Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Akwamma a Ɛkyɛn Akwamma Biara!

Akwamma a Ɛkyɛn Akwamma Biara!

Krataa A Efi Ireland

Akwamma a Ɛkyɛn Akwamma Biara!

M’AWOFO kae sɛ: “Ɛsɛ sɛ wobɔ mmɔden yɛ biribi foforo de yi w’adwene fi wo sɔhwɛ no so kakra. Ma yɛnkɔsra wo nuanom wɔ Ireland na yɛnka Ahenni ho asɛmpa no bi nkyerɛ nnipa a wɔntee no.”

M’adwene yɛɛ me sɛ ɛremmoa me, efisɛ na ɛyɛ me sɛ merentumi nsua ade yiye ansa na makɔkyerɛw sɔhwɛ no. Afei nso na mintuu kwan mfii England nkɔɔ baabiara da, na na mentenaa wimhyɛn mu mpo da, enti na misuro. Ababaa a madi mfe 17 a mete London kurow kɛse a adagyew nnim koraa de, ɛbɛyɛ dɛn na matumi akɔtena Ireland kurow ketewa bi a ɛhɔ yɛ dinn?

Akyiri yi na mibehui sɛ anka ɛnsɛ sɛ midwen ho haw me ho koraa. Misii kurow no mu ara na m’ani gyei. Yesiim ahemadakye, enti yedui a metenaa kar mu ara pɛ na medae. Bere biara a m’ani bɛtew no, mihu nkuraa a ɛyɛ fɛ a ɛdeda mmepɔw mu wɔ kwan no ho.

Yekoduu kurow bi a wɔfrɛ no Skibbereen, na yɛdaa hɔ ma ade kyee. Yɛkɔsoɛɛ abusua bi a wɔatu aba Ireland sɛ wɔrebɛka Ahenni ho asɛmpa no wɔ hɔ, na yɛboom yɛɛ nneɛma bi de hyɛɛ yɛn ho nkuran. Yɛde Bible mu nsɛm bi dii agoru. Nea yɛyɛe ne sɛ, yɛkyerɛkyerɛw Bible mu nnipa bi din wɔ nkrataa so de guu bag mu na yɛmaa obiara yii din no biako. Edin a obiara beyi no, na wasuasua sɛnea onipa no yɛ n’ade. Afei wɔn a aka no kyerɛ onipa a ɔresuasua no no.

Ade kyee no, m’awofo, me nuabarima ketewa ne me nuanom a aka no ne abusua foforo faa nsu so kɔɔ Heir Island a nnipa 30 pɛ na wɔte hɔ no. Yesu kae sɛ ɛsɛ sɛ wɔka asɛmpa no wɔ asase so nyinaa. Enti yɛkaa Bible mu nsɛm a ɛhyɛ nkuran kyerɛɛ saa nnipa a wɔpɛ ahɔhoyɛ na wɔn anim tew no da mu no nyinaa, na yɛn ani gyee wɔn asase fɛfɛ no ho.

Ná awia apue kama. Ná nhwiren bi a ɛyɛ huam paa nenam mframa no mu. Ná nhwiren ahorow pii akata supɔw no so te sɛ kapɛt. Anhwea wɔ hɔ paa, na na nnomaa bi ayeyɛ mmerebuw ne wɔn mma tete mu. Ná nsupɔw nketenkete pii wɔ hɔ a wɔfrɛ no Roaringwater Bay. Nsupɔw no pii wɔ hɔ a na nnipa nte hɔ koraa. Hwɛ sɛnea yɛn ani gyee Yehowa abɔde ahorow ahorow yi ho!

Yɛsan baa Skibbereen no, minyaa nnamfo pii wɔ Yehowa Adansefo asafo a ɛwɔ hɔ no mu, na mebɔɔ mmɔden sɛ mɛyɛ nneɛma bi a menyɛɛ bi da. Ade a na menyɛɛ bi da a m’ani gyee ho paa ne korow a na metena mu fa nsu so no. Biribiara nyɛ anigye sɛ wobɛtena korow mu ahwehwɛ Ireland mpoano! Ná yɛtaa kɔ nsu so koyi nam bɛyɛ aduan anwummere nanso na sukraman di nam no bi ansa na yɛayi wɔn. Yɛn ara yɛpɛɛ agoru bi dii wɔ mpoano hɔ, na yɛsaw Irelandfo asaw mpo.

