Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Afe Afe Nhyiam Ho Amanneɛbɔ

Biakoyɛ ne Nhyehyɛe Pa Di Akoten wɔ Ase

Biakoyɛ ne Nhyehyɛe Pa Di Akoten wɔ Ase

AFE biara Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania yɛ nhyiam, na eyi yɛ anigye bere. Saa pɛpɛɛpɛ na na tebea no te bere a wɔyɛɛ afe afe nhyiam a ɛto so 127, Memeneda, October 1, 2011 no. Wɔtoo nsa frɛɛ nnipa fii wiase baabiara ma wobehyiam wɔ Yehowa Adansefo Nhyiam Asa a ɛwɔ Jersey City, New Jersey, U.S.A. no.

Gerrit Lösch a ɔyɛ Sodikuw no muni maa nnipadɔm a wɔahyiam no nyinaa akwaaba. Ná nnipadɔm no fi aman 85 so. Onua Lösch ka kyerɛɛ wɔn sɛ wɔda abusua kɛse mu na biakoyɛ a ɛwɔ wɔn mu no yɛ soronko. Biakoyɛ a ɛte saa yɛ adansedi kɛse na ɛhyɛ Yehowa anuonyam. Biakoyɛ yɛ asɛm a na edi akoten wɔ saa nhyiam yi ase.

MEXICOFO AKWANSOSƐM

Dwumadi no fã a edi kan no ma wohui sɛ biakoyɛ wɔ Yehowa nkurɔfo mu ampa. Seesei wɔaka Betel asia bi abom wɔ Central America de ahyɛ Mexico baa dwumadibea ase. Enti Baltasar Perla a ofi Mexico baa dwumadibea bisabisaa anuanom baasa a ɔne wɔn yɛ adwuma wɔ Betel nsɛm. Ɔmaa wɔkyerɛɛ sɛnea nneɛma rekɔ so fi bere a wɔne Betel ahorow yi ka boom no. Saa nkabom yi ama Mexico Betel abusua no ayɛ firamanfiraman, na obiara hyɛ ne yɔnko nkuran. Wohwɛ a wobɛka sɛ Onyankopɔn de biribi apopa ahye a ɛdeda aman no ntam no.

Ade biako ne sɛ na ɛsɛ sɛ wɔboa adawurubɔfo ma wohu sɛ Betel nni wɔn man mu bio de, nanso ɛno nkyerɛ sɛ wɔne Yehowa ahyehyɛde no ntam atetew. Eyi nti, wɔayɛ nhyehyɛe a asafo biara tumi ne Betel di nkitaho tee wɔ kɔmputa so; wɔn a wɔwɔ nkuraase no mpo tumi yɛ saa.

AMANNEƐBƆ A EFI JAPAN

Asase wosowee wɔ Japan March 2011 ma ɛpo yiri faa asase so. James Linton a ofi Japan Betel kyerɛɛ sɛnea atoyerɛnkyɛm no kaa anuanom fae. Adansefo pii hweree wɔn adɔfo na wɔn nneɛma nso sɛee. Adansefo a wɔwɔ mmeae foforo maa wɔn a wɔn ho kae no afie bɛboro 3,100 ne kar pii. Ɔmantam Adansi Boayikuw no somaa atuhoamafo bɛboro 1,700 kɔboaa anuanom a wɔn ho kae no. Atuhoamafo yi gyinaa wɔn nan so siesiee anuanom afie. Anuanom bi fi United States bɛboa ma wosiesiee Ahenni Asa ahorow. Anuanom 575 na wotuu wɔn ho yɛɛ saa adwuma yi.

