Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

W’adwuma Sɛe a Wobɛyɛ Dɛn Ahwɛ Wo Ho?

W’adwuma Sɛe a Wobɛyɛ Dɛn Ahwɛ Wo Ho?

W’adwuma Sɛe a Wobɛyɛ Dɛn Ahwɛ Wo Ho?

OBED wɔ mma baanu. Ɔde mfe du yɛɛ adwuma wɔ hotɛl kɛse bi mu wɔ Afrika kuropɔn bi mu, na na sika a onya no so ɔne ne fiefo di. Ɛtɔ da bi mpo a, na otumi nya sika de ne yere ne ne mma kɔ ɔman no mu baabi a wɔyɛn mmoa ma wokogye wɔn ani. Nanso eduu baabi no, na nnipa mma hotɛl hɔ pii bio, enti n’adwuma no fii ne nsa maa saa nneɛma no nyinaa so twae.

Stephen de mfe bɛboro 22 yɛɛ adwuma wɔ sikakorabea kɛse bi mu na ɔkɔɔ n’anim nkakrankakra bɛyɛɛ panyin wɔ hɔ. Nneɛma a adwuma de maa no no bi ne ofie kɛse, kar, ne nnipa a wɔsom no, na ɔde ne mma nso kɔɔ sukuu akɛse. Nanso bere a sikakorabea hɔ mpanyimfo fii ase yɛɛ nsakrae wɔ adwumayɛfo no mu no, Stephen adwuma fii ne nsa. Stephen kae sɛ: “Asɛm no bubuu me ne m’abusua. Abasamtu, awerɛhow ne adwennwene bɛtɔɔ me so.”

Ɛnyɛ saa nkurɔfo yi nko ara na biribi a ɛte saa ato wɔn. Sikasɛm a ɛresɛe wɔ wiase nti, nnipa mpempem pii a na wɔn akatua ye no adwuma afi wɔn nsa. Wɔn a wɔanya adwuma foforo ayɛ no nso, bebree akatua nye nanso ɛsɛ sɛ wɔfa no saa ara na wɔbɔ wɔn ho mmɔden bere a nneɛma bo reyɛ den no. Sikasɛm a ɛresɛe wɔ wiase nyinaa no, ɛho nsunsuanso aka aman a wɔwɔ sika ne aman a ahia wɔn nyinaa.

Yehia Nyansa

Sɛ yɛn akatua so tew anaasɛ yɛn adwuma fi yɛn nsa a, adwennwene betumi ahyɛ yɛn so. Sɛnea ɛte biara no wuntumi nyi adwennwene nyinaa mfi wo tirim. Nanso onyansafo bi kae sɛ: “W’aba mu abu ahohia da mu anaa? W’ahoɔden so bɛtew.” (Mmebusɛm 24:10) Sɛ́ anka yɛbɛbɔ hu bere a sikasɛm nkɔ yiye no, ɛsɛ sɛ yɛkɔ Onyankopɔn Asɛm mu kɔhwehwɛ “nyansa.”—Mmebusɛm 2:7.

Bible nyɛ sikasɛm ho nhoma, nanso n’afotu a nyansa wom no aboa nnipa mpempem pii wɔ wiase nyinaa ma wɔadi nsɛm a ɛtete saa ho dwuma. Ma yɛnhwɛ nsɛm bi a Bible aka a ebetumi aboa yɛn.

Sẽsẽ wo ho. Susuw Yesu asɛm a ɛwɔ Luka 14:28 no ho hwɛ: “Mo mu hena na ɔpɛ sɛ osi aban na onni kan ntena ase nsēsē nhwɛ sɛ ɔwɔ nea ɛdɔɔso a ɔde bewie?” Sɛ yebetumi de asɛm yi ayɛ adwuma a, ɛsɛ sɛ yɛtoto yɛn sikasɛm yiye. Sɛnea Obed kae no, ebetumi ayɛ den. Ɔkae sɛ: “Ansa na m’adwuma refi me nsa no, na metotɔ nneɛma pii a ɛho nhyɛ da nhia de ba fie. Ná yɛnyɛ yɛn sikasɛm ho ntotoe biara efisɛ na sika no taa hɔ, na na yetumi tɔ biribiara a yɛpɛ.” Nea ɛwom ne sɛ, sɛ yɛyɛ nhyehyɛe to hɔ a, yebetumi de sika kakra a yenya no atotɔ nneɛma a ɛho hia abusua no.

Yɛ wo ho awiɛmfoɔ. Ɛnyɛ mmerɛw sɛ wobɛyɛ wo ho awiɛmfoɔ, nanso edu baabi a, na akɔba saa. Bible ka asɛm bi sɛ: “Ɔbarima a n’ani atew hu ɔhaw a ɛreba, na ɔda fam.” (Mmebusɛm 22:3, The New English Bible) Stephen kae sɛ: “Yetu kɔtenaa yɛn ankasa fie sɛnea ɛbɛyɛ a yɛrensɛe sika. Ná ofie hɔ sua; afei nso na yenwiee ɛho adwuma. Yeyii yɛn mma kɔɔ sukuu a ne bo nyɛ den nanso wɔkyerɛ ade yiye.”

