Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Asomdwoe Bɛtena Hɔ Mfe Apem—Ne Akyi!

Asomdwoe Bɛtena Hɔ Mfe Apem—Ne Akyi!

‘Onyankopɔn bɛyɛ ade nyinaa ama obiara.’—1 KOR. 15:28.

1. Nhyira bɛn na ɛda hɔ retwɛn “nnipakuw kɛse” no?

HWƐ sɛ yɛanya aban a etumi yɛ nneɛma akɛse akɛse ne ɔhempa a ɔwɔ mmɔborɔhunu a obedi ade mfe apem. Wo de, hwɛ nneɛma a ɛso bi nni a obetumi ayɛ ama ne mamfo! Nokwasɛm ni, nneɛma pa wɔ hɔ ma “nnipakuw kɛse” a wɔn dodow nni ano no. Eyinom na wobetwa “ahohiahia kɛse” a ɛbɛpra nhyehyɛe bɔne yi afi hɔ no.—Adi. 7:9, 14.

2. Ɔhaw bɛn na adesamma afa mu mfe 6,000 ni?

2 Nnipa de mfe 6,000 adi wɔn ho so. Eyi de yaw ne amanehunu bebrebe na abɛsoɛ adesamma. Bible aka ato hɔ dedaadaw sɛ: “Onipa di onipa so ma ewie no bɔne.” (Ɔsɛnk. 8:9) Dɛn na yehu sɛ ɛrekɔ so nnɛ? Akodi, atuatew, ohia, ne yare abu so baabiara, na nsu, mframa ne kwae nso resɛe. Aban mpanyimfo bi ka sɛ, sɛ yɛansesa yɛn akwan na yɛkɔ so tena yɛn ananmu saa a, nea ebesi renyɛ adepa.

3. Dɛn na Mfirihyia Apem Nniso no de bɛbrɛ adesamma?

3 Onyankopɔn Ahenni ase no, Mesia hene Yesu Kristo ne ne mfɛfo adedifo 144,000 no de nkakrankakra beyi nnipa haw nyinaa afi hɔ na wɔasiesie nneɛma a asɛe wɔ asase so nyinaa. Mfirihyia Apem Nniso no mu no, Yehowa Nyankopɔn bɔhyɛ yi bɛbam: “Merebɔ ɔsoro foforo ne asase foforo; na wɔrenkae kan nneɛma no bio, na ɛremma komam bio.” (Yes. 65:17) Eyi yɛ bɔhyɛ a ɛka koma. Ɛnde, nneɛma a ɛyɛ anigye a yennya nhui bɛn na ɛda hɔ retwɛn yɛn? Bible nkɔmhyɛ boa yɛn ma yetumi de yɛn ani bu nneɛma a ‘yennya nhui’ no.—2 Kor. 4:18.

 ‘WOBESISI ADAN NA WƆAYEYƐ BOBE NTURO’

4. Adan ho asɛm te dɛn nnɛ?

4 Hena na ɔmpɛ sɛ onya n’ankasa fie, baabi a ɔne n’abusua de wɔn ti bɛto ma wɔn asom adwo wɔn? Nanso ɛnnɛ, baabi a nnipa de wɔn ti bɛto yɛ asɛm. Nnipa abɔ apee so wɔ nkurow akɛse mu, na baabi a nnipa pii tete nye koraa. Wɔnna nso ho dae sɛ daakye wobenya wɔn ankasa fie.

5, 6. (a) Dɛn na ɛbɛma Yesaia 65:21 ne Mika 4:4 abam? (b) Yɛbɛyɛ dɛn anya saa nhyira no?

