Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Dɛn Nti Na Ɛsɛ Sɛ Wode Yehowa Som Di Kan?

Dɛn Nti Na Ɛsɛ Sɛ Wode Yehowa Som Di Kan?

Dɛn Nti Na Ɛsɛ Sɛ Wode Yehowa Som Di Kan?

“M’ano na ɛbɛka wo trenee ho asɛm; ɛbɛka wo nkwagye daa nyinaa.”​—DW. 71:15.

WUBEBUA DƐN?

Dɛn na Noa, Mose, Yeremia, ne Paulo ma ɛkyerɛɛ wɔn nea wɔnyɛ wɔ wɔn asetenam?

Dɛn na ɛbɛboa wo ma woahu nea ɛsɛ sɛ wode w’asetena yɛ?

Dɛn nti na woasi wo bo sɛ wode Yehowa som bedi kan?

1, 2. (a) Sɛ obi hyira ne ho so ma Yehowa a, na ɔrekyerɛ dɛn? (b) Sɛ yesusuw Noa, Mose, Yeremia, ne Paulo nhwɛso no ho a, ɛbɛboa yɛn dɛn?

SƐ WUHYIRA wo ho so ma Onyankopɔn na wobɔ asu bɛyɛ Yesu kyidini a, na woasi gyinae a emu yɛ duru paa wɔ w’asetena mu. Woyɛ saa a ɛte sɛ nea woreka akyerɛ Yehowa sɛ: ‘Mepɛ sɛ woyɛ me Wura. Meyɛ w’akoa. Mepɛ sɛ wokyerɛ me nea memfa me bere nyɛ. Mepɛ sɛ wokyerɛ me nneɛma a ɛsɛ sɛ mede di kan wɔ m’asetena mu, ne sɛnea ɛsɛ sɛ mede m’ahode ne me dom akyɛde di dwuma.’

2 Sɛ woyɛ Kristoni a woahyira wo ho so a, saa bɔ no na wohyɛɛ Yehowa. Wofata nkamfo sɛ woasi saa gyinae no; ɛno ne ade a nyansa wom na ɛyɛ papa sɛ woyɛ. Nanso seesei a woagye Yehowa atom sɛ wo Wura no, dɛn na wode wo bere yɛ? Nhwɛso a Noa, Mose, Yeremia, ne ɔsomafo Paulo yɛe no betumi aboa yɛn ma yɛanya saa asɛmmisa no ho mmuae. Wɔn mu biara fii ne kra nyinaa mu som Yehowa. Yɛn tebea te sɛ wɔn de no ara. Gyinae a wosisii ma yehu nea na wɔde di kan wɔ wɔn asetena mu, na ɛno betumi aboa yɛn ma yɛahwɛ nea yɛde yɛn bere yɛ.—Mat. 28:19, 20; 2 Tim. 3:1.

ANSA NA NSUYIRI NO REBA

3. Ɔkwan bɛn so na yɛn bere yi te sɛ Noa bere so?

3 Yesu de wiase a na Noa te mu no totoo wiase a yɛte mu nnɛ no ho. Ɔkae sɛ: “Sɛnea na Noa nna no te no, saa ara na onipa Ba no mmae bɛyɛ. . . . Wodidi nomee, mmarima warewaree na wɔde mmea memaa aware kosii da a Noa hyɛn adaka no mu, na wɔanhu kosii sɛ nsuyiri no bae bɛpraa wɔn nyinaa kɔe.” (Mat. 24:37-39) Nnipa dodow no ara nhu sɛ nneɛma regye ntɛmpɛ wɔ yɛn bere yi so. Enti wontie kɔkɔbɔ a Onyankopɔn asomfo de rema no. Ɛnnɛ nnipa pii nnye nni sɛ Onyankopɔn bɛsɛe abɔnefo, na wodi ho fɛw mpo sɛnea Noa bere sofo yɛe no. (2 Pet. 3:3-7) Nanso ɛmfa ho sɛ na nnipa a wɔwɔ hɔ mpɛ sɛ wotie asɛm no, dɛn na Noa de ne bere yɛe?

