Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Yehowa Ne Yesu Wɔ Ntoboase—Suasua Wɔn

Yehowa Ne Yesu Wɔ Ntoboase—Suasua Wɔn

“Mummu yɛn Awurade ntoboase no sɛ nkwagye.”—2 PET. 3:15.

1. Asɛm bɛn na Yehowa asomfo anokwafo binom bisa?

ONUAWA bi a ɔde nokwaredi asom Yehowa bere tenten na wafa amanehunu pii mu bisae sɛ: “Ei, enti awiei no bɛba abɛto me ni?” Wɔn a wɔde mfe pii asom Yehowa bisa asɛm a ɛte saa ara. Yɛn yam a, anka ɛda a Onyankopɔn bɛyɛ nneɛma nyinaa foforo no aba ma yɛn haw nyinaa to atwa. (Adi. 21:5) Ɛwom, yɛwɔ nneɛma pii a yebegyina so agye adi sɛ ɛrenkyɛ koraa wɔbɛsɛe Satan wiase yi, nanso ɛnyɛ mmerɛw sɛ yebenya abotare atwɛn saa da no.

2. Bere a yɛresusuw ntoboase ho yi, nsɛmmisa bɛn na yebenya ho mmuae?

2 Bible kyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ yenya ntoboase anaa abotare. Sɛ yɛn nsa bɛka nneɛma a Onyankopɔn de ahyɛ yɛn bɔ no a, ɛsɛ sɛ yesuasua Onyankopɔn asomfo a wɔtenaa ase tete no na yenya gyidi kɛse na yɛde abotare twɛn kosi sɛ bɔhyɛ no bɛbam. (Monkenkan Hebrifo 6:11, 12.) Yehowa ankasa wɔ ntoboase. Sɛ ɔpɛ a anka wayi amumɔyɛsɛm afi wiase, nanso ɔretwɛn bere pa. (Rom. 9:20-24) Dɛn nti na Yehowa wɔ ntoboase saa? Ɔkwan bɛn so na Yesu asuasua Onyankopɔn anya ntoboase de ayɛ nhwɛso ama yɛn? Dɛn nti na ɛyɛ papa sɛ yesuasua Onyankopɔn na yenya ntoboase? Nsɛmmisa yi ho mmuae bɛboa yɛn ma yɛanya abotare ne gyidi a emu yɛ den. Sɛ yɛn ani so no, ɛte sɛ nea Yehowa rekyɛ mpo a, ɛbɛboa yɛn ma yɛatwɛn.

DƐN NTI NA YEHOWA WƆ NTOBOASE?

3, 4. (a) Dɛn nti na Yehowa anya abotare wɔ n’atirimpɔw ho? (b) Bere a Adam ne Hawa tew atua wɔ Eden no, dɛn na Yehowa yɛe?

3 Biribi pa bi nti na Yehowa to ne bo ase wɔ nneɛma ho. Ɛyɛ nokware sɛ Yehowa ne otumfoɔ pumpuni  wɔ biribiara so, nanso atuatew a ɛkɔɔ so wɔ Eden nti, nsɛmmisa bi sɔree a ɛfa ɔsoro ne asase sofo nyinaa ho. Yehowa anya abotare efisɛ onim sɛ ebegye bere na wɔabua saa nsɛm no ma obiara koma atɔ ne yam. Ɔsorofo oo, asase sofo oo, onim obiara su ne ne ban, enti ɔreyɛ nea ɛbɛboa yɛn.—Heb. 4:13.