Yɛn nso yegyee bere kakra suaa biribi faa Skibbereen ho. Bɛyɛ afe 1845 kosi 1849 hɔ baabi no, ntɔmmɔ a woduae wɔ Ireland no anyɛ yiye, na ɛmaa Skibbereen ne nkurow a ɛbemmɛn hɔ no ho kyeree wɔn paa. Ɔkɔm kunkum nnipa mpempem pii na wosiee wɔn mu bɛyɛ 9,000 wɔ amoa biako mu. Esiane sɛ yenim sɛ Onyankopɔn Ahenni beyi ɔkɔm afi hɔ na nnipa mpempem pii a ɔkɔm kunkum wɔn no nyinaa bɛsan aba nkwa mu bio nti, ɛmaa yɛn werɛ kyekyee.

Yɛne Adansefo a wɔwɔ kurom hɔ no kɔkaa asɛm no bi kyerɛɛ nnipa a wɔte asafo no asasesin a wɔntaa nyɛ mu adwuma no mu no. Yetuu kar faa kwan ketewa bi so kɔɔ afie a esisi abotan so wɔ Ireland mpoano no mu. Ɛha nso, wɔn a wɔwɔ hɔ no anim tew na wɔpɛ nnipa. Sɛnea yɛyɛe wɔ Heir Island no, yɛka kyerɛɛ wɔn sɛ yɛbaa akwamma na yɛde bere no bi reka Bible mu asɛm a ɛma awerɛkyekye akyerɛ nkurɔfo.

Me maame kaa asɛm no bi kyerɛɛ ɔbea bi, na ɛhɔ ara na ogyee Ɔwɛn-Aban ne Nyan! Nna kakraa bi a yɛsan hyiaa no no, ɔka kyerɛɛ yɛn sɛ wakenkan nhoma no ama n’ani agye.

Ɔkae sɛ: “Mesrɛ mo, ɛyɛ a monsan mmrɛ me mo nhoma no bi na mommɛka asɛm no bi nkyerɛ me.” Yɛka kyerɛɛ no sɛ ɛrenkyɛ, yɛbɛsan akɔ yɛn kurom na mmom yɛbɛma obi aba ne nkyɛn.

Ɔkae sɛ: “Yoo, sɛ mosan ba ha a, mesrɛ mo mommra me nkyɛn. Irelandfo de, yɛn werɛ mfi nnipa!”

Akwamma no da a etwa to no, yɛne anuanom a wɔwɔ ɛhɔnom asafo no mu kɔɔ mpoano. Yɛtotoo kyinkyinka, na yɛnoaa adɔde; yɛkɔsesaw fii abotan a ɛwɔ mpoano hɔ no mu. Ɛwom, na ababaa no ntenaa akuraase da, nanso n’ani gyei papaapa!

Enti nnawɔtwe biako a midii wɔ Ireland no, mihuu no dɛn? Ɛyɛ akwamma a ɛkyɛn akwamma biara! Ɛwom sɛ nea mihui no maa m’ani gyei de, nanso nea ɛmaa m’ani gyei kɛse ne sɛ minim sɛ meyɛɛ biribi a Yehowa ani gye ho. Ɛyɛ me anigye sɛ meresom yɛn Nyankopɔn no. Sɛ wowɔ nnamfo pa ne abusuafo a wone wɔn kura botae koro na wone wɔn bom yɛ adwuma a, ɛma anigye no yɛ kɛse paa. Mikoduu me kurom no, medaa Yehowa ase sɛ wama manya nnamfo pii a wɔn nso som Onyankopɔn, na medaa no ase wɔ nneɛma a ɛyɛ fɛ a mikohui a me werɛ remfi da no ho.

[Mfonini Fibea wɔ kratafa 25]

An Post, Ireland