Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Sɛ W’aware Reyɛ Agu a, Yere Wo Ho Ma Ennyina

Sɛ W’aware Reyɛ Agu a, Yere Wo Ho Ma Ennyina

Sɛ W’aware Reyɛ Agu a, Yere Wo Ho Ma Ennyina

“Awarefo no de, mema wɔn ahyɛde, nanso ɛnyɛ me, na mmom Awurade.”—1 KOR. 7:10.

WUBETUMI AKYERƐKYERƐ MU?

Dɛn nti na yebetumi aka sɛ Onyankopɔn na ɔka awarefo bom?

Dɛn na asafo mu mpanyimfo betumi ayɛ de aboa Kristofo a wɔn aware ayɛ basaa?

Ɛsɛ sɛ yebu aware dɛn?

1. Kristofo bu aware dɛn, na dɛn ntia?

SƐ Kristofo ware a, wɔka ntam wɔ Onyankopɔn anim. Ɛyɛ aniberesɛm a ɛnsɛ sɛ wɔde di agoru koraa. (Ɔsɛnk. 5:4-6) Yehowa na ɔhyehyɛɛ aware, enti sɛ nnipa baanu ware a, yebetumi aka sɛ ɔno na ‘waka wɔn abom.’ (Mar. 10:9) Sɛ ɔman mmara gye aware bi tom a, ɛnde Onyankopɔn ani so no, na wɔaka abom sɛ honam koro. Ɛsɛ sɛ Yehowa asomfo bu aware sɛ ntam a wontumi mmu so. Sɛ wɔwaree ansa na wɔrebɛyɛ Yehowa asomfo mpo a, ɛsɛ sɛ wobu no saa.

2. Nsɛmmisa bɛn na yebesusuw ho wɔ adesua yi mu?

2 Sɛ nneɛma kɔ yiye a, aware betumi ayɛ dɛ paa. Nanso sɛ aware no gyigya a, dɛn na awarefo no betumi ayɛ? Sɛ aware bi reyɛ agu a, ebetumi asan asɔ bio? Sɛ asomdwoe nni aware no mu a, mmoa bɛn na awarefo no betumi anya?

ƐBƐYƐ ANIGYE ANAA ATEETEE?

3, 4. Sɛ obi repɛ kunu anaa yere na wamma n’ani anna hɔ a, dɛn na ebetumi asi?

3 Sɛ Kristofo aware sɔ a, wɔn ani gye na ɛhyɛ Yehowa anuonyam. Na sɛ ankɔ yiye a, ɛyɛ ateetee paa. Sɛ Kristofo pɛ sɛ wɔware na sɛ wɔde Onyankopɔn afotu yɛ adwuma a, ɛbɛma wɔato fapem pa ma wɔn aware agyina. Nanso sɛ obi pɛ kunu anaa yere na wamma n’ani anna hɔ a, ebetumi ama wateetee na wadi awerɛhow. Sɛ nhwɛso no, mmerante ne mmabaa bi taa puepue bere a wɔnsoo aware. Ebinom nso kɔ Intanɛt so kɔpɛ kunu anaa yere, na eyi ma wɔpere wɔn ho de wɔn ti kɔhyɛ aware mu, nanso ɛnkyɛ koraa na atew wɔn ani so ma wɔredi awerɛhow. Bere a ebinom nso ayɛ nhyehyɛe sɛ wɔbɛware no, wɔyɛ bɔne a emu yɛ duru, enti sɛ wɔware a wonnya obu mma wɔn ho.

4 Kristofo bi ntie Bible asɛm a ɛka sɛ yɛnware “Awurade mu nkutoo” no ma enti wotwa so aba yayaayaw, efisɛ wɔn hokafo nsom Yehowa. (1 Kor. 7:39) Sɛ wowɔ tebea a ɛte saa mu a, bɔ Onyankopɔn mpae sɛ ɔmfa nkyɛ wo na ɔmmoa wo. Sɛ obi di mfomso a, ɛho nsunsuanso de Onyankopɔn nyi mfi hɔ, nanso sɛ onu ne ho a, obetumi aboa no ma wagyina nsɛnnennen no ano. (Dw. 130:1-4) Yɛ nea wubetumi biara sɛ wubenya n’anim dom ɛnnɛ ne daa, na ‘Yehowa mu anigye bɛyɛ w’abannennen.’—Neh. 8:10.

