Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Nhoma A Emu Nsɛm Hyia

Nhoma A Emu Nsɛm Hyia

Nhoma A Emu Nsɛm Hyia

“Nkɔmhyɛ mfaa onipa pɛ so mmae da, na mmom nea efi Onyankopɔn hɔ na nnipa kae sɛnea honhom kronkron kaa wɔn no.”​—2 PETRO 1:21.

DƐN NA ƐMA BIBLE YƐ SORONKO? Tete kyerɛwtohɔ ahorow a wɔyɛe wɔ bere koro mu mpo no, bebree na emu nsɛm nhyia. Sɛ nnipa ahorow kyerɛw nhoma na ɛsono mmeae a wɔtenae ne mmere a wɔde kyerɛwee a, ɛyɛ den sɛ emu nsɛm nyinaa behyia pɛpɛɛpɛ. Nanso Bible ka sɛ nhoma 66 a ɛwom no nyinaa mu nsɛm fi faako, ɛno nti emu nsɛm nyinaa hyia.—2 Timoteo 3:16.

ƐHO NHWƐSO: Mose a na ɔyɛ oguanhwɛfo bɛboro mfe 3,500 ni no kyerɛw wɔ Bible nhoma a edi kan no mu sɛ “aseni” bi bɛba abegye adesamma. Nhoma no ara san hyɛɛ nkɔm sɛ saa aseni no befi Abraham, Isak ne Yakob abusua mu. (Genesis 3:15; 22:17, 18; 26:24; 28:14) Bɛyɛ mfe 500 akyi no, odiyifo Natan daa no adi sɛ aseni no befi Dawid adehye abusua no mu. (2 Samuel 7:12) Ɛno nso akyi mfe apem no, ɔsomafo Paulo kyerɛkyerɛɛ mu sɛ Yesu ne n’akyidifo bi a wapaw wɔn na wɔka bom yɛ aseni no. (Romafo 1:1-4; Galatifo 3:16, 29) Afei bɛyɛ afe 96 Y.B. mu no, Bible nhoma a etwa to no hyɛɛ nkɔm sɛ nnipa a wɔka bom yɛ aseni no bedi Yesu ho adanse wɔ asase so, na wobenyan wɔn akɔ soro na wɔne no adi hene mfe 1,000. Wɔn a wobom yɛ aseni no bɛsɛe Ɔbonsam, na wobegye adesamma.—Adiyisɛm 12:17; 20:6-10.

NEA BIBLE NKYERƐKYERƐMUFO AKA: Bere a Louis Gaussen de ntoboase hwehwɛɛ Bible nhoma 66 no nyinaa mu wiei no, ɔkyerɛwee sɛ ne ho adwiriw no, efisɛ “biakoyɛ wɔ nhoma a akyerɛwfo pii de mfe apem ahanum na ɛkyerɛwee yi mu; . . . na wuhu sɛ wɔn nyinaa, botae biako na na esi wɔn anim, na wɔdaa no adi nkakrankakra bere a na wɔn ankasa nte ase, kosi sɛ botae a ɛne sɛ Onyankopɔn Ba no begye wiase no bɛba mu.”—Theopneusty—The Plenary Inspiration of the Holy Scriptures.

WUDWEN HO DƐN? Sɛ nhoma foforo bi na mmarima bɛyɛ 40 de mfe bɛboro 1,500 kyerɛwee a, wugye di sɛ anka emu nsɛm nyinaa betumi ahyia pɛpɛɛpɛ saa? Anaasɛ Bible no nkutoo na ɛte saa?

[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 7]

“Sɛ wokeka nhoma no nyinaa bom a, wubehu no sɛ nhoma biako pɛ . . . Nhoma foforo biara ne no nsɛ, na ebiara mmɛn no mpo.”​—THE PROBLEM OF THE OLD TESTAMENT, JAMES ORR NA ƆKYERƐWEE