4. Bere a Yehowa de adwuma hyɛɛ Noa nsa no, ɔkwan bɛn so na ɔde ne bere dii dwuma, na dɛn ntia?

4 Bere a Onyankopɔn ka kyerɛɛ Noa sɛ ɔrebɛsɛe abɔnefo no, ɔma ɔyɛɛ adaka a ɔde begye nnipa ne mmoa nkwa. (Gen. 6:13, 14, 22) Bio nso Noa kaa atemmu a na Yehowa de reba kyerɛɛ nkurɔfo. Ɔsomafo Petro frɛɛ Noa “trenee sɛnkafo,” na ɛno kyerɛ sɛ Noa yeree ne ho boaa nkurɔfo ma wohui sɛ tebea a wɔwom no yɛ hu. (Monkenkan 2 Petro 2:5.) Wohwɛ a anka ɛbɛyɛ papa sɛ Noa ne n’abusua de wɔn bere bɛhyehyɛ adwuma kɛse bi, na wɔapere sɛ wobedi yiye asen wɔn atipɛnfo? Anaa anka wobebiri wɔn mogya ani ahwehwɛ afɛfɛde na wɔadwudwo wɔn ho wɔ asetena mu? Dabida! Esiane sɛ na wonim nea ɛreba nti, wɔamma nneɛma a ɛte saa antwetwe wɔn adwene.

EGYPT DEHYEƐ BI SII GYINAE

5, 6. (a) Ná wɔretete Mose ma asiesie no ama dɛn? (b) Dɛn nti na Mose poo nneɛma a anka obetumi anya wɔ Egypt?

5 Afei, momma yɛnhwɛ nhwɛso a Mose yɛe. Farao babea faa no sɛ ne ba tetee no wɔ Egypt ahemfie. Wɔkyerɛɛ Mose “Egyptfo nyansa nyinaa.” (Aso. 7:22; Ex. 2:9, 10) Ná Egyptfo no rekyerɛkyerɛ no ma wabɛyɛ adwuma wɔ Farao ahemfie. Anka obetumi abɛyɛ Egypt aban mu panyin. Saa bere no na Egypt aban ne nniso a ɛwɔ tumi sen biara. Ná saa dibea no bɛma wanya ahonyade ne hokwan ahorow pii. Nanso saa nneɛma yi na na ehia Mose anaa?

6 Bere a Mose yɛ abofra no, ne papa ne ne maame a wɔwoo no kyerɛkyerɛɛ no Yehowa ho ade. Enti ɛbɛyɛ sɛ na onim bɔ a Yehowa hyɛɛ ne nenanom Abraham, Isak, ne Yakob no. Mose nyaa saa bɔhyɛ no mu gyidi. Ɛbɛyɛ sɛ odwen ne daakye ne nokware a obedi Yehowa no ho kɔɔ akyiri. Enti bere a ɛbae sɛ Mose si gyinae sɛ ɔbɛyɛ Egypt dehyeɛ anaa ɔbɛka Israelfo ho ayɛ akoa no, gyinae bɛn na osii? Mose pawee “sɛ ɔbɛma wɔatan ɔne Onyankopɔn nkurɔfo ani mmom sen sɛ obenya bɔne mu anigye bere tiaa bi.” (Monkenkan Hebrifo 11:24-26.) Akyiri yi Yehowa kyerɛɛ no sɛnea ɛsɛ sɛ ɔbɔ ne bra, na ɔyɛɛ saa. (Ex. 3:2, 6-10) Dɛn nti na Mose yɛɛ saa? Efisɛ na ogye Onyankopɔn bɔhyɛ di. Ohui sɛ, sɛ ɔde ne ho to Egypt so a, n’anidaso bɛyɛ kwa. Ampa ara, ankyɛ na Onyankopɔn de ɔhaw du baa ɔman no so. So wɔn a wɔahyira wɔn ho so ama Yehowa nnɛ betumi asua biribi afi Mose asɛm yi mu? Ɛsɛ sɛ yɛde Yehowa ne ne som di kan wɔ yɛn asetenam sen sɛ yɛbɛpɛ dibea wɔ wiase yi mu anaa yebedi wiase afɛfɛde akyi.

YEREMIA HUU NEA ƐBƐBA

7. Ɔkwan bɛn so na na Yeremia tebea te sɛ yɛn de?

7 Onipa foforo a ɔde Yehowa som dii kan wɔ n’asetenam ne odiyifo Yeremia. Yehowa paw Yeremia sɛ ne diyifo, na ɔsomaa no sɛ ɔnkɔka atemmu a ɔde reba no nkyerɛ Yerusalem ne Yuda awaefo no. Yebetumi aka sɛ na Yeremia nso te “awiei nna no mu.” (Yer. 23:19, 20) Ná onim pefee sɛ wiase a ɔte mu no bɛba awiei.

