Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Yehowa Hwɛ Yɛn So Kɔ Nkwagye Mu

Yehowa Hwɛ Yɛn So Kɔ Nkwagye Mu

Yehowa Hwɛ Yɛn So Kɔ Nkwagye Mu

“Onyankopɔn tumi nam gyidi so hwɛ mo so kɔ nkwagye a wɔrebeyi no adi wɔ mmere a edi akyiri mu no mu.”—1 PET. 1:4, 5.

WUBEBUA DƐN?

Ɔkwan bɛn na Yehowa faa so twee yɛn baa nokware som mu?

Yɛbɛyɛ dɛn ama Yehowa de n’afotu akyerɛ yɛn kwan?

Ɔkwan bɛn na Yehowa fa so ma yɛn nkuranhyɛ?

1, 2. (a) Dɛn nti na yebetumi aka sɛ Onyankopɔn bɛboa yɛn ma yɛakura yɛn mũdi mu akosi awiei? (b) Dɛn nti na yebetumi aka sɛ Yehowa nim yɛn mu biara yiye?

“NEA obegyina mu akosi awiei no, ɔno na wobegye no nkwa.” (Mat. 24:13) Asɛm a Yesu kae yi ma yehu pefee sɛ, sɛ wobegye yɛn nkwa wɔ atemmu a Onyankopɔn de reba Satan wiase no so mu a, ɛsɛ sɛ yɛkɔ so kura yɛn mũdi mu kosi awiei. Nanso eyi nkyerɛ sɛ Yehowa begyaw yɛn nkutoo sɛ yɛmfa yɛn nyansa ne yɛn ahoɔden nnyina mu nkosi awiei. Bible ma yɛn awerɛhyem sɛ: “Onyankopɔn yɛ ɔnokwafo, na ɔremma wɔnsɔ mo nhwɛ ntra nea mubetumi, na mmom ɔbɛma kwan abɛda sɔhwɛ no ho a mode befi mu, na moatumi agyina ano.” (1 Kor. 10:13) Dɛn na saa asɛm no kyerɛ?

2 Yehowa renhwɛ mma wɔnsɔ yɛn nhwɛ ntra nea yebetumi, efisɛ onim yɛn ho biribiara: nsɛnnennen a yehyia, yɛn nipaban, ne baabi a yebetumi agyina sɔhwɛ ano akodu. So Onyankopɔn nim yɛn saa ankasa? Yiw. Kyerɛwnsɛm no ma yehu sɛ Yehowa nim yɛn mu biara yiye. Onim nneɛma a yɛyɛ no da biara da ne nneɛma a yɛn ani gye ho. Otumi hu yɛn tirim asɛm ne nea yesusuw ho wɔ yɛn komam mpo.—Monkenkan Dwom 139:1-6.

3, 4. (a) Ɔkwan bɛn so na Dawid asɛm no ma yehu sɛ yɛn mu biara ho hia Yehowa? (b) Adwuma titiriw bɛn na Yehowa reyɛ nnɛ?

3 Yɛn nkwahweabaa yi, so yɛn ho asɛm hia Onyankopɔn saa? Odwontofo Dawid susuw saa asɛm no ho, na ɔka kyerɛɛ Yehowa sɛ: “Sɛ mihu wo soro, wo nsateaa ano adwuma, ɔsram ne nsoromma a woasiesie no a, onipa ne hena a wokae no?” (Dw. 8:3, 4) Ná Dawid nim nea Yehowa ayɛ ama no pɛn, na eyi na ɛkaa no ma obisaa saa asɛm no. Bere a Yese ba kumaa Dawid yɛ aberantewaa koraa no, na Yehowa bu no sɛ “ɔbarima a ne koma da no so,” na ɔma ‘ogyaee mmoa akyidi bedii Israel anim.’ (1 Sam. 13:14; 2 Sam. 7:8) Ná amansan Bɔfo no nim oguanhwɛfo abarimaa yi tirim asɛm ne ne nsusuwii. Bere a Dawid huu saa no, akyinnye biara nni ho sɛ ɛkaa ne koma paa!

