Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Yehowa Na “Oyi Ahintasɛm Adi”

Yehowa Na “Oyi Ahintasɛm Adi”

Yehowa Na “Oyi Ahintasɛm Adi”

“Ampa ara, mo Nyankopɔn no yɛ anyame mu Nyame ne ahene Wura ne Nea oyi ahintasɛm adi.”—DAN. 2:47.

WUBEBUA DƐN?

Nneɛma a ebesisi daakye bɛn na Yehowa ayi no adi akyerɛ yɛn?

Aboa no ti asia a edi kan no gyina hɔ ma dɛn?

Nneɛma bɛn na edi nsɛ wɔ aboa no ne ohoni a Nebukadnesar hui no mu?

1, 2. Dɛn na Yehowa ayi no adi akyerɛ yɛn, na dɛn nti na wayɛ saa?

SƐ ONYANKOPƆN Ahenni ba sɛ ɛrebebubu nnipa nniso a, wiase tumidi bɛn na ɛbɛba abɛto no? Yenim mmuae no, efisɛ Yehowa Nyankopɔn a “oyi ahintasɛm adi” no abue so akyerɛ yɛn. Nsɛm a ɔmaa odiyifo Daniel ne ɔsomafo Yohane kyerɛwee no ma yehu saa tumidi no.

2 Yehowa maa saa mmarima yi huu mmoa bi wɔ anisoadehu mu, na na wɔbɛba nnidiso nnidiso. Ɔsan maa Daniel huu nea ohoni kɛse bi kyerɛ. Yehowa ma wɔkyerɛw saa nsɛm no too hɔ na wɔakora so wɔ Bible mu ama yɛn. (Rom. 15:4) Ɔyɛɛ saa sɛnea ɛbɛyɛ a yebenya anidaso kɛse sɛ ɛrenkyɛ n’Ahenni bebubu nnipa nniso nyinaa.—Dan. 2:44.

3. Sɛ yɛbɛte Bible mu nkɔmhyɛ ase yiye a, dɛn na ɛsɛ sɛ yedi kan te ase, na dɛn ntia?

3 Daniel ne Yohane nkɔmhyɛ no ma yehu ahene baawɔtwe ne sɛnea wobedidi so aba. Ahene yi gyina hɔ ma nnipa nniso. Sɛ yebetumi ate saa nkɔmhyɛ no ase yiye a, ɛsɛ sɛ yɛte nkɔmhyɛ a edi kan wɔ Bible mu no ase. Dɛn ntia? Efisɛ ɛno ne Bible mũ no nyinaa fapem, na nkɔmhyɛ foforo aka nyinaa bobare ho.

ƆWƆ NO ASENI NE ABOA NO

4. Henanom na wɔbom yɛ ɔbea no aseni no, na dɛn na saa aseni no bɛyɛ?

4 Bere a wɔtew atua wɔ Eden no, ankyɛ koraa na Yehowa hyɛɛ bɔ sɛ “ɔbea” bi bɛwo ‘aseni’ bi. * (Monkenkan Genesis 3:15.) Ná saa aseni no bɛbɔ ɔwɔ a ogyina hɔ ma Satan no ti. Akyiri yi Yehowa daa no adi sɛ aseni no befi Abraham mu na aba, ɔbɛyɛ Israelni a ofi Yuda abusua mu, ne Ɔhene Dawid aseni. (Gen. 22:15-18; 49:10; Dw. 89:3, 4; Luka 1:30-33) Aseni no ankasa ne Kristo Yesu. (Gal. 3:16) Wɔn nso a wɔka aseni no ho ne Kristofo a wɔde honhom asra wɔn asafo no. (Gal. 3:26-29) Yesu ne wɔn a wɔde honhom asra wɔn yi na wɔbom yɛ Onyankopɔn Ahenni no, na Onyankopɔn nam Ahenni yi so bɛpɛtɛw Satan.—Luka 12:32; Rom. 16:20.

