Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Ɛte sɛ Nhoma Foforo Biara Anaa?

Ɛte sɛ Nhoma Foforo Biara Anaa?

Ɛte sɛ Nhoma Foforo Biara Anaa?

“Kyerɛwnsɛm no nyinaa fi Onyankopɔn honhom mu, na eye ma ɔkyerɛkyerɛ, . . .  na Onyankopɔn nipa afata koraa a wɔasiesie no yiye ama adwuma pa biara.”​—2 TIMOTEO 3:16, 17.

EBINOM nhu Bible no saa. Wo nso ɛ? Nsɛm a edidi so yi mu nea ɛwɔ he na wobɛka afa Bible no ho?

• Ɛyɛ nhoma a emu yɛ dɛ

• Ɛyɛ nhoma kronkron a nnipa gye tom no biako

• Ɛyɛ anansesɛm nhoma a abrabɔ pa ho nsɛm wom

• Ɛyɛ Onyankopɔn Asɛm

Asɛm foforo a yebetumi abisa ne sɛ, Nea wugye di no ho hia anaa? Hwɛ asɛm a Bible no ara ka fa ne ho: “Biribiara a wɔakyerɛw ato hɔ no, wɔakyerɛw ama yɛn nkyerɛkyerɛ, na yɛnam yɛn boasetɔ ne Kyerɛwnsɛm no mu awerɛkyekye so anya anidaso.” (Romafo 15:4) Enti Bible ka sɛ wɔakyerɛw sɛ ɛnkyerɛkyerɛ yɛn na ɛnkyekye yɛn werɛ, na ɛmma yɛn anidaso.

Enti sɛ Bible no kɔyɛɛ sɛ nhoma foforo biara anaasɛ nhoma kronkron a ɛwowɔ hɔ no bi a, anka wobɛpene so sɛ ɛnkyerɛkyerɛ wo na ɛnkyerɛ w’abusua kwan bere a emu nsɛm ne nea wugye tom nhyia? Sɛ Bible no yɛ anansesɛm nhoma a, wugye di sɛ anka wubenya awerɛkyekye ne anidaso afi ne bɔhyɛ mu?

Nanso nnipa mpempem pii a wɔasua Bible no agye atom sɛ ɛyɛ Onyankopɔn Asɛm a nhoma biara ne no nsɛ. Adɛn ntia? Dɛn na ɛma Bible yɛ soronko wɔ nhoma foforo biara ho? Yɛsrɛ wo, kenkan nsɛm a edidi so yi, na wubehu nneɛma anum a ɛma Bible yɛ soronko wɔ nhoma a aka nyinaa ho.