5 Sɛ Ahenni no fi ase di tumi a, obiara benya fie a ɔpɛ atena mu. Yesaia hyɛɛ nkɔm sɛ: “Wobesisi adan atena mu na wɔayeyɛ bobe nturo adi mu aba.” (Yes. 65:21) Nanso ɛnyɛ ofie a obi benya nkutoo ne asɛm no. Ɛnnɛ koraa nkurɔfo wɔ wɔn ankasa fie, na ebinom mpo tete afie akɛse anaa adehyefie mu. Nanso saafo no suro sɛ wobetumi abɔ ka ma wɔahwere wɔn fie anaa akorɔmfo bebubu abam. Sɛ Ahenni no ba a, obiara nnwen eyinom ho bio! Odiyifo Mika kyerɛwee sɛ: “Wɔn mu biara bɛtena ne bobe ne ne borɔdɔma ase, na obiara renyi wɔn hu.”—Mika 4:4.

6 Sɛ yɛpɛ saa nhyira yi a, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ? Yɛn nyinaa hia baabi a yɛde yɛn ti bɛto. Nanso sɛ́ anka yebebiri yɛn mogya ani asi dan a yɛn koma pɛ na akɔfa ɛka kɛse abɛto yɛn so no, so ɛrenyɛ papa mmom sɛ yɛde yɛn adwene besi Yehowa bɔhyɛ so? Yesu kae sɛ: “Sakraman wɔ abɔn na ewim nnomaa wɔ mmerebuw, nanso onipa Ba no nni baabi a ɔde ne ti bɛto.” (Luka 9:58) Yesu pɛ a, anka obetumi asi dan a ɛso bi mmae da. Nanso wanyɛ saa. Dɛn ntia? Ná Yesu mpɛ sɛ biribiara bɛtwetwe no anaa ebegye n’adwene ma ɔde Ahenni ho nneɛma ato nkyɛn. So yebetumi asuasua Yesu nhwɛso no na yɛama yɛn ani ahwɛ tee na honam fam nneɛma ne dadwen ankyekyere yɛn?—Mat. 6:33, 34.

“PATAKU NE OGUAN BƐBOM ADIDI”

7. Mfiase no na Yehowa pɛ sɛ nnipa ne mmoa ntam yɛ dɛn?

7 Yehowa bɔɔ biribiara wɔ asase so ansa na ɔrebɔ nnipa. Yehowa maa n’Abakan a ɔne ne dwumayɛni a ne ho akokwaw no huu atirimpɔw pɔtee a ɔde bɔɔ nnipa. Ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Ma yɛnyɛ onipa yɛn suban so sɛnea yɛte, na wonni asase ne ɛso mmoa nyinaa so, ɛpo mu mpataa ne wim ntuboa ne afieboa ne mmoa a wɔwea asase so nyinaa.” (Gen. 1:26) Enti Onyankopɔn maa Adam ne Hawa ne wɔn asefo a wɔbɛba tumi sɛ wonni mmoa so.

8. Ɛnnɛ mpo mmoa yɛ wɔn ade dɛn?

8 Enti ɛyɛ ampa sɛ nnipa betumi adi mmoa nyinaa so na wɔne wɔn atena asomdwoe mu? Nnipa pii ne wɔn afieboa te sɛ nkraman ne nnyinamoa di agoru. Na nkekammoa nso ɛ? Nyansahufo a wɔne nkekammoa atena asua wɔn ho ade ahu sɛ mmoa nyinaa ho yɛ anika. Nanso sɛ obi gyigye wɔn a, wɔbɔ hu anaa wɔn ani bere. Ɛnde mmoa a wɔte saa betumi anya tema anaa? Nyansahufo no kae sɛ, sɛ mmoa yi wo a na wuhu sɛ wɔwɔ tema paa.

9. Mmoa bɛyɛ wɔn ade dɛn daakye?

9 Enti sɛ Bible ka sɛ asomdwoe bɛtena nnipa ne mmoa ntam a, ɛnsɛ sɛ ɛyɛ yɛn nwonwa. (Monkenkan Yesaia 11:6-9; 65:25.) Ade foforo bɛn nti na  ɛnsɛ sɛ ɛyɛ yɛn nwonwa? Bere a Noa ne n’abusua pue fii adaka no mu wɔ Nsuyiri no akyi no, Yehowa ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Mo ho hu nkɔ so nka asase so mmoa nyinaa.” Kae sɛ Yehowa yɛɛ saa de bɔɔ mmoa ho ban; enti nnɛ mmoa hu nnipa a na wɔreguan. (Gen. 9:2, 3) Nanso Yehowa betumi ayi ehu no bi afi hɔ ma nnipa ne mmoa ntam ayɛ sɛnea ɔkae mfiase no. (Hos. 2:18) Hwɛ sɛnea ɛbɛyɛ anika sɛ obi benya nkwa atena asase so saa bere no!