4 Ná Yehowa atirimpɔw ne sɛ Adam ne Hawa asefo bɛhyɛ asase so ma. Bere a Satan daadaa Hawa, na Adam yɛɛ asoɔden no, Onyankopɔn amma n’atirimpɔw anso hɔ ara. Yehowa ani so antan no na wampere ne ho ansisi gyinae biara. Saa ara na wanyɛ ade antra so na wanto nnipa paahwii. Mmom ɔhwehwɛɛ kwan a ɔbɛfa so ama atirimpɔw a ɔde bɔɔ nnipa ne asase no abam. (Yes. 55:11) Nea ɛbɛyɛ na Yehowa atirimpɔw abam na obiara ahu sɛ ne tumidi na ɛfata no, wahyɛ ne ho so paa, na wanya abotare atwɛn mfe mpempem pii sɛnea ɛbɛyɛ a n’atirimpɔw afã horow bi bɛbam ɔkwan a ɛfata so.

5. Adepa bɛn nti na Yehowa anya ntoboase?

5 Afei nso Yehowa ato ne bo ase atwɛn sɛnea ɛbɛyɛ a nnipa pii benya daa nkwa. Seesei ɔretoto nneɛma na wagye “nnipakuw kɛse bi.” (Adi. 7:9, 14; 14:6) Yehowa nam asɛnka adwuma a yɛreyɛ no so refrɛ nkurɔfo ma wɔasua n’Ahenni no ho asɛm na wɔahu ne mmara. Ahenni asɛm no ne asɛmpa a adesamma hia—nokwasɛm ni, ɛyɛ “asɛmpa” ankasa! (Mat. 24:14) Yehowa wɔ asafo wɔ wiase nyinaa a wɔn a wɔwom no dodɔ wɔn ho na wɔn ani gye nea ɛteɛ ho. Yehowa twe obi a na wabɛka saa asafo no ho. (Yoh. 6:44-47) Onyankopɔn boa saafo no ma wonya n’anim dom, na eyi nyinaa kyerɛ sɛ ɔdɔ nnipa. Bio nso ɔrepaw nnipa bi ma wɔakɔyɛ ne soro ahenni no mufo. Sɛ saafo yi kɔ soro a, wɔbɛboa nnipa asoɔmmerɛwfo ma wɔayɛ pɛ na wɔatena ase daa. Bere a Yehowa de abotare retwɛn mpo no, ɔretoto nneɛma ma ne bɔhyɛ abam. Yɛn ara yɛn yiyedi nti na ɔreyɛ saa.

6. (a) Ɔkwan bɛn so na Yehowa nyaa abotare wɔ Noa bere so? (b) Ɛnnɛ nso, dɛn na Yehowa yɛ de kyerɛ sɛ ɔwɔ abotare?

6 Nnipa yɛ nneɛma pii de huru Yehowa bo nanso onya ho abotare. Ɛho nhwɛso ne amumɔyɛsɛm a ɛkɔɔ so ansa na Nsuyiri no reba no. Ná ɔbrasɛe ne awudisɛm ahyɛ asase so ma, na Yehowa ‘dii awerɛhow ne komam’ sɛ nnipa ama bɔne adonnɔn wɔn. (Gen. 6:2-8) Nanso Yehowa anyɛ nhwɛhãã sɛ abɔnefosɛm nkɔ so daa, mmom ɔyɛɛ n’adwene sɛ ɔde nsuyiri bɛba abɛsɛe abɔnefo no. Bere a ‘Onyankopɔn de abodwokyɛre retwɛn wɔ Noa nna no mu’ no, ɔyɛɛ nhyehyɛe a ɔde begye Noa ne n’abusua. (1 Pet. 3:20) Bere a ɛsɛ mu no, Yehowa kaa nea wabɔ ne tirim sɛ ɔbɛyɛ kyerɛɛ Noa, na ɔka kyerɛɛ no sɛ ɔnyɛ adaka. (Gen. 6:14-22) Bio nso na Noa yɛ “trenee sɛnkafo,” na ɔbɔɔ nnipa kɔkɔ sɛ ɔsɛe bi reba. (2 Pet. 2:5) Yesu kae sɛ yɛn bere yi te sɛ Noa nna no. Yehowa ahyɛ da a ɔde bɛsɛe wiase bɔne yi, nanso onipa biara nnim “da no ne dɔn no.” (Mat. 24:36) Saa bere yi de, Onyankopɔn ama yɛn adwuma sɛ yɛmmɔ nkurɔfo kɔkɔ na yɛmma wonhu nea wɔyɛ a wobenya nkwa.

