Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

“Honhom Kronkron Kaa Wɔn”

“Honhom Kronkron Kaa Wɔn”

“Honhom Kronkron Kaa Wɔn”

“Nkɔmhyɛ mfaa onipa pɛ so mmae da, na mmom nea efi Onyankopɔn hɔ na nnipa kae sɛnea honhom kronkron kaa wɔn no.”​—2 PET. 1:21.

DWINNWEN NSƐM YI HO

Ɔkwan bɛn so na Onyankopɔn de ne honhom kronkron boaa Bible akyerɛwfo no ma wohuu nsɛm a wɔbɛkyerɛw?

Adanse bɛn na ɛkyerɛ sɛ Bible fi Onyankopɔn hɔ?

Dɛn na wubetumi ayɛ da biara da de akyerɛ sɛ w’ani sɔ Bible a Onyankopɔn de ama yɛn no?

1. Dɛn nti na yehia Onyankopɔn Asɛm a efi honhom mu no?

NNIPA a wɔwɔ wiase afanan nyinaa bisa nsɛm a edidi so yi: Ɛhe na yefi? Dɛn nti na yɛwɔ asase so? Dɛn na ɛda yɛn anim? Dɛn na ama wiase ayɛ bisibasaa saa? Yewu a dɛn na ɛba yɛn so? Sɛ ɛnyɛ Onyankopɔn Asɛm Bible no a, anka yɛbɛyɛ dɛn anya nsɛmmisa a ɛte saa ne nsɛmmisa foforo a ɛho hia ho mmuae? Ɛnyɛ Kyerɛw Kronkron no a, anka yɛn ankasa suahu na ɛbɛkyerɛ yɛn kwan. Na sɛ yɛn suahu nkutoo na ɛkyerɛ yɛn kwan a, anka yɛbɛyɛ dɛn ate asɛm a odwontofo no ka faa “Yehowa mmara” ho yi ase?—Monkenkan Dwom 19:7.

2. Dɛn na ɛbɛboa yɛn ma yɛakɔ so akyerɛ Bible ho anisɔ sɛ akyɛde a efi Onyankopɔn hɔ?

2 Awerɛhosɛm ne sɛ ebinom ama ɔdɔ a kan no na wɔwɔ ma Bible mu nokware no ano adwo. (Fa toto Adiyisɛm 2:4 ho.) Wɔmmɔ bra a ɛsɔ Yehowa ani bio. (Yes. 30:21) Ɛnsɛ sɛ biribi a ɛte saa to yɛn. Ɛsɛ sɛ yɛyere yɛn ho bere nyinaa sɛ yɛbɛma yɛn ani asɔ Bible ne emu afotusɛm. Eyi nyɛ ade a yɛrentumi nyɛ. Bible yɛ akyɛde a ɛsom bo paa, na yɛn Bɔfo no dɔ yɛn nti na ɔde ama yɛn. (Yak. 1:17) Dɛn na ɛbɛboa yɛn ma yɛanya anisɔ kɛse ama “Onyankopɔn asɛm” no? Ade biako ne sɛ yebehu ɔkwan a Bible akyerɛwfo no faa so kyerɛw Bible na yɛahwɛ adanse ahorow a ɛkyerɛ sɛ efi Onyankopɔn honhom mu. Eyi bɛma yɛn kɔn adɔ sɛ yɛbɛkenkan Onyankopɔn Asɛm da biara da na yɛde mu afotu abɔ yɛn bra.—Heb. 4:12.

ƆKWAN BƐN SO NA “HONHOM KRONKRON KAA WƆN”?