“ƆBƐPOPA WƆN ANIWAM NUSU NYINAA”

10. Dɛn nti na nnipa su?

10 Solomon huu “nhyɛso a wɔde ba nnipa so owia ase nyinaa,” na ɔkae sɛ: “Hwɛ! mihuu wɔn a wɔhyɛ wɔn so no nusu, nanso wonni ɔwerɛkyekyefo biara.” (Ɔsɛnk. 4:1) Saa ara na ɛte nnɛ anaa ebi mpo a asɛe sen saa. Yɛn mu hena na onsuu da? Ɛtɔ da bi a anigye na ɛma yɛte nusu. Nanso mpɛn pii no awerɛhow ne ɛyaw na ɛma yesu.

11. Bible mu asɛm bɛn na ɛka wo koma paa?

11 Sɛ yɛkenkan Bible a, yehu sɛ nnipa pii sui. Yɛnhwɛ nea ɛmaa ebinom sui. Bere a Sara dii mfe 127 a owui no, “Abraham baa ɔdan no mu begyam Sara na osuu no.” (Gen. 23:1, 2) Bere a Naomi ne ne nsenom akunafo abien no redi nkra no, “wɔmomaa wɔn nne so sui.” Naomi ne wɔn kasae na “wɔmomaa wɔn nne so sui bio.” (Rut 1:9, 14) Bere a yare bɔɔ Ɔhene Hesekia a ohui sɛ obewu no, ɔbɔɔ Onyankopɔn mpae, na ‘osui pii.’ Ɛkaa Yehowa paa na ɔsaa no yare. (2 Ahe. 20:1-5) Saa ara na sɛ yɛkenkan asɛm a esii bere a ɔsomafo Petro paa Yesu no a, awɔse gu yɛn. Bere a Petro tee sɛ akokɔ rebɔn no ‘ofii adi kosui pii.’—Mat. 26:75.

12. Ɔkwan bɛn so na Mfirihyia Apem Nniso no bɛma adesamma anya ahotɔ?

12 Esiane sɛ awerɛhosɛm pii to nnipa nti, yehia awerɛkyekye ne ahotɔ ankasa. Ɛno ara ne ade a nnipa a wɔbɛtena ase wɔ Mfirihyia Apem Nniso no mu benya. Bible ka sɛ Onyankopɔn bɛpopa nnipa “aniwam nusu nyinaa, na owu nni hɔ bio, na awerɛhow ne osu ne yaw nso nni hɔ bio.” (Adi. 21:4) Sɛ Onyankopɔn yi awerɛhow, osu, ne yaw fi hɔ a, ɛbɛyɛ anigye bere paa. Nanso ɛnyɛ ɛno ara ne no. Onyankopɔn ahyɛ bɔ sɛ owu—yɛn tamfo kɛse owu—nso befi hɔ. Ɔkwan bɛn na ɔbɛfa so ayɛ saa?

‘WƆN A WƆWƆ NKAE ADA MU NYINAA BEFI ADI’

13. Efi bere a Adam yɛɛ bɔne no, ɔkwan bɛn so na owu ne nnipa adi?

13 Efi bere a Adam yɛɛ bɔne no, owu adi nnipa so hene. Owu yɛ ɔtamfo a ɔda amansan kɔn mu, na adesamma abɔnefo rentumi ntetew wɔn ho mfi ho. Na eyi de awerɛhow ne yaw pii na aba. (Rom. 5:12, 14) Nokwasɛm ni, “owu ho hu nti,” nnipa mpempem pii adan “nkoa wɔn nkwa nna nyinaa.”—Heb. 2:15.

