Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kristofo Nkyerɛkyerɛ Ka Ɔmanfo Asetena Dɛn?

Kristofo Nkyerɛkyerɛ Ka Ɔmanfo Asetena Dɛn?

Kristofo Nkyerɛkyerɛ Ka Ɔmanfo Asetena Dɛn?

NSƐM a edi kan no ama yɛahu nea enti a nokware Kristofo mfa wɔn ho nhyehyɛ amanyɔsɛm mu. Nanso Kristofo bɛyɛ dɛn akyerɛ sɛ wɔn ani gye ho sɛ wɔbɛyɛ biribi aboa baabi a wɔte? Ɔkwan biako ne sɛ wobetie Yesu ahyɛde yi: “Enti monkɔ nkɔyɛ aman nyinaa m’asuafo, mommɔ wɔn asu Agya ne Ɔba ne honhom kronkron din mu, monkyerɛkyerɛ wɔn mma wonni nea mahyɛ mo nyinaa so.”—Mateo 28:19, 20.

Asɛm a Yesu kae sɛ ‘yɛnkɔyɛ asuafo’ no, ɛne asɛm a ɔkae sɛ yɛnyɛ nkyene ne hann mma wiase no wɔ biribi yɛ. (Mateo 5:13, 14) Ɔkwan bɛn so na ɛte saa? Nkɛntɛnso bɛn na saa adwuma no benya wɔ nnipa so?

Kristo Nkyerɛkyerɛ​—Ɛbɔ Nnipa Ho Ban, na Ɛma Nimdeɛ

Wɔde nkyene kora nneɛma so na amporɔw. Saa ara na asɛmpa a Yesu de hyɛɛ n’akyidifo nsa sɛ wɔnka nkyerɛ nnipa a wɔwɔ aman nyinaa mu no tumi kora wɔn so. Wɔn a wotie Yesu nkyerɛkyerɛ na wɔde yɛ adwuma no, ɛbɔ wɔn ho ban fi abrabɔ a aporɔw a abu so nnɛ no ho. Ɔkwan bɛn so? Wosua sɛ wɔbɛkwati nneyɛe a ebetumi asɛe wɔn akwahosan te sɛ sigaretnom, na wonya suban pa te sɛ ɔdɔ, asomdwoe, abodwokyɛre, ayamye, ne papayɛ. (Galatifo 5:22, 23) Saa suban pa no ma wɔn ho ba mfaso wɔ baabi a wɔte. Kristofo a wɔka asɛmpa a ɛte saa kyerɛ nkurɔfo no boa ɔmanfo a wɔte wɔn mu no paa.

Mfatoho a ɔde hann yɛe no nso ɛ? Sɛnea ɔsram nya hann fi owia hɔ no, saa ara na Kristo akyidifo nso nya “hann” fi Yehowa Nyankopɔn nkyɛn. Asɛmpa a ebue nnipa aniwa a wɔka, ne nnwuma pa a wɔyɛ no ma wɔhyerɛn sɛ kanea.—1 Petro 2:12.

Yesu kaa asɛm foforo de kyerɛe sɛ hann a obi bɛyɛ no ne osuani a ɔbɛyɛ no wɔ biribi yɛ. Ɔkae sɛ: “Wɔnsɔ kanea mfa nhyɛ kɛntɛn ase, na mmom wɔde si kaneadua so, na ɛhyerɛn wɔn a wɔwɔ fie hɔ nyinaa so. Saa ara na momma mo kanea nhyerɛn nnipa anim.” Sɛ wɔsɔ kanea a, wɔde si kaneadua so na atumi ahyerɛn baabiara. Saa ara na asɛnka adwuma ne nnwuma pa a nokware Kristofo yɛ no, ɛsɛ sɛ ɛda adi ma obiara hu. Adɛn ntia? Efisɛ Yesu kae sɛ Onyankopɔn na wɔn a wohu saa nnwuma pa no bɛhyɛ no anuonyam, na ɛnyɛ Kristofo no.—Mateo 5:14-16.

Obiara Asɛde

Bere a Yesu kae sɛ, “Mone wiase hann” na “momma mo kanea nhyerɛn” no, na ɔne n’asuafo nyinaa na ɛrekasa. Adwuma a Yesu de gyaw wɔn no, ɛnyɛ ade a nnipa mmiako mmiako bi a wɔwowɔ asɔre asɔre mu betumi ayɛ. Mmom no, gyidifo nyinaa yɛ “hann.” Yehowa Adansefo ɔpepem ason a wɔtete nsase bɛboro 235 so no gye di sɛ ɛyɛ wɔn nyinaa asɛde sɛ wɔbɛkɔ nkurɔfo nkyɛn akɔka asɛm a Kristo pɛ sɛ n’akyidifo bɔ ho dawuru no.

Asɛmti bɛn na ɛda asɛm a Yehowa Adansefo ka no so? Bere a Yesu ka kyerɛɛ n’akyidifo sɛ wɔnka asɛm no, ɛnyɛ asetena pa, amanyɔsɛm mu nsakrae, Asɔre ne Ɔman nkabom anaa wiase adwene foforo biara na ɔkae sɛ wɔnka ho asɛm. Mmom ɔhyɛɛ nkɔm sɛ: “Wɔbɛka ahenni ho asɛmpa yi wɔ asase so nyinaa de adi amanaman nyinaa adanse.” (Mateo 24:14) Enti ɛnnɛ, nokware Kristofo tie Yesu akwankyerɛ na wɔka Onyankopɔn Ahenni ho asɛm kyerɛ nkurɔfo ma wohu sɛ ɛno nkutoo ne nniso a ebetumi asɛe Satan wiase bɔne no na ɛde wiase foforo a trenee wom aba.

Asɛm no ne sɛ, sɛ yɛkenkan Nsɛmpa no a, yehu nneɛma titiriw abien wɔ Yesu som adwuma no mu a ɛkyerɛ adwuma a ɛsɛ sɛ nokware Kristofo yɛ nnɛ. Wɔaka nneɛma abien no ho asɛm wɔ asɛm a edi hɔ no mu.

[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 8]

Dɛn nti na asɛm a Kristofo ka no te sɛ nkyene?

[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 9]

Dɛn nti na Kristo asɛm no te sɛ kanea a ɛhyerɛn sum mu?