Asafo no yɛɛ nneɛma pii de kyekyee wɔn a atoyerɛnkyɛm too wɔn no were hyɛɛ wɔn gyidi den. Asafo mu mpanyimfo bɛboro 400 kɔsrasraa wɔn a wɔn ho kae no hyɛɛ wɔn den. Sodikuw no kyerɛe sɛ wodwen anuanom ho; wɔmaa anuanom baanu fi wiase nyinaa adwumayɛbea ti kɔɔ beae a atoyerɛnkyɛm sii no kɔhyɛɛ wɔn den. Adansefo a wɔwɔ wiase nyinaa akyerɛ wɔn dɔ, na eyi ahyɛ anuanom den.

NKONIM A YƐADI

Bere a Stephen Hardy a ofi Britain ne anuanom foforo reka nkonim a yɛadi nnansa yi ho asɛm no, obiara yɛɛ aso tiei. Sɛ nhwɛso no, na France aban no pɛ sɛ asafo no tua Amerika dɔla ɔpepem 82 sɛ tow. Asɛm no kopuee Europa Asɛnnibea a Ɛhwɛ Nnipa Ahofadi Ho Nsɛm So, na wobuu yɛn bem. Ɛkae sɛ France aban no abu Europa Apam no mu asɛm a ɛto so 9 a ɛma nnipa kwan sɛ wotumi som sɛnea wɔpɛ no so. Gyinae a asɛnnibea no sii no da no adi sɛ asɛnnibea no gye toom sɛ ɛnyɛ sɛ na Adansefo no reguan towtua. Asɛm no ne sɛ asɛnnibea no ankasa kae sɛ France aban no annye Adansefo no antom sɛ nyamesom kuw. Ná aban no pɛ sɛ wogu wɔn som no, na afei nso wɔsopaa wɔn. Eyi nyinaa yɛ nneɛma a ɛkyerɛ sɛ wɔretiatia wɔn ahofadi so, na etia Apam no mu asɛm a ɛto so 9 no.

Yehowa Adansefo a wɔwɔ Armenia nso de asɛm bi kɔtoo Europa Asɛnnibea no anim, na wobuu wɔn bem. Efi 1965 nyinaa Asɛnnibea no agye atom sɛ, sɛ aban no hyɛ mmara sɛ obiara nkɔ sraadi na obi ka sɛ ɔrenkɔ a, Europa Apam no rentwitwa nnye no. Nanso Europa Asɛnnibea Bagua Kɛse no sii gyinae sɛ, sɛ obi gyidi nti ɔka sɛ ɔrenkɔ sraadi a, ɛsɛ sɛ Europa Apam no gye onii no gyinaesi no tom. Gyinae a Europa Asɛnnibea no sii no kyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ Armenia ne afei nso Azerbaijan ne Turkey aban gye hokwan a obi wɔ sɛ osi gyinae wɔ sraadi ho no tom.

ADANSI HO NHYEHYƐE

Ɔkasafo a odi hɔ ne Guy Pierce a ɔyɛ sodikuw no muni no. Ɔkae sɛ nnipa a wɔahyiam wɔ hɔ nyinaa pɛ sɛ wɔte adan a yɛpɛ sɛ yesi wɔ New York State no ho asɛm. Oyii video de kyerɛɛ nea ɛrekɔ so wɔ Wallkill, Patterson, ne asase a nnansa yi wɔagye wɔ Warwick ne Tuxedo, New York no. Ɔkae sɛ wɔresi dan foforo wɔ Wallkill a anuanom bɛda mu; adan nkorɛnkorɛ 300 na ɛwom. Wobesi awie 2014.