14. Sɛ wotu owu gu a, dɛn na ɛbɛba?

14 Bible ka sɛ, “ɔtamfo a otwa to a obetu no agu ne owu.” (1 Kor. 15:26) Akuw abien na wobenya eyi so mfaso. Nea edi kan, “nnipakuw kɛse” a wɔwɔ hɔ seesei no benya hokwan akɔ wiase foforo no mu na watena ase daa. Nea ɛto so abien, nnipa mpempem pii a owu afa wɔn no benya owusɔre. Wo de, hwɛ sɛ “nnipakuw kɛse” no rema wɔn a wɔanyan wɔn no akwaaba! Pɛ  ani bɛhwɛ, anigye a ɛbɛba hɔ no renyɛ asɛm ketewa! Sɛ yɛto yɛn bo ase kenkan owusɔre ho nsɛm a ɛwɔ Bible mu no a, ɛbɛma yɛahu nea ɛbɛba bere a wɔanyan awufo daakye no.—Monkenkan Marko 5:38-42; Luka 7:11-17.

15. Sɛ wuhu sɛ wɔanyan wo dɔfo bi aba nkwa mu a, ɛbɛka wo dɛn?

15 Wohyɛɛ asɛm “wɔn ho dwiriw wɔn” ne “wofii ase hyɛɛ Onyankopɔn anuonyam” no nsow? Sɛ na wowɔ hɔ na wonyanee nkurɔfo no a, ebia anka wobɛte nka saa ara. Sɛ wonyan yɛn adɔfo ba nkwa mu a, yebedi ahurusi na yɛabɔ ose. Ɛbɛyɛ ade a ɛyɛ nwonwa paa! Yesu kae sɛ: “Dɔn no reba a wɔn a wɔwɔ nkae ada mu nyinaa bɛte ne nne na wɔafi adi.” (Yoh. 5:28, 29) Ɛwom, yɛn mu biara nhuu biribi a ɛte saa da, nanso sɛ yɛreka ‘nneɛma a yennya nhui’ a ebesi ma yɛn ho adwiriw yɛn paa a, eyi ka ho.

ONYANKOPƆN BƐYƐ “ADE NYINAA AMA OBIARA”

16. (a) Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛde anigye ka nhyira a ɛda yɛn anim no ho asɛm? (b) Asɛm bɛn na Paulo kae de hyɛɛ Kristofo a wɔwɔ Korinto no nkuran?

16 Akwannya kɛse bi da hɔ retwɛn wɔn a wobedi Yehowa nokware wɔ mmere a emu yɛ den yi mu! Ɛwom sɛ nneɛma akɛse akɛse a yɛreka ho asɛm yi nnya mmae de, nanso ɛsɛ sɛ yedwinnwen ho. Eyi bɛboa yɛn ma yɛde yɛn adwene asi nneɛma a ɛho hia ankasa so, na wiase yi mu nneɛma antwetwe yɛn.  (Luka 21:34; 1 Tim. 6:17-19) Sɛ yɛreyɛ abusua som, anaasɛ yɛne yɛn mfɛfo gyidifo anaa yɛn Bible asuafo ne anigyefo rebɔ nkɔmmɔ a, ɛsɛ sɛ yɛde anigye ka yɛn anidaso ho asɛm ma wohu sɛ yɛrehwɛ ade kɛse bi kwan. Yɛyɛ saa a, ɛbɛma yɛn anidaso no atena yɛn adwenem fann na mpo yɛwɔ hɔ a na yɛresoso ho dae. Ɔsomafo Paulo kaa nhyira a ɛbɛba daakye no ho asɛm de hyɛɛ ne mfɛfo Kristofo nkuran. Sɛ yɛbɛka a, ɔde wɔn twaa kwan kɔɔ Kristo Mfirihyia Apem Nniso no awiei tɔnn. Wo de, hwɛ asɛm a Paulo kae wɔ 1 Korintofo 15:24, 25, 28.—Monkenkan.

17, 18. (a) Bere a Yehowa bɔɔ nnipa no, ɔkwan bɛn so na na ‘ɔyɛ ade nyinaa ma obiara’? (b) Dɛn na Yesu bɛyɛ ma asomdwoe ne biakoyɛ asan aba?