Sɛ mubetumi ayɛ mo ho awiɛmfoɔ ama ayɛ yiye a, gye sɛ abusua no nyinaa bɔ ho nkɔmmɔ. Austin a ɔde mfe akron yɛɛ adwuma wɔ sikakorabea bi a adwuma no fii ne nsa kae sɛ: “Me ne me yere tenaa ase kyerɛkyerɛw nneɛma a yehia paa no. Afei nso yɛtew nnuan a ne bo yɛ den a na yɛtotɔ no so; yɛtew sika kɛse a na yɛde kogye yɛn ani no so, na yegyaee ntade atotɔatotɔ no. Ɛyɛ me dɛ sɛ m’abusua tee ase ma yɛyɛɛ yɛn ho awiɛmfoɔ.” Mmofra de, ɛnyɛ biribiara na wɔbɛte ase, nanso awofo betumi aboa wɔn ama wɔate ase.

Nsa adwuma mu. Sɛ ɔfese adwuma nko ara na wunim a, ɛbɛyɛ wo den sɛ wobɛyɛ ahoɔdennwuma. Austin kae sɛ: “Esiane sɛ na mayɛ panyin wɔ adwuma kɛse bi mu akyɛ nti, na ɛyɛ den ma me sɛ mɛyɛ famfam adwuma.” Sɛ yɛhwɛ nea Bible ka wɔ Mmebusɛm 29:25 a, eyi nyɛ nwonwa koraa. Ɛka sɛ: “Onipa ho suro sum afiri.” Sɛ woma nea nkurɔfo bɛka haw wo a, ɛnde worennidi. Dɛn na ɛbɛboa wo ama woatumi ayi saa adwennwene no afi wo tirim?

Ehia ma ahobrɛase. Bere a Obed adwuma fii ne nsa wɔ hotɛl hɔ no, ne yɔnko bi a osiesie kar ka kyerɛɛ no sɛ ɔne no mmɛyɛ adwuma. Adwuma foforo yi nti, na ɛsɛ sɛ ɔnantew mfutukwan so kɔ akyiri kɔhwehwɛ aduru a wɔde ka kar ho ne nneɛma foforo. Obed kae sɛ: “Ná mempɛ adwuma no, nanso biribiara nni hɔ a na metumi ayɛ. Ɛwom, sika a na minya wɔ adwuma yi mu no tumi so me ne m’abusua de, nanso sɛ mede toto kan de no ho a, esua koraa; ahobrɛase boaa me ma mitumi yɛe.” Wo nso wubetumi abrɛ wo ho ase saa?

Ma w’ani nsɔ nea wowɔ. Nsɛm asekyerɛ nhoma bi kyerɛ sɛ, sɛ yɛka sɛ obi ani sɔ nea ɔwɔ a, ɛkyerɛ sɛ “nea ɔwɔ biara yɛ no fɛ na n’ani gye ho.” Ɛbɛyɛ den ama obi a ne sikasɛm ayɛ basaa sɛ obegye saa asɛm no atom. Nanso hwɛ asɛm a ɔsomafo Paulo kae. Ná ɔyɛ ɔsɛmpatrɛwfo a sɛ yɛka sɛ ahia obi a ɔte ase, na ɔkae sɛ: “Masua sɛ tebea biara a mewɔ mu no, mɛpene nea mewɔ so. Minim sɛnea wodi hia ankasa, na minim sɛnea wonya ma ebu so nso.”—Filipifo 4:11, 12.

Ebetumi aba sɛ yɛn tebea bɛyɛ yiye, nanso saa wiase yi mu de, ebetumi nso asɛe koraa. Sɛ yɛfa ɔsomafo Paulo afotu no aniberesɛm a, ɛbɛboa yɛn paa. Ɔkae sɛ: “Nokwasɛm ni, mfaso kɛse wɔ onyamesom pa ne nea obi wɔ a ɔma n’ani sɔ so. Enti sɛ yɛwɔ yɛn ano aduan ne nea yɛde kata yɛn ho a, yɛbɛma ɛno ara adɔɔso ama yɛn.” Ɛnyɛ sɛ na Paulo rehyɛ yɛn nkuran sɛ yɛnyɛ anihaw na mmom na ɔrekyerɛ sɛ ɛnsɛ sɛ yɛma honam fam nneɛma gye yɛn adwene.—1 Timoteo 6:6, 8.

Ade a Ɛma Yɛn Ani Gye Paa

Sɛ yenya biribiara a yɛrehwehwɛ wɔ wiase anaasɛ yenya asetena pa mpo a, ɛnyɛ ɛno na ɛbɛma yɛn ani agye. Yesu ankasa na ɔkae sɛ: “Ɔma mu wɔ anigye pii sen ogye.” Nea ɛma yenya anigye paa ne sɛ yɛde nea yɛwɔ bɛboa afoforo na yɛahyɛ wɔn nkuran.—Asomafo Nnwuma 20:35.

Yehowa Nyankopɔn a ɔbɔɔ yɛn no nim nneɛma a yehia nyinaa. Ɔnam n’Asɛm Bible so de afotu a nyansa wom ama yɛn, na aboa nnipa pii ama wɔn asetena ayɛ yiye, na wɔmfa dadwen a ɛho nhia biara nhaw wɔn ho. Ɛwom sɛ ɛremma obi a ne sikasɛm asɛe no nnya ne ho prɛko pɛ de, nanso wɔn a wɔkɔ so hwehwɛ “ahenni no ne Onyankopɔn trenee kan” no, Yesu maa wɔn awerɛhyem sɛ wɔn nsa bɛka nea ehia wɔn da biara.—Mateo 6:33.