3. Sɛ wɔka sɛ “honhom kronkron kaa” adiyifo ne Bible akyerɛwfo a, ɛkyerɛ dɛn?

3 Wofii ase kyerɛw Bible no afe 1513 A.Y.B. mu, na wowiei afe 98 Y.B. mu. Eyi kyerɛ sɛ wɔde mfe 1,610 na ɛkyerɛw Bible no. Mmarima bɛyɛ 40 na “honhom kronkron kaa wɔn” ma wɔkyerɛwee; na ebinom yɛ adiyifo. (Monkenkan 2 Petro 1:20, 21.) Hela asɛmfua a wɔkyerɛ ase “kaa wɔn” no kyerɛ sɛ bibiri pia biribi, ɛma so kɔ baabi, anaa ɛkanyan no. Asomafo Nnwuma 27:15 de Hela asɛmfua koro no ara dii dwuma de kyerɛɛ ɛhyɛn bi a mframa piaa no anaa ɛde n’ani kyerɛɛ baabi. Enti sɛ yɛka sɛ “honhom kronkron kaa” adiyifo ne Bible akyerɛwfo a, ɛkyerɛ sɛ Onyankopɔn ne wɔn kasae, ɔkanyan wɔn, na ɔde ne honhom kronkron kyerɛɛ wɔn kwan. Eyi kyerɛ sɛ wɔammɔ wɔn tirim ankyerɛw biribiara, na mmom Onyankopɔn adwene na wɔkyerɛwee. Adiyifo ne Bible akyerɛwfo bi kyerɛw nsɛm bi anaa wɔhyɛɛ nkɔm bi a na wɔn ankasa mpo nte ase. (Dan. 12:8, 9) Enti yebetumi aka no pen sɛ “Kyerɛwnsɛm no nyinaa fi Onyankopɔn honhom mu” na nnipa nsusuwii biara mfrafra mu.—2 Tim. 3:16.

4-6. Ɔkwan bɛn na Yehowa faa so de ne nsɛm maa Bible akyerɛwfo no? Ma mfatoho.

4 Ɛyɛɛ dɛn na Onyankopɔn nam honhom kronkron so de nsɛm maa Bible akyerɛwfo no? So Onyankopɔn kyerɛɛ nsɛm nkorɛnkorɛ a ɛsɛ sɛ wɔkyerɛw nyinaa anaa ɔma wohuu nsɛm no apɔw so apɔw so ɛnna akyerɛwfo no ankasa de wɔn nsɛm kyerɛwee? Wo de yɛnhwɛ sɛnea adwumawura bi kyerɛw krataa. Sɛ ɛho hia sɛ ɔde nsɛmfua pɔtee bi di dwuma a, n’ankasa kyerɛw krataa no anaa ɔka nsɛm no mmiako mmiako ma ne kyerɛwfo kyerɛw. Ɔkyerɛwfo no kyerɛw krataa no wie a, adwumawura no de ne nsa hyɛ ase. Ɛtɔ bere bi nso a adwumawura no ma ɔkyerɛwfo no hu nsɛm no apɔw so apɔw so na ogya ma ɔkyerɛwfo no ma n’ankasa de ne nsɛm kyerɛw krataa no. Owie a ebia adwumawura no bɛkenkan krataa no mu na wama ɔkyerɛwfo no ayɛ nsakrae biara a ehia. Afei adwumawura no de ne nsa hyɛ krataa no ase de kyerɛ sɛ ɛyɛ n’anom asɛm.

5 Saa ara na Bible no fã bi wɔ hɔ a “Onyankopɔn de ne nsateaa” na ɛkyerɛwee. (Ex. 31:18) Sɛ ɛho hia sɛ wɔde nsɛm pɔtee bi di dwuma a Yehowa ka ma ɔkyerɛwfo no kyerɛw. Ɛho nhwɛso wɔ Exodus 34:27. Ɛhɔ ka sɛ: “Yehowa ka kyerɛɛ Mose sɛ: ‘Kyerɛw nsɛm yi to hɔ, efisɛ apam a me ne wo ne Israel reyɛ yi gyina nsɛm yi so.’” Yehowa ka kyerɛɛ odiyifo Yeremia nso sɛ: “Kyerɛw nsɛm a mɛka akyerɛ wo no nyinaa wɔ nhoma mu.”—Yer. 30:2.