4 Ɛnnɛ nso sɛ yehu sɛ Yehowa dwen yɛn ho saa a, ɛka yɛn koma. Yehowa reboaboa “aman nyinaa mu nnepa” ano ba nokware som mu, na ɔboa wɔn ma wokura wɔn mũdi. (Hag. 2:7) Ansa na yɛbɛhwɛ ɔkwan a Yehowa fa so boa yɛn ma yɛkɔ so kura yɛn mũdi mu no, momma yenni kan nhwɛ sɛnea ɔtwe nkurɔfo ba nokware som mu.

ONYANKOPƆN NA ƆTWE YƐN

5. Ɔkwan bɛn na Yehowa fa so twe nkurɔfo ba ne Ba no nkyɛn? Ma nhwɛso.

5 Yesu kae sɛ: “Obiara ntumi mma me nkyɛn gye sɛ Agya a ɔsomaa me no twe no.” (Yoh. 6:44) Saa asɛm no ma yehu sɛ, sɛ yebetumi abɛyɛ Kristo asuafo a, gye sɛ Onyankopɔn boa yɛn. Ɔkwan bɛn na Yehowa fa so twe nnipa ahobrɛasefo ba ne Ba no nkyɛn? Ɔnam asɛmpa a yɛka ne honhom kronkron so na ɛyɛ saa. Nhwɛso biako ni: Bere a Paulo ne afoforo reyɛ asɛmpatrɛw adwuma wɔ Filipi no, wohyiaa ɔbea bi a wɔfrɛ no Lidia, na wɔkaa asɛmpa no kyerɛɛ no. Bible ka sɛ: “Yehowa buee ne koma mu fann ma ɔyɛɛ asõ maa nsɛm a Paulo kae no.” Onyankopɔn de ne honhom boaa no ma ɔtee asɛm no ase ma wɔbɔɔ ɔne ne fiefo asu.—Aso. 16:13-15.

6. Ɔkwan bɛn na Onyankopɔn faa so twee yɛn nyinaa baa nokware som mu?

6 So Lidia nkutoo ne obi a Yehowa twee no saa? Dabida. Sɛ woyɛ Kristoni a woahyira wo ho so a, hu sɛ wo nso Onyankopɔn na ɔtwee wo baa nokware som mu. Sɛnea yɛn soro Agya no huu adepa bi wɔ Lidia koma mu no, saa ara na ohuu biribi pa bi wɔ wo koma mu. Bere a wufii ase sɛ woretie asɛmpa no, Yehowa de ne honhom kronkron boaa wo ma wotee ase. (1 Kor. 2:11, 12) Bere a wufii ase de nea woresua bɔɔ wo bra no, ohyiraa wo sɛnea wobɛyɛ n’apɛde. Na bere a wuhyiraa wo nkwa so maa no no, ne koma tɔɔ ne yam. Nokwasɛm ne sɛ efi bere a wusii nkwa kwan no so nyinaa, Yehowa ne wo anantew.

7. Yɛyɛ dɛn hu sɛ Onyankopɔn bɛboa yɛn ma yɛakɔ so adi no nokware?

7 Sɛ Yehowa aboa yɛn ma yɛne no anantew abesi nnɛ a, wohwɛ a afei na ɔrebegyaw yɛn akwantemfi sɛ yɛn ankasa nhwehwɛ kwan a yɛbɛtoa so adi no nokware? Onim sɛ ɛnyɛ yɛn ankasa na yɛbaa nokware no mu, enti sɛ yɛbɛkɔ so atena nokware no mu a, ennyina yɛn ankasa ahoɔden so. Ɔsomafo Petro kyerɛw Kristofo a wɔasra wɔn no sɛ: “Onyankopɔn tumi nam gyidi so hwɛ mo so kɔ nkwagye a wɔrebeyi no adi wɔ mmere a edi akyiri mu no mu.” (1 Pet. 1:4, 5) Sɛ yɛbɛka a, saa asɛm no fa Kristofo nyinaa ho, na ɛsɛ sɛ yɛn mu biara susuw ho yiye nnɛ. Dɛn ntia? Efisɛ yɛn nyinaa hia Onyankopɔn mmoa na yɛakɔ so adi no nokware.

