛm bi akyerɛ no, na ɛyɛɛ no ahometew. Ná ɛyɛ den sɛ Yosef bɛka asɛm no akyerɛ ne yere Maria, nanso omiaa n’ani ka kyerɛɛ no. Ɔkaa ɔbɔfo no asɛm no kyerɛɛ Maria sɛ Ɔhene Herode pɛ sɛ okum wɔn babarima no, enti ɛsɛ sɛ wofi kurow no mu ntɛm. (Mateo 2:13, 14) Asɛm no haw Maria paa. Dɛn nti na obi pɛ sɛ okum ne ba ketewa a onnim hwee no? Ná Maria ne Yosef nyinaa nte asɛm no ase. Nanso wɔde wɔn ho too Yehowa so yɛɛ ahoboa.

Bere a Betlehemfo adeda a wonnim nea ɛrekɔ so no, Yosef ne Maria de wɔn ba Yesu fii kurow no mu anadwo a obiara anhu wɔn. Wɔde wɔn ani kyerɛɛ anafo fam, na bere a anim retetew no, ebetumi aba sɛ Yosef dwinnwen nea ɛda n’anim no ho. Ɛbɛyɛ dɛn na duadwumfo hiani atumi abɔ n’abusua ho ban afi atumfoɔ no nsam? Obetumi ahwɛ n’abusua no daa? So obetumi amia n’ani ayɛ adwuma kɛse a Yehowa Nyankopɔn de ahyɛ ne nsa sɛ ɔnhwɛ na ɔntete abofra soronko yi a ɔmpa abaw? Ná asɛm da Yosef so. Sɛ yɛhwɛ sɛnea Yosef dii nneɛma ho dwuma a, yebehu nea enti a ɛsɛ sɛ yɛn nyinaa suasua Yosef gyidi no, titiriw agyanom.

Yosef Bɔɔ N’abusua Ho Ban

Asram kakra ansa na nsɛm yi resisi no, na Yosef wɔ ne kurom Nasaret, na ɛhɔ na na ɔne Heli babea no ahyehyɛ ato hɔ sɛ wɔbɛware; ɛno akyi no n’asetena sesae koraa. Ná Yosef nim Maria sɛ ɔbea nokwafo a ne ho nni asɛm. Nanso afei de ɔtee sɛ Maria anyinsɛn, enti ɔyɛɛ n’adwene sɛ obegyaa no kokoam sɛnea ɛbɛyɛ a Maria anim rengu ase. * Nso ɔbɔfo bi kasa kyerɛɛ no wɔ dae mu kyerɛkyerɛɛ mu sɛ Yehowa honhom kronkron na ama Maria anyinsɛn. Ɔbɔfo no ka kaa ho sɛ ɔbabarima a ɔbɛwo no no, “obegye ne manfo afi wɔn bɔne mu.” Ɔsan maa Yosef awerɛhyem sɛ: “Nsuro sɛ wobɛfa wo yere Maria akɔ fie.”—Mateo 1:18-21.

Ná Yosef yɛ treneeni a ɔyɛ osetie, enti ɔyɛɛ nea ɔbɔfo no kae no. Ogyee adwuma kɛse no too ne ho so. Ná ɔrebɛtete abofra a ɛnyɛ n’ankasa ba, nanso na abofra no som bo ma Onyankopɔn paa. Akyiri yi, ɔhempɔn bi hyɛɛ mmara, na Yosef tiei, enti ɔde ne yere a ɔyem no kɔɔ Betlehem kɔkyerɛw wɔn din. Ɛhɔ na wɔkɔwoo abofra no. *

Yosef ansan amfa n’abusua ankɔ Nasaret. Mmom no, wɔkɔɔ so tenaa Betlehem a ɛbɛn Yerusalem no. Ná wonni bi de, nanso Yosef yɛɛ nea obetumi biara de bɔɔ Maria ne Yesu ho ban sɛnea ɛbɛyɛ a biribiara renhia wɔn na bɔne bi renka wɔn. Ankyɛ na wɔpɛɛ awiɛmfoɔ fie bi mu tenae. Afei bere a na Yesu nyɛ akokoaa bio, na mmom ɔyɛ abofra kumaa a ebia wadi boro afe biako no, nsakrae foforo baa wɔn asetenam.

Nsoromma mu ahwɛfo bi fi Apuei fam bae, na ebetumi aba sɛ wofi Babilon nohoa na ɛbae. Nsoromma bi na ɛde wɔn baa Yosef ne Maria fie sɛ wɔrebɛhwehwɛ abofra a ɔbɛyɛ Yudafo hene no. Ná mmarima no bu ade paa.

