Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Nsɛm A Akenkanfo Bisa . . .

Kristofo Dii Amanyɔsɛm wɔ Asomafo no Bere so Anaa?

Kristofo Dii Amanyɔsɛm wɔ Asomafo no Bere so Anaa?

▪ Ansa na Yesu rekɔ soro no, ɔmaa n’asuafo no akwankyerɛ a emu da hɔ de kyerɛɛ sɛnea wɔnyɛ wɔn som adwuma no, nanso wanka ankyerɛ wɔn sɛ wɔmfa wɔn ho nhyehyɛ amanyɔsɛm mu. (Mateo 28:18-20) Enti n’asuafo no kɔɔ so de asɛm a na waka akyerɛ wɔn dedaw yi yɛɛ adwuma: “Muntua Kaesare de mma Kaesare, na muntua Onyankopɔn de mma Onyankopɔn.”—Marko 12:17.

Asɛm a Yesu ka kyerɛɛ n’asuafo no, ɔkwan bɛn so na ɛboaa wɔn ma wɔtenaa wiase bere a wɔnyɛ wiase no fã? Ɛyɛɛ dɛn na wotumi huu nneɛma a ɛyɛ Ɔman anaa Kaesare dea ne nea ɛyɛ Onyankopɔn dea?

Ɔsomafo Paulo faa no sɛ, sɛ obi di amanyɔsɛm a na saa nipa no atra hye. Nhoma bi ka sɛ: “Esiane sɛ na Paulo yɛ Roma ɔman ba nti, ɔhwehwɛɛ ahobammɔ a mmara de ma ɔman ba biara no bi, nanso amanyɔsɛm mu nsɛmnsɛm a na ɛrekɔ so saa bere no de, wamfa n’ano antom.”—Beyond Good Intentions—A Biblical View of Politics.

Akwankyerɛ bɛn na Paulo de maa ne nuanom Kristofo? Nhoma no san kae sɛ: “Nkrataa a ɔde kɔmaa gyidifo wɔ nkurow akɛse te sɛ Korinto, Efeso ne Roma no mpo, biribiara nnim a ɛkyerɛ sɛ ɔde n’adwene kɔɔ wiase amanyɔsɛm mu ntawntawdi so.” Nhoma no toaa so kae sɛ Paulo “hyɛe sɛ wɔmmrɛ wɔn ho ase mma tumidifo, nanso ne nkrataa bebree a ɔkyerɛwee no nyinaa mu no, wanka biribiara wɔ emu biara mu sɛ asafo no nhyɛ amammui nhyehyɛe bi nkuran.”—Romafo 12:18; 13:1, 5-7.

Paulo wui akyi mfe pii mpo no, Kristofo hwɛ hui sɛ wɔde nea ɛyɛ Ɔman de bɛma Ɔman na wɔde Onyankopɔn de ama Onyankopɔn. Wɔkɔɔ so nyaa obu maa atumfoɔ nanso wɔamfa wɔn ho anhyehyɛ amanyɔsɛm mu. Nhoma bi ka saa gyidifo no ho asɛm sɛ: “Tete Kristofo no gye toom sɛ ɛyɛ wɔn asɛde sɛ wɔde nidi ma wiase atumfoɔ, nanso wɔanni amanyɔsɛm.”—Beyond Good Intentions.

Nanso Kristo wu akyi bɛyɛ mfe 300 no, nneɛma sesae. Nyamekyerɛfo Charles Villa-Vicencio ka sɛ: “Bere a wɔsesaa amammui nhyehyɛe no wɔ Constantine bere so no, ɛbɛyɛ sɛ Kristofo bebree de wɔn ho hyɛɛ aban adwuma ne sraadi mu na wogyee amammui tumidi nso.” (Between Christ and Caesar) Dɛn na ɛno de bae? Asomafo no akyi bɛyɛ mfe 300 no, wɔde amanyɔsɛm frafraa nyamesom wɔ Roma Ahemman no mu ara ma ɛbɛyɛɛ biako.

Ɛnnɛ, ɔsom bebree a wɔkyerɛ sɛ wodi Kristo akyi no ma wɔn asɔremma di amanyɔsɛm. Nanso ɛnyɛ Kristo na wɔresuasua no, na ɛnyɛ asomafo no bere so Kristofo nso na wɔresuasua wɔn.