6 Nanso mpɛn pii no Yehowa ankyerɛ Bible akyerɛwfo no nsɛmfua pɔtee a ɛsɛ sɛ wɔkyerɛw, mmom ɔnam anwonwakwan so de n’adwene hyɛɛ Bible akyerɛwfo no komam, na ɔmaa wɔn kwan ma wɔn ankasa de wɔn nsɛm kyerɛwee. Ɔsɛnkafo 12:10 ka sɛ: “Ɔsɛnkafo no hwehwɛe sɛ obenya nsɛm a ɛyɛ dɛ na wakyerɛw nsɛmpa a ɛyɛ nokware.” Asɛmpa kyerɛwfo Luka ‘hwehwɛɛ nneɛma no nyinaa mu pɛpɛɛpɛ fi mfiase, sɛ ɔbɛkyerɛw no nnidiso nnidiso.’ (Luka 1:3) Onyankopɔn nam ne honhom so hwɛe sɛ nnipa sintɔ nsesa n’asɛm no.

7. Dɛn nti na nnipa a Onyankopɔn ma wɔkyerɛw Bible no ma yehu sɛ onim nyansa paa?

7 Nnipa a Onyankopɔn de wɔn kyerɛw Bible no ma yehu sɛ onim nyansa paa. Sɛ obi kyerɛw nsɛm bi a, ɛnyɛ nokwasɛm a ɛwom nko na yehu na mmom ɛma yehu sɛnea ɔkyerɛwfo no te nka wɔ nea ɔreka no ho. Enti hwɛ sɛ Yehowa ama abɔfo kwan sɛ wɔnkyerɛw Bible no! Wususuw sɛ anka wobetumi akyerɛkyerɛ nnipa nkate, nea wosuro, nea ɛma wɔn werɛ how ne nea ebu wɔn abam mu ma atɔ asom? Esiane sɛ Onyankopɔn maa nnipa a wɔnyɛ pɛ kwan sɛ wɔn ankasa mfa nsɛmfua a wɔpɛ nkyerɛw nsɛm a ɔnam honhom kronkron so de maa wɔn nti, ɛka yɛn koma ma yɛte nka sɛ ɔrekasa akyerɛ yɛn.

ADANSE PII WƆ HƆ

8. Dɛn nti na yebetumi aka sɛ nhoma biara nni hɔ a ɛne Bible sɛ?

8 Adanse pii wɔ hɔ a ɛkyerɛ sɛ Bible yɛ Onyankopɔn Asɛm a efi honhom mu. Bible akyi no, nhoma biara nni hɔ a ɛma yehu Onyankopɔn yiye. Sɛ nhwɛso no, Hindusom nhoma ahorow ka wɔn som mu amanneɛ, nyansapɛ, anansesɛm, ne abrabɔ ho mmara. Buddhasom nso wɔ nhoma ahorow a ɛkyerɛ sɛnea ɛsɛ sɛ wɔn ahotefo bɔ wɔn bra. Afei ɛka Buddhasom ne Buddha nkyerɛkyerɛ ho asɛm. Buddha ankasa anka sɛ ɔyɛ onyame na wanhyɛ da anka Onyankopɔn ho asɛm ahe biara. Konfusiosom nso wɔ nhoma ahorow a ɛka abakɔsɛm, abrabɔ ho mmara, ntafoayi ne nnwom ho asɛm. Nkramosom nso wɔ wɔn nhoma a ɛkyerɛkyerɛ sɛ Onyankopɔn biako na ɔwɔ hɔ, na onim daakye asɛm, nanso nhoma no nna Onyankopɔn din Yehowa no adi. Bible de, edin yi ahyeta wom.

9, 10. Dɛn na Bible kyerɛ yɛn fa Onyankopɔn ho?