8, 9. (a) Dɛn nti na na ehia sɛ Onyankopɔn teɛ Baruk adwene? (b) Sɛ yɛreyɛ nhyehyɛe ama daakye a, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛkae?

8 Nea na Yeremia gye di nti, dɛn na wanyɛ? Wammɔ mmɔden sɛ ɔbɛhwehwɛ nneɛma a ɛbɛma wadi yiye daakye wɔ wiase a na ɛrebɛsɛe no mu. Ná nyansa biara nnim sɛ ɔbɛyɛ saa. Nanso Yeremia kyerɛwfo Baruk de, wanhu nneɛma saa. Enti Onyankopɔn ka kyerɛɛ Yeremia sɛ ɔnka nkyerɛ ne kyerɛwfo no sɛ: “Hwɛ! Nea misii no, meredwiriw agu, na nea miduae no nso, meretutu, na ɛbɛba asase no nyinaa so. Nanso wo de, nneɛma akɛse na worehwehwɛ. Gyae hwehwɛ. Na hwɛ, mede mmusu reba ɔhonam nyinaa so, . . . na mede wo kra bɛma wo sɛ asade, baabiara a wobɛkɔ.”—Yer. 45:4, 5.

9 Yennim “nneɛma akɛse” a na Baruk rehwehwɛ. * Nanso yenim sɛ ɛyɛ nneɛma a enni gyina; nneɛma a sɛ Babilonfo sɛe Yerusalem afe 607 A.Y.B. a, ebefi hɔ. Dɛn na yesua fi saa asɛm yi mu? Ɛyɛ nokware, sɛ yebenya nneɛma a yehia wɔ asetenam a, ɛsɛ sɛ yɛtoto nneɛma yiye. (Mmeb. 6:6-11) Nanso wohwɛ a, nyansa wom sɛ yɛde yɛn bere ne yɛn ahoɔden pii bɛhwehwɛ nneɛma a enni gyina na afi hɔ? Ɛyɛ nokware sɛ Yehowa ahyehyɛde no yɛ nhyehyɛe sɛnea wobetumi asisi Ahenni Asa, baa dwumadibea ahorow, ne adan afoforo, nanso nea enti a wɔyɛ eyinom ne sɛ wɔde bɛboa ma Ahenni adwuma no akɔ so. Enti sɛ Yehowa nkurɔfo a wɔahyira wɔn ho so reyɛ nhyehyɛe ama daakye a, ɛsɛ sɛ wɔn nso de Onyankopɔn Ahenni no di kan. Wugye di paa sɛ worehwehwɛ “ahenni no ne Onyankopɔn trenee kan”?Mat. 6:33.

“MIBU NO SƐ NWURA DODOW”

10, 11. (a) Ansa na Paulo rebɛyɛ Kristoni no, na dɛn na ehia no paa? (b) Dɛn nti na Paulo botae sesae koraa?

10 Afei momma yensusuw Paulo nhwɛso ho. Ansa na ɔrebɛyɛ Kristoni no, na biribiara kyerɛ sɛ ebesi no yiye daakye. Ná wasua Yudafo mmara wɔ akyerɛkyerɛfo akukudam a wɔwɔ ne bere so mu biako hɔ. Ná Yudafo sɔfo panyin ama no tumi. Odii n’atipɛnfo pii kan wɔ Yudasom mu. (Aso. 9:1, 2; 22:3; 26:10; Gal. 1:13, 14) Nanso bere a Paulo hui sɛ Yehowa apo Yuda man no, nneɛma danee koraa.

11 Paulo hui sɛ, sɛ ɔhwehwɛ nneɛma akɛse anaa dibea wɔ Yudafo nhyehyɛe no mu a, mfaso biara remma so wɔ Yehowa ani so; na ɛrenni gyina. (Mat. 24:2) Bere a Farisini Paulo behuu Onyankopɔn atirimpɔw no, ohui sɛ ɛyɛ akwannya kɛse sɛ ɔbɛyɛ asɛnka adwuma no. Enti obuu nneɛma a kan no na osusuw sɛ ɛho hia paa no sɛ “nwura dodow.” Paulo dan n’akyi kyerɛɛ Yudasom, na ɔde ne nna a aka wɔ asase so kaa asɛmpa no.—Monkenkan Filipifo 3:4-8, 15; Aso. 9:15.

NNEƐMA BƐN NA ƐHO HIA WO PAA?

