Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Momfa Nkyerɛkyerɛ Mo Mma

Mfiase no Ɔyɛɛ Asoɔden Nanso Akyiri Yi Otiei

Mfiase no Ɔyɛɛ Asoɔden Nanso Akyiri Yi Otiei

WOAYƐ asoɔden pɛn? * Ebia woahwɛ television so dwumadi bi a wo maame anaa wo papa aka akyerɛ wo sɛ ɛnsɛ sɛ wohwɛ. Ebetumi aba sɛ akyiri yi a wudwen ho no, wunuu wo ho. Onipa biako a mfiase no ɔyɛɛ asoɔden na akyiri yi ɔyɛɛ osetie ne Naaman. Ma yɛnhwɛ sɛnea wɔboaa no ma ɔyɛɛ osetie.

Yɛmfa no sɛ mfe 3,000 a atwam ni no na yɛte ase. Ná Naaman yɛ Siriafo sahene a wobu no paa. Nea ɔbɛka sɛ n’asraafo nyɛ biara na wodi so. Nanso yare huhuuhu bi yɛɛ Naaman; wɔfrɛ yare no kwata. Ɛmaa ne ho yɛɛ tan, na ɛbɛyɛ sɛ ɔtee yaw paa.

Ná Naaman yere wɔ abaawa ketewa bi a ofi Israel. Da koro, ɔkaa ɔbarima bi a ɔwɔ ne kurom ho asɛm kyerɛɛ ne maame no; wɔfrɛ ɔbarima no Elisa. Abeawa no kae sɛ ɔbarima no betumi asa Naaman yare. Bere a Naaman tee asɛm no, ɛhɔ ara na ɔyɛe sɛ ɔbɛkɔ Elisa nkyɛn. Ɔfaa akyɛde pii na ɔne n’asraafo siim kɔɔ Israel. Ɔkɔɔ Israel hene nkyɛn kɔbɔɔ n’amanneɛ.

Elisa tee no, ɔsoma kɔka kyerɛɛ ɔhene no sɛ ɔmma Naaman mmra ne nkyɛn. Bere a Naaman beduu Elisa fie no, Elisa soma ma wɔkɔka kyerɛɛ Naaman wɔ abɔnten sɛ onkoguare mpɛn ason wɔ Asubɔnten Yordan mu. Elisa kae sɛ, sɛ ɔyɛ saa a ɛbɛma ne kwata no akɔ. Wususuw sɛ dɛn na Naaman bɛyɛ wɔ asɛm yi ho?

Ne bo fuwii. Ɔmaa n’aso yɛɛ den, na na ɔmpɛ sɛ obetie Onyankopɔn diyifo no. Ɔka kyerɛɛ n’asraafo no sɛ: ‘Nsubɔnten pii a ɛyɛ papa wɔ me kurom a metumi aguare mu.’ Naaman dan ne ho sɛ ɔresan n’akyi akɔ. Nanso wunim asɛm a n’asraafo no bisaa no?— ‘Sɛ ade kɛse bi na odiyifo no kae sɛ yɛ a, anka worenyɛ anaa? Ɛnde adɛn nti na wuntie ade ketewa a waka akyerɛ wo sɛ yɛ yi?’

Naaman tiee na ɔyɛɛ nea n’asraafo no kae no. Ɔkɔe kɔtɔɔ asubɔnten no mu mpɛn asia. Bere a Naaman tɔɔ nsu no mu nea ɛto so ason puei no, na ne yare no nyinaa kɔ; ɛyɛɛ no nwonwa papa! Ne ho atɔ no! Ɛhɔ ara na ɔsan twaa bɛyɛ kilomita 48 kɔɔ Elisa fie sɛ ɔrekɔ akɔda no ase. Ná ɔpɛ sɛ ɔma Elisa akyɛde a ne bo yɛ den, nanso odiyifo no annye biribiara.

Enti Naaman srɛɛ Elisa biribi. Wopɛ sɛ wuhu ade ko?— Ɔkae sɛ: ‘Ma memfa dɔte a mfurumpɔnkɔ abien betumi asoa nkɔ fie.’ Wunim nea enti a na ɔpɛ sɛ ɔyɛ saa?— Naaman kae sɛ ɔpɛ sɛ ɔbɔ afɔre ma Onyankopɔn wɔ Onyankopɔn man Israel asase so. Afei Naaman hyɛɛ bɔ sɛ ɔrensom onyame foforo biara bio, gye sɛ Yehowa! Wagyae asoɔden no, na afei de ɔpɛ sɛ otie nokware Nyankopɔn no.

Wuhu sɛ wubetumi ayɛ sɛ Naaman anaa?— Sɛ wo nso woyɛ asoɔden te sɛ ɔno a, wubetumi asesa. Sɛ woma wɔboa wo a, worenyɛ asoɔden no bio.

Kenkan wɔ wo Bible mu

^ nky. 3 Sɛ worekenkan akyerɛ abofra na wuhu sɛ wɔasan baabi sei (—) a, ɛkyerɛ sɛ gyina na ma abofra no nkyerɛ n’adwene.