Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Nsɛm a Akenkanfo Bisa . . .

Adɛn Nti na Yehowa Adansefo Ka Asɛm no Wɔ Afie Afie?

Adɛn Nti na Yehowa Adansefo Ka Asɛm no Wɔ Afie Afie?

▪ Sɛ yɛhwɛ Bible mu a, yehu Yesu ahyɛde a ɔde maa n’akyidifo yi: “Enti monkɔ nkɔyɛ aman nyinaa m’asuafo, . . . monkyerɛkyerɛ wɔn.” (Mateo 28:19, 20) Saa asɛm no fa Kristofo nyinaa ho anaa? Ná Yesu asuafo a wodi kan no te ase sɛ ɛfa Kristofo nyinaa ho. Ɛho nhwɛso ne sɛ, ɔsomafo Petro kae sɛ: ‘Yesu hyɛɛ yɛn sɛ yɛnka asɛm no nkyerɛ nnipa no na yenni adanse fefeefe.’ (Asomafo Nnwuma 10:42) Ɔsomafo Paulo nso kyerɛwee sɛ: “Ɛyɛ ahyɛde a ɛda me so. Na sɛ manka asɛmpa no a, anka minnue!”—1 Korintofo 9:16.

Ɛnyɛ Paulo ne Petro nkutoo na wotiee Yesu asɛm no, na mmom Kristofo a wɔtenaa ase wɔ asomafo no bere so nyinaa. Ná asɛnka adwuma no ne ade titiriw a wɔyɛ. (Asomafo Nnwuma 5:28-32, 41, 42) Ɛnnɛ nso, Yehowa Adansefo bɔ mmɔden yɛ saa adwuma no bi. Yesu kaa “ɔsoro ahenni” ho asɛm, na ɛno ara na Yehowa Adansefo nso ka.—Mateo 10:7.

Ɛhefo na ɛsɛ sɛ wɔka Ahenni no ho asɛm kyerɛ wɔn? Yesu ma yehu sɛ ɛsɛ sɛ wɔka kyerɛ nnipa nyinaa wɔ baabiara. Ɔka kyerɛɛ n’asuafo no sɛ: “Mobɛyɛ m’adansefo . . . de akɔ asase ano nohoa.” (Asomafo Nnwuma 1:8) Ɔkae mpo sɛ ansa na wiase awiei bɛba no, “wɔbɛka ahenni ho asɛmpa yi wɔ asase so nyinaa de adi . . . adanse.” (Mateo 24:14) Enti Kristofo a wodi kan no bɔɔ mmɔden sɛ wɔbɛka asɛm no akyerɛ obiara; ɛnyɛ amannifo ne wɔn a wɔnkɔ asɔre nko na wɔkaa asɛm no bi kyerɛɛ wɔn. (Kolosefo 1:23; 1 Timoteo 2:3, 4) Saa ara na ɛnnɛ, Yehowa Adansefo bɔ mmɔden sɛ wɔbɛka asɛm no akyerɛ obiara. *

Ɔkwan bɛn paa na etu mpɔn a ɛsɛ sɛ wɔfa so ka Ahenni ho asɛm no? Ná Yesu nim sɛnea obenya nnipa pii; ɔsomaa n’asuafo no kɔɔ nkurow, nkuraase ne nkurɔfo afie mu. (Mateo 10:7, 11, 12) Yesu wu ne ne wusɔre akyi no, n’asuafo no toaa so kaa asɛm no wɔ “afie mu.” (Asomafo Nnwuma 5:42) Sɛnea Yesu yɛe no, wɔn nso sɛ wohyia obi wɔ baabi a, wɔka asɛm no bi kyerɛ no, na sɛ wɔkɔ baabi a nnipa pii wɔ nso a, wɔka asɛm no wɔ hɔ. (Yohane 4:7-26; 18:20; Asomafo Nnwuma 17:17) Ɛnnɛ, Yehowa Adansefo fa saa kwan no ara so ka asɛm no kyerɛ nnipa nyinaa.

Yesu kae sɛ ɛnyɛ obiara na obetie asɛm no. (Mateo 10:14; 24:37-39) Asɛm no a nkurɔfo ntie nti, ɛsɛ sɛ Kristofo gyae ka anaa? Mfatoho bi ni: Fa no sɛ asasewosow kɛse bi asi na woka wɔn a wɔrehwehwɛ nnipa a wonwuwui no ho. Sɛ mohwehwɛ kakra na sɛ nnipa a moahu wɔn no nnɔɔso a, wobɛka sɛ ɛno nti wubegyae anaa? Dabi. Sɛ nipa biako pɛ mpo na wubetumi agye no nkwa a, anka worenkɔ so nhwehwɛ anaa? Yesu ka kyerɛɛ n’asuafo no sɛ mpɛn dodow a wobenya ebinom a wobetie Onyankopɔn Ahenni ho asɛmpa no, wɔnyere wɔn ho nka. (Mateo 10:23; 1 Timoteo 4:16) Sɛ Yehowa Adansefo kɔ afie afie kɔhwehwɛ nnipa a wɔte saa a, ɛkyerɛ sɛ wɔdɔ Onyankopɔn, na wɔdɔ wɔn yɔnko nnipa a sɛ wotie Ahenni ho asɛmpa no de bɔ wɔn bra a, wobenya nkwa no.—Mateo 22:37-39; 2 Tesalonikafo 1:8.

Saa Bible mu asɛm no wɔ nhoma a worekenkan yi mu. Sɛ wopɛ ɛho nsɛm pii a, yɛsrɛ wo, bere a Yehowa Adansefo bɛba wo fie no, wo ne wɔn mmɔ nkɔmmɔ anaa kyerɛw wɔn a wontintim nhoma yi.

[Ase hɔ asɛm]

^ nky. 5 Seesei Yehowa Adansefo reka asɛm no wɔ nsase 236 so. Afe a etwaam no, wɔde nnɔnhwerew bɛboro ɔpepepem biako ne fã na ɛkaa asɛm no, na wɔyɛɛ ofie Bible adesua ɔpepem awotwe ne fã wɔ wiase nyinaa.