17 Sɛ yɛhwɛ sɛnea tebea no bɛyɛ wɔ mfirihyia apem no awiei a, nea yebetumi aka ara ne sɛ “Onyankopɔn ayɛ ade nyinaa ama obiara.” Ɛnde asɛm yi kyerɛ dɛn? Ma yɛmfa yɛn adwene nkɔ bere a na Adam ne Hawa wɔ Eden no. Saa bere no, na wɔka Yehowa amansan abusua a biakoyɛ ne asomdwoe wom no ho. Ná Amansan Hene Yehowa di abɔfo ne nnipa a wabɔ wɔn no so tee. Wɔne Yehowa ankasa dii nkitaho, wɔsom no, na ɔno nso hyiraa wɔn. Enti na Yehowa ‘yɛ ade nyinaa ma obiara.’

Yesu di hene wie a, ɔbɛdan Ahenni no ama n’Agya

18 Bere a Satan daadaa nnipa ma wɔtew Yehowa tumidi so atua no, asomdwoe a ɛwɔ Yehowa ne nnipa ntam no sɛee. Nanso efi afe 1914 reba no, Mesia Ahenni no retoto nneɛma nkakrankakra sɛnea ɛbɛyɛ a asomdwoe ne biakoyɛ bɛsan aba. (Efe. 1:9, 10) Mfirihyia Apem Nniso no mu no, yebehu nneɛma nwonwaso a seesei ‘yenhu’ no. Afei “awiei no” bɛba. “Awiei no” ne Kristo Mfirihyia Apem Nniso no awiei. Ɛno akyi, dɛn na ebesi? Ɛwom sɛ “wɔde tumi nyinaa ama [Yesu] wɔ ɔsoro ne asase so” de, nanso ɔne Yehowa rempere tumidi. Mmom ‘ɔde ahenni no bɛhyɛ ne Nyankopɔn ne n’Agya nsa.’ Ɔde ne tumi ne dibea titiriw a ɔwɔ ‘bɛhyɛ Onyankopɔn anuonyam.’—Mat. 28:18; Filip. 2:9-11.

19, 20. (a) Dɛn na wɔn a Ahenni no bedi wɔn so nyinaa bɛyɛ de akyerɛ sɛ wogye Yehowa tumidi tom? (b) Nhyira nwonwaso bɛn na ɛda hɔ retwɛn yɛn?

19 Saa bere no, wɔn a Ahenni no bedi wɔn so wɔ asase so nyinaa bɛyɛ pɛ. Wobesuasua Yesu na wɔabrɛ wɔn ho ase agye Yehowa tumidi atom. Sɛ wotumi fa sɔhwɛ a etwa to no mu a, ɛbɛkyerɛ sɛ wɔpɛ sɛ Yehowa di wɔn so. (Adi. 20:7-10) Ɛno akyi no wobeyi atuatewfo nyinaa afi hɔ—nnipa oo, abɔfo oo, wɔn nyinaa befi hɔ korakora. Ɛbɛyɛ anigye ne osebɔ bere ankasa! Yehowa amansan abusua no mufo nyinaa bɛtontono no, na ‘ɔbɛyɛ ade nyinaa ama obiara.’—Monkenkan Dwom 99:1-3.

20 Sɛ wohwɛ nneɛma akɛse akɛse a Ahenni no bɛma yɛanya nnansa yi ara a, ɛnka wo mma womfa w’adwene ne w’ahoɔden nyinaa nyɛ Onyankopɔn apɛde? So woasi nketekrakye sɛ woremma Satan wiase yi mfa anidaso hunu a hwee ntua mu ne wiase afɛfɛde ntwetwe wo? Woasi wo bo denneennen sɛ wubegyina Yehowa tumidi akyi? Fa wo nneyɛe kyerɛ sɛ wopɛ paa sɛ wotena ase daa. Ɛnde, wubenya asomdwoe ne ahotɔ mfe apem—nokwarem no, ɛbɛyɛ afebɔɔ!