Sɛ nsoromma mu ahwɛfo no nim oo, sɛ wonnim oo, wɔde abofra Yesu too asiane kɛse mu. Nsoromma a wohui no amfa wɔn ankɔ Betlehem tee na mmom edii kan de wɔn kɔɔ Yerusalem. Wɔka kyerɛɛ otirimɔdenfo Ɔhene Herode sɛ wɔrehwehwɛ abofra a ɔno na ɔbɛyɛ Yudafo hene no. Ɛmaa ɔhene no ani beree paa.—Hwɛ “Nsɛm a Akenkanfo Bisa . . . Hena na Ɔsomaa ‘Nsoromma’ No?” a ɛwɔ kratafa 29 no.

Nanso, nea ɛyɛ anigye ne sɛ na tumi bi a ɛso sen Herode de no reyɛ adwuma. Ɔkwan bɛn so? Nea ɛte ne sɛ, ahɔho no bae no, wɔde akyɛde pii brɛɛ wɔn nanso wɔannye hwee amfi Yosef ne Maria hɔ. Hwɛ sɛnea na Yosef ne Maria ho bedwiriw wɔn sɛ wɔn nsa aka “sika ne ɛhyɛ ne kurobow”—nneɛma a ne bo yɛ den! Ná nsoromma mu ahwɛfo no ayɛ wɔn adwene sɛ wɔbɛkyerɛ Ɔhene Herode baabi a wohuu abofra no. Nanso Yehowa siw wɔn kwan. Ɔka kyerɛɛ nsoromma mu ahwɛfo no wɔ dae mu sɛ wɔnkɔfa kwan foforo so nkɔ wɔn kurom.—Mateo 2:1-12.

Nsoromma mu ahwɛfo no kɔe ara pɛ na Yehowa bɔfo bɛbɔɔ Yosef kɔkɔ sɛ: “Sɔre, fa abofra kumaa no ne ne maame guan kɔ Egypt, na tena hɔ kosi sɛ me ne wo bɛkasa; Herode rebɛhwehwɛ abofra kumaa no akum no.” (Mateo 2:13) Enti sɛnea yɛaka ho asɛm dedaw no, Yosef yɛɛ nea ɔbɔfo no kae no ntɛm ara. Ɔmaa ne ba no ho hiaa no sen biribiara, na ɔde n’abusua no kɔɔ Egypt. Esiane sɛ nsoromma mu ahwɛfo abosonsomfo no maa wɔn akyɛde a ne bo yɛ den nti, afei de na wɔanya ahode a wobetumi de atu wɔn kwan no.

Apokrifa mu atosɛm ne anansesɛm bi agugu Egypt akwantu yi mu; ɛka sɛ abofra Yesu yɛɛ anwonwade maa kwan no yɛɛ tiawa, na afei nso akwanmukafo antumi anyɛ wɔn hwee, na ɔmaa nkeresia mpo baa fam maa ne maame tetew ɛso aba. * Nokware a ɛwom paa ne sɛ, na ɔkwan no ware na na ɛyɛ akwantu a ɛyɛ den a wonnim nea ɛda hɔ retwɛn wɔn.

Awofo betumi asua nneɛma pii afi Yosef hɔ. Ɔde n’adwuma too nkyɛn yɛɛ nea obetumi biara de bɔɔ n’abusua ho ban fii asiane ho, na wannwen nea ɛbɛma ne ho atɔ no ho. Ɛda adi sɛ obuu n’abusua sɛ ade kɛse bi a Yehowa de ahyɛ ne nsa. Wiase a ɛwɔ hɔ nnɛ yi mu yɛ hu, na nneɛma a ebetumi adi mmofra awu, ebetumi asɛe wɔn adwene anaa ebetumi asɛe wɔn asetena ayɛ mu ma. Wiase yi mu na awofo retete wɔn mma. Hwɛ sɛnea yɛn ani sɔ awofo a wɔyɛ wɔn ade ntɛm te sɛ Yosef na wɔyɛ adwuma den de bɔ wɔn mma ho ban fi saa nneɛma yi ho no!