9 Nyamesom nhoma ahorow nka Onyankopɔn ho asɛm ahe biara, nanso Bible ma yehu Yehowa Nyankopɔn ne ne nnwuma. Ɛboa yɛn ma yehu Yehowa su ahorow. Bible ka kyerɛ yɛn sɛ Onyankopɔn yɛ tumi nyinaa wura na atɛntrenee ne nyansa ayɛ no ma. Ɛma yehu nso sɛ ɔyɛ Onyankopɔn a ɔdɔ yɛn. (Monkenkan Yohane 3:16; 1 Yohane 4:19.) Afei nso Bible ka sɛ: “Onyankopɔn nhwɛ nnipa anim, na mmom ɔman biara mu no, onipa a osuro no na ɔyɛ adetrenee no, ogye no tom.” (Aso. 10:34, 35) Esiane sɛ wɔakyerɛ Bible ase kɔ kasa pii mu nti, yebetumi aka sɛ Onyankopɔn nhwɛ nnipa anim ampa. Kasa ho animdefo kyerɛ sɛ kasa bɛyɛ 6,700 na wɔka wɔ wiase nyinaa, nanso nnipa dodow no ara ka kasa yi mu bɛyɛ 100 pɛ. Ɛno mpo no, wɔakyerɛ Bible mũ no anaa ne fã bi ase kɔ kasa bɛboro 2,400 mu. Enti ɛkame ayɛ sɛ obiara a ɔwɔ wiase betumi anya Bible no fã bi akenkan wɔ ne kasa mu.

10 Yesu kae sɛ: “M’Agya ayɛ adwuma abesi sesɛɛ, na me nso mekɔ so yɛ adwuma.” (Yoh. 5:17) ‘Yehowa yɛ Onyankopɔn fi mmeresanten kosi mmeresanten.’ Enti wo de, hwɛ nneɛma dodow ara a Onyankopɔn ayɛ! (Dw. 90:2) Bible nkutoo na ɛma yehu nea Onyankopɔn ayɛ atwam, nea ogu so reyɛ ne nea ɔbɛyɛ daakye. Bible kyerɛ yɛn nea Onyankopɔn ani gye ho ne nea n’ani nnye ho ne nea yɛyɛ a, ɛbɛma yɛabɛn no. (Yak. 4:8) Ɛnsɛ sɛ yɛma nneɛma a yɛn koma pɛ ne yɛn dadwen twe yɛn fi Yehowa ho da.

11. Afotu a nyansa wom bɛn na ɛwɔ Bible mu?

11 Nyansa pii wɔ Bible mu na ebetumi aboa yɛn bere nyinaa. Eyi yɛ ade foforo a ɛma yehu sɛ Bible fi Yehowa hɔ. Ɔsomafo Paulo kyerɛwee sɛ: “Hena na wahu Yehowa adwene a obetumi akyerɛkyerɛ no?” (1 Kor. 2:16) Odiyifo Yesaia nso bisaa ne bere sofo sɛ: “Hena na onim Yehowa honhom mu, na onipa bɛn na obetumi atu no fo ma wahu biribi?” (Yes. 40:13) Mmuae no yɛ tiatiaa: Obiara nni hɔ. Eyi nti sɛ yɛde Bible afotu a ɛfa aware, mmofra ntetee, anigyede, fekubɔ, adwumayɛ, nokwaredi, ne abrabɔ ho yɛ adwuma a, ɛbɛboa yɛn paa. Bible rentumi mma yɛn afotu bɔne da. Nanso nnipa de, wonni nyansa ahe biara a enti wɔn afotu betumi aboa yɛn bere nyinaa. (Yer. 10:23) Nnipa betumi atu fo nnɛ, nanso ɔkyena na ɛnyɛ adwuma bio, enti na ɛsɛ sɛ wɔsesa mu. Bible ka sɛ, ‘nnipa adwene te sɛ mframa.’—Dw. 94:11.