Yɛreyɛ nhyehyɛe asisi adan foforo wɔ asase a yɛagye wɔ Warwick no so. Asase no kɛse yɛ hɛkta 100 (ahama 248). Onua Pierce kae sɛ: “Saa bere yi de yennim nea Yehowa pɛ sɛ yɛyɛ wɔ Warwick, nanso yɛreboaboa yɛn ho asisi adan wɔ hɔ. Adwene no ne sɛ daakye yebeyi Yehowa Adansefo adwumayɛbea ti no akɔ hɔ.” Yɛapɛ asase bi wɔ mpɔtam hɔ baabi a ne kɛse yɛ hɛkta 20 (ahama 50), na yɛreyɛ nhyehyɛe de mfiri ne nneɛma a yɛde besi dan no akogu hɔ. Efi Warwick rekɔ hɔ yɛ kilomita 10 (akwansin asia). Onua Pierce kae sɛ, “Sɛ wɔma yɛn kwan sɛ yensi dan no a, yɛhwɛ kwan sɛ yebesi awie wɔ mfe anan mu. Sɛ yewie no saa a, afei yebetumi atɔn yɛn adan a ɛwɔ Brooklyn no.”

Onua Pierce bisae sɛ: “Afei de, Sodikuw no anya adwene sɛ ahohiahia kɛse no nnya mmae anaa?” Ɔno ara buae sɛ: “Ɛnte saa koraa. Sɛ yegu so ara na ahohiahia kɛse no pae gu a, ɛbɛyɛ anigyesɛm, anigyesɛm ankasa!”

HWƐ YIYE WƆ GYATA A ƆREBOBOM NO HO

Nea odi hɔ a ɔkasae ne Stephen Lett; ɔno nso yɛ Sodikuw no muni. Ná n’asɛm no fa 1 Petro 5:8 ho. Ɛhɔ ka sɛ: “Mo ani nna hɔ, monwɛn. Mo tamfo Ɔbonsam nenam sɛ gyata a ɔbobom apɛ obi amene no.” Onua Lett kae sɛ, sɛ yɛhwɛ sɛnea gyata yɛ n’ade a, yebetumi ahu nea enti a Petro de Ɔbonsam toto gyata ho no.

Gyata ho yɛ den na ne ho yɛ hare sen nnipa. Satan ho yɛ den araa ma yɛrentumi ne no nko na saa ara nso na sɛ yɛka sɛ yɛde yɛn ankasa ahoɔden beguan afi n’anim a, ɛrenyɛ yiye. Enti yehia Yehowa mmoa. (Yes. 40:31) Sɛ gyata pɛ sɛ ɔkyere aboa bi a, ɔdɛɛdɛɛ no na watow ahyɛ no so. Enti sɛ yɛmpɛ sɛ Satan nya yɛn a, ɛsɛ sɛ yehu ɔkwan a ɔfa so tow hyɛ yɛn so no. Sɛnea gyata kum ɔtwe a ɔnam ne baabi anaa afurum ba a wada no, saa ara na Satan nso nhu obiara mmɔbɔ, na onya yɛn a obekum yɛn. Sɛ gyata we aboa bi mee na ogyaw hɔ a, wunhu aboa kõ efisɛ ɔtetew ne mu pasaa. Saa ara na sɛ Satan nya Kristoni bi a, tebea a ɔkɔ mu no ‘sɛe koraa sen kan de no.’ (2 Pet. 2:20) Enti ɛho hia sɛ yegyina hɔ pintinn ne Satan di asi na yɛde nea yesua fi Bible mu bɔ yɛn bra bere nyinaa.—1 Pet. 5:9.

MA W’ANI NSƆ HOKWAN A WOWƆ WƆ YEHOWA FIE

Samuel Herd a ɔyɛ Sodikuw no muni ne ɔkasafo a odi hɔ. Ɔkae sɛ: “Yɛn nyinaa wɔ hokwan bi wɔ Yehowa fie.” Eyi ne honhom fam asɔrefie no. Honhom fam asɔrefie no ne nhyehyɛe a Onyankopɔn ayɛ ma yetumi fa Yesu agyede afɔre no so som no. Ɛyɛ akwannya kɛse a ɛsɛ sɛ yɛkyerɛ ho anisɔ. Ná Dawid pɛ sɛ ‘ɔtena Yehowa fie ne nkwa nna nyinaa,’ na saa ara na yɛn nso yɛpɛ sɛ yɛyɛ.—Dw. 27:4.