5, 6. (a) Tumidi akɛse ahe na Daniel ne Yohane kaa ho asɛm? (b) Aboa a Adiyisɛm nhoma no ka ne ho asɛm no ti ahorow no gyina hɔ ma dɛn?

5 Nkɔm a Yehowa dii kan hyɛe wɔ Eden no kyerɛe nso sɛ Satan benya ‘aseni.’ Satan aseni no bɛtan ɔbea no aseni no, na wakyi no kɔkɔɔkɔ. Henanom na wɔbom yɛ ɔwɔ no aseni no? Eyinom ne wɔn a wɔtan Onyankopɔn na wɔko tia Onyankopɔn nkurɔfo sɛnea Satan yɛ no. Efi tete besi nnɛ nyinaa, Satan de n’asefo ahyehyɛ amammui nniso anaa ahenni ahorow. (Luka 4:5, 6) Nnipa nniso yi bi ako atia Onyankopɔn nkurɔfo tee; wɔko tiaa Israel man ne Kristofo a wɔasra wɔn asafo no. Dɛn nti na ehia sɛ yehu eyi? Efisɛ ɛma yehu nea enti a Daniel ne Yohane anisoadehu no kaa saa tumidi akɛse yi mu awotwe pɛ ho asɛm.

6 Bɛyɛ mfe mpem abien ni, Yesu maa ɔsomafo Yohane nyaa anisoadehu ahorow a ɛyɛ nwonwa. (Adi. 1:1) Emu biako mu no, Yohane huu ɔtweaseɛ bi sɛ ogyina mpoano baabi. Saa ɔtweaseɛ no gyina hɔ ma Ɔbonsam. (Monkenkan Adiyisɛm 13:1, 2.) Yohane san huu aboa bi a ne ho yɛ hu sɛ ofi ɛpo mu reba, na Ɔbonsam maa no tumi kɛse. Akyiri yi Yohane huu aboa kɔkɔɔ bi a ɔwɔ ti ason a ɔyɛ aboa a ɔwɔ Adiyisɛm 13:1 no honi. Ɔbɔfo bi ka kyerɛɛ Yohane sɛ aboa kɔkɔɔ no ti ason no gyina hɔ ma “ahene” anaa nniso “baason.” (Adi. 13:14, 15; 17:3, 9, 10) Bere a Yohane rekyerɛw saa asɛm no, na nniso anum ahwe ase dedaw, na biako redi tumi, na na biako “nnya mmae.” Ahenni anaa wiase nniso bɛn na na ɔreka ho asɛm? Momma yɛnhwɛ aboa a wɔka ne ho asɛm wɔ Adiyisɛm nhoma no mu, na yɛnhwɛ nea aboa no ti biara kyerɛ. Yebenya nniso yi ho nsɛm pii nso afi Daniel nhoma no mu. Daniel nkɔmhyɛ no kaa nniso yi bi ho asɛm mfe bebree ansa na wɔreyi wɔn ti.

NE TI A EDI KAN NE NEA ƐTO SO ABIEN NO NE EGYPT NE ASIRIA

7. Aboa no ti a edi kan no gyina hɔ ma dɛn, na dɛn ntia?

7 Aboa no ti a edi kan no gyina hɔ ma Egypt. Dɛn ntia? Efisɛ Egypt ne wiase tumidi a edi kan a etuu n’ani sii Onyankopɔn nkurɔfo so. Onyankopɔn hyɛɛ Abraham bɔ sɛ n’asefo mu na ɔbea no aseni no befi aba. Ná Israelfo yɛ Abraham asefo, na bere a wɔwɔ Egypt no, wɔyɛɛ bebree wɔ hɔ. Enti Egypt teetee wɔn. Satan bɔɔ mmɔden sɛ ɔbɛtɔre Onyankopɔn nkurɔfo ase na aseni no amma. Ɔkwan bɛn so? Opiapiaa Farao sɛ onkunkum Israelfo mmarimaa nyinaa. Nanso Yehowa siw ano na ogyee ne nkurɔfo fii Egypt nkoasom mu. (Ex. 1:15-20; 14:13) Akyiri yi ɔde Bɔhyɛ Asase no maa Israelfo no.