12. Mmɔden bɛn na nkurɔfo abɔ sɛ wɔbɛsɛe Bible no mfe pii a atwam no?

12 Abakɔsɛm nso ma yehu sɛ Bible fi nokware Nyankopɔn hɔ. Tete no, nnipa bɔɔ mmɔden sɛ wɔbɛsɛe Bible no. Bɛyɛ mfe 168 ansa na Kristo reba no, Siria hene Antiochus a Ɔto So Anan hyɛe sɛ wɔnhwehwɛ Mmara nhoma no nyinaa na wɔnhyew no. Kristo awo akyi bɛyɛ mfe 303 no, Roma Ɔhempɔn Diocletian hyɛe sɛ wɔnsɛe baabi a Kristofo hyiam nyinaa na wɔnhyew Kyerɛwnsɛm no. Eyi kɔɔ so bɛyɛ mfe du. Katolek popefo bɔɔ mmɔden sɛ wɔremma kwan mma obiara nkyerɛ Bible ase nkɔ kasa horow mu efisɛ na wɔmpɛ sɛ nkurɔfo behu Bible mu nsɛm. Wɔyɛɛ eyi mfehaha pii. Nanso mmɔden a Satan ne n’apamfo bɔe sɛ wɔbɛsɛe Bible nyinaa akyi no, ɛnnɛ Bible da so wɔ hɔ. Yehowa amma kwan amma obiara ansɛe akyɛde a ɔde ama adesamma no.

ADANSE A ƐMA NNIPA PII GYE DI

13. Adanse bɛn na ɛkyerɛ sɛ Bible fi Onyankopɔn hɔ?

13 Adanse foforo a ɛma yehu sɛ Bible fi Onyankopɔn hɔ ni: Emu nsɛm hyia, asɛm biara a ɛka fa nyansahu ho yɛ nokware, emu nkɔmhyɛ bam, akyerɛwfo no amfa nokwasɛm ansie, ɛwɔ tumi a ɛsesa nnipa, ɛka abakɔsɛm ho asɛm pɛpɛɛpɛ, na ɛma yenya nsɛmmisa a ɛwɔ nkyekyɛm 1 no ho mmuae a ɛtɔ asom. Ma yɛnhwɛ nea ɛboaa ebinom ma wogye dii sɛ Bible fi Onyankopɔn hɔ.

14-16. (a) Dɛn na ɛmaa Kramoni, Hinduni, ne obi a onnye Onyankopɔn nni hui sɛ Bible fi Onyankopɔn hɔ? (b) Dɛn na wobɛka akyerɛ nkurɔfo wɔ asɛnka mu ma wɔagye adi sɛ Bible fi Onyankopɔn hɔ?

14 Ná ɔbarima bi te Mediterranea Apuei fam man bi mu a ɔde Anwar. * Wɔde nkramosom tetee no. Bere bi ɔkɔtenaa Amerika, na Yehowa Adansefo baa ne fie. Anwar ka sɛ: “Saa bere no, na m’ani nnye Kristosom ho koraa esiane mogyahwiegu a akɔ so wɔ asɔre ahorow mu nti. Nanso na mepɛ mfeefeemu, enti memaa kwan sɛ Adansefo no ne me nsua Bible.” Ankyɛ koraa na Anwar san kɔɔ ne kurom, na ɔne Adansefo no ntam tetewee. Mfe bi akyi no, otu kɔɔ Europa, na ofii ase suaa Bible bio. Ɔkae sɛ: ‘Nea ɛboaa me ma mihui sɛ Bible fi Onyankopɔn hɔ ne sɛ Bible nkɔmhyɛ bam, emu nsɛm hyia na abirabɔ biara nnim. Afei nso mehwɛ sɛnea Yehowa asomfo dodɔ wɔn ho a, ɛma mihu sɛ Bible yɛ Onyankopɔn Asɛm ampa.’ Wɔbɔɔ Anwar asu afe 1998.