Onua Herd twee adwene sii Dwom 92:12-14 so na obisae sɛ, “Dɛn na Yehowa yɛ de boa yɛn ma yɛyɛ frɔmfrɔm?” Obuae sɛ: “Onyankopɔn kyekye yɛn werɛ, ɔbɔ yɛn ho ban, na ɔkyerɛkyerɛ yɛn nokware no ma yɛn koma tɔ yɛn yam wɔ honhom fam paradise no mu. Momma yɛnna Yehowa ase sɛ ɔyɛ saa ma yɛn.” Afei Onua Herd hyɛɛ anuanom nyinaa nkuran sɛ wɔntena Yehowa fie nsom no afebɔɔ.

KRISTOFO MFA ONYANKOPƆN ASƐM NNI AGORU

David Splane a ɔyɛ Sodikuw no muni na ɔmaa ɔkasa a edi hɔ no. Ɔkae sɛ efi tete besi nnɛ nokware Kristofo nni Onyankopɔn Asɛm ho agoru koraa. Bere a twetiatwa ho asɛm sɔree wɔ asomafo no bere so no, Bible na ɛboaa wɔn ma wosiesiee asɛm no. (Aso. 15:16, 17) Nanso asomafo no wu akyi no, ebinom a wɔfrɛ wɔn ho Kristofo a na wɔasua Hela nyansapɛ de Kyerɛwnsɛm no too nkyɛn, na wofii ase de wɔn nyansapɛ no kyerɛkyerɛe. Akyiri yi, afoforo nso de wɔn a wɔfrɛ wɔn Asɔre Agyanom ne Roma ahempɔn nsɛm besii Bible nkyerɛkyerɛ ananmu. Eyi na ɛkɔfaa atoro nkyerɛkyerɛ pii bae.

Onua Splane twee adwene sii Yesu mfatoho bi so. Saa mfatoho no mu no, Yesu kyerɛe sɛ wobenya nokware Kristofo a wɔasra wɔn wɔ asase so bere nyinaa ma wɔagyina nokware no akyi. (Mat. 13:24-30) Yennim nnipa a wɔka saafo no ho. Nanso mfe pii a abɛsen kɔ no, nnipa pii akasa atia atoro nkyerɛkyerɛ ne nneyɛe a ɛmfata. Eyinom mu bi ne Ɔsɔfopɔn Agobard a ofi Lyons a ɔtenaa ase afeha a ɛto so 9, Peter a ofi Bruys, Henry a ofi Lausanne, ne Valdès (anaa, Waldo) a wɔtenaa ase afeha a ɛto so 12, John Wycliffe a ɔtenaa ase afeha a ɛto so 14, William Tyndale a ɔtenaa ase afeha a ɛto so 16, ne Henry Grew ne George Storrs a wɔtenaa ase afeha a ɛto so 19. Ɛnnɛ Yehowa Adansefo da so ara de nea Bible ka yɛ adwuma na wogye tom sɛ Bible ne nokware no nnyinaso. Ɛno nti na Sodikuw no apaw Yohane 17:17 sɛ 2012 afe asɛm no. Ɛhɔ ka sɛ: “W’asɛm yɛ nokware.”

