Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Yɛ Onyansafo​—Hwehwɛ “Akwankyerɛ Pa”

Yɛ Onyansafo​—Hwehwɛ “Akwankyerɛ Pa”

Yɛ Onyansafo​—Hwehwɛ “Akwankyerɛ Pa”

Yebetumi de asetena atoto po so akwantu ho. Nanso mpɛn pii no, nnipa nyansa ntumi mmoa nkurɔfo mma wontumi nhu sɛnea wɔbɛyɛ wɔn ade wɔ akwantu yi mu na asi wɔn yiye. Ahum a ɛretu wɔ nnipa asetena mu nnɛ no ama nnipa pii agu asu. (Dw. 107:23, 27) Dɛn nti na wɔde asetena mu haw toto po so akwantu ho?

Tete no, na po so akwantu nna fam; enti na egye obi a ne ho ahokokwaw na ɔde hyɛn afa po so. Ná ebehia sɛ ɔhyɛnkafo no gye nteetee fi obi a waben wɔ adwuma no mu hɔ. (Aso. 27:9-11) Tete mfonini bi wɔ hɔ a, wubehu sɛ wɔma ɔhyɛnkafo no yɛ kɛse sen afoforo a wɔwɔ hyɛn no mu. Wɔyɛɛ eyi de kyerɛe sɛ n’adwuma no ho hia paa. Ansa na obi de hyɛn bɛfa po so no, na wasua nsoromma, mframa, ne nneɛma a ɛte saa ho ade. Bible frɛ hyɛn mu adwumayɛfo bi sɛ ‘animdefo,’ na asɛmfua no betumi akyerɛ “anyansafo” nso.—Hes. 27:8.

Ɛnnɛ, asetenam nsɛm betumi ayɛ den te sɛ tete nsu so akwantu. Dɛn na ebetumi aboa yɛn?

YƐBƐYƐ DƐN ANYA “AKWANKYERƐ PA”?

Bere a yɛde asetenam nsɛm retoto po so akwantu ho no, ma yɛnhwɛ Bible mu asɛm yi: “Onyansafo betie na ne nimdeɛ adɔɔso, na onimdefo anya akwankyerɛ pa.” (Mmeb. 1:5, 6) Yebetumi de Hebri asɛm a wɔakyerɛ ase “akwankyerɛ pa” no atoto obi a tete no na ɔka hyɛn ho. Ɛkyerɛ nimdeɛ a obi wɔ a otumi de kyerɛ kwan yiye.

Yebetumi anya “akwankyerɛ pa” na yɛatumi anantew wiase yi mu, nanso egye mmɔdenbɔ na yɛatumi ayɛ saa. Mmebusɛm nhoma no ma yehu sɛ yehia “nyansa,” “ntease,” ne “nhumu” na yɛatumi anya akwankyerɛ pa. (Mmeb. 1:2-6; 2:1-9) Sɛ yɛrehwehwɛ akwankyerɛ pa a, yɛrentumi nkwati Onyankopɔn afotu efisɛ abɔnefo nso tumi ‘kyerɛ kwan’, nanso ɛkɔ bɔne mu.—Mmeb. 12:5.

Ɛnde, ɛho hia sɛ yesua Onyankopɔn Asɛm no yiye. Eyi bɛboa yɛn ma yɛanya Yehowa ho nimdeɛ pii. Bio nso, ɛbɛma yɛahu Yesu Kristo a ɔda Yehowa anuonyam adi sen obiara no. (Yoh. 14:9) Yenya afotu pa pii wɔ Kristofo nhyiam ase. Afei yebetumi asua nneɛma pii afi yɛn awofo ne afoforo hɔ.—Mmeb.  23:22.

HU NEA ƐBƐBA NA YƐ HO BIRIBI

Bere paa a yebehia “akwankyerɛ pa” ne bere a ahum bi atu wɔ yɛn asetenam. Sɛ yɛkɔ tebea bi mu na yennim nea yɛbɛyɛ a, ebetumi abɔ yɛn pusa, na ne nsunsuanso renyɛ papa.—Yak. 1:5, 6.

Wotumi de asɛm a wɔkyerɛɛ ase “akwankyerɛ pa” no di dwuma wɔ akodi ho nsɛm mu nso. Bible ka sɛ: “Akwankyerɛ pa na wode bɛkɔ wo sa, na agyinatufo dodow mu na nkwagye wɔ.”—Mmeb. 20:18; 24:6.