8. Aboa no ti a ɛto so abien no gyina hɔ ma dɛn, na dɛn na ɛbɔɔ mmɔden sɛ ɛbɛyɛ?

8 Aboa no ti a ɛto so abien no gyina hɔ ma Asiria. Saa Ahenni yi nso bɔɔ mmɔden sɛ ɛbɛtɔre Onyankopɔn nkurɔfo ase. Yehowa nam Asiria so twee Israel mmusuakuw du no aso esiane wɔn abosonsom ne wɔn atuatew nti. Nanso Asiria kɔtow hyɛɛ Yerusalem nso so. Ebia na Satan adwene ne sɛ ɔbɛtɔre adehye abusua a na Yesu befi mu aba no ase. Ná Yehowa mpɛ sɛ wɔsɛe Yerusalem, enti ɔsɛee Asiriafo no na ogyee ne nkurɔfo anokwafo.—2 Ahe. 19:32-35; Yes. 10:5, 6, 12-15.

NE TI A ƐTO SO ABIƐSA NE BABILON

9, 10. (a) Dɛn na Yehowa maa Babilonfo no yɛe? (b) Dɛn na na ɛsɛ sɛ esi na ama nkɔmhyɛ bi abam?

9 Aboa a Yohane hui no ti a ɛto so abiɛsa no gyina hɔ ma Babilon Ahemman no. Yehowa maa Babilonfo sɛee Yerusalem na wɔsoaa ne nkurɔfo kɔyɛɛ nkoa. Ná Yehowa adi kan aka akyerɛ Israelfo no sɛ wɔn atuatew nti biribi a ɛte saa bɛba wɔn so. (2 Ahe. 20:16-18) Yehowa san ka kyerɛɛ Israelfo sɛ ɔremma wɔn ahene ntena ‘n’ahengua’ so bio wɔ Yerusalem. (1 Be. 29:23) Nanso Yehowa hyɛɛ bɔ sɛ Ɔhene Dawid aseni bi bɛba abedi ade efisɛ ɔno na “ɛyɛ ne dea.”—Hes. 21:25-27.

10 Nkɔmhyɛ foforo ma yehu sɛ bere a Mesia a wɔahyɛ ne ho bɔ anaa Nea Wɔasra No no bɛba no, na Yudafo da so ara resom wɔ Yerusalem asɔrefie hɔ. (Dan. 9:24-27) Ansa na Israelfo rekɔyɛ nkoa wɔ Babilon no, na wɔahyɛ nkɔm sɛ wɔbɛwo Mesia no wɔ Betlehem. (Mika 5:2) Sɛ nkɔmhyɛ yi bɛbam a, na ɛsɛ sɛ wogye Yudafo no fi nkoasom mu ma wɔba wɔn kurom na wɔsan besi asɔrefie no. Nanso na ɛnyɛ Babilonfo ani so a; wɔmma wɔn nkoa mfa wɔn ho nni. Ɛnde na ɛbɛyɛ dɛn na Onyankopɔn nkurɔfo atumi akɔ wɔn kurom? Yehowa maa n’adiyifo huu nea ɔbɛyɛ.—Amos 3:7.