OTUMI BOA YƐN NA YƐANNI MFOMSO

8. Sɛ yɛanhwɛ yiye a, dɛn na ɛbɛma yɛadi mfomso?

8 Asetenam nsɛnnennen ne yɛn ankasa sintɔ betumi afura yɛn ani ma yɛrenhu nneɛma sɛnea Yehowa hu no no. Ebetumi ama yɛadi mfomso mpo a yɛn ani nni yɛn ho so. (Monkenkan Galatifo 6:1.) Asɛm bi a ɛtoo Dawid ma yehu sɛ eyi yɛ nokwasɛm.

9, 10. Ɔkwan bɛn na Yehowa faa so siankaa Dawid wɔ bɔne ho? Dɛn na Yehowa yɛ ma yɛn nnɛ?

9 Bere a ahoɔyaw nti Ɔhene Saul retaataa Dawid no, ɔhyɛɛ ne ho so na wannyɛ bi antua ka. (1 Sam. 24:2-7) Nanso anni da bi na Dawid ahosodi no tu yerae. Ná ɔne mmarima a wɔka ne ho hia aduan ne nsu, enti ɔsrɛɛ ne yɔnko Israelni bi a wɔfrɛ no Nabal nidi mu sɛ ɔmmoa wɔn. Nabal didii Dawid atɛm na wammoa no. Eyi hyɛɛ Dawid abufuw ma osii kwan so sɛ ɔrekokum Nabal ne mmarima a wɔwɔ ne fie nyinaa. Dawid ansusuw ho sɛ nnipa a wɔn ho nni asɛm a ɔrekokunkum wɔn no bɛma wadi mogya ho fɔ wɔ Onyankopɔn anim. Sɛ Nabal yere Abigail ampue hɔ ntɛm a, anka Dawid yɛɛ bɔne kɛse. Dawid hui sɛ Yehowa nsa wom, enti ɔka kyerɛɛ Abigail sɛ: “Nhyira nka Yehowa, Israel Nyankopɔn a ɔsomaa wo behyiaa me nnɛ yi! Nhyira nka wo nyansa, na nhyira nka wo sɛ woayi me afi mogya ho afɔdi mu na m’ankasa mamfa me nsa antɔ were.”—1 Sam. 25:9-13, 21, 22, 32, 33.

10 Dɛn na yebetumi asua afi asɛm yi mu? Yehowa nam Abigail so siankaa Dawid na wanyɛ bɔne. Saa ara na ɔyɛ ma yɛn nnɛ nso. Nanso ɛnsɛ sɛ yɛhwɛ kwan sɛ bere biara a yɛbɛkeka akɔ bɔne ho no, Onyankopɔn bɛsoma obi ma wabɛboa yɛn. Bio nso, yɛrentumi nhu ɔkwan pɔtẽẽ a Onyankopɔn bɛfa so ayɛ n’ade wɔ tebea bi mu, na saa ara nso na yɛrentumi nkyerɛ nea ɔbɛma ho kwan ma n’atirimpɔw abam. (Ɔsɛnk. 11:5) Nanso yebetumi anya awerɛhyem sɛ Yehowa nim tebea a yɛwom bere nyinaa, na ɔbɛboa yɛn ma yɛakɔ so adi no nokware. Ɔhyɛ yɛn bɔ sɛ: “Mɛma woanya nhumu na makyerɛ wo ɔkwan a fa so. M’ani bɛba wo so, na matu wo fo.” (Dw. 32:8) Ɔkwan bɛn na Yehowa fa so tu yɛn fo? Dɛn na yɛbɛyɛ na yɛanya so mfaso? Dɛn nti na yebetumi aka sɛ Yehowa rekyerɛ ne nkurɔfo kwan nnɛ? Hwɛ sɛnea Adiyisɛm nhoma no ma yenya nsɛmmisa yi ho mmuae.