Yosef Hwɛɛ N’abusua

Wutumi hu sɛ abusua no ankyɛ wɔ Egypt efisɛ ankyɛ na ɔbɔfo no ka kyerɛɛ Yosef sɛ Herode awu. Yosef san ne n’abusua tu kɔɔ wɔn kurom. Ná tete nkɔmhyɛ bi aka sɛ Yehowa bɛfrɛ ne ba ‘afi Egypt.’ (Mateo 2:15) Yosef sii gyinae a ɛbɛma saa asɛm no aba mu, nanso ɛhe na afei de na ɔde n’abusua bɛkɔ?

Yosef maa n’ani daa hɔ. Ɔhwɛɛ ne ho yiye paa wɔ Arkelao a obedii Herode ade no ho, efisɛ na ɔyɛ otirimɔdenfo ne owudifo te sɛ Herode. Onyankopɔn de akwankyerɛ maa Yosef ma oyii n’abusua no fii Yerusalem ne ɛhɔ nsɛmnsɛm no mu de wɔn ani kyerɛɛ atifi fam kɔɔ ne kurom Nasaret a ɛwɔ Galilea no. Ɛhɔ na ɔne Maria tena tetee wɔn mma.—Mateo 2:19-23.

Wɔyɛɛ wɔn ho awiɛmfoɔ, nanso na asetena mu yɛ den ma wɔn. Bible frɛɛ Yosef sɛ duadwumfo. Wɔde asɛmfua a ɛkyerɛ obi a ɔfa akwan horow pii so de dua yɛ adwuma na edii dwuma. Asɛmfua no kyerɛ obi a obu nnua na ɔtwe de ba fie, ɔyɛ ho adwuma de si dan, de bi yɛ ahyɛmma, atwene, nteaseɛnam, ntwahonan, kɔndua ne nnwinnade ahorow a wɔde yɛ adwuma wɔ afum. (Mateo 13:55) Ná ɛyɛ adwumaden paa. Yosef bere so no, na dua adwumfo taa yɛ adwuma wɔ wɔn fie aboboano anaa baabi a ɛbɛn fie hɔ.

Yosef de nnwinnade pii yɛɛ adwuma, na ebi wɔ hɔ a ɛbɛyɛ sɛ ne papa na ɔde gyaw no. Nnwinnade a ebia ɔde yɛɛ adwuma no bi ne nea wɔde hwɛ sɛ biribi ateɛ, prumo, susuhama, akuma, sradaa, asae, abɔsobaa, ɔbɔe, ade a wɔde tu nneɛma mu ntokuru, amane, ne ebia nnadewa a na ne bo yɛ den.

Fa w’adwene bu sɛ abarimaa Yesu rehwɛ ne papa Yosef a ɔreyɛ adwuma. N’ani si Yosef so rehwɛ nea ɔreyɛ biara. Abofra no hwɛ ne papa mmati akɛse ne n’abasa ho ntini, ne sɛnea ɔde ne nsa yɛ adwuma ahokokwaw mu na n’ani gyen no a, ɛma n’ani gye. Ebia Yosef fii ase kyerɛɛ ne ba kumaa no nneɛma nketenkete bi te sɛ sɛnea wɔde apataa a awo twiw dua ho ma ɛho yɛ toromtorom. Ebetumi aba sɛ ɔkyerɛɛ Yesu nnua a ɔde yɛɛ adwuma no mu nsonsonoe. Ɛho nhwɛso ne sikamɔɔ, borɔdɔma, odum, anaa ngodua.

Afei nso Yesu hui sɛ nsa a ahoɔden wom a ebuu nnua paapae de bobɔɔ ntaboo mu yi, ɛno ara na egyigyee no na ɛkyekyee ɔno ne ne maame ne ne nuanom werɛ. Ampa, na Yosef ne Maria wɔ abusua kɛse; anyɛ yiye koraa no, na wɔwɔ mma baasia ka Yesu ho. (Mateo 13:55, 56) Ná ehia sɛ Yosef yere ne ho yɛ adwuma de hwɛ wɔn nyinaa.

Nanso, na Yosef nim sɛ n’abusua honhom fam ahiade a ɔde bɛma wɔn no ho hia sen biribiara. Enti ogyee bere kyerɛkyerɛɛ ne mma no Yehowa Nyankopɔn ho ade ne Ne mmara. Ná ɔne Maria taa de wɔn mma no kɔ hyiadan mu, na ɛhɔ na wɔkenkan Mmara no kyerɛkyerɛ mu kyerɛ wɔn. Ebetumi aba sɛ wofi hɔ a Yesu bisabisa nsɛm pii, na ɛbɛyɛ sɛ Yosef bɔɔ ne ho mmɔden kyerɛkyerɛɛ nneɛma mu maa abofra a ɔrepɛ biribi ahu no tee ase. Bio nso na Yosef de n’abusua no kɔ Yerusalem afahyɛ ahorow no. Sɛ Yosef ne abusua no rekɔ afe afe Twam afahyɛ no a, na ebegye nnawɔtwe abien na wɔatwa kwan a ne tenten bɛyɛ kilomita 112 (akwansin 70) no akɔ aba.

