Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Nnipa Beyi Wɔn Ho Ama—Awiei No Ho Sɛnkyerɛnne!

Nnipa Beyi Wɔn Ho Ama—Awiei No Ho Sɛnkyerɛnne!

Nnipa Beyi Wɔn Ho Ama—Awiei No Ho Sɛnkyerɛnne!

“Yɛyɛɛ anokwafo ne treneefo ne wɔn a wɔn ho nni asɛm.”—1 TES. 2:10.

HWƐ SƐ WUBEHU NSƐNTITIRIW YI ANAA:

Dɛn na yebetumi asua afi subammɔne a Delila, Absalom, ne Yuda Iskariot daa no adi no mu?

Dɛn na yebetumi ayɛ de asuasua Yonatan ne Petro nokwaredi no?

Yɛbɛyɛ dɛn adi yɛn hokafo ne Yehowa nokware daa?

1-3. (a) Sɛnkyerɛnne biako bɛn na ɛma yehu sɛ yɛwɔ awiei bere mu, na dɛn na ɛkyerɛ? (b) Nsɛmmisa abiɛsa bɛn na yebenya ho mmuae?

AHYƐNSODE biako bɛn na yehu wɔ Delila, Absalom, ne Yuda Iskariot nyinaa ho? Wɔn nyinaa yii obi mae. Ɔtemmufo Samson dɔfo Delila yii no mae. Absalom yii ne papa, Ɔhene Dawid mae. Yuda Iskariot nso yii ne Wura, Kristo Yesu mae. Nea wɔyɛe no yɛ asefem, na ɛmaa afoforo huu amane! Ɛnde dɛn nti na ɛsɛ sɛ eyi ho hia yɛn?

2 Nhomakyerɛwfo bi kae sɛ ade biako a nnipa taa de di wɔn yɔnko nnipa nnɛ a enye koraa ne sɛ wobeyi wɔn ama. Eyi nyɛ nwonwa. Bere a Yesu rekyerɛ “bere a ɛwɔ hɔ yi awiei ho sɛnkyerɛnne” no, ɔkae sɛ: ‘Nnipa bebree beyiyi wɔn ho ama.’ (Mat. 24:3, 10) Sɛ wɔka sɛ “obi ayi obi ama” a, ɛkyerɛ sɛ “obi afa nkontompo anaa nnaadaa kwan so de no ahyɛ n’atamfo nsa.” Ɛnnɛ nokwaredi nni hɔ, na ɛno kyerɛ sɛ yɛwɔ “nna a edi akyiri mu,” efisɛ Paulo hyɛɛ nkɔm sɛ awiei bere mu no nnipa bɛyɛ “wɔn a wonni nokware, . . . wɔn a woyi afoforo ma.” (2 Tim. 3:1, 2, 4) Nhomakyerɛwfo ne wɔn a wɔyɛ sini ama abɛyɛ sɛ, sɛ obi twa ne yɔnko anaa ne dɔfo bi nkontompo anaa wanni no nokware a, ne nyinaa yɛ ɔdɔ asɛm na ɛma asetena yɛ anika. Nanso nokwasɛm ne sɛ, sɛ obi anni ne yɔnko nokware anaasɛ oyi no ma a, ebetumi apira no. Nneɛma a ɛte saa yɛ awiei no ho sɛnkyerɛnne a ɛyɛ hu ankasa!

3 Sɛ yɛhwɛ nea Bible ka fa nnipa a wɔanni nokware no ho a, dɛn na yebetumi asua? Na dɛn na yebetumi asua afi wɔn a wodii afoforo nokware no hɔ? Henanom na ɛsɛ sɛ yesi yɛn bo sɛ yebedi wɔn nokware? Ma yɛnhwɛ.

