Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

“Munnim Da Anaa Dɔn No”

“Munnim Da Anaa Dɔn No”

“Monkɔ so nwɛn, na munnim da anaa dɔn no.”—MAT. 25:13.

1-3. (a) Tebea bɛn na ɛboa ma yehu asuade a ɛwɔ Yesu mfatoho abien no mu? (b) Nsɛmmisa bɛn na ɛsɛ sɛ yebua?

FA NO sɛ woka kar, na aban panyin bi aka akyerɛ wo sɛ ɔwɔ dwumadi titiriw bi nti fa no kɔ. Aka kakraa bi ma woakɔfa no akɔ no na wuhui sɛ pɛtro a ɛwɔ wo kar mu sua, enti wutuu mmirika sɛ worekɔtɔ bi aba. Wokɔe ara pɛ na ɔpanyin no bae. Ɔhwehwɛɛ wo ara nanso wanhu wo. Ɔpanyin no antumi antwɛn, enti ɔmaa obi foforo de no kɔe. Ankyɛ na wobae, nanso na ɔpanyin no kɔ. Wobɛte nka dɛn?

2 Afei fa no sɛ wo na woyɛ aban panyin no. Ansa na worebetu kwan no wopaw mmarima baasa de adwuma titiriw bi hyɛɛ wɔn nsa. Woma wohuu adwuma no ani so, na wɔn nyinaa penee so sɛ wɔbɛyɛ. Nanso bere a wosan bae no, wuhui sɛ wɔn mu baanu na ɛyɛɛ adwuma no, na nea ɔtɔ so abiɛsa no de wanyɛ adwuma no, mmom ɔde nsɛm yiyii ne ho ano. Nokwasɛm ne sɛ wanyɛ n’adwene mpo sɛ ɔde ne nsa bɛka adwuma no. Wuhu saa a, anka wobɛte nka dɛn?

3 Tebea a yɛasusuw ho seesei ara no te sɛ mfatoho abien bi a Yesu kaa ho asɛm. Biako fa mmaabun ho, ɛnna biako nso fa dwetikɛse ho. Mfatoho no ma yehu nea enti a awiei bere mu no, Kristofo a wɔasra wɔn bi bɛda wɔn ho adi sɛ wɔyɛ anokwafo ne mmadwemma nanso ebinom renyɛ saa. * (Mat. 25:1-30) Yesu ma yehu asuade a ɛwɔ n’asɛm no mu. Ɔkae sɛ: “Monkɔ so nwɛn, na munnim da anaa dɔn no.” Ná Yesu repɛ akyerɛ sɛ n’asuafo no nnim bere a Onyankopɔn bɛma wasɛe Satan wiase no. (Mat. 25:13) Yɛn nso, ɛsɛ sɛ yɛkɔ so wɛn. Sɛ yɛkɔ  so wɛn sɛnea Yesu kae sɛ yɛnyɛ no a, mfaso bɛn na yebenya? Henanom na wɔrewɛn? Dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ nnɛ na yɛakɔ so awɛn?

NEA ENTI A MFASO WƆ SO SƐ YƐKƆ SO WƐN

4. Adɛn nti na ɛho nhia sɛ yehu bere pɔtee a awiei no bɛba ansa na yɛatumi awɛn?

4 Nneɛma bi wɔ hɔ a, yɛreyɛ a, ɛho hia sɛ yehu bere pɔtee a abɔ. Sɛ nhwɛso no, sɛ worekɔ adwuma anaa worekohu dɔkota, anaa worekɔfa bɔs a, ehia sɛ woma bere no tena w’adwenem. Nanso sɛ atoyerɛnkyɛm bi si na worekogye nnipa nkwa te sɛ bere a ogya atɔ baabi a, ɛnyɛ saa bere no na wobɛhwɛ wɔɔkye. Woma wɔɔkye gyigye wo na w’adwene fi adwuma no so bere tiaa bi mpo a, ebetumi ayɛ asiane kɛse. Tebea a ɛte saa mu no, nea ehia ne adwuma no, na ɛnyɛ bere a abɔ. Bere a wiase yi rebɛn awiei no, adwuma a ɛho hia paa ne sɛ yɛbɛboa nkurɔfo ma wɔahu nea Yehowa ayɛ a ɔde begye nkwa. Ɛho nhia sɛ yehu bere pɔtee a awiei no bɛba ansa na yɛatumi awɛn. Asɛm no mpo ne sɛ da ne dɔn pɔtee a yennim no boa yɛn wɔ akwan anum bi so.

5. Ɔkwan bɛn so na da ne dɔn no a yennim no ma nea ɛwɔ yɛn komam da adi?

5 Nea edi kan, bere a awiei no bɛba a yennim no ma nea ɛwɔ yɛn komam da adi. Ɛma yɛn ankasa fi yɛn komam kyerɛ sɛ yebedi Yehowa nokware; eyi yɛ nidi ma yɛn. Ɛwom, yɛpɛ sɛ yenya yɛn ti didi mu bere a wiase awiei aba no, nanso ɛnyɛ daa nkwa nti na yɛsom Yehowa, na mmom ɛyɛ ɔdɔ a yɛdɔ no ntia. (Monkenkan Dwom 37:4.) Sɛ yɛyɛ Onyankopɔn apɛde a yɛn ani gye, na yenim sɛ yɛn yiyedi nti na ɔkyerɛkyerɛ yɛn. (Yes. 48:17) Yenim sɛ n’ahyɛde nyɛ den.—1 Yoh. 5:3.

