Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Asetenam Nsɛm

Nea ‘Yɛasua’ Afi Yɛn Som Mu

Nea ‘Yɛasua’ Afi Yɛn Som Mu

Olivier Randriamora anom asɛm

“Minim sɛnea wodi hia ankasa, na minim sɛnea wonya ma ebu so nso. Biribiara ne tebea biara mu no, masua ɔmee ne ɔkɔm nyinaa . . . Ade nyinaa mu mewɔ ahoɔden, nea ɔhyɛ me den no nti.”—Filip. 4:12, 13.

ƆSOMAFO Paulo asɛm yi ahyɛ me ne me yere Oly nkuran paa. Me ne me yere resom wɔ Madagascar, na ‘yɛasua’ sɛ yɛde yɛn ho nyinaa bɛto Yehowa so sɛnea Paulo yɛe no.

Yehowa Adansefo ne Oly maame fii ase suaa Bible afe 1982 mu. Saa bere no na me ne Oly ayɛ nhyehyɛe sɛ yɛbɛware. Me nso mifii ase suaa Bible na akyiri yi Oly bɛkaa me ho. Yɛwaree 1983 na yɛbɔɔ asu 1985. Ankyɛ koraa na yɛyɛɛ akwampae boafo, na yɛbɛyɛɛ daa akwampaefo July 1986.

Yɛbɛyɛɛ akwampaefo titiriw September 1987. Wɔde yɛn dii kan kɔɔ kurow ketewa bi mu wɔ Madagascar atifi fam, na saa bere no na asafo biara nni hɔ. Mmusuakuw bɛyɛ 18 ne ntɔn pii wɔ Madagascar ma enti wɔn amanneɛ ne wɔn amammerɛ gu ahorow. Malagasy ne kasa titiriw a wɔka wɔ ɔman no mu, nanso baabiara ne sɛnea wɔka kasa no. Enti yefii ase suaa kasa a wɔka wɔ baabi a na yɛresom no, na ɛno maa kurom hɔfo gyee yɛn toom.

Yɛkɔɔ hɔ foforo no, yɛn nkutoo na na yɛyɛ asafo nhyiam. Kwasida biara na mema baguam kasa, na miwie a na Oly abɔ ne nsam. Ná yɛyɛ Teokrase Ɔsom Sukuu no nyinaa nso. Esiane sɛ na obi foforo biara nka yɛn ho nti, sɛ Oly reyɛ dwumadi bi a na ɔfa no sɛ ofiewura bi te n’anim a ɔne no reyɛ. Ɔmansin sohwɛfo bɛsraa yɛn na ɔka kyerɛɛ yɛn sɛ yɛnsesa ɔkwan a yɛfa so yɛ nhyiam ahorow no. Ná ɛte sɛ nea adesoa bi afi yɛn so!

Saa bere no na wɔde krataa mena a ennu ntɛm, enti na yɛn nsa ntaa nka sika a wɔde ma yɛn bosome biara no bere ano. Enti yesuaa sɛnea wodi hia ankasa. Da bi na yɛrebɛkɔ ɔmansin nhyiam na na yenni kar sika. Ná efi baabi a yɛwɔ rekɔ hɔ yɛ akwansin 80 (kilomita 130). Afei yɛkaee afotu bi a onua bi de maa yɛn. Ɔka kyerɛɛ yɛn sɛ: “Monka mo haw nkyerɛ Yehowa efisɛ ɛyɛ n’adwuma na moreyɛ.” Enti yɛbɔɔ mpae, na yɛyɛe sɛ yɛbɛfa fam akɔ. Nanso bere a yɛyɛe sɛ yɛrebesim no ara na onua bi bɛsraa yɛn na ɔmaa yɛn sika. Ná esi kar sika no ano pɛpɛɛpɛ!

ƆMANSIN ADWUMA

Wɔpaw me sɛ ɔmansin sohwɛfo February 1991. Saa bere no, na yɛanya adawurubɔfo 9, na na wɔn mu 3 abɔ asu. Yɛkɔ adesua a na yenya nnipa bɛyɛ 50. Bere a wɔtetee me ɔmansin adwuma no mu wiei no, yɛkɔsom ɔmansin bi wɔ ɔman no ahenkurow Antananarivo mu. Afe 1993 mu no, woyii yɛn kɔɔ ɔmansin foforo mu wɔ ɔman no apuei fam. Ná ɛsono hɔ asetena koraa.