Ɛnnɛ mmusua ti a wɔyɛ Kristofo suasua saa nhwɛso no. Wonya wɔn mma ho adagyew, na wodwen nkɔso a wobenya wɔ Onyankopɔn som mu ho sen asetena pa a wobenya ne biribi foforo biara. Wɔyɛ nea wobetumi biara de wɔn mma kɔ Kristofo nhyiam nketewa ne akɛse nyinaa. Wɔwɔ adwene a Yosef nyae no bi, enti wohu sɛ adepa biara nni hɔ a wobetumi de agya wɔn mma a ɛkyɛn ɛno.

“Ahoyeraw”

Bere a Yesu dii mfe 12 no, Yosef de abusua no kɔɔ Yerusalem sɛnea na ɔtaa yɛ no. Ná ɛyɛ Twam afahyɛ bere, na saa bere no mmusua akɛse bom yuu tu kwan fa mmeae a afifide ayɛ frɔmfrɔm. Bere a wɔnam kwayow so rebɛn Yerusalem a ɛwɔ bepɔw so no, na wɔn mu pii taa to ɔsoro-foro nnwom. (Dwom 120–134) Ná nnipa mpempem pii begu kurow no mu. Ɛno akyi no, mmusua no san bom yuu de wɔn ani kyerɛ wɔn kurow mu. Ebetumi aba sɛ na Yosef ne Maria wɔ nneɛma pii yɛ, enti wɔresan akɔ no, wɔfaa no sɛ Yesu ka wɔn abusuafo no bi ho. Bere a wofii Yerusalem no, wotwaa dakoro kwan ansa na wɔrehu sɛ ahometesɛm bi asi—Yesu ayera!—Luka 2:41-44.

Wɔde ahopere san wɔn akyi hwehwɛɛ no ara koduu Yerusalem. Hwɛ sɛnea kurow no mu bɛyɛ bɔɔ bere a wɔnam mmɔnten so rehwehwɛ wɔn ba no na wɔbɔ ne din frɛ no no. Ɛhe koraa na ɔwɔ? Bere a wɔde nnansa hwehwɛɛ Yesu no, ebetumi aba sɛ Yosef adwene yɛɛ no sɛ wantumi anyɛ adwuma kronkron a Yehowa de ahyɛ ne nsa no anaa? Awiei koraa no, wɔkɔɔ asɔrefie hɔ. Ɛhɔ nso wɔhwehwɛɛ no ara kɔpem sɛ wokoduu dan bi mu a mmarima animdefo a wonim Mmara no yiye paa atwa ahyia. Wɔbɛhwɛ a abofra Yesu na ɔte wɔn ntam yi! Afei hwɛ sɛnea Yosef ne Maria ho bɛtɔ wɔn!—Luka 2:45, 46.

Ná Yesu retie animdefo no rebisabisa wɔn nsɛm. Abofra no ntease ne ne mmuae no maa mmarima no ho dwiriw wɔn. Maria ne Yosef nso, ɛyɛɛ wɔn nwonwa. Kyerɛwtohɔ no nka sɛ Yosef kasae. Nanso nsɛm a Maria kae no, na ɛfa wɔn baanu nyinaa ho paa. Ɔkae sɛ: “Me ba, dɛn nti na woyɛɛ yɛn saa? Hwɛ, me ne wo papa de ahoyeraw ahwehwɛ wo.”—Luka 2:47, 48.

Enti nsɛm kakra yi a ɛwɔ Onyankopɔn Asɛm mu no ma yehu sɛ mmofra ntetee nna fam. Sɛ abofra no yɛ pɛ mpo a etumi ma adwennwen bɛtɔ wo so! Mmofra ntetee wɔ ɛnnɛ wiase a emu yɛ hu yi mu betumi de “ahoyeraw” aba, nanso awofo betumi anya awerɛkyekye sɛ Bible mpo gye tom sɛ ne yɛ nna fam.