NSAKRAE A WƆAYƐ WƆ SUKUU AHOROW MU

Anthony Morris a ɔyɛ Sodikuw no muni de too gua sɛ wɔayɛ nsakrae wɔ asɛmpatrɛwfo ne akwampaefo titiriw ntetee mu. Efi September 2012 no, wobefi ase ayɛ Bible Sukuu a Wɔyɛ Ma Kristofo Awarefo wɔ aman foforo so. Efi October 2011 no, wɔasesa atirimpɔw a wɔde kɔ Gilead sukuu no. Seesei wɔn a wɔkɔ Gilead nyinaa yɛ wɔn a wɔwɔ bere nyinaa som adwuma no mu dedaw. Ebinom yɛ asɛmpatrɛwfo a wɔnkɔɔ Gilead da, akwampaefo titiriw, ahwɛfo akwantufo, ne Betelfo. Sɛ wowie Gilead a, wɔbɛma wɔakɔsom wɔ Betel, wɔakɔyɛ ahwɛfo akwantufo adwuma, anaa wɔde wɔn bɛkɔ asafo ahorow a ɛwɔ nkurow akɛse mu ma wɔne wɔn ayɛ asɛnka adwuma no. Wɔbɛboa ahyɛ anuanom den ma wɔn ase atim.

Wɔde too gua sɛ efi January 1, 2012 no, wɔn a wɔkɔ Bible Sukuu a Wɔyɛ Ma Anuanom Mmarima Asigyafo ne Bible Sukuu a Wɔyɛ Ma Kristofo Awarefo no bi bɛyɛ bere tiaa mu akwampaefo atitiriw. Wɔbɛyɛ asɛnka adwuma no wɔ mmeae a adawurubɔfo nni hɔ anaa adawurubɔfo nnɔɔso. Wɔbɛma wɔayɛ akwampaefo atitiriw afe na sɛ wɔyere wɔn ho a, na wɔama wɔatoa so. Mfe abiɛsa akyi no sɛ ɛbɛda adi sɛ wɔbɔ wɔn ho mmɔden a, wobegye wɔn atom sɛ akwampaefo atitiriw.

Ná 2011 afe afe nhyiam no yɛ anigye bere. Yɛhwɛ kwan sɛ Yehowa behyira nhyehyɛe foforo yi so na yɛatumi aka asɛm no wɔ mmeae pii na yɛaboa anuanom a wɔwɔ wiase nyinaa ma wɔayɛ biako. Eyi de ayeyi kɛse bɛbrɛ Yehowa na ahyɛ no anuonyam.

[Adaka/Mfonini wɔ kratafa 18, 19]

YEHUU WƆN YIYE

Dwumadi no fã bi nso, wobisabisaa anuanom mmea akunafo baanum nsɛm. Wɔyɛ Sodikuw no mufo a wɔawuwu yerenom. Saafo yi ne Onuawa Marina Sydlik, Onuawa Edith Suiter, Onuawa Melita Jaracz, Onuawa Melba Barry, ne Onuawa Sydney Barber. Wɔkyerɛɛ sɛnea wohuu nokware no ne nea ɛyɛe a wɔbɛyɛɛ bere nyinaa som adwuma no. Wɔn mu biara wɔ nneɛma bi a wɔkae a ɛma wɔn ani gye, na wɔkaa ho asɛm kyerɛɛ atiefo no. Afei wɔkaa wɔn kununom ho nsɛm kakra ne anigye a wonyae wɔ aware mu. Bere a wɔne anuanom mmea yi wiei no, na ɛfata sɛ anuanom a wɔahyiam wɔ hɔ no to dwom 86. Dwom no asɛmti ne: “Tete Mmea Anokwafo ne Kristofo Mmea.”

[Mfonini]

(Atifi) Daniel ne Marina Sydlik; Grant ne Edith Suiter; Theodore ne Melita Jaracz

(Ase) Lloyd ne Melba Barry; Carey ne Sydney Barber

[Asase mfonini wɔ kratafa 16]

(Wopɛ nsɛm a wɔahyehyɛ awie no a, hwɛ nhoma no mu)

Wɔaka Betel asia abom ma Mexico baa dwumadibea rehwɛ so

MEXICO

GUATEMALA

HONDURAS

EL SALVADOR

NICARAGUA

COSTA RICA

PANAMA

[Kratafa 17 mfonini]

Sɛ wosi Yehowa Adansefo adwumayɛbea ti wɔ Warwick, New York a, sɛɛ na ebia ɛbɛyɛ