11. Agyiraehyɛde ahorow bɛn na wɔde gyinaa hɔ maa Babilon Ahemman no? (Hwɛ asehɔ asɛm no.)

11 Ná odiyifo Daniel ka Israelfo a wɔkɔyɛɛ nkoa wɔ Babilon no ho. (Dan. 1:1-6) Yehowa maa Daniel hui sɛ Babilon akyi no, wiase tumidi foforo bedidi so aba. Yehowa nam agyiraehyɛde ahorow so na ɛyɛɛ saa. Nhwɛso biako ne sɛ ɔmaa Babilon hene Nebukadnesar soo dae huu ohoni kɛse bi a ɛwɔ afã horow. (Monkenkan Daniel 2:1, 19, 31-38.) Ná ohoni no ti yɛ sika kɔkɔɔ, na Yehowa nam Daniel so kyerɛe sɛ egyina hɔ ma Babilon Ahemman no. * Ná ne koko ne n’abasa yɛ dwetɛ, na na egyina hɔ ma wiase tumidi a ɛbɛba wɔ Babilon akyi. Ná ɛbɛyɛ wiase tumidi bɛn, na ɔkwan bɛn so na na ɛne Onyankopɔn nkurɔfo bedi?

NE TI A ƐTO SO ANAN GYINA HƆ MA MEDO-PERSIA

12, 13. (a) Dɛn na Yehowa ka faa nniso a ebetu Babilon agu no ho? (b) Dɛn nti na yebetumi aka sɛ aboa no ti a ɛto so anan no ne Medo-Persia?

12 Bɛboro mfe ɔha ansa na Daniel reba no, Yehowa yii wiase tumidi a ebetu Babilon agu ho nsɛm kyerɛɛ odiyifo Yesaia. Yehowa kyerɛɛ ɔkwan a wɔbɛfa so atu Babilon agu na ɔbɔɔ onii ko a obedi anim mpo din. Ná saa onii no ne Persiani Kores. (Yes. 44:28–45:2) Yehowa maa Daniel nyaa anisoadehu foforo abien a ɛfa Medo-Persia Wiase Tumidi ho. Anisoadehu biako mu no, wɔde osisi bi a ‘ɔtɔ kɔ ɔfã biako’ gyinaa hɔ maa saa wiase tumidi yi. Wɔka kyerɛɛ no sɛ ‘onni nam bebree.’ (Dan. 7:5) Anisoadehu foforo mu no, Daniel huu odwennini a ɔwɔ mmɛn abien. Ná eyi nso gyina hɔ ma saa wiase tumidi no.—Dan. 8:3, 20.

13 Yehowa de Medo-Persia Ahemman no yɛɛ adwuma maa nkɔmhyɛ bi baa mu. Nea ɔyɛe ne sɛ ɔma wotuu Babilon gui na ɔmaa Israelfo no san kɔɔ wɔn kurom. (2 Be. 36:22, 23) Nanso akyiri yi Medo-Persia Ahemman no pɛe mpo sɛ ɛtɔre Onyankopɔn nkurɔfo ase. Bible nhoma a ɛne Ester ma yehu sɛ owura bi a wɔfrɛ no Haman a na ɔyɛ Persia soafo panyin no bɔɔ pɔw bɔne bi. Ɔhyɛe sɛ wɔntɔre Yudafo a wɔtete Persia Ahemman no mu baabiara ase, na ɔhyɛɛ da pɔtee a wɔbɛyɛ saa. Sɛ ɛnyɛ Yehowa na ɔde ne ho gyee mu a, anka Satan aseni no tɔree ne nkurɔfo ase. (Ester 1:1-3; 3:8, 9; 8:3, 9-14) Enti yebetumi aka sɛ aboa a Adiyisɛm nhoma no ka ne ho asɛm no ti a ɛto so anan no ne Medo-Persia.

NE TI A ƐTO SO ANUM NE HELA

14, 15. Tete Hela Ahemman no ho nsɛm bɛn na Yehowa daa no adi?

14 Aboa a Adiyisɛm nhoma no ka ne ho asɛm no ti a ɛto so anum no gyina hɔ ma Hela anaa Greece. Bere a Nebukadnesar soo dae no, Daniel kae sɛ ohoni no yafunu ne n’asrɛ a ɛyɛ kɔbere no gyina hɔ ma Hela Ahemman no. Daniel nyaa anisoadehu foforo abien a ɛma yehu nsɛm pii fa Hela Ahemman no ne ne sodifo kɛse bi ho.