SƐ AWARE BI AGYIGYA A

5. Sɛ obi ani nnye wɔ n’aware mu mpo a, adwene bɛn na ɛnsɛ sɛ onya?

5 Sɛ obi ani nnye wɔ n’aware mu a, ebia ɔbɛka sɛ: ‘Merentumi ntena aware bɔne yi ho. Ma mempɛ obi foforo nware no na me ho ntɔ me!’ Ebia ɔbɛte nka sɛ ɛsɛ sɛ ɔtwe ne ho, enti ɔbɛka sɛ: ‘Mempɛ ateetee biara. Dɛn nti koraa na minnyae aware? Sɛ Kyerɛwnsɛm no mma me kwan sɛ minnyae aware mpo a, dɛn nti na me ne me hokafo ntetew mu na m’asom nnwo me?’ Ɛnsɛ sɛ Kristoni nya adwene a ɛte saa biara, mmom ɛsɛ sɛ ɔyɛ nea obetumi biara de Onyankopɔn akwankyerɛ yɛ adwuma na aware no gyina.

6. Asɛm a Yesu kae wɔ Mateo 19:9 no kyerɛ dɛn?

6 Sɛ Kristoni twa n’aware mu a, ɛno ara nkyerɛ sɛ Kyerɛwnsɛm no ma no kwan sɛ obetumi asan aware bio. Yesu kae sɛ: “Sɛ ɛnyɛ aguamammɔ nti na obi gyaa ne yere na ɔsan ware foforo a, wasɛe aware.” (Mat. 19:9) “Aguamammɔ” a wɔka ho asɛm wɔ ha no kyerɛ awaresɛe anaa nna mu ɔbrasɛe a ɛyɛ aniberesɛm. Enti sɛ awarefo no mu biara mmɔɔ aguaman na ɛba wɔn mu bi tirim sɛ onnyae aware a, ɛsɛ sɛ osusuw asɛm no ho yiye na ɔbɔ Onyankopɔn mpae.

7. Sɛ Kristofo bi aware gu a, adwene bɛn na ebia nkurɔfo benya?

7 Sɛ aware bi gye gu a, ebia nea ɛkyerɛ ne sɛ awarefo no ayɛ mmerɛw wɔ honhom mu. Ɔsomafo Paulo bisaa aniberesɛm yi: “Sɛ obi nnim sɛnea obedi n’ankasa fie so a, ɔbɛyɛ dɛn atumi ahwɛ Onyankopɔn asafo so?” (1 Tim. 3:5) Sɛ obi se ɔyɛ Kristoni na n’aware gu a, ebia nea nkurɔfo bɛka ne sɛ awarefo no mfa nea wɔka nyɛ adwuma.—Rom. 2:21-24.

8. Sɛ Kristofo awarefo yɛ wɔn adwene sɛ wɔbɛtetew mu anaa wobegu aware no a, na dɛn na atoto?

8 Sɛ awarefo a wɔabɔ asu yɛ wɔn adwene sɛ wɔbɛtetew mu anaa wobegu wɔn aware bere a Bible mma kwan a, ɛbɛkyerɛ sɛ wɔne Yehowa ntam atoto. Ebetumi aba sɛ awarefo no mu biako anaa wɔn baanu nyinaa mfa Bible nnyinasosɛm nyɛ adwuma. Sɛ wɔn baanu de wɔn “koma nyinaa to Yehowa so” ampa a, ɛnde ɛsɛ sɛ wotumi ma wɔn aware no gyina.—Monkenkan Mmebusɛm 3:5, 6.

9. Kristofo bɔ mmɔden ma wɔn aware gyina a, nhyira bɛn na efi mu ba?

9 Anka ebinom aware reyɛ agu nanso asan asɔ denneennen. Sɛ Kristofo hyia ɔhaw wɔ wɔn aware mu na wɔampa abaw ntɛm a, adepa betumi afi mu aba. Yɛmfa no sɛ Kristoni bi kunu nyɛ gyidini. Dɛn na ebetumi aba? Ɔsomafo Petro kyerɛwee sɛ: “Mo ɔyerenom, mommrɛ mo ho ase mma mo ankasa mo kununom, na sɛ ebinom anyɛ aso amma asɛm no a, ɔyerenom nam wɔn abrabɔ so anya wɔn a ɔkasa nka ho, efisɛ wɔn ankasa bedi mo abrabɔ kronn ne obu a emu dɔ no ho adanse.” (1 Pet. 3:1, 2) Sɛ Kristoni da suban pa adi a, ebetumi ama ne hokafo a onnye nni no abegye nokware no. Kristofo yɛ nea wobetumi biara ma wɔn aware gyina a, ɛhyɛ Onyankopɔn anuonyam na ɛyɛ nhyira ma abusua mũ no nyinaa.