7. So Yehowa kyɛ ne bɔhyɛ ho? Kyerɛkyerɛ mu.

7 Yehowa de abotare retwɛn nanso ɛno nkyerɛ sɛ ɔte hɔ kwa. Ɛnsɛ sɛ yesusuw sɛ onnwen yɛn ho anaa yɛn asɛm mfa ne ho. Nanso sɛ yɛanhwɛ yiye a bere a yɛrenyinyin na yɛrehu amane wɔ wiase bɔne yi mu no, yebenya adwene sɛ yɛn asɛm mfa ne ho. Eyi betumi ama yɛn abam abu na yɛanya adwene sɛ Onyankopɔn akyɛ ne bɔhyɛ ho. (Heb.  10:36) Nanso ɛnsɛ sɛ yɛn werɛ fi sɛ biribi pa nti na Yehowa anya abotare, na bere a yɛretwɛn nyinaa, ɔreyɛ nneɛma a ɛbɛboa n’asomfo anokwafo. (2 Pet. 2:3; 3:9) Afei, momma yɛnhwɛ sɛnea Yesu suasuaa n’Agya na onyaa ntoboase.

ƆKWAN BƐN SO NA YESU ANYA NTOBOASE DE AYƐ NHWƐSO AMA YƐN?

8. Dɛn na Yesu yɛe de kyerɛe sɛ ɔwɔ abotare?

8 Yesu reyɛ Onyankopɔn apɛde; ɔde anigye ayɛ saa mfe mpempem pii. Bere a Satan tew atua no, Yehowa sii gyinae sɛ ɔbɛma ne Dɔba no aba asase so sɛ Mesia. Susuw asɛm no ho hwɛ: Ná ehia sɛ Yesu nya abotare twɛn mfe mpempem kosi sɛ bere no bɛso. (Monkenkan Galatifo 4:4.) Nanso bere a ɔretwɛn nyinaa na ɔreyɛ adwuma a n’Agya de ahyɛ ne nsa no; wantena hɔ kwa. Bere a ɔbaa asase so no, na onim sɛ obewu wɔ Satan nsa ano sɛnea wɔhyɛɛ ho nkɔm no. (Gen. 3:15; Mat. 16:21) Yesu faa ɔyaw mu, nanso ogyinaa mu kosii owu mu efisɛ na eyi ne Onyankopɔn apɛde. Yesu dii Onyankopɔn nokware—nokwaredi a ɛso bi mmae da. Wanka sɛ ɔno ne asomasi anaa ɔbenten; mmom ɔbrɛɛ ne ho ase huu amane. Eyi yɛ biribi a yebetumi asuasua.—Heb. 5:8, 9.

9, 10. (a) Bere a Yesu retwɛn ma Yehowa ayɛ ade no, dɛn na ɔreyɛ? (b) Dɛn na yɛbɛyɛ de asuasua Yesu?

9 Bere a wonyan Yesu no, wɔmaa no tumi wɔ soro ne asase so. (Mat. 28:18) Ɔde saa tumi no yɛ adwuma de ma Yehowa atirimpɔw bam, na ɔtwɛn ma Onyankopɔn bere so ansa na wayɛ biribi. Yesu tɔɔ ne bo ase twɛnee wɔ Onyankopɔn nsa nifa kosii 1914; saa bere no na Onyankopɔn de n’atamfo yɛɛ ne nan ase ntiaso. (Dw. 110:1, 2; Heb. 10:12, 13) Ɛrenkyɛ Yesu bɛma ne homene so na ɔde Satan wiase no aba awiei. Bere a Yesu retwɛn no, ɔreboa nnipa ma wɔabɛsom Onyankopɔn na ɔkyerɛ wɔn kwan kɔ “nkwa asuti” ho.—Adi. 7:17.