Ná yɛfa kwaebirentuw mu bɔ mmepɔw ansa na yɛakɔsom asafo ne akuw ahorow. Ɛtɔ bere bi a na yetwa akwansin 90 (kilomita 145). Enti sɛ yɛnam a, na yɛfa nneɛma kakraa bi. Saa bere no, sɛ ɔmansin sohwɛfo ma ɔkasa a, ɛtɔ da bi a na woyi sini. Ɛba saa a, ɛnde yɛyɛ dɛn ara yɛn nneɛma bɛdɔɔso. Oly soa afiri a yɛde yi sini no na me nso masoa kar batere.

Sɛ yefi asafo biako mu rekɔ foforo mu a, na yɛtaa twa akwansin 25 (kilomita 40) da koro. Ná yɛforo bepɔw sian, na yetwa nsu wɔ atɛkyɛ ansa na yɛadu baabi a yɛrekɔ. Ɛtɔ da bi a na yɛda kwankyɛn, nanso mpɛn pii no na yɛbɔ mmɔden sɛ yebenya akuraa bi ase asoɛ. Edu mmere bi a na yɛsrɛ nkurɔfo a yennim wɔn koraa sɛ wɔmma yɛn baabi nna. Sɛ yenya baabi tena a, afei na yɛahwɛ nea yebedi. Ná Oly fɛm ahina de kɔ nsu; asubɔnten oo ɔtare oo, nea ɛbɛn hɔ biara ɔkɔ hɔ. Sɛ ɔkɔ a, na me nso masrɛ akuma de apae gya a yɛde bɛnoa aduan. Ná ne nyinaa gye bere. Ɛtɔ bere bi a na yɛtɔ akokɔ kum de yɛ aduan.

Yedidi wie a, yɛkɔ nsu de guare. Ɛtɔ da bi a na yɛda gyaade. Sɛ osu tɔ a, na yɛtweri dan no ho da na nsu no annwini angu yɛn so.

Baabi a yɛbɛsoɛ biara na yɛbɔ mmɔden sɛ yebedi adanse wɔ fie hɔ. Afei yɛyɛ brɛbrɛ kodu anuanom nkyɛn a, na woyi wɔn yam hwɛ yɛn ma ɛyɛ fɛ kwa. Sɛ yɛhwɛ anigye a anuanom de gye yɛn no a, na yɛn werɛ afi yɛn brɛ koraa.

Sɛ yɛtena anuanom fie a, na yɛboa wɔn fie adeyɛ. Yɛyɛ saa a, ɛma wonya kwan ne yɛn kɔ asɛnka. Enti yɛanhwɛ kwan sɛ anuanom betiti wɔn mmɔwerɛw mu ayeyɛ nneɛma akɛse anaa wɔama yɛn nnuan sɔkyee.

YƐKƆSRASRAA ANUANOM WƆ NKURAASE

Ná yɛn ani gye ho sɛ yɛbɛsrasra anuanom a wɔwɔ nkuraase, na yɛbɛkɔ akodu hɔ no, na anuanom ahyehyɛ dwuma a yebedi nyinaa ato hɔ dedaw. Ná yennya yɛn ho twabere koraa, na ɛtɔ da bi a na yennya kwan “nhome kakra” mpo. (Mar. 6:31) Beae biako a yɛkɔe no, na Adansefo awarefo bi ato nsa afrɛ wɔn Bible asuafo 40 sɛ wɔmmra wɔn fie na yɛne wɔn nsua ade. Oly ne onuawa no ne Bible asuafo bɛyɛ 20 suaa ade, ɛnna me nso me ne ne kunu ne asuafo 20 a wɔaka no yɛɛ adesua. Sɛ osuani biako wie a, yɛnhome koraa na ɔfoforo di so. Edu baabi a na yɛagyae ayɛ asafo nhyiam, na ɛno akyi no na yɛasan atoa Bible adesua no so. Ná adesua yi tumi toam ara kosi anwummere nnɔnwɔtwe!