10, 11. Ɔhaw a awarefo nhwɛ kwan bɛn na ebetumi aba wɔn aware mu? Mmoa bɛn na Kristoni betumi anya?

10 Kristofo dodow no ara pɛ sɛ wɔsɔ Yehowa ani, enti sɛ wɔrepɛ obi aware no a, wɔhwehwɛ wɔn mfɛfo gyidifo a wɔahyira wɔn ho so ama Yehowa. Ɛno mpo no, nneɛma betumi asesa prɛko pɛ. Ebia ɔbarima anaa ɔbea no betumi anya adwenemyare ma aka ne nneyɛe. Anaa aware no akyi no, ebia obiako begyae asɛnkakɔ. Nhwɛso bi ni: Linda * yɛ onuawa mmɔdenbɔfo a n’abusua da ne koma so. Ne kunu a wabɔ asu fii ase yɛɛ nneɛma a Bible bara, nanso wannu ne ho enti wotuu no. Asɛm no bɔɔ onuawa no pusa. Sɛ Kristoni bi hyia tebea a ɛte saa wɔ n’aware mu na ɛkɔyɛ sɛ nneɛma regye agu a, dɛn na ɔbɛyɛ?

11 Ebia wobɛka sɛ, ‘So ɛsɛ sɛ mehaw me ho sɛ mɛma aware yi ayɛ yiye?’ Obiara rentumi nsi saa gyinae no mma wo, gye sɛ wo ara. Nanso, aware no gyigya a, ɛnsɛ sɛ wopa abaw ntɛm. Dɛn ntia? Efisɛ sɛ ɔbarima anaa ɔbea bi suro Onyankopɔn na ahonim pa nti ɔkɔ so tena aware a ɔhaw wom ho a, Onyankopɔn ani so no, ɔsom bo paa. (Monkenkan 1 Petro 2:19, 20.) Sɛ Kristoni yɛ nea obetumi biara sɛ obesiesie n’aware a, Yehowa nam n’Asɛm ne ne honhom so bɛboa no.

WƆAYƐ KRADO SƐ WƆBƐBOA WO

12. Sɛ yɛhwehwɛ mmoa fi mpanyimfo no hɔ a, wobebu yɛn dɛn?

12 Sɛ wuhyia ɔhaw wɔ w’aware mu a, ntwentwɛn wo nan ase sɛ wobɛhwehwɛ mmoa afi Kristofo a wɔn ho akokwaw hɔ. Mpanyimfo yɛ ahwɛfo wɔ asafo no mu na wɔn ani begye ho sɛ wɔbɛboa wo ma woahu Onyankopɔn afotu a ɛwɔ Bible mu no. (Aso. 20:28; Yak. 5:14, 15) Sɛ morehyia ɔhaw wɔ mo aware mu na moka kyerɛ mpanyimfo no sɛ wɔmmoa mo a, munnnya adwene sɛ wobebu mo abomfiaa. Mmom sɛ mohwehwɛ mmoa a, wobehu sɛ mopɛ sɛ mosɔ Onyankopɔn ani, na ɛbɛma wɔabu mo kɛse.

13. Afotu bɛn na ɛwɔ 1 Korintofo 7:10-16?

13 Sɛ awarefo a wɔn ahokafo nni asafo no mu ba mpanyimfo nkyɛn sɛ wɔmmoa wɔn a, wobetumi atwe wɔn adwene asi Paulo afotu yi so: “Awarefo no de, mema wɔn ahyɛde, nanso ɛnyɛ me, na mmom Awurade, sɛ ɔyere ne ne kunu nntetew mu; nanso ɛba sɛ ɔne no tetew mu a, ɔnnware, anyɛ saa a ɛsɛ sɛ ɔne ne kunu no kɔbom bio; na okunu nso mmfi ne yere ho. . . . Na ɔbea, wobɛyɛ dɛn ahu sɛ ɛnyɛ wo na wubegye wo kunu nkwa? Anaasɛ ɔbarima, wobɛyɛ dɛn ahu sɛ ɛnyɛ wo na wubegye wo yere nkwa?” (1 Kor. 7:10-16) Hwɛ sɛ wo kunu anaa wo yere a ɔnyɛ gyidini afi ase resom Yehowa! Ɛyɛ nhyira kɛse!