12. Yesu bɔɔ asu akyi no, dɛn na ɔde dii kan?

12 Noa, Mose, Yeremia, Paulo, ne nnipa foforo bebree de wɔn bere ne wɔn ahoɔden pii som Yehowa. Wɔyɛɛ nhwɛso pa a ɛsɛ sɛ yesuasua. Nanso Yehowa asomfo a wɔahyira wɔn ho so nyinaa mu no, nea ɔyɛɛ nhwɛso a ɛkyɛn so ne Yesu. (1 Pet. 2:21) Bere a Yesu bɔɔ asu wiei no, ɔde ne nna a aka wɔ asase so nyinaa kaa asɛmpa no, na ɔhyɛɛ Yehowa anuonyam. Enti ɛsɛ sɛ Kristoni biara a odi Yesu nhwɛso akyi ma Yehowa som ho hia no sen biribiara na ogye Yehowa tom sɛ ne Wura. So wode Yehowa som di kan? Yɛbɛyɛ dɛn de yɛn bere pii asom Yehowa na bere koro no ara yɛayɛ nneɛma foforo a ehia yɛn?—Monkenkan Dwom 71:15; 145:2.

13, 14. (a) Dɛn na wɔhyɛ Kristofo a wɔahyira wɔn ho so nyinaa nkuran sɛ wonsusuw ho? (b) Dɛn na ɛbɛma Onyankopɔn nkurɔfo ani agye?

13 Mfe pii ni na Yehowa ahyehyɛde no akɔ so ahyɛ Kristofo nkuran sɛ wonsusuw akwampae adwuma no ho na wɔmmɔ ho mpae nhwɛ sɛ wobetumi ayɛ bi anaa. Yehowa asomfo anokwafo bi wɔ hɔ a wɔn tebea mma wɔn kwan sɛ wɔde nnɔnhwerew 70 bɛyɛ asɛnka adwuma no ɔsram biara. Ɛnsɛ sɛ ɛhaw wɔn sɛ wontumi nyɛ saa. (1 Tim. 5:8) Na wo ɛ? So ɛboro wo so sɛ wobɛyɛ akwampae adwuma no?

14 Wo de hwɛ anigye a Onyankopɔn nkurɔfo pii nyae afe yi wɔ Nkaedi bere no mu. March bosome mu no, asafo no yɛɛ nhyehyɛe soronko sɛ onua biara a ɔpɛ betumi de nnɔnhwerew 30 anaa 50 ayɛ akwampae boafo. (Dw. 110:3) Anuanom ɔpepem pii yɛɛ akwampae boafo adwuma no bi, na wutumi hu sɛ asafo ahorow no nyaa anigye soronko na wɔn ho sɛpɛw wɔn. So wubetumi atoto nneɛma yiye na woayɛ akwampae boafo mpɛn pii? Sɛ Kristoni a wahyira ne ho so de ne bere yɛ akwampae adwuma na sɛ anwummere ɔrebɛkɔ kɛtɛ so a, otumi de anigye ka sɛ, “Yehowa, meyɛɛ nea metumi biara wɔ wo som mu.”

15. Botae bɛn na ɛsɛ sɛ Kristoni a ɔyɛ ɔbabun de si n’ani so bere a ɔwɔ sukuu no?

15 Aka kakra ma woawie sukuu anaa? Ebia wowɔ apɔwmuden, na wunni asɛyɛde pii. Ɛnde, woasusuw akwampae adwuma no ho anibere so? Akyerɛkyerɛfo susuw sɛ nea ɛbɛboa ma asi mo yiye daakye ne sɛ mubesua nhoma akɔ akyiri. Nnipa ahyehyɛde ne sika na wɔde wɔn ho to so, nanso ɛrenni gyina. Wo de, sɛ wode Yehowa som si w’ani so a, ɛyɛ botae pa na wo nsa rensi fam da. Woyɛ saa a, na woresuasua Yesu nhwɛso a ɛyɛ pɛ no. Eyi yɛ gyinae pa a ɛbɛma w’ani agye. Ɛbɛbɔ wo ho ban, na ɛbɛkyerɛ sɛ woasi wo bo sɛ wubedi ɛbɔ a wohyɛɛ Yehowa sɛ wobɛsom no daa no so.—Mat. 6:19-21; 1 Tim. 6:9-12.

16, 17. Nsɛm bɛn na ɛsɛ sɛ Kristofo bisa wɔn ho fa ɔsom a wɔde ma Yehowa ho?

