Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Wodii Apere Brɛɛ Asɛmpa no Ho Wɔ Tesalonika

Wodii Apere Brɛɛ Asɛmpa no Ho Wɔ Tesalonika

Wodii Apere Brɛɛ Asɛmpa no Ho Wɔ Tesalonika

Tesalonika a ɛnnɛ wɔfrɛ hɔ Thessaloníki anaa Salonika no, ɛyɛ kurow kɛse bi a ɛwɔ Greece atifi fam apuei, na ɛwɔ hyɛn gyinabea kɛse. Ɛyɛ kurow a tete Kristofo no yɛɛ ɔsom adwuma pii wɔ hɔ, titiriw Paulo a odii dwuma sɛ ɔsomafo maa amanaman no.​—ASOMAFO NNWUMA 9:15; ROMAFO 11:13.

BƐYƐ afe 50 Y.B. mu no, Paulo ne ne yɔnko Silas tuu kwan kɔɔ Tesalonika. Ná wɔne Paulo reyɛ n’asɛmpatrɛw adwuma a ɛto so abien, na na ɛyɛ bere a edi kan a wɔanya hokwan de rekɔka Kristo ho asɛmpa wɔ baabi a ɛnnɛ wɔfrɛ hɔ Europe.

Bere a woduu Tesalonika no, ɛnyɛ dɛn ara a, na wɔbɛkae sɛnea wɔhwee wɔn de wɔn too afiase wɔ Makedonia kurow kɛse Filipi no. Akyiri yi mpo Paulo ka kyerɛɛ Tesalonikafo no sɛ bere a ɔreba hɔ no, na waka “Onyankopɔn asɛmpa no . . . ɔbrɛ pii mu.” (1 Tesalonikafo 2:1, 2) Na Tesalonika nso ɛ? Ná tebea no bɛyɛ mmerɛw wɔ hɔ anaa? Asɛnka adwuma no bɛkɔ so dɛn? Ɛbɛsow aba? Nea edi kan no, momma yɛnhwɛ sɛnea na saa tete kurow no te.

Kurow a Tete no Wodii Aperepere Wom

Edin Tesalonika no mpo, wonya fii Hela asɛmfua bi mu, na ɛkyerɛ “Tesalifo” anaa “nkonimdi” a ntease a ɛwom ne ɔbrɛ ne aperepere. Nnipa pii gye di sɛ afe 352 A.Y.B. mu no, Alexander Ɔkɛseɛ papa, Makedonia hene Philip a ɔto so abien dii nnipa bi a wofi Hela mfinimfini fam wɔ Thessaly so nkonim. Wɔkyerɛ sɛ ɔtoo ne babea biako din Thessalonice na ɔde akae saa nkonimdi no. Akyiri yi, ne babea no waree Cassander a odii ɔbea no nuabarima Alexander ade no. Bɛyɛ afe 315 A.Y.B. no, Cassander kyekyee kurow bi wɔ Chalcidice atɔe fam, na ɔde ne yere din too so. Tesalonika de, na ntɔkwaw mpa hɔ da.

Ná Tesalonika yɛ kurow a sika wom. Ná baabi pa wɔ hɔ a hyɛn tumi gyina hɔ wɔ Aegean Po no ano. Bere a na Roma Ahemman no wɔ so no, na kurow no da kwantempɔn a wɔfrɛ no Via Egnatia no so. Baabi pa a na Tesalonika da nti, na akwantufo a wɔnam po so ne wɔn a wɔnam fam nyinaa bɛfa hɔ; ná ɛka mmeae a aguadi kɔ so paa wɔ Roma Ahemman no mu ho. Mfe pii mu no, sika a na ɛwɔ kurow no mu nti, na nnipa pii ani bere hɔ; saa nkurɔfo no bi ne Gothfo, Slavfo, Frankfo, Venicefo, ne Turkfo. Ebinom de patapaa ne mogyahwiegu na egyee kurow no. Afei, momma yɛmfa yɛn adwene nsi Paulo nsrahwɛ no so, bere a ofii ase brɛɛ asɛmpa no ho no.

Paulo Koduu Tesalonika

Sɛ Paulo kodu kurow biara mu a, Yudafo na na odi kan ka asɛm no kyerɛ wɔn, efisɛ na wonim Kyerɛwnsɛm no mu dedaw, enti na onya biribi gyina so ne wɔn susuw nsɛm ho ma wɔte asɛmpa no ase. Nhomanimfo bi kyerɛ sɛ saa ade a na Paulo taa yɛ no kyerɛ sɛ na odwen ne kuromfo ho anaasɛ ɔyɛɛ saa sɛnea ɛbɛyɛ a ɔde Yudafo ne nnipa a wonim Nyankopɔn dedaw no befi n’adwuma no ase na watoa so aka asɛm no akyerɛ Amanaman mufo no.​—Asomafo Nnwuma 17:2-4.