NEA EBINOM YƐE A ƐYƐ KƆKƆBƆ MA YƐN

4. Dɛn na Delila yɛe de yii Samson mae, na dɛn nti na na ɛyɛ atirimɔdensɛm?

4 Nea edi kan, momma yensusuw ɔdaadaafo Delila a na ɔyɛ Ɔtemmufo Samson dɔfo no ho. Ná Samson pɛ sɛ odi Onyankopɔn nkurɔfo anim ne Filistifo no kɔko. Ɛbɛyɛ sɛ Filistifo ahene baanum no hui sɛ Delila nnɔ Samson, enti wɔmaa no sika kɛse sɛ ɔnhwehwɛ nea enti a Samson ho yɛ den saa na wɔatumi akum no. Oniberefo Delila penee so, na ɔbɔɔ mmɔden mprɛnsa sɛ obehu Samson asumasɛm, nanso anyɛ yiye. Ɔbea no de “asɛm no guan ne ho daa.” Afei Samson “kra ho yeraw no, na onyaa owu mpo a anka ɔpɛ.” Enti ɔka kyerɛɛ ɔbea no sɛ onyii ne ti da, na sɛ oyi a n’ahoɔden nyinaa bɛsa. * Bere a Delila huu eyi no, ɔdedaa Samson wɔ ne srɛ so, na ɔfrɛɛ obi ma obeyii no. Afei ɔde no maa n’atamfo ma wɔyɛɛ no nea wɔpɛ. (Atem. 16:4, 5, 15-21) Nea Delila yɛe no yɛ atirimɔdensɛm paa. Hwɛ sɛ Samson koma fam Delila ho na sikanibere nti wayi no ama!

5. (a) Ɔkwan bɛn na Absalom faa so yii Dawid mae, na dɛn na ɛdaa adi wɔ ne ho? (b) Bere a Ahitofel yii Dawid mae no, ɛkaa no dɛn?

5 Onipa foforo a oyii obi mae ne Absalom. Ná anibere adonnɔn no araa ma ɔbɔɔ ne tirim pɔw sɛ ɔbɛfa kwan biara so atu ne papa Dawid afi ahengua no so na wasi ne ho hene. Ade a edi kan a Absalom yɛe ne sɛ ɔpatuw faa Israel mmarima nnamfo na ɔhyehyɛɛ wɔn bɔ a ɔntee da. Ɔyɛɛ eyi nyinaa de “wiaa Israel mmarima koma.” Sɛ nkurɔfo ba ne nkyɛn a, na ɔbam wɔn fefew wɔn ano te sɛ nea ɔpɛ wɔn asɛm anaa odwen wɔn ho ara ma. (2 Sam. 15:2-6) Absalom tumi nyaa Dawid yɔnko berɛbo Ahitofel mpo ma oyii Dawid mae, na ɔde ne ntama kɔbɔɔ ne de ano tew Dawid so atua. (2 Sam. 15:31) Dawid kyerɛɛ sɛnea asɛm no haw no wɔ Dwom 3 ne Dwom 55. (Dw. 3:1-8; monkenkan Dwom 55:12-14.) Nea Absalom yɛe no daa no adi sɛ onni obu ketekete koraa ma Onyankopɔn sɛ otumfoɔ pumpuni, efisɛ wansuro amfɛre sɛ ɔbɛtew ɔhene a Yehowa ankasa apaw no no so atua. (1 Be. 28:5) Absalom pɔw bɔne no gye gui, na Dawid kɔɔ so dii ade sɛ ɔhene a Yehowa asra no.

6. Ɔkwan bɛn na Yuda faa so yii Yesu mae, na dɛn na wotumi de edin Yuda gyina hɔ ma?

