Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Nsɛm A Akenkanfo Bisa . . .

Hena na Ɔsomaa “Nsoromma” No?

Hena na Ɔsomaa “Nsoromma” No?

▪ Woahu Yesu awo ho mfonini anaa ɛho sini pɛn? Wɔtaa yɛ no sɛ ahemfo anaa anyansafo baasa bi kɔsraa Yesu bere a wɔwoo no foforo a ɔda mmoa adididaka mu no. Ebinom ka sɛ Onyankopɔn maa nsoromma bi dii ahemfo no anim kɔɔ mmoa dan a ɛwɔ Betlehem no mu. Wɔkyerɛ sɛ ahemfo baasa no din de Melchior, Caspar, ne Baltazar, na mmofra pii akyere wɔn din mpo agu wɔn tirim. Nanso saa asɛm yi a nnipa bebree gye di yi, ɛne nea ɛwɔ Bible mu no hyia anaa? Dabi. Nneɛma pii wɔ asɛm no mu a ɛne Bible nhyia.

Nea edi kan, henanom ne saa mmarima no? Wohwɛ Hela kasa a wɔde kyerɛw saa asɛm no wɔ Bible mu no a, ɛnka wɔn ho asɛm sɛ ahemfo anaa anyansafo. Ɛkyerɛ sɛ na wɔyɛ asumanfo anaa nsoromma mu ahwɛfo, enti ɛbɛyɛ sɛ na wɔyɛ abosonsomfo a wɔhwɛ nsoromma mu hyɛ abosonkɔm. Bible mmɔ wɔn din, na ɛnkyerɛ wɔn dodow nso.

Nea ɛto so abien, bere bɛn na mmarima no kɔsraa Yesu? Ɛnyɛ bere a wɔwoo no foforo a ɔda mmoa adididaka mu no. Yɛyɛ dɛn hu saa? Asɛmpa kyerɛwfo Mateo no ka sɛ: “Bere a wɔkɔɔ fie no mu no, wohuu abofra kumaa no ne ne maame Maria.” (Mateo 2:11) Hyɛ no nsow sɛ na Yesu nyɛ akokoaa a wɔawo no foforo, na mmom “abofra kumaa.” Saa bere no, na Maria ne Yosef nte mmoa dan mu; ná wɔte fie.

Nea ɛto so abiɛsa, hena na ɔsomaa “nsoromma” no dii nsoromma mu ahwɛfo no anim? Nyamesomfo mpanyimfo pii kyerɛ sɛ Onyankopɔn na ɔsomaa “nsoromma” no. Ɛyɛ ampa? Kae sɛ “nsoromma” no anni kan amfa nsoromma mu ahwɛfo no ankɔ Betlehem. Mmom no, ɛde wɔn kɔɔ Ɔhene Herode nkyɛn wɔ Yerusalem. Wɔmaa saa owudifo hoɔyawfo no hui sɛ Yesu wɔ hɔ, na wɔkaa biribi mpo kyerɛɛ no a ɛbɛma wɔatan abofra a ɔbɛyɛ “Yudafo hene” no. (Mateo 2:2) Herode daadaa wɔn sɛ, sɛ wokohu baabi a abofra no wɔ a, wɔmmɛka nkyerɛ no na ɔno nso nkɔhyɛ no anuonyam. Afei “nsoromma” no dii wɔn anim de wɔn kɔɔ Yosef ne Maria nkyɛn. Enti sɛ Onyankopɔn amfa ne ho annye mu a, anka nsoromma mu ahwɛfo no bɛma wɔakum abofra kumaa no. Anigyesɛm ne sɛ, Onyankopɔn de ne ho gyee mu. Bere a Herode hui sɛ nsoromma mu ahwɛfo no ansan amma ne nkyɛn no, ne bo fuwii ara ma ɔhyɛɛ mmara sɛ wonkunkum mmarimaa a wɔawo wɔn foforo kosi wɔn a wɔadi mfe abien nyinaa wɔ Betlehem ne ne mpɔtam.—Mateo 2:16.

Akyiri yi Yehowa frɛɛ Yesu sɛ “me Ba, nea medɔ no na magye no atom.” (Mateo 3:17) Wo de, susuw asɛm yi ho: Wohwɛ sɛnea Agya no yɛ ɔdɔ na ɔteɛ no a, wugye di sɛ nsoromma mu ahwɛfo a wodi asumansɛm a ne Mmara mma ho kwan no, wɔn na ɔbɛsoma wɔn? (Deuteronomium 18:10) Wohwɛ a, ɔde nsoromma bɛkyerɛ wɔn kwan akɔ owudifo Herode a ne ho yɛ hu paa wɔ kurom hɔ no nkyɛn akɔka asɛm a ɛbɛhyɛ no abufuw? Anka Onyankopɔn bɛma saa nsoromma ne nsoromma mu ahwɛfo no akyerɛ baabi a ne ba a onnim hwee no wɔ?

Yɛbɛyɛ mfatoho a, yɛmfa no sɛ ɔsraani panyin asoma ne sraani a onim ko paa sɛ onkodi dwuma bi a ɛyɛ hu wɔ atamfo asase so. Anka ɔbɛkyerɛ atamfo no baabi a ne sraani no wɔ? Ɔrenyɛ saa da! Saa ara na Yehowa nso somaa ne Ba no baa wiase a emu yɛ hu yi mu. Anka ɔbɛkyerɛ onipabɔnefo Ɔhene Herode baabi a Ne Ba a ontumi nyɛ ne ho hwee no da? Dabida!

Ɛnde hena na ɔsomaa “nsoromma” anaa biribi a ɛte sɛ nsoromma no? Sɛ abofra Yesu wui a wannyin ammɛyɛ adwuma a wɔsomaa no baa asase so sɛ ɔmmɛyɛ no a, anka hena na ɛbɛyɛ no dɛ paa? Hena na ɔde asi n’ani so sɛ ɔbɛdaadaa nkurɔfo ama wɔadi atoro, adi nsɛmmɔne, na wɔakunkum nnipa? Yesu ankasa kae sɛ Satan Ɔbonsam yɛ “ɔtorofo ne atoro agya,” na “ɔno na ɔyɛ owudifo fi mfiase.”—Yohane 8:44.