14, 15. Bere bɛn na Kristoni bi besi gyinae sɛ ɔbɛtetew aware mu? Nanso dɛn nti na ɛsɛ sɛ osusuw asɛm no ho yiye na ɔbɔ ho mpae?

14 Ɛdɛn na ebetumi ama Kristoni bea ‘atetew mu’? Ebinom tetew mu efisɛ wɔn hokafo hyɛ da yi wɔn ani koraa a wɔnhwɛ abusua no. Nea ɛma ebinom nso tetew mu ne sɛ wɔn hokafo yɛ wɔn aninyanne ma ɛtɔ da bi a ɛde wɔn nkwa mpo to asiane mu. Ebia Kristoni bi nso bɛtetew mu efisɛ ne hokafo ma ɛyɛ den ma no paa sɛ ɔbɛsom Onyankopɔn.

15 Sɛ obi bɛtetew mu oo, sɛ ɔrentetew mu oo, ɛyɛ ɔno ara n’asɛm. Nanso ɛsɛ sɛ Kristoni a wabɔ asu susuw asɛm no ho yiye na ɔbɔ ho mpae. Sɛ nhwɛso no, so nea ɔnyɛ gyidini no nkutoo na ama ayɛ den ama Kristoni no sɛ ɔbɛsom Yehowa, anaa Kristoni no ankasa agow ne ho nti na ontumi nsua Bible na n’adesuakɔ ne n’asɛnkakɔ atɔ nsu mu?

16. Dɛn nti na ɛnsɛ sɛ Kristoni nya adwene ntɛm sɛ obegyae aware?

16 Esiane sɛ abusuabɔ a yɛne Onyankopɔn wɔ som bo ma yɛn na yebu aware sɛ akyɛde a efi ne hɔ nti, ɛnsɛ sɛ yenya adwene ntɛm sɛ yebegyae aware. Yɛn a yɛyɛ Yehowa asomfo no de, nea ehia yɛn ne sɛ yɛbɛma Yehowa din kronkron no ho atew. Eyi nti ɛnsɛ sɛ yɛfa kwatikwan biara so gyaw yɛn hokafo si akwantemfi na yɛde yɛn koma kodi obi foforo akyi.—Yer. 17:9; Mal. 2:13-16.

17. Bere bɛn na yebetumi aka sɛ Onyankopɔn afrɛ Kristofo awarefo aba asomdwoe mu?

17 Ɛsɛ sɛ Kristoni a ne hokafo nyɛ gyidini bɔ mmɔden sɛ ɔbɛma aware no agyina. Nanso sɛ Kristoni no yɛ nea obetumi biara sɛ aware no begyina na ne hokafo no gyaw ne hɔ a, ɛnsɛ sɛ obu ne ho fɔ. Paulo kyerɛwee sɛ: “Sɛ nea onnye nni no ka sɛ ɔrekɔ a, ma ɔnkɔ; obi ntumi nhyɛ onuabarima anaa onuabea sɛ akoa wɔ tebea a ɛte saa mu, na asomdwoe mu na Onyankopɔn afrɛ mo aba.”—1 Kor. 7:15. *

FA W’ANI TO YEHOWA SO

18. Sɛ woyɛ nea wubetumi biara na aware no annyina mpo a, adepa bɛn na ebetumi afi mu aba?

18 Sɛ wuhyia ɔhaw wɔ w’aware mu a, srɛ Yehowa na ɔmma wo akokoduru; fa w’ani to no so bere nyinaa. (Monkenkan Dwom 27:14.) Ma yɛnsan nhwɛ Linda asɛm no bio. Ɔbɔɔ mmɔden biara sɛ ɔbɛma aware no agyina. Ɔyɛɛ saa mfe pii nanso anyɛ yiye; aware no gui. Eyi nyinaa yɛ ɔbrɛgu anaa? Ɔkae sɛ, “Ɛnte saa koraa. Nea meyɛe no dii afoforo adanse. Mewɔ ahonim pa. Na nea ɛsen ne nyinaa ne sɛ mmɔden a mebɔe no boaa yɛn babea ma ogyinaa pintinn wɔ nokware no mu. Ohyiraa ne ho so bɛyɛɛ Yehowa Dansefo a ɔyɛ nsi.”