6 Afei momma yɛnhwɛ nea Yuda Iskariot nso yɛe de yii Kristo mae. Bere a Yesu ne n’asomafo 12 no redi Twam afahyɛ a etwa to no, ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Nokwarem mise mo sɛ, mo mu biako beyi me ama.” (Mat. 26:21) Akyiri yi Yesu ka kyerɛɛ Petro, Yakobo, ne Yohane saa anadwo no ara sɛ: “Hwɛ! Nea obeyi me ama no abɛn.” Saa bere no ara na Yuda ne dɔm bi bae na “ɔkɔɔ Yesu nkyɛn tẽẽ kae sɛ: ‘Asomdwoe nka wo, Rabi!’ na ofew n’ano.” (Mat. 26:46-50; Luka 22:47, 52) Yuda ‘yii mogya a ɛteɛ mae,’ na ɔde Yesu maa n’atamfo. Bere a oniberefo Yuda yii Yesu mae no, dɛn na ne nsa kae? Nnwetɛbona 30 pɛ! (Mat. 27:3-5) Efi saa bere no reba no, edin Yuda abɛyɛ kasakoa a wɔde gyina hɔ ma obi a oyi obi ma, titiriw n’adamfo. *

7. (a) Dɛn na yɛasua afi Absalom ne Yuda hɔ? (b) Asuade bɛn na yenya fi Delila asɛm no mu?

7 Dɛn na yɛasua afi nhwɛso bɔne a yɛaka ho asɛm yi mu? Esiane sɛ Absalom ne Yuda nyinaa yii mmarima a Yehowa asra wɔn mae nti, wɔn awiei anyɛ fɛ koraa. (2 Sam. 18:9, 14-17; Aso. 1:18-20) Delila nso, bere biara a wɔbɛbɔ ne din no, nea ɛba nkurɔfo adwenem ne okontomponi anaa ɔdɔfo atwamene. (Dw. 119:158) Enti ɛho hia sɛ yɛhwɛ yiye na yɛampere tumidi anaa yɛansosɔ anibere biara so wɔ yɛn komam, na yɛanhwere Yehowa anim dom! Sɛ yɛhwɛ nea yɛasusuw ho yi a, dɛn bio na yehia na ama yɛahu sɛ ɛsɛ sɛ yɛpo subammɔne biara a ɛbɛma yɛayi afoforo ama?

SUASUA WƆN A WODII NOKWARE

8, 9. (a) Dɛn nti na Yonatan hyɛɛ Dawid bɔ sɛ obedi no nokware? (b) Yɛbɛyɛ dɛn asuasua Yonatan?

8 Nnipa pii nso wɔ hɔ a Bible ka sɛ wodii nokware. Ma yensusuw wɔn mu baanu ho na yɛnhwɛ nea yebetumi asua afi wɔn hɔ. Momma yenni kan nhwɛ ɔbarima bi a odii Dawid nokware. Anka Ɔhene Saul babarima panyin Yonatan na obedi ne papa ade sɛ Israel hene. Nanso Yehowa paw Dawid sɛ Israel hene a odi hɔ. Yonatan brɛɛ ne ho ase gyee nea Onyankopɔn yɛe no toom, na n’ani ammere Dawid. Mmom, Yonatan “kra fam Dawid kra ho,” na ɔhyɛɛ Dawid bɔ sɛ obedi no nokware. Yonatan de n’atade, ne nkrante, n’agyan, ne n’abɔso maa Dawid de kyerɛe sɛ obu no sɛ ɔdehye. (1 Sam. 18:1-4) Yonatan yɛɛ nea obetumi biara ‘hyɛɛ Dawid nsam den,’ na ɔde ne nkwa mpo too asiane mu de gyee Dawid fii Saul nsam. Ná Yonatan yɛ ɔnokwafo, na ɔka kyerɛɛ Dawid sɛ: “Wo na wubedi Israel so hene, na mɛyɛ w’abadiakyiri.” (1 Sam. 20:30-34; 23:16, 17) Eyi nyinaa ma yehu nea enti a bere a Yonatan wui no, Dawid de awerɛhow twaa kwadwom de kyerɛe sɛ ɔdɔ no paa.—2 Sam. 1:17, 26.

9 Ná Yonatan nim onii a ɛsɛ sɛ odi no nokware. Ɔbrɛɛ ne ho ase koraa maa otumfoɔ pumpuni Yehowa, na ogyinaa Dawid akyi sɛ nea Onyankopɔn asra no. Ɛnnɛ, sɛ yenni ɔsom hokwan titiriw bi wɔ asafo no mu mpo a, ɛsɛ sɛ yefi yɛn komam boa wɔn a wɔapaw wɔn sɛ wonni yɛn anim no.—1 Tes. 5:12, 13; Heb. 13:17, 24.