Enti bere a Paulo duu Tesalonika no, odii kan kɔɔ hyiadan no mu, na ɔne Yudafo no “susuw nsɛm ho fii Kyerɛwnsɛm no mu, na ɔkyerɛkyerɛɛ mu de adanse ahorow kyerɛe sɛ na ehia sɛ Kristo hu amane na ɔsɔre fi awufo mu, na ɔkae sɛ: ‘Oyi ne Kristo no, Yesu a mereka ne ho asɛm kyerɛ mo no.’”​—Asomafo Nnwuma 17:2, 3, 10.

Mesia dwumadi ne nnipa ko a ɔyɛ na Paulo kaa ho asɛm, na na ɛyɛ asɛm a ebinom nnye ntom. Ná Yudafo no rehwɛ kwan sɛ Mesia bɛba abɛko ama wɔn, enti sɛ obi ka sɛ Mesia no behu amane a, na wɔne ne renyɛ adwene. Nea ɛbɛyɛ ama Yudafo no agye asɛm no atom no, Paulo ne wɔn “susuw” nsɛm ho, “ɔkyerɛkyerɛɛ mu” na ofi Kyerɛwnsɛm no mu de “adanse” ahorow mae. Ɛno ma yehu sɛ na ɔyɛ ɔkyerɛkyerɛfo pa. * Bere a Paulo kaa nsɛm a ɛka koma yi kyerɛɛ wɔn no, dɛn na wɔyɛe wɔ ho?

Ɔsom Adwuma no Sow Aba Nanso Wɔfaa Ɔbrɛ Pii Mu

Yudafo binom ne Helafo pii a wɔabegye Yudasom atom no gyee Paulo asɛm no dii, na “mmea atitiriw a wɔdɔɔso pii nso yɛɛ saa.” Ɛfata sɛ ɔkaa mmea binom ho asɛm sɛ “mmea atitiriw,” efisɛ na mmea wɔ anuonyam wɔ Makedonia. Wɔmomaa mmea dibea; ebinom nyaa agyapade; wɔde hokwan ahorow bi maa ebinom, na ebinom nso yɛɛ sikadwuma. Wosisii nkaedum mpo de hyɛɛ mmea bi anuonyam. Sɛnea ɔbea guadini Lidia tiee asɛmpa no wɔ Filipi no, saa ara na Tesalonika ha nso, mmea atitiriw bebree gye dii. Ebetumi aba sɛ na wɔn mu bi fi abusua a wɔn nsam wɔ bi mu anaasɛ na wɔyɛ kurow no mu mpanyimfo yerenom.​—Asomafo Nnwuma 16:14, 15; 17:4.

Yudafo no de, nea ɛkɔɔ so no maa ahoɔyaw hyɛɛ wɔn ma. Wɔboaboaa “nsɛmmɔnedifo bi a wɔwɔ gua so a wɔmpɛ hwee ayɛ ano maa kurow no mu yɛɛ bagyabagya.” (Asomafo Nnwuma 17:5) Henanom ne saa nnipa no? Bible ho nimdefo bi ka wɔn ho asɛm sɛ “akohwifo ne akwasampafo.” Ɔde kaa ho sɛ: “Biribiara nkyerɛ sɛ na asɛm no hia wɔn; mmom no sɛnea basabasayɛfo nyinaa te no, na wɔn ani so yɛ krakra na atuntunasɛm nko ara na wodi.”

Nnipabɔnefo no tow “hyɛɛ Yason fie so [baabi a na Paulonom te no] hwehwɛe sɛ wɔde wɔn bɛbrɛ wɔn a wɔreyɛ basabasa no.” Wɔanhu Paulo wɔ hɔ no, ɛma wɔde wɔn asɛm kɔdan mpanyimfo paa a wɔwɔ kurow no mu. Enti “wɔtwee Yason ne anuanom binom kɔmaa kurow no mu atumfoɔ, na wɔteɛteɛɛm sɛ: ‘Mmarima a wɔadan wiase ani no aba ha nso.’”​—Asomafo Nnwuma 17:5, 6.

Ná Tesalonika yɛ Makedonia ahenkurow, enti na wɔde wɔn ho wɔ nneɛma bi mu. Nhyehyɛe a na wɔde di wɔn ho so no bi ne sɛ, na wɔwɔ baguafo a wɔhwehwɛ nsɛm mu. “Kurow no mu atumfoɔ” * no na na wodi kurow no so, na na ɛyɛ wɔn asɛde sɛ wɔhwɛ ma mmara yɛ adwuma na wɔhwɛ nso sɛ basabasayɛ biara remma, na ankopue Romafo anim; anyɛ saa a hokwan kakra a kurow no wɔ no betumi afi wɔn nsa. Enti bere a wɔtee “basabasayɛfo” no nka no, ɛbɛyɛ sɛ na wosuro sɛ wɔbɛdan kurow no ani.

