Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Yehowa Abue M’aniwa

Yehowa Abue M’aniwa

Yehowa Abue M’aniwa

Patrice Oyeka anom asɛm

Ná ɛrekɔ anwummere. Esiane sɛ na m’ani afura nti, da bi na mete baabi mmɔbɔmmɔbɔ retie radio. Meyɛɛ m’adwene sɛ mekum me ho na awerɛhow no to atwa. Mihwiee awuduru bi guu kuruwa mu de nsu frae, na mede sii pon bi so wɔ m’anim. Ná mepɛ sɛ miguare siesie me ho kama ansa na manom aduru no ama biribiara aba awiei. Adɛn nti na na mepɛ sɛ mikum me ho? Na ɛyɛɛ dɛn na meda so te ase a mereka m’asɛm yi?

WƆWOO me February 2, 1958, wɔ Kasaï Oriental wɔ Democratic Republic of the Congo. Me papa wui no, na madi mfe akron pɛ, enti me nuabarima panyin na ɔhwɛɛ me.

Bere a miwiee sukuu no, minyaa adwuma wɔ baabi a wodua amane nnua. Afe 1989 anɔpa bi, na mereyɛ kyerɛwtohɔ bi wɔ me ɔfese. Nea mihui ara ne sɛ esum aduru me. Ahyɛase no, m’adwene yɛɛ me sɛ wɔadum kanea, nanso na mete sɛ afiri bi reyɛ adwuma a ɛkyerɛ sɛ wonnum kanea, na na ɛyɛ anɔpa nso! Ehu kaa me, efisɛ na minhu hwee, na minhu nea makyerɛw da m’anim no mpo!

Ntɛm ara na mefrɛɛ adwumayɛfo a wɔhyɛ m’ase no biako sɛ ɔmfa me nkɔ baabi a wɔhwɛ ayarefo no. Nea ɔhwɛ hɔ no kyerɛe sɛ wɔmfa me nkɔ kurow kɛse mu nkɔma oduruyɛfo a ɔwɔ ɔyare no ho nimdeɛ mma ɔnhwɛ me. Ɔno nso hui sɛ m’ani ho aka na ɛreyɛ asɛe koraa, enti ɔma wɔde me kɔɔ ɔman no ahenkurow Kinshasa.

Kinshasa Abrabɔ

Bere a miduu Kinshasa no, mikohuu aniyare ho animdefo pii, nanso wɔn mu biara antumi ammoa me. Midii nnafua 43 wɔ ayaresabea hɔ, na ɛno akyi no, nnuruyɛfo no kae sɛ me nkwa nna a aka nyinaa, merenhu ade bio! M’abusuafo de me kyinkyin asɔre bebree mu sɛ wɔrekɔsa me yare, nanso nea wɔyɛe nyinaa ankosi hwee.

Awiei koraa no, m’aba mu bui, na mihui sɛ ɛrenyɛ yiye. Esum duruu me. M’ani furae ma m’adwuma nso fii me nsa. Me yere nso sesaw nneɛma a yɛwɔ nyinaa guan gyaw me. Ná ɛyɛ me aniwu sɛ mepue abɔnten anaa me ne nkurɔfo bɛbɔ. Metwee me ho fii nnipa ho, na da biara na mehyɛ fie. Ná mete nka sɛ menka nnipa ho. Ɛyɛɛ me sɛ mfaso biara nni me so.

Mebɔɔ mmɔden mprenu sɛ mekum me ho. Nea ɛto so abien no na mekaa ho asɛm de fii asɛm yi ase no. Abofra ketewa bi a ɔwɔ fie hɔ na ogyee me nkwa. Bere a na mereguare no, abofra no hwiee nea ɛwɔ kuruwa no mu no gui a wanhyɛ da. Nea eye wɔ asɛm no ho ne sɛ abofra no annom bi. Mehwehwɛɛ kuruwa no ara, nso manhu. Afei mekaa nea enti a merehwehwɛ kuruwa no kyerɛɛ m’abusuafo, na mekyerɛɛ wɔn nea anka mede rebɛyɛ.

Meda Onyankopɔn ne m’abusuafo ase sɛ wɔmaa wɔn ani kɔɔ me ho. Adwene a minyae sɛ mekum me ho no anyɛ yiye.