10, 11. (a) Dɛn nti na Petro kɔɔ so dii Yesu akyi? (b) Yɛbɛyɛ dɛn atumi asuasua Petro, na dɛn na ɛsɛ sɛ ɛka yɛn ma yɛyɛ?

10 Onipa foforo a yebetumi asuasua ne nhwɛso ne ɔsomafo Petro. Ɔhyɛɛ Yesu bɔ sɛ obedi no nokware. Bere a Kristo yɛɛ mfatoho de kyerɛɛ nea enti a ɛho hia sɛ n’asuafo no nya ne nipadua ne ne mogya a na ɔde rebɛbɔ afɔre no mu gyidi no, wɔn mu pii kae sɛ n’asɛm no ano yɛ den, na wogyaee n’akyi di. (Yoh. 6:53-60, 66) Enti Yesu dan kɔɔ n’asomafo 12 no so bisaa wɔn sɛ: “Mo nso mopɛ sɛ mokɔ anaa?” Ɛyɛ Petro na obuae sɛ: “Awurade, hena nkyɛn na yɛnkɔ? Wo na wowɔ daa nkwa nsɛm; na yɛagye adi na yɛabehu sɛ wone Ɔkronkronni a ofi Onyankopɔn hɔ.” (Yoh. 6:67-69) So eyi kyerɛ sɛ na Petro te biribiara a Yesu ka faa afɔre a na ɔrebɛbɔ ho no ase? Yɛrentumi nka saa. Nanso Petro sii ne bo sɛ ɔde ne ho bɛfam Onyankopɔn Ba a wɔasra no no ho.

11 Petro anka sɛ adwene a Yesu kura no nteɛ na akyiri yi Yesu ankasa behu ne mfomso na watwe n’asɛm no asan. Mmom Petro brɛɛ ne ho ase na ohui sɛ Yesu na ɔwɔ “daa nkwa nsɛm.” Ɛnnɛ nso sɛ yehu asɛm bi wɔ Kristofo nhoma a “ofiehwɛfo nokwafo” no ayɛ mu na ɛyɛ den sɛ yɛbɛte ase anaa ɛne yɛn adwene nhyia a, dɛn na yɛyɛ? Ɛsɛ sɛ yɛbɔ mmɔden sɛ yɛbɛte ase, na ɛnsɛ sɛ yɛhwɛ kwan sɛ akyiri yi wɔbɛyɛ nsakrae ma ɛne yɛn adwene ahyia.—Monkenkan Luka 12:42.

DI WO HOKAFO NOKWARE

12, 13. Dɛn na ɛma ɛyɛ mmerɛw sɛ obi beyi ne hokafo ama, na dɛn nti na obi ntumi mfa mfe a wadi nyi ne ho ano?

12 Ɔkwan biara a wobɛfa so ayi obi ama biara yɛ bɔne, na ɛnsɛ sɛ yɛma su a ɛte saa sɛe asomdwoe ne biakoyɛ a ɛwɔ Kristofo mmusua anaa asafo no mu no. Ɛnde, momma yɛnhwɛ sɛnea yɛbɛkɔ so adi yɛn kunu anaa yɛn yere ne Onyankopɔn nokware.