AFOTU BƆ YƐN HO BAN

11. Dɛn nti na yebetumi aka sɛ Yehowa nim biribiara a ɛrekɔ so wɔ asafo ahorow mu?

11 Anisoadehu a wɔayɛ ho kyerɛwtohɔ wɔ Adiyisɛm ti 2 ne ti 3 no da no adi sɛ Yesu Kristo a wɔahyɛ no anuonyam no huu nea na ɛrekɔ so wɔ asafo ason a ɛwɔ Asia Kumaa no mu. Anisoadehu no ma yehu sɛ ɛnyɛ sɛnea na asafo ahorow no te ara kɛkɛ na Kristo hui, na mmom ohuu nneɛma nketenkete bi a na ɛrekɔ so wɔ asafo no mu nso. Ɛho nhwɛso bi ne sɛ, ɔbobɔɔ ankorankoro bi din, na ɔde nkamfo ne afotu a ɛfata mae. Dɛn na anisoadehu no kyerɛ? Nea ɛkyerɛ ni: Asafo ahorow ason no gyina hɔ ma Kristofo a wɔasra wɔn a wɔtenaa ase wɔ afe 1914 akyi. Kristo de afotu yi maa wɔn a wɔasra wɔn no, nanso ɛnnɛ, Onyankopɔn nkurɔfo a wɔwɔ asafo ahorow a ɛwɔ wiase nyinaa mu no betumi anya so mfaso. Enti yebetumi aka sɛ Yehowa nam ne Ba no so rekyerɛ ne nkurɔfo kwan nnɛ. Yɛbɛyɛ dɛn ama Yehowa akyerɛ yɛn kwan?

12. Dɛn na yebetumi ayɛ ma Yehowa akyerɛ yɛn kwan?

12 Ɔkwan biako a yebetumi afa so ama Yehowa akyerɛ yɛn kwan ne sɛ yɛbɛyɛ kokoam adesua. Yehowa nam akoa nokwafo ne ɔbadwemma no nhoma ahorow so ma yɛn afotu pii a egyina Kyerɛwnsɛm so. (Mat. 24:45) Sɛ yebenya so mfaso a, ɛsɛ sɛ yegye bere sua ade na yɛde nea yesua no bɔ yɛn bra. Kokoam adesua yɛ ɔkwan biako a Yehowa fa so ‘bɔ yɛn ho ban fi hintiduato mu.’ (Yuda 24) So woasua biribi wɔ yɛn nhoma mu ma woaka pɛn sɛ, ‘Eyi deɛ, wɔkyerɛw maa me’? Bu no sɛ afotu no fi Yehowa hɔ. Sɛnea w’adamfo bi betumi aprɛ wo atwe w’adwene asi biribi so no, saa ara na Yehowa nso betumi de ne honhom atwe w’adwene asi wo suban anaa wo nneyɛe bi a ɛsɛ sɛ wosesa so. Obetumi ayɛ saa ama afoforo a wɔte sɛ wo nso. Sɛ yɛma honhom kronkron kyerɛ yɛn kwan a, ɛkyerɛ sɛ Yehowa na yɛrema wakyerɛ yɛn kwan. (Monkenkan Dwom 139:23, 24.) Ɛnde momma yensusuw bere a yɛde sua ade ho.