10 Ná Yesu nim sɛ Yehowa wɔ bere a ɔde yɛ ade, na onyaa abotare twɛnee. Wubetumi asuasua Yesu? Ná Yesu ho pere no sɛ ɔbɛyɛ nea n’Agya de bɛhyɛ ne nsa biara, nanso ɔtoo ne bo ase twɛn kosii sɛ bere a Onyankopɔn ahyɛ bɛso. Bere a yɛretwɛn sɛ Satan wiase bɔne yi bɛkɔ awiei no, ehia sɛ yɛn nyinaa nya ntoboase. Ɛsɛ sɛ yɛtwɛn ma Onyankopɔn kyerɛ yɛn kwan, na ɛnsɛ sɛ yɛma yɛn abam bu na yɛpa abaw. Dɛn na yebetumi ayɛ na yɛanya saa ntoboase yi bi?

MƐYƐ DƐN ANYA ABOTARE TE SƐ ONYANKOPƆN?

11. (a) Ɔkwan bɛn so na gyidi a obi wɔ ma onya ntoboase? (b) Dɛn na yɛwɔ a enti yɛn gyidi betumi ayɛ den?

11 Ansa na Yesu reba asase so no, Onyankopɔn adiyifo ne n’asomfo foforo daa no adi sɛ nnipa a wɔnyɛ pɛ mpo betumi anya ntoboase atwɛn. Wɔn gyidi na ɛma wonyaa ntoboase. (Monkenkan Yakobo 5:10, 11.) Sɛ na wonni gyidi—kyerɛ sɛ na wonnye nni sɛ Yehowa bedi ne bɔhyɛ so a—anka wususuw sɛ wobetumi de ntoboase atwɛn ma ne bɔhyɛ abam? Wɔannya no ahogono koraa; wɔfaa amanehunu mu, nanso na wɔwɔ gyidi sɛ Onyankopɔn bɛyɛ nea waka. (Heb. 11:13, 35-40) Yɛn mpo de, yɛwɔ nea yebetumi agyina so ma yɛn gyidi ayɛ den asen wɔn, efisɛ seesei Yesu ne “yɛn gyidi Wiefo.” (Heb. 12:2) Yesu maa nkɔmhyɛ pii baa mu na waboa yɛn ma yɛate Onyankopɔn atirimpɔw ase, na eyi ma yɛn gyidi yɛ den.

12. Dɛn na yebetumi ayɛ ma yɛn gyidi ayɛ den?

12 Nneɛma bɛn na yebetumi ayɛ ma yɛn gyidi ayɛ den na yɛanya ntoboase? Nea ehia paa ne sɛ yɛde Onyankopɔn  afotu bɛyɛ adwuma. Sɛ nhwɛso no, wubetumi asusuw ho ahwɛ nea enti a ɛsɛ sɛ wode Ahenni no di kan wɔ w’asetenam. So wubetumi ahwɛ akwan horow a wode afotusɛm a ɛwɔ Mateo 6:33 no bɛyɛ adwuma? Ebia wubetumi de bere pii ayɛ asɛnka adwuma no anaa wubetwitwa nneɛma so wɔ w’asetenam. Mma wo werɛ mfi sɛ woabɔ wo ho mmɔden wɔ nneɛma bi mu ma Yehowa ahyira wo dedaw. Ebia waboa wo ma woanya onipa foforo ne no sua Bible anaa wama woanya “Onyankopɔn asomdwoe a ɛboro adwene nyinaa so.” (Monkenkan Filipifo 4:7.) Sɛ wususuw nhyira yi nyinaa ho a, wubehu sɛ ɛyɛ papa sɛ wokɔ so di Yehowa akwankyerɛ so na wunya abotare twɛn.—Dw. 34:8.