Anigyesɛm ne sɛ na Yesu wɔ asɔrefie hɔ, na wiase nyinaa no, ɛhɔ ne baabi biako pɛ a na obetumi ate nka sɛ wabɛn ne soro Agya Yehowa, na na n’ani gye biribiara a ɔresua wɔ hɔ no ho. Enti mmuae a ofi koma mu de maa n’awofo ne sɛ: “Dɛn nti na ɛsɛ sɛ mukyin hwehwɛ me? So munnim sɛ etwa sɛ metena m’Agya fie?”—Luka 2:49.

Ɛnyɛ dɛn ara a, Yosef bedwinnwen nsɛm yi ho. Ɛbɛyɛ sɛ nsɛm no maa n’ani gyei wɔ ne koma mu, efisɛ ɔno na ɔyeree ne ho kyerɛkyerɛɛ n’abanoma no ma ɔtee nka saa wɔ Yehowa Nyankopɔn ho. Bere a Yesu nyin duu saa no, na onim sɛnea “agya” dɔ ne mma, efisɛ ohuu bi wɔ Yosef ho.

Sɛ woyɛ agya a, wuhu sɛ wowɔ asɛde kɛse sɛ woboa wo mma ma wɔte ase sɛ woyɛ agya a wowɔ ɔdɔ na wobɔ wɔn ho ban anaa? Sɛ wowɔ mmanoma anaa mmofra bi a wo ne wɔn te a, kae Yosef nhwɛso no, na bu wɔn mu biara sɛ ɔyɛ soronko na ɔsom bo nso. Boa wɔn ma wɔmmɛn wɔn soro Agya Yehowa Nyankopɔn.

Yosef Dii Nokware na Wampa Abaw

Yosef ho nsɛm foforo a Bible ka no nnɔɔso koraa, nanso mfaso wɔ so sɛ yebesusuw ho. Yɛkenkan wɔ Bible mu sɛ, Yesu kɔɔ so “brɛɛ ne ho ase hyɛɛ wɔn [n’awofo] ase.” Ade foforo nso a ɛwom ne sɛ “Yesu kɔɔ so nyinii nyaa nyansa, na onyaa Onyankopɔn ne nnipa anim dom.” (Luka 2:51, 52) Dɛn na saa nsɛm no kyerɛ wɔ Yosef ho? Ɛkyerɛ pii. Ɛma yehu sɛ Yosef kɔɔ so dii ne fie so yiye, efisɛ na ne ba a ɔyɛ pɛ no bu no, na ɔkɔɔ so brɛɛ ne ho ase maa no.

Yehu nso sɛ Yesu kɔɔ so nyin nyaa nyansa. Nea ɛbɛyɛ biara, na Yosef bɛyɛ adwumaden na ama ne ba no anya nkɔso a ɛte saa. Yosef bere so no, na Yudafo no wɔ bɛ bi a wɔakura mu akyɛ. Ɛbɛ no kyerɛ sɛ nnipa a wobetumi anya nyansa ne mmarima a wonya adagyew gye wɔn ani, nanso nsaano adwumayɛfo bi te sɛ dua adwumfo, akuafo ne atomfo de, “wɔrentumi nkyerɛkyerɛ atɛntrenee ne atemmu mu, na baabi a wɔka mpanyinsɛm nso wɔrentumi mma hɔ.” Akyiri yi, Yesu kyerɛe sɛ saa bɛ no nyɛ nokware. Bere a ɔyɛ abarimaa no, hwɛ mpɛn dodow ara a na ɔbɛte sɛ ne papa a ɔyɛ duadwumfo hianiwa no rekyerɛkyerɛ Yehowa “atemmu ne atɛntrenee” mu kama! Ebi koraa a ɔyɛɛ saa mpɛn pii.

Yebetumi nso aka sɛ Yosef boaa Yesu maa onyin yiye. Ná Yesu yɛ abofra a wɔhwɛɛ no yiye ma ɔbɛyɛɛ ɔpanyin kama a ɔwɔ ahoɔden. Bio nso, Yosef tetee ne ba no ma ohuu duadwumfo adwuma no yiye. Ɛnyɛ duadwumfo ba nkutoo na na wɔde frɛ Yesu na mmom na wɔsan frɛ no “duadwumfo.” (Marko 6:3) Enti Yosef tetee ne ba no yiye. Mmusua ti bɔ mmɔden suasua Yosef de nea wɔn mma hia nyinaa ma wɔn na ama wɔatumi ahwɛ wɔn ho daakye.

