Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

“Mubenya Mo Adwuma no so Akatua”

“Mubenya Mo Adwuma no so Akatua”

“Mubenya Mo Adwuma no so Akatua”

TWA tebea no ho mfonini hwɛ: Ɔhene Asa di n’asraafo anim rekɔ obon kɛse bi mu. Wofi Yudea bepɔw no so rekɔ asasetaw a ɛwɔ mpoano no so. Afei wɔabedu baabi a obon no trɛw, na Asa gyina. Nea ohu ma ne yam hye no. Ɔhwɛ bon no mu a, Etiopiafo na wɔabɔ nsra wɔ hɔ yi; ɛnyɛ dɔm ketewa! Atamfo yi dodow bɛyɛ ɔpepem biako. Nanso Asa asraafo dodow bɛyɛ wɔn de fã pɛ.

Ɔko rebobɔ ba; dɛn na Asa bedi kan ayɛ? So ɔbɛkyerɛ n’asahene nea wɔnyɛ? Anaa ɔbɛhyɛ n’asraafo nkuran? Anaa ɔbɛkyerɛw nkrataa akɔma n’abusuafo? Dabida, ɔnyɛ emu biara! Mmom, Asa bɔ mpae efisɛ asɛm no ani soso.

Ansa na yebesusuw Asa mpaebɔ no ho na yɛahwɛ nea esii saa bere no, ma yenni kan mmisa sɛ hena koraa ne Asa? Dɛn na ɛma ɔhwehwɛɛ mmoa fii Onyankopɔn hɔ? So na ɔhwɛ kwan sɛ Onyankopɔn bɛboa no? Dɛn na ɛwɔ Asa asɛm no mu a ɛma yehu sɛnea Yehowa hyira N’asomfo?

HENA KORAA NE ASA?

Bere a Israel Ahemman no mu pae abien no, mfe 20 a edi hɔ no, Yuda de ne ho hyɛɛ atoro som mu fee. Asa bɛyɛɛ ɔhene afe 977 A.Y.B. Saa bere no, na ahemfie mpanyimfo no mpo som Kanaanfo abawo anyame. Nanso Bible ka sɛ: “Asa yɛɛ nea eye na ɛteɛ Yehowa, ne Nyankopɔn ani so.” Asa yiyii “ananafo afɔremuka ne sorɔnsorɔmmea no fii hɔ, na obubuu abosom adum twitwaa abosonnua no gui.” (2 Be. 14:2, 3) Asa tuu “asɔrefie mmarima nguaman” no nso fii Yuda Ahemman no mu. Ná mmarima yi ne wɔn yɔnko mmarima da, efisɛ na ɛka wɔn som mu amanne ho. Ɛnyɛ atoro som nkutoo na Asa tuu ase, na mmom ɔka kyerɛɛ nkurɔfo no sɛ “wɔnhwehwɛ Yehowa, wɔn agyanom Nyankopɔn no, na wonni ne mmara nsɛm ne n’ahyɛde so.”—1 Ahe. 15:12, 13; 2 Be. 14:4.

Yehowa ani sɔɔ nsi ne ahokeka a Asa de taa nokware som akyi no, na ɔma onyaa asomdwoe mfe pii. Ɔhene no ankasa kae sɛ: “Yɛahwehwɛ Yehowa, yɛn Nyankopɔn. Yɛahwehwɛ no nti, wama yɛanya ɔhome afã nyinaa ahyia.” Nkurɔfo no de asomdwoe mmere no kyekyee Yuda Ahemman no afasu ma ɛyɛɛ den. Bible ka sɛ: “Wɔkyekyee, na esii wɔn yiye.”—2 Be. 14:1, 6, 7.

ASA WƆ AKONO

Ná Asa nim sɛ Yehowa hyira wɔn a wɔda wɔn gyidi adi. Ɛno nti na bere a Asa ne Etiopiafo rekɔko no, ɔbɔɔ Yehowa mpae no. Eyi ne asraafodɔm a wɔdɔɔso sen biara a Bible ka wɔn ho asɛm. Ɔhene Asa bɔɔ mpae srɛɛ Yehowa sɛ ɔmmoa no. Asa hui sɛ, sɛ n’atamfo ho yɛ den anaa wɔdɔɔso sɛ dɛn koraa na ɔde ne ho to Onyankopɔn so a, ɔbɛboa no, na n’atamfo rentumi nyɛ hwee. Bio nso, na Ɔhene Asa nim sɛ ɔko yi ho nsunsuanso betumi aka Yehowa din, enti ɔkaa ho asɛm wɔ ne mpaebɔ mu sɛ: “O Yehowa yɛn Nyankopɔn, boa yɛn, na wo so na yɛde yɛn ani ato; wo din mu na yɛaba saa dɔm yi so. O Yehowa, wone yɛn Nyankopɔn. Mma onipa desani nnni wo so nkonim.” (2 Be. 14:11) Ná ɛte sɛ nea ɔreka sɛ: ‘Yehowa, wo na Etiopiafo ne wo rebɛko. Mma nnipa desani nni wo nkurɔfo so nkonim na wɔansopa wo din.’ Enti “Yehowa dii Etiopiafo so nkonim wɔ Asa ne Yuda anim, na Etiopiafo no guanee.”—2 Be. 14:12.