13. Mfatoho bɛn na yebetumi de akyerɛ sɛ gyidi betumi ama yɛanya ntoboase?

13 Ma yɛnyɛ mfatoho mfa nkyerɛkyerɛ asɛm no mu. Okuafo dɔw n’asase dua aba, na edu twabere a otwa. Bere biara a obetwa nnɔbae pii no, ɛhyɛ no nkuran sɛ edu adɔw bere so bio a, ɔnsan nnua nneɛma foforo. Onim sɛ odua aba no wie a, ɛsɛ sɛ onya abotare twɛn kosi twabere. Nanso ɔnka sɛ eyi nti ɔrennua aba biara; ebia obedua pii asen bere a edi kan no mpo, efisɛ ogye di sɛ obenya nnɔbae atwa. Saa ara na yɛn nso sɛ yesua Yehowa asɛm na yedi so, na yehu sɛ yɛretwa ɛso aba pa a, yenya Yehowa mu ahotoso kɛse. Eyi ma yenya gyidi kɛse na ɛyɛ mmerɛw sɛ yɛbɛtwɛn nhyira a ɛda yɛn anim no, efisɛ yenim sɛ ɔkwan biara so ɛbɛba.—Monkenkan Yakobo 5:7, 8.

Sɛ wunya abotare a, ɛbɛma wode Onyankopɔn Ahenni no adi kan, na woasow aba!

14, 15. Adwene bɛn na ɛsɛ sɛ yenya wɔ amane a nnipa rehu ho?

14 Ade foforo a ebetumi aboa yɛn ma yɛanya abotare atwɛn ne sɛ yebehu wiase no ne yɛn ankasa tebea sɛnea Yehowa hu no. Sɛ nhwɛso no, ɛsɛ sɛ yehu sɛnea Yehowa te nka bere a nnipa rehu  amane no. Efi tete nyinaa, sɛ Yehowa hu sɛ nnipa rehu amane a ɛyɛ ne yaw. Nanso yaw mmunkam no so a ontumi nyɛ adepa biara. Ɔsomaa ne Dɔba no sɛ ‘ɔmmɛsɛe Ɔbonsam nnwuma’ na onyi ɔhaw biara a Satan de aba adesamma so mfi hɔ. (1 Yoh. 3:8) Nokwasɛm ne sɛ ɛrenkyɛ biara Onyankopɔn beyi amanehunu afi hɔ korakora. Enti ɛnsɛ sɛ yɛma amumɔyɛsɛm a ɛrekɔ so wɔ Satan wiase mu no hyɛ yɛn so anaasɛ yɛpa abaw ka sɛ awiei no akyɛ dodo. Mmom momma yenya gyidi sɛ Onyankopɔn bɔhyɛ a yennya nhui no bɛbam na ɛbɛtena hɔ daa. Yehowa ahyɛ bere pɔtee a ɔde beyi abɔnefosɛm afi hɔ na ɛrempa ho simma biako mpo.—Yes. 46:13; Nah. 1:9.

15 Yɛte nna a edi akyiri mu na mmere no mu ayɛ den, enti yɛhwɛ kwan sɛ yebehyia nsɛnnennen a ɛbɛsɔ yɛn gyidi ahwɛ. Ebia yɛn ankasa anaa yɛn abusuafo behu amane wɔ afoforo nsam, nanso ɛnsɛ sɛ yɛn bo fuw na mmom ɛsɛ sɛ yɛde yɛn ho nyinaa to Yehowa so. Yɛnyɛ pɛ, enti eyi yɛ nyɛ mmerɛw. Nanso kae nea Yesu yɛe a wɔayɛ ho kyerɛwtohɔ wɔ Mateo 26:39 no.—Monkenkan.