15 Anisoadehu biako mu no, Daniel huu ɔsebɔ a ɔwɔ ntaban anan. Ná aboa yi gyina hɔ ma Hela, na na obetwiw afa aman afoforo so. (Dan. 7:6) Anisoadehu foforo mu nso, Daniel huu ɔpapo bi a ɔwɔ abɛn kɛse wɔ n’ani ntam, na ɔde ahoɔhare kum odwennini a ɔwɔ mmɛn abien no. Na odwennini no gyina hɔ ma Medo-Persia. Yehowa ka kyerɛɛ Daniel sɛ ɔpapo no gyina hɔ ma Hela, ɛnna n’abɛn kɛse no gyina hɔ ma Hela ahene no biako. Daniel san kyerɛwee sɛ abɛn kɛse no bebu na nketewa anan afifi asi ananmu. Wɔhyɛɛ saa nkɔm no, mfe pii twam ansa na Hela wiase tumidi no reba, nanso nkɔmhyɛ no mu asɛm biako mpo antɔ fam. Ná abɛn kɛse no gyina hɔ ma Alexander Ɔkɛseɛ. Ɔno ne ɔhene titiriw a odii tete Hela Ahemman no anim tuu Medo-Persia gui. Nanso bere a odii mfe 32 a ne tumi adu ne mpɔmpɔnso no, owui mpofirim. Bere a Alexander wui no, yɛbɛka a, na abɛn kɛse no abu. Ɛno akyi no, n’ahenni mu paapae na n’asahene baanan kyɛ fae.—Monkenkan Daniel 8:20-22.

16. Dɛn na Antiochus a Ɔto So Anan no yɛe?

16 Bere a Hela tuu Persia gui no, edii Onyankopɔn nkurɔfo so. Saa bere yi na Yudafo no akɔtena Bɔhyɛ Asase no so asan asi asɔrefie no wɔ Yerusalem. Ná wɔda so ara yɛ Onyankopɔn nkurɔfo, na na asɔrefie hɔ ara na wɔda so som Onyankopɔn. Nanso bɛyɛ mfe 168 ansa na Kristo reba no, aboa no ti a ɛto so anum a egyina hɔ ma Hela no kɔtow hyɛɛ Onyankopɔn nkurɔfo so. Bere a Alexander ahemman no mu paapae no, na Antiochus a Ɔto So Anan ka wɔn a wɔkyɛ fae no ho. Osii afɔremuka wɔ baabi a Yerusalem asɔrefie no wɔ yɛɛ abosonne wɔ so, na ɔhyɛɛ mmara sɛ wonkum obiara a ɔde ne ho bɛhyɛ Yudafo som mu. Eyi yɛ adanse foforo a ɛkyerɛ sɛ Satan aseni anaa n’asefo no kyi Onyankopɔn nkurɔfo kɔkɔɔkɔ! Nanso ankyɛ na wiase tumidi foforo betuu Hela gui. Ɛnde, na aboa no ti a ɛto so asia no bɛyɛ nniso bɛn?

ROMA​—ABOA NO TI A ƐTO SO ASIA A “NE HO YƐ HU”

17. Dɛn paa na aboa no ti a ɛto so asia no yɛ maa Genesis 3:15 baam?

17 Bere a Yohane huu aboa no wɔ anisoadehu mu no, na Roma ne wiase tumidi a ɛwɔ hɔ. (Adi. 17:10) Ná Roma ne aboa no ti a ɛto so asia, na ɛboae paa ma nkɔmhyɛ a ɛwɔ Genesis 3:15 no baam. Satan nam Roma mpanyimfo so kaa aseni no “nantin.” Ɔkwan bɛn so na ɛbaa saa? Romafo no bɔɔ Yesu sobo sɛ ɔyɛ ɔmammɔfo na wokum no. (Mat. 27:26) Nanso ankyɛ na saa kuru no wui efisɛ Yehowa nyanee Yesu.