Bere a yɛkɔsraa kuw foforo no, anɔpa nnɔnwɔtwe yɛn nyinaa de yɛn ani kyerɛɛ akuraa bi a ɛbɛn hɔ ase. Ná yɛn nyinaa hyehyɛ ntade dedaw a yebetumi de afa wuram. Yɛfaa kwae mu araa kosii sɛ yekoduu akuraa no ase owigyinae. Yeduu hɔ ara na yɛsesaa yɛn ntade fii ase kaa asɛm no. Na adawurubɔfo no dɔɔso, nanso na adan a ɛwɔ hɔ sua. Enti yɛde bɛyɛ simma 30 pɛ na ɛkaa asɛm no wɔ akuraa no ase nyinaa. Afei yɛde yɛn ani kyerɛ akuraa foforo ase. Yɛkaa asɛm no wɔ hɔ wiei no, na aka sɛ yɛbɛsan atwa kwan aba fie. Mfiase no, yɛn abam bui efisɛ na yɛde bere pii atwa kwan, nanso dɔnhwerew biako pɛ bi na yɛde kaa asɛm no. Nanso anuanom a wɔwɔ hɔ no de, na eyi nyɛ wɔn asɛm. Wɔn ani gyei.

Ná anuanom kakra wɔ Taviranambo a wɔte bepɔw bi so. Yɛkɔtoo Adansefo abusua bi sɛ wɔte dankora mu wɔ hɔ. Ná ɔdan ketewa bi bɛn hɔ a wɔkɔ adesua wom. Ɛhɔ ara na onua a yɛne no nam no teɛɛm sɛ, “Anuanom ee!” Ɛnna obi gyee so fii bepɔw no fã foforo “Yee!” Onua a yɛne no nam no san kae sɛ, “Ɔmansin sohwɛfo aba oo!” Wogyee so sɛ, “Yoo!” Obiara a ɔbɛte biara na ɔno nso ateɛm aka akyerɛ nea ɔtoa so kosii sɛ wɔn a wɔte akyirikyiri no tee. Ankyɛ koraa na nkurɔfo fii ase behyiae, na bere a yefii adesua ase no na nnipa bɛboro 100 na aba.

AKWANTU MU NSƐNNENNEN

Afe 1996 mu no, woyii yɛn kɔɔ ɔmansin foforo a ɛbɛn Antananarivo. Ná ɛhɔ nso wɔ ne haw. Na ɛyɛ den sɛ wubenya kar akɔ nkurankura a ɛbemmɛn hɔ no. Da bi na yɛreyɛ nhyehyɛe akɔsra kuw bi a ɛwɔ Beankàna (Besakay). Efi Antananarivo rekɔ hɔ bɛyɛ akwansin 150 (kilomita 240). Yehuu lɔre bi a na ɛrekɔ saa akuraa no ase; yebisaa drɔba no nea obegye na yɛforoo kar no. Ná nnipa bɛyɛ 30 wɔ kar no mu dedaw; na ebinom tete so, ɛnna ebi tetare ho.

Kar no koduu baabi na egyee ne ho; na eyi nyɛ yɛn ade foforo. Enti afei na ɛsɛ sɛ yɛde to fam. Bere a yɛnantew nnɔnhwerew kakra no, lɔre bi yii ne ti. Na nnipa ne nneɛma abɔ no ma be, nanso drɔba no gyina ma yɛforoe. Ná baabiara nni hɔ a yɛbɛtena enti yegyinaa ntenten. Yekoduu asubɔnten bi ho, na na ɛtwene a ɛda so no asɛe. Enti yɛsan de too fam bio kosii sɛ yeduu akuraa bi ase. Ná akwampaefo titiriw bi wɔ hɔ. Ná ɛnyɛ ɛhɔ ankasa na yɛrekɔ nanso yɛne wɔn kaa asɛm no wɔ hɔ. Saa bere no nyinaa na yɛretwɛn sɛ wobesiesie ɛtwene no ma kar foforo aba.