16. Bere a yɛretwɛn sɛ awiei no bɛba no, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛkwati?

16 Sɛ yennya adwene sɛ awiei no nnya mmae a, ɛremma yennya ntoboase ntwɛn. Obi a onnye nni sɛ awiei no abɛn no besusuw sɛ ɛsɛ sɛ ɔyɛ nhyehyɛe bi na sɛ Yehowa bɔhyɛ amma mu a ne nsa ansi fam. Ebia ɔbɛka sɛ: ‘Ah, merehwɛ sɛ Yehowa bɛyɛ nea waka no ampa a.’ Onya adwene a ɛte saa a, ɔde Onyankopɔn Ahenni no bɛto nkyɛn na wapɛ din wɔ saa wiase yi mu anaa ɔbɛpɛ sika agu hɔ de abɔ ne ho ban. Anaasɛ ɔbɛkɔ sukuu akɔ akyiri sɛnea ɛbɛyɛ a obedi yiye wɔ asetenam nnɛ. Sɛ obi yɛ saa a, ɛbɛkyerɛ sɛ onni gyidi. Kae sɛ Paulo hyɛɛ yɛn nkuran sɛ yensuasua anokwafo a “wɔnam gyidi ne boasetɔ so” nyaa Yehowa bɔhyɛ no. (Heb. 6:12) Yehowa ayɛ n’adwene sɛ ɔbɛsɛe wiase bɔne yi, na ɛrenka akyi. (Hab. 2:3) Nanso bere a yɛretwɛn no, ɛsɛ sɛ yɛhwɛ yiye na yɛansom Yehowa biarabiara. Mmom ɛsɛ sɛ yɛma yɛn ani da hɔ na yɛde ahokeka yɛ asɛnka adwuma no. Eyi ne adwuma a ɛma akomatɔyam sen adwuma biara seesei.—Luka 21:36.

NTOBOASE MA YENYA NHYIRA BƐN?

17, 18. (a) Bere a yɛde ntoboase retwɛn no, hokwan bɛn na yɛanya seesei? (b) Sɛ yɛto yɛn bo ase a, nhyira bɛn na yebenya?

17 Sɛ asram kakraa bi na yɛde asom Onyankopɔn oo, sɛ nso mfe pii na yɛde asom no oo, nea yɛpɛ ne sɛ yɛbɛsom no afebɔɔ. Yennim bere a aka ma wɔayi saa wiase yi afi hɔ de, nanso momma yennya ntoboase, efisɛ eyi na ɛbɛboa yɛn ma yɛagyina mu akosi sɛ yɛn nkwagye bɛba. Seesei Yehowa ama yɛanya hokwan a yɛde bɛkyerɛ sɛ yɛne no yɛ adwene wɔ ne gyinaesi biara ho, na ne din nti yehu amane koraa a yebedi no nokware. (1 Pet. 4:13, 14) Bio nso Onyankopɔn retete yɛn na yɛanya ntoboase atwɛn akosi awiei na wagye yɛn nkwa.—1 Pet. 5:10.

18 Yesu wɔ ɔsoro ne asase nyinaa so tumi, na wayɛ krado sɛ ɔbɛbɔ wo ho ban, enti biribiara nni hɔ a ebetumi ahwim wo afi ne nsam, gye sɛ wo ara wogye wo ho fi ne nsam. (Yoh. 10:28, 29) Ɛnsɛ sɛ yesuro nea ɛbɛba daakye anaa owu mpo. Wɔn a wɔbɛto wɔn bo ase atwɛn akosi awiei no na wobegye wɔn nkwa. Enti ɛnsɛ sɛ yɛma wiase no mu biribiara to yɛn brada ma yeyi Yehowa akwa. Mmom, bere a Onyankopɔn anya abotare retwɛn no, momma yɛnhyɛ yɛn gyidi den na yɛmfa bere a aka no nni dwuma yiye.—Mat. 24:13; monkenkan 2 Petro 3:17, 18.