18. (a) Ɔman foforo bɛn na Yehowa pawee, na dɛn ntia? (b) Ɔkwan bɛn so na ɔwɔ no aseni no kɔɔ so tuu n’ani sii ɔbea no aseni no so?

18 Israel nyamesom akannifo no ne Roma yɛɛ biako ko tiaa Yesu, na Israelfo dodow no ara nso poo no. Enti Yehowa poo Israel man no. (Mat. 23:38; Aso. 2:22, 23) Ɔpaw ɔman foforo a Bible frɛ no “Onyankopɔn Israel.” (Gal. 3:26-29; 6:16) Ná saa ɔman no ne Kristofo a wɔasra wɔn asafo no; Yudafo ne Amanaman Mufo na na wɔwɔ asafo no mu. (Efe. 2:11-18) Yesu wu ne ne wusɔre akyi no, ɔwɔ no aseni kɔɔ so ara tuu n’ani sii ɔbea no aseni no so. Roma bɔɔ mmɔden ara sɛ wɔbɛpopa Kristofo a wɔasra wɔn asafo a ɛka ɔbea no aseni no ho no. *

19. (a) Dɛn na Daniel ka faa wiase tumidi a ɛto so asia no ho? (b) Dɛn na yebesusuw ho wɔ adesua a edi hɔ no mu?

19 Bere a Daniel rekyerɛ Nebukadnesar dae no ase no, nea ɔkae no da no adi sɛ ohoni no nan a ɛyɛ dade no gyina hɔ ma Roma. (Dan. 2:33) Daniel san nyaa anisoadehu bi a ɛfa Roma Ahemman no ho ne wiase tumidi a edi hɔ a ebepue afi mu aba. (Monkenkan Daniel 7:7, 8.) Bere tenten a Roma Ahemman no tenaa hɔ no, n’atamfo huu ahemman no sɛ “ne ho yɛ hu ne nwonwa na ɔwɔ ahoɔden boro so.” Nanso nkɔmhyɛ no kae sɛ “mmɛn du” befifi wɔ Roma Ahemman no mu na wɔn mu biako benya tumi kɛse asen nea aka no. Mmɛn du no yɛ dɛn, na abɛn ketewa no gyina hɔ ma dɛn? Ohoni kɛse a Nebukadnesar hui no fã bɛn na ɛne abɛn ketewa no di nsɛ? Adesua a edi hɔ a ɛwɔ kratafa 14 no bebua nsɛmmisa yi.

[Ase hɔ nsɛm]

^ nky. 4 Ɔbea no gyina hɔ ma Yehowa ahyehyɛde a ɛte sɛ ne yere no. Honhom abɔde a wɔwɔ soro na wɔbom yɛ ahyehyɛde no.—Yes. 54:1; Gal. 4:26; Adi. 12:1, 2.

^ nky. 11 Ohoni a Daniel nhoma no ka ho asɛm no ti ne afei aboa a ɔwɔ Adiyisɛm nhoma no mu ti a ɛto so abiɛsa no nyinaa gyina hɔ ma Babilon. Hwɛ adaka a ɛwɔ kratafa 12-13.

^ nky. 18 Bere a Roma sɛee Yerusalem wɔ afe 70 Y.B. mu no, na Israel nyɛ Onyankopɔn man bio. Enti yɛrentumi nka sɛ bere a wɔsɛe Yerusalem no na wɔretu wɔn ani asi ɔbea no aseni no so, na ɛnyɛ nkɔmhyɛ a ɛwɔ Genesis 3:15 no mmamu nso.

[Adesua no ho Nsɛmmisa]