Ɛnnɛ Yehowa nkurɔfo ne atamfo a wɔn ho yɛ den redi asi. Yɛremfa akode ankasa ne wɔn nkɔko, nanso yebetumi anya awerɛhyem sɛ Yehowa bɛma n’asomfo anokwafo a wodi ne din ni no nyinaa adi nkonim. Ɔkwan bi so no yɛn mu biara gyina akono. Ebia ɛsɛ sɛ yɛko tia nsusuwii bɔne a adonnɔn wiase no, anaa yɛko tia yɛn ankasa mmerɛwyɛ, anaa yɛbɔ yɛn abusua ho ban fi biribiara a ebetumi asɛe wɔne Onyankopɔn ntam ho. Sɔhwɛ biara a yebehyia no, Asa mpaebɔ no betumi ahyɛ yɛn den. Asa dii nkonim maa Yehowa. Ɛma yehu sɛ yɛde yɛn ho to Onyankopɔn so a, ɔbɛma yɛadi nkonim. Onipa biara nni hɔ a obetumi agyina Yehowa anim.

NKURANHYƐ NE KƆKƆBƆ

Bere a Asa fi akono reba no, odiyifo Asaria kohyiaa no. Odiyifo yi hyɛɛ Asa nkuran na afei ɔbɔɔ no kɔkɔ. Ɔkae sɛ: “Asa, wo ne Yuda ne Benyamin nyinaa, muntie me ɛ! Yehowa de, sɛ mo ne no tena a, ɔno nso ne mo bɛtena; sɛ mohwehwɛ no a, ɔbɛma moahu no, na sɛ mugyaw no a, ɔno nso begyaw mo. . . . Momma mo bo nyɛ duru, na mommma mo nsam nngow, efisɛ mubenya mo adwuma no so akatua.”—2 Be. 15:1, 2, 7.

Saa asɛm yi betumi ahyɛ yɛn gyidi den. Ɛma yehu sɛ sɛ yɛde nokwaredi som Yehowa a, ɔno nso ne yɛn bɛtena. Ɛsɛ sɛ yenya ahotoso sɛ, sɛ yehia ne mmoa na yesu frɛ no a, obegye yɛn so. Asaria kae sɛ: “Momma mo bo nyɛ duru.” Egye akokoduru kɛse na yɛayɛ nea ɛteɛ nanso yenim sɛ Yehowa bɛboa yɛn ma yɛayɛ saa.

Asa nanabea Maaka ‘yɛɛ ohoni huhuuhu bi a wɔde som abosonnua.’ Enti Asa tuu no ade so, na wamma wanyɛ “ɔbaapanyin” bio wɔ ahemfie hɔ. Ɛbɛyɛ sɛ na eyi nyɛ mmerɛw mma Asa nanso ɔde ne nan sii fam na ɔhyew ne honi no nso. (1 Ahe. 15:13) Yehowa hyiraa Asa sɛ ɔde akokoduru yɛɛ nea ɛteɛ. Yɛn nso, sɛ yɛn abusuafo di Onyankopɔn nokware oo, sɛ wanni no nokware oo, ɛsɛ sɛ yɛbata Onyankopɔn ho denneennen kosi ase na yedi ne mmara so. Sɛ yɛyɛ saa a, Yehowa behyira yɛn.

Nhyira a Asa nyae no bi ne sɛ ne bere so no, Israelfo a wofi atifi fam ahemman a awae no mu pii baa Yuda efisɛ wohui sɛ Yehowa ka Asa ho. Wonyaa anisɔ kɛse maa nokware som araa ma wogyaw wɔn afie hɔ ne Yehowa asomfo kɔtenae. Afei Asa ne Yuda nyinaa de anigye ‘kɔɔ apam sɛ wɔde wɔn koma ne wɔn kra nyinaa bɛhwehwɛ Yehowa.’ Dɛn na efii mu bae? Onyankopɔn ‘ma wohuu no, na Yehowa maa wɔn ahome afã nyinaa hyiae.’ (2 Be. 15:9-15) Ɛnnɛ nso sɛ yehu sɛ wɔn a wɔwɔ koma pa rebɛsom Yehowa a, yedi ahurusi papaapa!

Nanso na kɔkɔbɔ bi wɔ asɛm a odiyifo Asaria ka kyerɛɛ Asa no mu. Ɔkae sɛ: “Sɛ mugyaw [Yehowa] a, ɔno nso begyaw mo.” Ɛmpare yɛn sɛ biribi a ɛte saa bɛto yɛn, efisɛ ɛrenyɛ adepa mma yɛn! (2 Pet. 2:20-22) Nea enti a Yehowa ma wɔde kɔkɔbɔ yi maa Asa no de, Bible nka, nanso Asa antie.