Sɛ wokenkan Bible no a, efi bere a Yesu dii mfe 30 a wɔbɔɔ no asu no, wɔanka Yosef ho asɛm biara wom. Adanse a ɛwɔ hɔ kyerɛ sɛ ɛbɛyɛ sɛ bere a Yesu fii ne som adwuma no ase no, na Maria ayɛ okunafo. (Hwɛ adaka a wɔato din “Bere Bɛn na Yosef Wui?” a ɛwɔ kratafa 27 no.) Nanso na Yosef agyaw nhwɛso pa sɛ agya a ɔbɔɔ n’abusua ho ban, ɔhwɛɛ wɔn, na odii nokware kosii owu mu a wampa abaw. Ɛsɛ sɛ agyanom, mmusua ti, ne Kristofo a aka nyinaa suasua Yosef gyidi no.

[Ase hɔ nsɛm]

^ nky. 7 Saa bere no, sɛ ɔbea ne ɔbarima hyehyɛ to hɔ sɛ wɔbɛware a, na wobu no sɛ wɔaware ara ne sa.

^ nky. 8 Hwɛ asɛmti a wɔato din “Suasua Wɔn Gyidi—‘Ɔdwennwenee Ho Ne Koma Mu’” a ɛwɔ October 1, 2008 Ɔwɛn-Aban no mu.

^ nky. 14 Bible da no adi pefee sɛ Yesu bɔɔ asu ansa na ɔreyɛ n’anwonwade a edi kan. (Yohane 2:1-11) Sɛ wopɛ apokrifa nsɛmpa no ho nsɛm pii a, hwɛ asɛm a wɔato din “Apokrifa Nsɛmpa—Ɛma Yehu Yesu Ho Nokwasɛm a Ahintaw Anaa?” Ɛwɔ kratafa 18.

[Kratafa 27 adaka]

Bere Bɛn na Yosef Wui?

Yenim sɛ bere a Yesu dii mfe 12 no, na Yosef te ase. Yuda man mu no, sɛ obi di mfe 12 a, na ofi ase sua ne papa adwuma a ɔyɛ no bi, na obedi mfe 15 no, na wahu adwuma no ani so. Ɛbɛyɛ sɛ Yosef tenaa ase kyerɛɛ Yesu adwuma ma ɔbɛyɛɛ duadwumfo ansa na ɔno Yosef rewu. Bere a Yesu dii bɛyɛ mfe 30 a ofii asɛmpaka adwuma no ase no, na Yosef te ase anaa? Ebetumi aba sɛ na wawu. Wɔbobɔɔ Yesu maame ne ne nuanom mmarima ne mmea nyinaa din sɛ na wɔte ase saa bere no nanso Yosef de, wɔammɔ ne din. Bere bi mpo wɔfrɛɛ Yesu sɛ “Maria ba,” na wɔanka sɛ Yosef ba. (Marko 6:3) Bio nso wɔka Maria ho asɛm sɛ afei de, ɔno nko ara na ɔyɛ ne biribiara a ɔne ne kunu nsusuw asɛm ho. (Yohane 2:1-5) Saa bere no, na ɔbea warefo ntumi nyɛ saa, gye sɛ ne kunu awu. Nea etwa to ne sɛ, bere a Yesu rewu no, ɔde ne maame hyɛɛ ɔsomafo Yohane nsa sɛ ɔnhwɛ no. (Yohane 19:26, 27) Sɛ Yosef da so te ase a, anka ɛho renhia sɛ Yesu yɛ saa. Ɛno nti, yetumi hu sɛ ɛbɛyɛ sɛ Yosef wui no, na Yesu da so ara yɛ abarimaa. Esiane sɛ na Yesu yɛ ɔba panyin nti, yebetumi aka sɛ osoo duadwumfo adwuma no mu, na ɔhwɛɛ ne maame ne ne nuanom kosii sɛ ɔbɔɔ asu.

[Kratafa 24 mfonini]

Yosef yɛɛ ntɛm na ɔde nneɛma bɔɔ afɔre de bɔɔ ne ba no ho ban

[Kratafa 25 mfonini]

Yosef yeree ne ho yɛɛ adwuma hwɛɛ n’abusua

[Kratafa 26 mfonini]

Ná Yosef taa de n’abusua kɔ ma wɔkɔsom wɔ Yerusalem asɔrefie hɔ

[Kratafa 28 mfonini]

Yosef tetee ne ba no ma ɔbɛyɛɛ duadwumfo