Afei wɔde kwaadu a emu yɛ den paa bɔɔ wɔn sɛ: “Saa nnipa yi nyinaa sɔre tia Kaesare ahyɛde ka sɛ ɔhene foforo bi wɔ hɔ a ɔne Yesu.” (Asomafo Nnwuma 17:7) Nkyerɛkyerɛmu nhoma bi ka sɛ, sɛ wɔka saa fa obi ho a ɛkyerɛ sɛ ɔyɛ “ɔmammɔfo ne otuatewfo” a ɔsɔre tia ɔhempɔn. Ná ɔhempɔn mmara nso “mma kwan sɛ obi bɛbɔ onipa [foforo biara] din sɛ ɔyɛ ɔhene wɔ nkurow a wɔako adi so nkonim mu, gye sɛ ɔno ama ho kwan ansa.” Bio nso, Yesu a na Paulo reka ne ho asɛm sɛ ɔyɛ ɔhene no, ɔno nso Roma sodifo yi bɔɔ no kwaadu sɛ ɔyɛ ɔmammɔfo kum no. Enti na kwaadu yi mu yɛ duru paa.​—Luka 23:2.

Kurow no mu atumfoɔ no ani beree. Nanso esiane sɛ na wonni adanse papa biara na wɔanhu nnipa a wɔrebɔ wɔn kwaadu no nti, “bere a wɔmaa Yason ne wɔn a aka no dii agyinam maa wɔn no, wogyaa wɔn.” (Asomafo Nnwuma 17:8, 9) Enti ɛbɛyɛ sɛ Yason ne Kristofo foforo dii agyinam maa Paulo sɛ obefi kurow no mu a ɔrensan mma hɔ mmɛhaw adwene bio. Bere a Paulo kae sɛ ‘Satan twitwaree n’anan mu’ nti na wantumi amma kurow no mu bio no, gyama ɛno ho asɛm na na ɔreka.​—1 Tesalonikafo 2:18.

Sɛnea tebea no kɔyɛe nti, wɔmaa Paulo ne Silas fii hɔ anadwo kɔɔ Beroia. Paulo asɛnka adwuma no kɔɔ so yiye paa wɔ hɔ nso, nanso nkɔso no yɛɛ Yudafo a wɔwɔ Tesalonika a wɔmpɛ n’asɛm no ahi ma wotwaa bɛyɛ kilomita 80 kɔɔ Beroia kotutu guu nkurɔfo asom hwanyan wɔn. Ankyɛ koraa na Paulo de n’ani kyerɛɛ Atene, nanso na asɛmpa no ho apereperedi no mmaa awiei.​—Asomafo Nnwuma 17:10-14.

Ɔhaw a Asafo Foforo no Faa Mu

Anigyesɛm ne sɛ, wɔtew asafo wɔ Tesalonika, nanso ɛnyɛ ɔsɔretia nko ara na Kristofo a wɔwɔ hɔ no hyiae. Ná wɔte abosonsomfo ne nnipa a wɔn bra asɛe mu, enti egyaw Paulo adwennwene. Nneɛma bɛkɔ yiye ama ne nuanom anaa?​—1 Tesalonikafo 2:17; 3:1, 2, 5.

Ná Kristofo a wɔwɔ Tesalonika no nim sɛ, sɛ wɔtwe wɔn ho fi nneɛma a ɛrekɔ so wɔ kurow no mu ne wɔn abosonsom no ho a, ɛbɛma nnipa a kan na wɔyɛ wɔn nnamfo no bo afuw wɔn na wɔanya wɔn ho tan. (Yohane 17:14) Bio nso, na Hela anyame te sɛ Seus, Artemi, Apollo ne Egyptfo anyame asɔredan ayɛ Tesalonika ma. Afei nso na wonni ɔhempɔnsom ho agoru koraa, na na ɛsɛ sɛ ɔmanfo no nyinaa yɛ ho amanne no bi. Sɛ obi amfa ne ho anhyɛ mu a, na wɔfa no sɛ watew Roma so atua.