19. Sɛ woyɛ nea wubetumi biara sɛ wobɛma w’aware agyina a, dɛn na ebetumi afi mu aba?

19 Kristoni bea bi a wɔfrɛ no Marilyn de ne ho too Onyankopɔn so na ɔyɛɛ biara sɛ ɔbɛma n’aware agyina. N’ani agye sɛ ɔyɛɛ saa. Ɔka sɛ: “Mfiase no meyɛe sɛ me ne me kunu bɛtetew mu efisɛ na ɔmmɔ me akɔnhama na anka ɔreyɛ asɛe me ne Yehowa ntam mpo. Kan no na me kunu no yɛ asafo mu panyin nanso ɔde ne ho kɔhyɛɛ adwuma bi a ɛmfata mu. Afei ofii ase totoo adesua mu, na yegyaee nkɔmmɔ bɔ koraa. Bere bi amammɔfo bi bɛtow hyɛɛ yɛn kurow no so, na ɛno sɛee asɛm no koraa. Mebɔɔ hu paa, enti na menka me ho nkɔ nnipa ho. Mibehui sɛ me nso meka ho bi na tebea no ayɛ saa. Afei yefii ase bɔɔ nkɔmmɔ, yɛyɛɛ abusua adesua, na yɛkɔɔ asafo nhyiam daa. Mpanyimfo no yii wɔn yam boaa yɛn. Yɛn aware no san sɔe ma na mframa mpo mfa yɛn ntam. Akyiri yi wɔsan de hokwan ahorow maa me kunu wɔ asafo no mu. Ná ɛyɛ asɛm a ɛyɛ nwene, nanso akyiri yi ɛbɛyɛɛ dɛ.”

20, 21. Dɛn na ɛsɛ sɛ yesi yɛn bo sɛ yɛbɛyɛ wɔ yɛn aware mu?

20 Sɛ yɛyɛ awarefo oo, asigyafo oo, momma yennyina pintinn na yɛmfa yɛn ho nto Yehowa so bere nyinaa. Sɛ yɛrehyia nsɛnnennen wɔ yɛn aware mu a, ɛsɛ sɛ yɛyere yɛn ho sɛ yebesiesie na yɛkae sɛ awarefo nyɛ baanu bio, na “mmom ɔhonam koro.” (Mat. 19:6) Momma yɛnkae nokwasɛm yi: Ebia yɛn hokafo nyɛ gyidini ma enti yɛrehyia nsɛnnennen, nanso sɛ yemia yɛn ani ne no tena a, ebia yebenya no ma wabɛka yɛn ho asom Yehowa ma yɛn ani agye.

21 Tebea biara a yɛwom no, momma yɛnyɛ yɛn adwene sɛ yɛbɛbɔ yɛn bra yiye na adi wɔn a wonni asafo no mu adanse. Sɛ yɛrehyia ɔhaw wɔ yɛn aware mu na ɛyɛ yɛn sɛ yennyaw yɛn hokafo hɔ a, momma yɛmmɔ mpae denneennen, yensusuw nea enti a yɛpɛ sɛ yɛyɛ saa ho yiye, yennwinnwen Kyerɛwnsɛm no ho, na yɛnhwehwɛ mmoa mfi mpanyimfo no hɔ. Nanso nea ehia paa ne sɛ yebesi yɛn bo sɛ yɛbɛsɔ Yehowa Nyankopɔn ani wɔ biribiara mu na yɛabu aware sɛ akyɛde a ɛyɛ fɛ a efi ne hɔ.

[Ase hɔ nsɛm]

^ nky. 10 Wɔasesa edin no.

^ nky. 17 Hwɛ “Momfa Mo Ho Nsie Onyankopɔn Dɔ Mu” nhoma no kratafa 219-221; Borɔfo Ɔwɛn-Aban, November 1, 1988, kratafa 26-27; September 15, 1975, kratafa 575.

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 10]

Sɛ Kristofo hyia ɔhaw wɔ wɔn aware mu na wɔampa abaw ntɛm a, adepa betumi afi mu aba

[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 12]

Fa w’ani to Yehowa so bere nyinaa na srɛ no sɛ ɔmma wo akokoduru

[Kratafa 9 mfonini]

Yehowa hyira Kristofo a wɔbɔ mmɔden sɛ wobesiesie wɔn aware

[Kratafa 11 mfonini]

Yebetumi anya awerɛkyekye ne mmoa afi Kristofo asafo no mu