13. Dɛn nti na ɛyɛ papa sɛ yesusuw bere a yɛde sua ade ho?

13 Sɛ yɛsɛe bere pii wɔ anigyede ho a, ɛremma yennya bere a ɛfata nyɛ kokoam adesua. Onua bi kae sɛ: “Ɛnyɛ den koraa sɛ yɛbɛtoto kokoam adesua ase. Nneɛma a yɛde gyigye yɛn ani abu so sen bere biara na ɛho ka nyɛ kɛse sɛ kan no. Ɛnyɛ na wɔ TV so, kɔmputa so, ne telefon so. Baabiara a wobɛfa biara wubehu bi.” Sɛ yɛamma yɛn ani anna hɔ a, nkakrankakra yɛde bere a anka ɛsɛ sɛ yɛde sua ade dwinnwen ho no nyinaa begye yɛn ani. (Efe. 5:15-17) Enti ɛsɛ sɛ yɛn mu biara bisa ne ho sɛ: ‘Mpɛn ahe na misua Onyankopɔn Asɛm yɛ nhwehwɛmu kɔ akyiri? Ɛyɛ bere a mewɔ ɔkasa anaa dwumadi wɔ asafo nhyiam ase nkutoo na misua ade?’ Sɛ saa a, yebetumi de anwummere a yɛayi asi hɔ a yɛde yɛ abusua som anaa kokoam adesua no ahwehwɛ Yehowa nyansa a ɛwɔ Bible mu no mu akɔ akyiri te sɛ nea yɛrehwehwɛ akorade. Saa nyansa no bɛhwɛ yɛn so akɔ nkwagye mu.—Mmeb. 2:1-5.

NKURANHYƐ BOA MA YEGYINA

14. Ɔkwan bɛn so na Kyerɛwnsɛm no ma yehu sɛ Yehowa nim sɛnea yɛte nka?

14 Dawid hyiaa ɔhaw ne amanehunu pii wɔ n’asetenam. (1 Sam. 30:3-6) Bible ma yehu sɛ na Yehowa nim sɛnea ɔte nka. (Monkenkan Dwom 34:18; 56:8.) Onyankopɔn nim sɛnea yɛn nso yɛte nka. Sɛ yɛn ‘koma bubu’ anaa yɛn ‘honhom botow’ a, ɔtwe bɛn yɛn. Saa nokwasɛm yi betumi ama yɛanya awerɛkyekye te sɛ Dawid. Ɔtoo dwom sɛ: “M’ani begye na madi ahurusi w’adɔe mu, efisɛ woahu m’amanehunu; wunim me kra ahohia.” (Dw. 31:7) Nanso ɛnyɛ yɛn amanehunu nkutoo na Yehowa hu. Mmom ɔkyekye yɛn werɛ hyɛ yɛn nkuran na yɛatumi agyina ano. Ɔkwan biako a ɔfa so yɛ saa ne Kristofo nhyiam ahorow.

15. Dɛn na yebetumi asua afi Asaf asɛm no mu?

15 Odwontofo Asaf nhwɛso no boa yɛn ma yehu nea enti a ɛho hia sɛ yɛkɔ adesua anaa asafo nhyiam. Bere a Asaf huu sɛnea treneefo rehu amane na abɔnefo redi yiye no, n’abam bui, na onyaa adwene sɛ gyama mfaso nni Onyankopɔn som so. Ɔkaa tebea a ɔkɔɔ mu ho asɛm sɛ: “Me koma dii awerɛhow, na midii yaw m’asaabo mu.” Ɛkaa dɛ, anka ogyaee Yehowa som. Dɛn na ɛboaa Asaf ma n’ani baa ne ho so? Ɔkae sɛ: “Mekɔɔ Onyankopɔn kronkronbea kɛse no mu.” Bere a ɔne ne nuanom a ɔne wɔn som Yehowa wɔ hɔ no, ɛma onyaa adwene a ɛfata. Ohui sɛ, sɛ abɔnefo di yiye mpo a, ɛyɛ bere tiaa bi. Na sɛnea ɛte biara Yehowa besiesie nneɛma. (Dw. 73:2, 13-22) Ɛtɔ mmere bi a yɛte nka te sɛ Asaf. Sɛ yɛhwɛ nneɛma bɔne a abu so wɔ Satan wiase yi mu a, ebetumi ama yɛahaw na yɛn abam abu. Sɛ yɛne yɛn nuanom hyiam a, yɛn ho tɔ yɛn, na ɛboa yɛn ma yɛkɔ so de anigye som Yehowa.