13 Sɛ obi sɛe aware a, wayi ne hokafo ama, na eyi yɛ ade biako a ebetumi abubu obi koma. Obi sɛe aware a, ɛkyerɛ sɛ wafi ne hokafo akyi na ɔde ne koma akɔma obi foforo. Ɛba saa a, na wama ne hokafo no ayɛ ankonam, na wama n’ani so atan no. Ɛyɛ dɛn na eyi tumi si nnipa baanu a wɔdɔ wɔn ho ntam? Mpɛn pii no, sɛ awarefo no mu biara nnwen ne yɔnko ho a na ɛkɔfa eyi nyinaa ba. Ɔbenfo bi a wɔfrɛ no Gabriella Turnaturi kyerɛkyerɛ mu sɛ, sɛ awarefo no te tena na wɔammɔ mmɔden sɛ wɔbɛma aware no agyina a, ɛnde ɛbɛyɛ mmerɛw sɛ obiako beyi ne yɔnko ama. Eyi betumi ato wɔn a wɔanyinyin a wɔde mfe pii aware mpo. Nhwɛso bi ni: Ɔbarima bi a wadi mfe 50 gyaa ne yere a ɔne no atena mfe 25 kɔfaa ɔbea foforo a wanya ne ho dɔ. Ebinom ka sɛ obi bɛyɛ abasiriwa saa a, nea ɛtaa ba ara ni. Nanso obi ntumi mfa mfe a wadi nyi ne ho ano nyɛ biribi a ɛte saa. Ɛsɛ sɛ yɛde asɛm no to nea ɛda—obi yɛ saa a, na wayi ne hokafo ama. *

14. (a) Sɛ obi fa nkontompo so gyaa ne hokafo a, Yehowa te nka dɛn wɔ ho? (b) Dɛn na Yesu ka faa awaregyae a ɛnyɛ ne kwan so ho?

14 Sɛ obi gyaa ne hokafo bere a onni Kyerɛwnsɛm mu nnyinaso biara a, Yehowa te nka dɛn wɔ ho? Yɛn Nyankopɔn ‘kyi awaregyae,’ na waka no denneennen sɛ n’ani nnye ho sɛ obi bɛteetee ne hokafo na wagyaa no. (Monkenkan Malaki 2:13-16.) Yesu ne n’Agya adwene hyia wɔ asɛm yi ho. Ɔkyerɛkyerɛe sɛ obi ntumi mpam ne hokafo a ne ho nni asɛm, na ontumi nnyaa no na ɔnyɛ ne ho sɛ asɛm biara nsii.—Monkenkan Mateo 19:3-6, 9.

15. Dɛn na awarefo betumi ayɛ na wɔadi wɔn ho nokware daa?

15 Dɛn na awarefo bɛyɛ na wɔatumi adi wɔn ho nokware daa? Onyankopɔn Asɛm ka sɛ: “Wo ne wo mmeranteberem yere [anaa wo kunu] ani nnye,” na ɛsan ka sɛ, “Wo ne wo yere [anaa wo kunu] a wodɔ no ani nnye.” (Mmeb. 5:18; Ɔsɛnk. 9:9) Bere a awarefo baanu no nyinaa renyin no, ɛsɛ sɛ obiara yɛ nea obetumi ma aware no sɔ, na wɔyɛ biribiara de kyerɛ sɛ wɔdɔ wɔn ho. Eyi kyerɛ sɛ awarefo no mu biara bɛyɛ aso ama ne yɔnko, wɔn mu biara benya bere ama ne yɔnko, na obiara abɛn ne yɔnko. Ɛsɛ sɛ wɔyere wɔn ho ma wɔn aware gyina na wɔne Yehowa ntam yɛ papa. Sɛ awarefo betumi ayɛ eyi a, ɛho hia sɛ wobom sua Bible, wobom yɛ asɛnka adwuma no, na wobom bɔ mpae hwehwɛ Yehowa nhyira.

DI YEHOWA NOKWARE DAA

16, 17. (a) Bere a yɛpɛ sɛ yedi Onyankopɔn nokware no, dɛn na ebetumi asɔ yɛn nokwaredi ahwɛ wɔ abusua no mu anaa asafo no mu? (b) Nhwɛso bɛn na ɛma yehu sɛ, sɛ yedi Onyankopɔn ahyɛde so na yɛne yɛn abusuafo a wɔatu wɔn ammɔ a, adepa betumi afi mu aba?