Nea Ɛyɛe a Mesan Nyaa Anigye

Afe 1992 Kwasida bi, na merenom sigaret wɔ fie na Yehowa Adansefo baanu bi a wɔreyɛ afie afie asɛnka baa me nkyɛn. Wohui sɛ m’ani afura, enti wɔkenkan asɛm a ɛwɔ Yesaia 35:5 no kyerɛɛ me. Ɛhɔ ka sɛ: “Saa bere no anifuraefo ani bebue na asotifo aso ate asɛm.” Metee saa nsɛm no m’ani gyei paa! Adansefo no anka sɛ wɔbɛsa me yare anwonwakwan so sɛnea asɔre a na makokɔ nyinaa aka no. Mmom no wɔkyerɛɛ mu sɛ, sɛ mihu Onyankopɔn a, ɛnde wiase foforo a Onyankopɔn ahyɛ ho bɔ no mu no, m’ani bebue. (Yohane 17:3) Ɛhɔ ara na me ne Adansefo no fii ase de nhoma a wɔatɔ din Wubetumi Atra Ase Daa wɔ Paradise wɔ Asase So suaa Bible. Mifii ase kɔɔ Kristofo nhyiam a wɔyɛ wɔ Ahenni Asa so no nyinaa bi na meyɛɛ nsakrae wɔ m’abrabɔ mu. Migyaee sigaretnom.

Anifurae no nti, na mintumi nnya nkɔso wɔ Onyankopɔn som mu. Ɛno nti mekɔɔ anifuraefo sukuu kosuaa anifuraefo nkyerɛwee. Ɛno boaa me ma mede me ho hyɛɛ teokrase ntetee a wɔde ma wɔ Ahenni Asa so no mu. Ankyɛ na mifii asɛnka adwuma ase wɔ me mpɔtam hɔ. Minyaa anigye bio. Minyaa nkɔso na mihyiraa me kwa so maa Yehowa. Mebɔɔ asu May 7, 1994 mu.

Bere a Yehowa ho dɔ a mewɔ ne ɔdɔ a mewɔ ma nnipa reyɛ kɛse no, minyaa ɔpɛ sɛ mede me ho bɛhyɛ bere nyinaa som adwuma no mu. Efi December 1, 1995 na mayɛ daa kwampaefo anaa bere nyinaa somfo. Manya hokwan asom sɛ ɔpanyin wɔ m’asafo mu fi February 2004. Ɛtɔ mmere bi a asafo a ɛwowɔ me mpɔtam no bi to nsa frɛ me ma mekɔma Bible mu ɔkasa. Saa nhyira yi nyinaa ma m’ani gye, na ɛma mihu sɛ, sɛ yɛka sɛ yɛbɛsom Yehowa Nyankopɔn a, ɔyare biara rentumi nsiw yɛn kwan.

Yehowa Ama Me “Aniwa”

Sɛnea madi kan aka no, anifurae no nti, me yere gyaa me. Manya nhyira pii afi Yehowa hɔ. Ɔkwan bi so no, metumi aka sɛ wama me aniwa a mede hu ade. M’anifurae nyinaa akyi no, Anny Mavambu apene so ama maware no, na wabɛyɛ m’aniwa. Ɔno nso yɛ bere nyinaa somfo, enti daa me ne no na ɛkɔ asɛnka. Sɛ minya dwumadi nso a, ɔkenkan nhoma a anka mɛhwɛ mu asiesie ɔkasa no ma mekyerɛw wɔ anifuraefo nkyerɛwee mu. Ɛyɛ nhyira kɛse a manya. Wama mahu sɛ nsɛm a ɛwɔ Mmebusɛm 19:14 yi yɛ nokware paa: “Ofie ne ahode yɛ agyapade a papanom de gyaw wɔn mma, na ɔyere badwemma fi Yehowa.”

Yehowa ama me ne Anny anya mma baanu—ɔbarima biako na ɔbea biako. M’ani da so paa sɛ mehu wɔn anim wɔ Paradise! Nhyira foforo a manya ne sɛ me nua panyin a wadom yɛn ama yɛn baabi atena no nso agye Bible mu nokware atom abɔ asu! Yɛn nyinaa wɔ asafo biako mu.

M’ani a enhu ade nyinaa akyi no, nea me koma pɛ paa ne sɛ mɛyɛ pii wɔ Onyankopɔn som mu efisɛ wahyira me kɛse. (Malaki 3:10) Mebɔ mpae daa sɛ n’Ahenni no mmara mmeyi amanehunu nyinaa mfi asase so. Efi bere a mibehuu Yehowa no, metumi aka no pen sɛ: “Yehowa nhyira—ɛno na ɛma onipa yɛ ɔdefo, na ɔmfa ɛyaw biara nka ho.”—Mmebusɛm 10:22.

[Kratafa 13 mfonini]

Merema Bible mu ɔkasa; me ne m’abusua ne me nuabarima