Sɛ obi resiesie ne ho akɔ ɔko a, ɔhwɛ tebea horow a ɛwɔ n’anim no yiye. Saa ara na ɛsɛ sɛ yɛn nso yehu nneɛma a ebetumi asɛe yɛne Onyankopɔn ntam. (Mmeb. 22:3) Nhwɛso bi ni: Ebia na wo nsa aka adwuma bi anaa wɔama wo dibea kɛse bi wɔ adwumam. Wo ara na wubesi gyinae sɛ wubegye anaa wunnye. Ebia wobɛhwɛ biribi te sɛ akatua a wubenya anaa ɛbere a ebegye na woadu adwumam hɔ. Nanso ehia sɛ wususuw nneɛma foforo nso ho: Adwuma yi ne Bible akwankyerɛ hyia anaa? Sɛ mehwɛ bere a mede bɛyɛ adwuma no a, ebetumi ama mede me ho ahyɛ asafo dwumadi ahorow mu anaa?—Luka 14:28-30.

Ná Yehowa Dansefo bi a wɔfrɛ no Loretta yɛ adwuma wɔ baabi a wɔyɛ aduan. Ná akatua no ye. Bere a ɛbae sɛ wobeyi adwuma no akɔ baabi foforo no, wɔmaa Loretta dibea kɛse wɔ saa beae no. Adwuma no mu mpanyimfo ka kyerɛɛ no sɛ: “Eyi de wo ti ayɛ yiye paa. Hwɛ, yɛahu sɛ Ahenni Asa bi nso bɛn hɔ.” Nanso na Loretta pɛ sɛ otwitwa nneɛma so na watumi asom Ɔbɔadeɛ no yiye. Ohui sɛ, sɛ ɔpene saa dibea no so a, ɔrennya bere mfa nyɛ ɔsom adwuma no pii. Adwuma no mu panyin biako mpo ka kyerɛɛ no sɛ ɔno nkutoo ne obi a wɔmpɛ sɛ obefi wɔn nsa. Nanso Loretta gyaee adwuma no na ɔbɛyɛɛ daa kwampaefo. Wayɛ akwampae adwuma no mfe 20 ni. Ogye di sɛ “akwankyerɛ pa” a efi Onyankopɔn Asɛm mu na ɛboaa no ma otumi kwatii asiane, na eyi na ama wayɛ pii wɔ ɔsom adwuma no mu. Ɔne Yehowa ntam ayɛ papa na woanya hokwan aboa nnipa pii ma wɔahu nokware no.

“Akwankyerɛ pa” ho hia wɔ abusua mu nso. Egye adwumaden ne bere pii na obi atete mmofra, na ebehia sɛ abusua no de nneɛma pii bɔ afɔre na wɔatumi abɛsom Yehowa na bere koro no ara nso wɔanya honam fam nneɛma a wohia. Eyi nyinaa ka abusua no daakye. (Mmeb. 22:6) Enti awofo betumi abisa wɔn ho sɛ: ‘Yɛnam yɛn nkɔmmɔbɔ ne yɛn nhwɛso so rekyerɛ yɛn mma sɛnea wɔbɛbɛn Yehowa na wɔatumi abɛyɛ mpanyin pa daakye? Yɛde yɛn nneyɛe kyerɛ wɔn sɛ wɔnyɛ wɔn ho awiɛmfoɔ na wɔn ani nsɔ nea wɔwɔ na wɔde wɔn adwene asi ɔsom adwuma no so?’—1 Tim. 6:6-10, 18, 19.

Wiase no de wɔn adwene asi honam fam nneɛma ne anuonyam a wobenya so, nanso ɛnyɛ eyi na ɛbɛma obi adi yiye. Ná Ɔhene Solomon nim eyi. Honhom kaa no ma ɔkyerɛwee sɛ: “Ebesi wɔn a wosuro nokware Nyankopɔn no yiye, osuro a wɔwɔ no nti.” (Ɔsɛnk. 8:12) Eyi kyerɛ sɛ nyansa wom sɛ yɛbɛhwehwɛ “akwankyerɛ pa” afi Onyankopɔn Asɛm mu.—2 Tim. 3:16, 17.

[Kratafa 30 mfonini]

Ná wɔma ahyɛnkafo yɛ kɛse sen afoforo a wɔwɔ hyɛn no mu wɔ mfonini mu de kyerɛ sɛ wɔn adwuma no ho hia paa

[Asɛm Fibea]

Su concessione del Ministero per i Beni e le Attività Culturali. Mmara mma kwan sɛ obi bɛyɛ mfonini yi bi.