16 Ɛnnɛ, Onyankopɔn asomfo bebree de bere pii yɛ adwuma sɛnea ɛbɛyɛ a wobetumi ama wɔn mmusua anya nea wohia. Nanso ebinom yɛ adwuma boro nea ehia sɛ wɔyɛ. (1 Tim. 6:8) Wiase yi mu aguadifo reyɛ nea wobetumi biara sɛ wɔbɛma yɛagye adi sɛ yehia nneɛma a aba so foforo biara bi, na sɛ yɛannya bi a yɛrentumi ntena. Nanso nokware Kristofo mpɛ sɛ Satan wiase no bɛkyerɛ wɔn nneɛma a ɛsɛ sɛ wɔde di kan wɔ wɔn asetenam. (1 Yoh. 2:15-17) Wɔn a wɔakɔ pɛnhyen nso ɛ? Ade a eye sen biara a wobetumi de wɔn bere ayɛ ne sɛ wɔbɛyɛ akwampaefo na wɔde Yehowa som adi kan.

17 Yehowa asomfo a wɔahyira wɔn ho so nyinaa betumi abisa wɔn ho sɛ: Dɛn na ɛho hia me paa wɔ asetenam? Mede Yehowa som di kan anaa? Misuasua ahofama a na Yesu wɔ no bi? Mitie afotu a Yesu de mae sɛ yenni n’akyi daa no? So metumi atoto me nneɛma yiye na matumi de bere pii ayɛ asɛnka adwuma no anaa nneɛma foforo wɔ Yehowa som mu? Sɛ seesei me tebea mma me kwan sɛ mɛyɛ pii wɔ Yehowa som mu mpo a, mebɔ mmɔden sɛ mɛhwehwɛ akwan a mɛfa so de me bere ne m’ahoɔden asom Yehowa yiye?

“MOANYA ƆPƐ NO NA MOAYƐ”

18, 19. Dɛn na wubetumi abɔ ho mpae? Dɛn nti na Yehowa ani bɛsɔ adesrɛ a ɛte saa?

18 Ahokeka a Onyankopɔn nkurɔfo de som no no yɛ fɛ kwa. Nanso wɔn a wɔn tebea bɛma wɔn kwan ma wɔayɛ akwampae adwuma no mpo bɛte nka sɛ wɔrentumi nyɛ. (Ex. 4:10; Yer. 1:6) Sɛ saa na w’adwene yɛ wo a, dɛn na wobɛyɛ? Bɔ ho mpae kyerɛ Yehowa na ɔmmoa wo. Paulo ka kyerɛɛ ne mfɛfo gyidifo sɛ Yehowa na “esiane nea ɛsɔ n’ani nti, ɔreyɛ mo mu adwuma na ama moanya ɔpɛ no na moayɛ nso.” (Filip. 2:13) Enti sɛ biribiara mpusuw wo sɛ yɛ pii wɔ asɛnka adwuma no mu a, ɛnde srɛ Yehowa sɛ ɔmma wunya ɔpɛ no na woatumi ayɛ.—2 Pet. 3:9, 11.

19 Ná Noa, Mose, Yeremia, Paulo, ne Yesu nyinaa yɛ mmarima a wɔwɔ ahofama. Wɔde wɔn bere ne wɔn ahoɔden kaa Yehowa kɔkɔbɔ nsɛm kyerɛɛ nkurɔfo. Wɔamma biribiara antwetwe wɔn adwene. Wiase a ɛwɔ hɔ yi awiei abɛn pɛɛ, enti ɛho hia sɛ yɛn a yɛahyira yɛn ho so ama Onyankopɔn nyinaa hwɛ sɛ yɛreyɛ nea yebetumi biara asuasua nnipa a wɔaka wɔn ho asɛm wɔ Bible mu yi. (Mat. 24:42; 2 Tim. 2:15) Yɛyɛ saa a, yɛbɛsɔ Yehowa ani na yɛanya nhyira pii.—Monkenkan Malaki 3:10.

[Ase hɔ asɛm]

^ nky. 9 Hwɛ God’s Word for Us Through Jeremiah, (Onyankopɔn Asɛm a Ɔnam Yeremia so De Ama Yɛn) nhoma no kratafa 104-106.

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Kratafa 21 mfonini]

Nkurɔfo antie kɔkɔbɔ a Noa de mae no

[Kratafa 24 mfonini]

Woasusuw akwampae adwuma no ho anibere so?