15 Asha nso yɛ ababaa a wadi mfe 16 a n’abusua de Hindusom tetee no. Ɔkae sɛ: “Sɛ mekɔ asɔredan mu anaa me ho kyere me a na mebɔ mpae, nanso sɛ nneɛma kɔ yiye ma me a, menkae mpo sɛ Onyankopɔn wɔ hɔ.” Ɔtoaa so sɛ: “Da bi Yehowa Adansefo bɛbɔɔ me pon mu, na ɛno maa me biribiara sesae.” Asha suaa Bible na ɔbɛfaa Onyankopɔn adamfo. Dɛn na ɛma ogye dii sɛ Bible fi Onyankopɔn hɔ? Ɔkae sɛ: “Asɛmmisa biara a ɛwɔ m’adwenem no, Bible ma minyaa ho mmuae. Minhu Onyankopɔn de, nanso Bible ma mihui sɛ ɔwɔ hɔ. Ná ɛho nhia sɛ mekɔ asɔrefie kɔkotow ohoni biara bio.”

16 Paula nso yɛ ɔbea a wɔde Katolek som tetee no, nanso onyinii no, na onnye Onyankopɔn nni. Afei biribi sii. Ɔkae sɛ: “Mihyiaa m’adamfo bi a na mihuu no adi nna. Saa bere no na nnubɔne atu atese, na na nkurɔfo gya wɔn ti nhwi kuhaa. Bere a mihuu no no, na wayi ne ti kama. Ná wasesa koraa, na wuhu sɛ ɔwɔ anigye. Enti mibisaa no sɛ, ‘Ɛbaa no dɛn, na wokɔhyɛɛ he?’ Ɔkae sɛ ɔne Yehowa Adansefo resua Bible, na odii me adanse mpo.” Bere a Paula huu sɛnea Bible mu nokware asesa n’adamfo no, n’ani begyee Bible ho ma ogye toom sɛ Bible fi Onyankopɔn hɔ ampa.

“W’ASƐM YƐ ME NAN ASE KANEA”

17. Sɛ wokenkan Bible da biara da na wudwinnwen ho a, mfaso bɛn na wubenya?

17 Bible yɛ akyɛde fɛfɛ a Yehowa nam ne honhom kronkron so de ama yɛn. Kenkan Bible da biara da na wubehu sɛ n’akenkan bɛyɛ wo dɛ, na wubenya ɔdɔ kɛse ama Onyankopɔn. (Dw. 1:1, 2) Bere biara a wobɛkenkan Bible no, di kan bɔ Onyankopɔn mpae na srɛ no sɛ ɔmfa ne honhom mmoa wo na te ase. (Luka 11:13) Onyankopɔn adwene na wɔde kyerɛw Bible no, enti sɛ wudwinnwen nea ɛka ho a, Onyankopɔn adwene bɛyɛ w’adwene.

18. Dɛn nti na wopɛ sɛ wusua Bible daa?

18 Bere a woresua Bible nyinaa na wode nokware no rebɔ wo bra. (Monkenkan Dwom 119:105.) Bible akenkan te sɛ nea worehwɛ ahwehwɛ mu. Enti sɛ wuhu sɛ ɛsɛ sɛ woyɛ nsakrae bi a, na woayɛ no ntɛm. (Yak. 1:23-25) Fa Onyankopɔn Asɛm yɛ adwuma sɛ nkrante fa kyerɛkyerɛ wo gyidi mu na fa twitwa atoro nkyerɛkyerɛ fi ahobrɛasefo koma ho. (Efe. 6:17) Bere biara a wobɛkenkan Bible no, ma w’ani nnye sɛ Onyankopɔn de ne “honhom kronkron kaa” adiyifo ne mmarima bi ma wɔkyerɛwee.

[Ase hɔ asɛm]

^ nky. 14 Wɔasesa edin ahorow no bi.

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 29]

Kenkan Bible da biara da na ɛbɛma woanya ɔdɔ kɛse ama Onyankopɔn

[Kratafa 26 mfonini]

Nea ne nsa hyɛ krataa bi ase no, ne hɔ na efi