Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

So Wunim?

So Wunim?

So Wunim?

Adɛn nti na na Yudafo no anato a wɔde hu wɔn mmusua hia wɔn saa?

Ná mmusua anato ho kyerɛwtohɔ ho hia na ama wɔatumi ahu abusua a obiara fi mu. Ná ɛboa ma wotumi kyekyɛ nsase ne agyapade. Nanso na obiara abusua anato nhia te sɛ Mesia a wɔahyɛ ne ho bɔ no. Ná Yudafo no nim paa sɛ Mesia no bɛyɛ Dawid aseni a ofi Yuda abusuakuw mu.—Yohane 7:42.

Afei nso, nhomanimfo Joachim Jeremias ka sɛ “abusua a obi fi mu na ɛbɛkyerɛ sɛ obetumi ayɛ ɔsɔfo anaa Lewini, . . . enti na ehia sɛ wɔhwɛ yiye paa na abusua bi anato anyera.” Ansa na Israelni bea bɛware wɔ asɔfo abusua mu no, na wodi kan ma ɔde adanse bɛkyerɛ abusua a ofi mu sɛnea ɛbɛyɛ a asɔfo no renware abusua foforo biara mu. Nehemia bere so no, wɔkyerɛ sɛ Lewifo mmusua bi wɔ hɔ a wɔannye wɔn antom sɛ wɔyɛ Lewifo, efisɛ “wɔhwehwɛɛ kyerɛwtohɔ mu de pɛɛ mmusua a wofi mu nanso wɔanhu.”—Nehemia 7:61-65.

Bio nso, Mose Mmara no hyɛe sɛ “obiara a ɔyɛ aguaman ba” anaasɛ “Ammonni anaa Moabni biara ntumi mma Yehowa asafo mu.” (Deuteronomium 23:2, 3) Jeremias de ka ho sɛ, esiane eyi nti, “sɛ obi betumi anya hokwan bi sɛ Israel man ba a, gye sɛ otumi de biribi kyerɛ abusua pɔtee a ofi mu, na yebetumi agyina eyi so aka sɛ . . . Israelni a onnim hwee koraa no, ɛnyɛ ne nananom, na na obetumi nso akyerɛ mmusuakuw dumien no mu nea ofi mu.”

Ɔkwan bɛn na Yudafo no faa so yɛɛ wɔn anato no ho kyerɛwtohɔ na wɔkoraa so?

Nsɛmpa akyerɛwfo Mateo ne Luka kaa Yesu nananom anato ho asɛm kɔɔ akyiri. (Mateo 1:1-16; Luka 3:23-38) Wɔkoraa anato ho kyerɛwtohɔ afoforo bi nso so. Ɛho nhwɛso ne sɛ, nhoma bi a ɛkyerɛkyerɛ Yudafo ho nsɛm mu ka rabi bi a wɔfrɛ no Hillel a ɔtenaa ase wɔ Yesu bere so ho asɛm sɛ: “Wohuu nhoma mmobɔwee bi a anato ho nsɛm wom wɔ Yerusalem, na na wɔakyerɛw wom sɛ Hillel fi Dawid abusua mu.” Yudani abakɔsɛm kyerɛwfo Flavius Josephus a ɔtenaa ase wɔ asomafo no bere so no kae wɔ ne nhoma bi mu sɛ na ne nananom yɛ asɔfo, na na ne maame fi “adehye abusua mu.” (The Life) Ɔkae sɛ ohuu saa asɛm no wɔ “ɔman no kyerɛwtohɔ mu.”

Josephus ka wɔn a wɔde asɔfo mmusua ho kyerɛwtohɔ hyɛɛ wɔn nsa no ho asɛm wɔ ne nhoma bi mu sɛ ne man de adwuma no maa “mmarima a wɔn bra ye paa.” (Against Apion) Nhoma bi a agye din ka sɛ: “Ɛbɛyɛ sɛ na wɔhyɛ da yi ɔpanyin bi de kyerɛwtohɔ no hyɛ ne nsa, na woyii asɛnni baguafo bi wɔ Yerusalem a sɛ ɛho nsɛm bi sɔre a, wɔbɛhwɛ aka.” (The Jewish Encyclopedia) Yudafo a womfi asɔfo abusua mu no, na wɔkyerɛw wɔn din no wɔ wɔn papa kurom. (Luka 2:1-5) Ɛbɛyɛ sɛ saa ɔman kyerɛwtohɔ no na Nsɛmpa akyerɛwfo no hwɛɛ so. Ebetumi aba sɛ na mmusua bi nso yɛ wɔn ankasa kyerɛwtohɔ kora so.