“WOADI NKWASEASƐM”

Bere a Asa dii ade bɛyɛ mfe 36 no, Israel hene a ne din de Baasa yɛe sɛ ɔne Yuda rekɔko. Baasa fii ase kyekyee Rama a na ɛda Israel ne Yuda hye so no. Wufi Yerusalem rekɔ hɔ a ɛyɛ kilomita 8 (akwansin 5) wɔ atifi fam. Ebia nea enti a Baasa yɛɛ saa ne sɛ na ɔmpɛ sɛ ne nkurɔfo bɛkɔ Yuda akɔsom Yehowa ne Ɔhene Asa. Asa anhwehwɛ Onyankopɔn hɔ mmoa sɛnea ɔyɛe bere a Etiopiafo kɔtow hyɛɛ no so no, na mmom ɔhwehwɛɛ mmoa fii nnipa hɔ. Ɔkɔyɛɛ Siria hene ayɛ, na ɔsrɛɛ no sɛ ɔnkɔ Israel ahemman a ɛwɔ atifi fam no so. Bere a Siriafo sɔre kɔɔ Israel so no, Baasa fii Rama kɔe.—2 Be. 16:1-5.

Yehowa ani annye nea Asa yɛe no ho, enti ɔsomaa odiyifo Hanani sɛ ɔnkɔka nkyerɛ no. Ná Asa nim sɛ Yehowa na ɔboaa no ma odii Etiopiafo so nkonim, enti anka ɛsɛ sɛ ohu sɛ Yehowa ‘aniwa kyini asase so baabiara sɛ ɔde n’ahoɔden bedi ama wɔn a wɔn koma di mũ wɔ ne ho.’ Ebia obi maa Asa afotu bɔne anaasɛ onyaa adwene sɛ Baasa ne n’asraafo nyɛ dɔm biara enti obetumi wɔn. Sɛ ɛyɛ eyi oo, sɛ biribi foforo oo, asɛm no ne sɛ Asa de ne ho too nnipa so na ɛnyɛ Yehowa so. Hanani ka kyerɛɛ no sɛ: “Asɛm yi mu de, woadi nkwaseasɛm, na efi nnɛ rekɔ, akodi bɛba wo so.”—2 Be. 16:7-9.

Bere a Asa tee saa asɛm no, ne bo fuwii papa, na ɔde Hanani bɔɔ dua mu. (2 Be. 16:10) Ebia Asa kae sɛ, ‘Madi Yehowa nokware mfe pii, so ɛfata sɛ wɔka m’anim?’ Anaasɛ nkwakoraabɔ nti na ontumi nnwen yiye anaa? Bible nka ho hwee.

Bere a Asa dii ade bɛyɛ mfe 39 no, ɔyaree denneennen; yare bɔɔ ne nan. Bible ka sɛ: “Ne yare mu mpo, wanhwehwɛ Yehowa akyi kwan na mmom okodii ayaresafo akyi.” Saa bere no, ɛbɛyɛ sɛ na Asa ne Yehowa ntam nyɛ papa te sɛ kan no, na ɛbɛyɛ sɛ ɛtoaa so kosii sɛ owui. Odii ade bɛyɛ mfe 41.—2 Be. 16:12-14.

Nanso yebetumi aka sɛ Yehowa amfa n’adwene ansi Asa mfomso so, na mmom ɔkaee ne suban pa ne ahokeka a ɔde gyinaa nokware som akyi no. Wannyae Yehowa som da. (1 Ahe. 15:14) Enti dɛn na yebetumi asua afi Asa asɛm no mu? Ɛboa yɛn ma yehu sɛ ɛsɛ sɛ yɛkae nea Yehowa ayɛ ama yɛn bere bi a atwam, na ɛno bɛka yɛn na sɛ yehyia sɔhwɛ foforo a yɛabɔ mpae ahwehwɛ ne mmoa. Afei nso ɛnsɛ sɛ yenya adwene sɛ yenhia Bible mu afotu biara efisɛ yɛde mfe bebree asom Onyankopɔn nokwarem. Ɛmfa ho mfe dodow a yɛde asom Yehowa no, sɛ yedi mfomso a ɔbɛteɛ yɛn so. Ɛsɛ sɛ yɛde ahobrɛase gye nteɛso a ɛte saa tom na aboa yɛn. Ade a ɛho hia sen biara a yesua fi mu ne sɛ, sɛ yɛne yɛn soro Agya no tena a, ɔno nso ne yɛn bɛtena. Yehowa aniwa kyini asase nyinaa so hwehwɛ wɔn a wodi no nokware. Ɔde ne tumi boa wɔn ma esi wɔn yiye. Yehowa yɛɛ saa maa Asa na ɔbɛyɛ saa ama yɛn nso.

[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 9]

Yehowa hyira n’asomfo anokwafo

[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 10]

Yehia akokoduru na yɛatumi ayɛ nea ɛteɛ wɔ Yehowa ani so