Abosonsom maa ɔbrasɛe kɔɔ so paa. Tesalonikafo anyame Cabirus oo, Dionysus ne Aphrodite oo, Egyptfo nyame Isis oo, wɔn nyinaa yɛ abɛ koro nsã; nna mu adapaade ne akohwibra ayɛ wɔn som no ma. Ɛmaa mpenatwe ne tuutuusi kɔɔ so. Ná wommu aguamammɔ sɛ ɛyɛ bɔne. Ɛhɔ no, na Roma amammerɛ adi wɔn ti, na saa amammerɛ no nso, nhoma bi ka ho asɛm sɛ “na mmarima ne mmea ayɛ kurow no mu ma a wɔn de ara ne sɛ wobedi wɔn akɔnnɔ akyi, na nnuruyɛfo nso kae sɛ ɛnsɛ sɛ wɔka wɔn akɔnnɔ hyɛ.” Ntease wom sɛ Paulo tuu Kristofo a wɔwɔ hɔ no fo sɛ ‘wɔntwe wɔn ho mfi aguamammɔ ho’ na wɔnkwati “nna ho akɔnnɔ bɔne,” ne “afideyɛ.”​—1 Tesalonikafo 4:3-8.

Wɔn Brɛ no Anyɛ Kwa

Ná ɛsɛ sɛ Kristofo a wɔwɔ Tesalonika no di apere brɛ gyidi no ho. Nanso, ɔtaa ne ɔbrɛ bebrebe ne abosonsom ne ɔbrasɛe a atwa wɔn ho ahyia no nyinaa akyi no, Paulo kamfoo wɔn wɔ ‘adwuma a wɔde gyidi yɛe, wɔn adwumaden ne wɔn boasetɔ’ no ho. Ɔkamfoo wɔn nso sɛ wɔboa maa asɛmpa no trɛw kɔɔ akyirikyiri.​—1 Tesalonikafo 1:3, 8.

Afe 303 Y.B. mu no, ɔtaa kɛse baa wɔn a woyii wɔn anim sɛ wɔyɛ Kristofo no so wɔ Roma Ahemman no mu. Nea na odi saa ɔtaa no mu akoten ne Kaesare Galerius; ná ɔte Tesalonika, na osisii adan a ɛyɛ fɛ wɔ hɔ. Wokɔ baabi a na kurow no wɔ no a, adan no ho biribi da so wɔ hɔ a nkurɔfo tu kwan kɔhwɛ.

Ɛnnɛ, Yehowa Adansefo a wɔwɔ Thessaloníki no ka asɛm no kyerɛ nkurɔfo; wɔtaa gyina adan a saa Kristosom tamfo tirimɔdenfo no sisii no bi anim ka asɛm no. Ɛwom sɛ bɛboro mfe 70 a atwam ni no, wɔyɛɛ asɛnka adwuma no wɔ ɔtaa a ano yɛ den mu de, nanso seesei Yehowa Adansefo asafo bɛyɛ 60 na ɛwɔ kurow no mu, na wɔreyɛ asɛnka adwuma no denneennen wɔ hɔ. Nkɔso a wɔrenya no kyerɛ sɛ asɛmpa no a wɔde ɔbrɛ fii ase mfe pii ni no nnyaee, na ɛrekɔ yiye nso.

[Ase hɔ nsɛm]

^ nky. 11 Ɛbɛyɛ sɛ kyerɛw nsɛm a Paulo de yɛɛ adwuma no bi ne Dwom 22:7; 69:21; Yesaia 50:6; 53:2-7; Daniel 9:26.

^ nky. 16 Wonhuu saa asɛmfua yi wɔ Helafo nhoma biara mu. Nanso wokohui sɛ wɔakyerɛw agu nneɛma bi so wɔ Tesalonika hɔ baabi. Saa nneɛma no nso atena hɔ fi Yesu bere so, enti ɛfoa so sɛ asɛm a ɛwɔ Asomafo Nnwuma mu no yɛ nokware.

[Asase mfonini wɔ kratafa 18]

(Wopɛ nsɛm a wɔahyehyɛ awie no a, hwɛ nhoma no mu)

Via Egnatia

MAKEDONIA

Filipi

Amfipoli

Tesalonika

Beroia

THESSALY

Aegean Po

ATENE

[Mfonini wɔ kratafa 20, 21]

Nea ɛwɔ soro: sɛnea Thessaloníki te nnɛ

Nea ɛwɔ ase: ntwironoo ne Agora aguaree a wɔayɛ no sɛ Romafo de

[Kratafa 21 mfonini]

Dan kurukuruwa, ɛbɛn Galerius Abantenten no; Kaesare Galerius mfonini; wɔreka asɛmpa wɔ Galerius abantenten no ho

[Mfonini Fibea wɔ kratafa 18]

Eti no: © Bibliothèque nationale de France; stone inscription: Thessalonica Archaeological Museum, copyright Hellenic Ministry of Culture and Tourism

[Mfonini Fibea wɔ kratafa 20]

Benkum so mfonini, ase hɔ de: 16th Ephorate of Prehistoric and Classical Antiquities, copyright Hellenic Ministry of Culture and Tourism

[Mfonini Fibea wɔ kratafa 21]

Mfinimfini mfonini: Thessalonica Archaeological Museum, copyright Hellenic Ministry of Culture and Tourism