Egyee dapɛn biako ansa na kar foforo reba ma yɛatoa akwantu no so. Ná ɔkwan no mu atwitwa mmonkyemmɔnka. Kar no kodu baabi a, na ɛsɛ sɛ yesi bobɔw yɛn trɔsa pia fa nsu mu, na mereka yi wobɛhwɛ na obi apatiriw, na ɔnyɛ nna wɔ fam. Bere a anim retetew no yekoduu akuraa bi ase, na yesii. Afei yɛkɔfaa ɛmofuw bi mu de yɛn ani kyerɛɛ baabi a yɛrekɔsom no. Ná ɛhɔ yɛ aforɔ, na atɛkyɛ bi a yɛwɔe no nyɛ adewa; na ɛremene yɛn ara ne sa.

Ná eyi ne bere a edi kan a yɛrekɔ hɔ, enti yɛyɛe sɛ yebedi akuafo a wɔwɔ ɛmofuw no mu adanse na yɛabisa Adansefo a wɔwɔ mpɔtam hɔ no akyi kwan. Yɛnkɔhwɛ a, sɛɛ wɔn a wɔreyɛ adwuma wɔ hɔ no yɛ yɛn nuanom! Afei bɛhwɛ anigye!

YƐHYƐƐ AFOFORO NKURAN SƐ WƆNYƐ BERE NYINAA SOM ADWUMA

Sɛ yɛne anuanom bɔ a yɛhyɛ wɔn nkuran sɛ wonsusuw bere nyinaa som adwuma no ho. Sɛ yehu sɛ wɔatie agu aso pa mu a, yɛn ani gye paa. Nhwɛso bi ni: Bere bi yɛkɔsraa asafo bi, na na daa akwampaefo baakron na wɔwom. Yɛhyɛɛ ɔkwampaefo biara nkuran sɛ ɔmfa nyɛ ne botae sɛ ɔbɛboa ɔdawurubɔfo biako ma ɔno nso abɛyɛ ɔkwampaefo. Asram asia akyi a yɛsan kɔsraa wɔn no, na daa akwampaefo no dodow adu 22. Ná anuanom mmea baanu bi wɔ asafo no mu a wɔyɛ akwampaefo, na obiara hyɛɛ ne papa nkuran ma ɔbɛyɛɛ daa kwampaefo. Ná wɔyɛ asafo mu mpanyimfo, na wɔn nso hyɛɛ ɔpanyin foforo nkuran ma ɔbɛyɛɛ daa kwampaefo. Ankyɛ na wɔpaw ɔpanyin foforo yi sɛ ɔkwampaefo titiriw. Akyiri yi ɔbɛyɛɛ ɔmansin sohwɛfo, na ɔne ne yere srasraa asafo ahorow. Na mpanyimfo baanu a wodi kan no nso ɛ? Obiako yɛ ɔmansin sohwɛfo, na nea ɔka ho no nso boa ma wosisi Ahenni Asa.

Daa yɛda Yehowa ase, efisɛ ɛnyɛ ɔno a anka yɛrentumi nnya ahoɔden nyɛ hwee. Ɛtɔ bere bi a yɛte nka sɛ yɛabrɛ na yare nso nyae yɛn, nanso sɛ yɛhwɛ nea afi yɛn som adwuma mu aba a, yɛn ani gye. Yehowa hyira n’adwuma so ma ɛsow aba. Seesei yɛresom sɛ akwampaefo titiriw, na yɛn ani agye sɛ Yehowa ama yɛn saa akwannya no. Nokwasɛm ni, ‘yɛasua’ sɛ yɛde yɛn ho bɛto Yehowa so; ɔno na ‘ɔhyɛ yɛn den.’

[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 6]

‘Yɛasua’ sɛ yɛde yɛn ho bɛto Yehowa so

[Asase Mfonini/​Mfonini wɔ kratafa 4]

Madagascar yɛ ɔman a wɔsan frɛ no Supɔw Kɛse Kɔkɔɔ. Yɛreka supɔw akɛse a ɛwɔ asase so a, ɛto so anan. Ɛyɛ asase kɔkɔɔ, na mmoa ne nnua pii wɔ wiase a ɛhɔ nkutoo na wubehu bi

[Kratafa 5 mfonini]

Yɛyɛ Bible adesua ma yɛn ani gye

[Kratafa 5 mfonini]

Na yɛn nsɛnnennen biako paa ne akwantu