16. Ɔkwan bɛn so na Hanah asɛm no betumi aboa yɛn?

16 Na sɛ biribi a ɛrekɔ so wɔ asafo no mu nti, ɛyɛ den ma wo sɛ wobɛkɔ asafo nhyiam nso ɛ? Ebia na wowɔ hokwan bi wɔ asafo no mu, ɛnna biribi nti wɔama wode ato hɔ. Anaasɛ wo ne onua anaa onuawa bi nsen so. Sɛ saa na ɛte a, Hanah asɛm no betumi aboa wo. (Monkenkan 1 Samuel 1:4-8.) Kae sɛ Hanah kora Penina yii no ahi. Afe biara na abusua no kɔ Silo kɔbɔ afɔre ma Yehowa, na edu saa bere no a na tebea no asɛe koraa. Ná Hanah ho hiahia no araa ma na “osũ, na onnidi” mpo. Nanso eyi amma wante antena anka sɛ ɔrenkɔsom Yehowa. Yehowa huu ne nokwaredi na ohyiraa no.—1 Sam. 1:11, 20.

17, 18. (a) Akwan bɛn so na yenya nkuranhyɛ wɔ asafo nhyiam ase? (b) Sɛ wohwɛ sɛnea Yehowa hwɛ yɛn so kɔ nkwagye mu no a, wote nka dɛn?

17 Ɛnnɛ, ɛsɛ sɛ Kristofo suasua Hanah nhwɛso no na wɔkɔ Kristofo nhyiam daa. Yɛn nyinaa nim sɛ Kristofo nhyiam ahorow hyɛ yɛn den. (Heb. 10:24, 25) Sɛ yɛne yɛn nuanom bɔ a, ɛkyekye yɛn werɛ. Ebia asɛm ketewa bi a obi bɛka wɔ ɔkasa mu anaa mmuae a obi bɛma betumi aka yɛn koma. Sɛ yɛkɔ asafo nhyiam na yɛne yɛn nuanom bɔ nkɔmmɔ na yehu sɛ wɔayɛ aso retie yɛn anaa wɔka awerɛkyekyesɛm bi kyerɛ yɛn a, yɛn ho tɔ yɛn. (Mmeb. 15:23; 17:17) Na sɛ yɛne yɛn nuanom bom to dwom ma Yehowa a, ɛkanyan yɛn. ‘Yɛn mu dadwen’ yɛ bebree a, saa bere no mpo na ɛsɛ sɛ yɛyere yɛn ho kɔ asafo nhyiam konya nkuranhyɛ. Nhyiam a ɛtete saa ase na Yehowa ma yenya ‘n’awerɛkyekye’ na ɔboa yɛn ma yɛkɔ so som no nokwaredi mu.—Dw. 94:18, 19.

18 Onyankopɔn hwɛ yɛn so, enti yɛte nka te sɛ odwontofo Asaf a ɔtoo dwom maa Yehowa sɛ: “Wukura me nsa nifa. W’afotu na wode bɛkyerɛ me kwan.” (Dw. 73:23, 24) Hwɛ sɛnea yɛn ani sɔ sɛ Yehowa hwɛ yɛn so kɔ nkwagye mu!

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Kratafa 28 mfonini]

Wo nso Yehowa na ɔtwee wo

[Kratafa 30 mfonini]

Sɛ yɛde Onyankopɔn afotu yɛ adwuma a, ɛbɔ yɛn ho ban

[Kratafa 31 mfonini]

Nkuranhyɛ boa yɛn ma yegyina