16 Sɛ asafo no mufo bi yɛ bɔne a emu yɛ duru a, woyi ‘wɔn ntɛn denneennen sɛnea wɔbɛyɛ den wɔ gyidi no mu.’ (Tito 1:13) Ebinom wɔ hɔ a, wɔn suban nti wotu wɔn fi asafo no mu. Wɔn a wɔma nteɛso no ‘tete wɔn’ no tumi gyina wɔn nan so bio wɔ Onyankopɔn som mu. (Heb. 12:11) Ɛnde sɛ wɔatu yɛn busuani bi anaa yɛn yɔnko berɛbo bi nso ɛ? Sɛ ɛba saa a, Onyankopɔn a yebedi no nokware ne ade a ɛho hia na ɛnyɛ onipa no. Yehowa ahyɛ sɛ yɛne obiara a wɔatu no mmɔ. Sɛ yetie oo, sɛ yɛantie oo, n’ani tua.—Monkenkan 1 Korintofo 5:11-13.

17 Sɛ abusua bi di Yehowa nokware tie n’ahyɛde na wɔne abusuafo a wɔatu wɔn ammɔ a, adepa tumi fi mu ba. Ɛho nhwɛso bi ni: Wotuu aberante bi ma edii bɛboro mfe du, nanso saa bere no nyinaa ne papa, ne maame, ne ne nuabarimanom baanan ‘ne no ammɔ.’ Ɛtɔ mmere bi a na ɔpɛ sɛ ɔne wɔn bɔ, nanso abusua no muni biara sii ne bo sɛ ɔne no nyɛ hwee mmom. Akyiri yi wogyee no baa asafo no mu, na ɔkae sɛ bere a wotuu no no, daa na n’ani gyina sɛ ɔne n’abusuafo bɛbɔ fekuw, titiriw bere a ɔno nkutoo wɔ hɔ anadwo no. Ɔkae sɛ, sɛ n’abusuafo ne no bɔe kakraa bi mpo a, anka ne koma bɛtɔ ne yam. Nanso wɔn mu biara amfii no koraa. Enti ayɔnkofa a na ɔpɛ sɛ ɔne wɔn nya ka ho bi na ɛma ɔsan siesiee ɔne Yehowa ntam. Bere biara a ɛbɛyɛ wo sɛ bu Onyankopɔn ahyɛde so na wo ne wo busuani a wɔatu no mmɔ no, susuw asɛm yi ho.

18. Seesei a yɛahu nokwaredi so mfaso ne nea ɛba bere a obi anni nokware no, dɛn na woabɔ wo tirim sɛ wobɛyɛ?

18 Nokwaredi asa wɔ wiase na obiara pɛ sɛ otwa ne yɔnko nkontompo. Saa wiase yi mu na yɛte. Nanso anuanom anokwafo pii wɔ Kristofo asafo no mu a yebetumi asuasua wɔn. Ɔkwan a wɔfa so bɔ wɔn bra di adanse sɛ wɔyɛ “anokwafo ne treneefo ne wɔn a wɔn ho nni asɛm” ma gyidifo. (1 Tes. 2:10) Momma yɛn nyinaa nni Onyankopɔn ne yɛn ho yɛn ho nokware daa.

[Ase hɔ nsɛm]

^ nky. 4 Ná Samson ahoɔden no fi abusuabɔ soronko a ɔne Yehowa wɔ sɛ Nasirini, na emfi ne ti nhwi. Ne ti nhwi no de, na ɛyɛ abusuabɔ a ɔne Yehowa wɔ ho sɛnkyerɛnne ara kwa.

^ nky. 6 Enti asɛm “Yuda mfewano” kyerɛ “nea obi yɛ de yi ne yɔnko ma.”

^ nky. 13 Sɛ obi pɛ sɛ ohu nea ɔbɛyɛ bere a ne hokafo anni no nokware a, obetumi ahwɛ asɛm, “Sɛnea Wubegyina Nokware a Wo Hokafo Anni Ano” wɔ June 15, 2010, Ɔwɛn-Aban, kratafa 29-32.

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Kratafa 10 mfonini]

Bere a ebinom poo Onyankopɔn Ba a wɔasra no no, Petro de ne ho fam no ho