6. Sɛ Onyankopɔn hu sɛ ɔdɔ nti na yɛsom no a, ɔte nka dɛn? Dɛn ntia?

6 Nea ɛto so abien, ɛda ne dɔn no a yennim no ma Yehowa koma tɔ ne yam. Sɛ Yehowa hu sɛ ɔdɔ a yɛdɔ no nti na yɛresom no na ɛnyɛ awiei no a ɛreba anaa akatua a yɛpɛ nti a, yɛma onya biribi a ɔde bɛkyerɛ ne tamfo Satan sɛ ɔyɛ ɔtorofo. (Hiob 2:4, 5; monkenkan Mmebusɛm 27:11.) Sɛ yɛhwɛ ɔhaw ne abɛbrɛsɛ a Ɔbonsam de agu yɛn so a, ɛyɛ anigye ne akwannya kɛse sɛ yebegyina Yehowa tumidi akyi na yɛapo Satan nniso bɔne no.

7. Dɛn nti na wopɛ sɛ wuyi wo yam som Yehowa na woboa afoforo?

7 Nea ɛto so abiɛsa, da pɔtee a yennim no ma yeyi yɛn yam som Onyankopɔn, na yɛboa afoforo. Ɛnnɛ, wɔn a wonnim Onyankopɔn mpo gye di sɛ wiase yi bɛba awiei daakye. Wosuro sɛ atoyerɛnkyɛm bi bɛba abɛsɛe asase yi enti wɔka sɛ: “Momma yennidi na yɛnnom, na ɔkyena na yɛawu.” (1 Kor. 15:32) Nanso yɛn de, yensuro. Yɛnhwehwɛ nea yɛn ankasa yɛpɛ. (Mmeb. 18:1) Mmom, yɛpa yɛn ho akyi na yɛde yɛn bere, yɛn ahoɔden, ne yɛn ahode ka Onyankopɔn Ahenni ho asɛmpa no kyerɛ afoforo. (Monkenkan Mateo 16:24.) Yɛsom Yehowa a yɛn koma tɔ yɛn yam, ɛnkanka bere a yɛaboa obi ma wabehu no.

8. Bible mu nhwɛso bɛn na ɛma yehu nea enti a ɛsɛ sɛ yɛde yɛn ho nyinaa to Yehowa ne n’Asɛm so?

8 Nea ɛto so anan, ɛda ne dɔn no a yennim no boa yɛn ma yɛde yɛn ho nyinaa to Yehowa so na ɛma yɛde n’Asɛm di dwuma wɔ biribiara mu. Esiane sɛ yɛtɔ sin nti, ɛnyɛ den koraa sɛ yebegye yɛn ho adi dodo. Paulo tuu Kristofo nyinaa fo sɛ: “Nea odwen sɛ ogyina hɔ no nhwɛ yiye na wanhwe ase.” Bere a Yosua dii Israelfo no anim duu Bɔhyɛ Asase no aboboano no, wɔn mu 23,000 yɛɛ Yehowa so asoɔden ma wowuwui. Paulo kae sɛ  wɔakyerɛw eyinom “de rebɔ yɛn a wiase nhyehyɛe yi awiei ato yɛn no kɔkɔ.”—1 Kor. 10:8, 11, 12.

9. Ɔkwan bɛn so na sɔhwɛ hyɛ yɛn gyidi den na ɛma yɛbɛn Onyankopɔn?

9 Nea a ɛto so anum, bere a awiei no bɛba a yennim no hyɛ yɛn gyidi den bere a yɛahyia sɔhwɛ no. (Monkenkan Dwom 119:71.) Nna a edi akyiri yi yɛ “mmere a emu yɛ den” paa. (2 Tim. 3:1-5) Yɛn gyidi nti Satan wiase yi mu nnipa pii kyi yɛn, enti yebetumi ahyia ɔtaa bere biara. (Yoh. 15:19; 16:2) Sɛ yehyia sɔhwɛ a ɛte saa na yɛbrɛ yɛn ho ase hwehwɛ Onyankopɔn mmoa a, yɛn gyidi bɛyɛ den te sɛ nea wɔde afa ogya mu. Ɛremma yɛmpa abaw, na mmom yɛbɛbɛn Yehowa asen sɛnea yesusuw mpo.—Yak. 1:2-4; 4:8.

10. Dɛn na ɛma bere kɔ ntɛm wɔ yɛn ani so?

10 Bere betumi akɔ ntɛmntɛm anaa akɔ nyaa wɔ yɛn ani so. Sɛ yɛn ani abere reyɛ biribi na yɛnhwɛ wɔɔkye a, bere kɔ ntɛmntɛm wɔ yɛn ani so. Saa ara na sɛ yɛde anigye ne ahokeka yɛ adwuma a Yehowa de ahyɛ yɛn nsa no na egye yɛn adwene a, da ne dɔn no bɛba ntɛm ma ayɛ yɛn nwonwa. Wɔn a wɔasra wɔn no mu dodow no ara ama ɔsom adwuma no agye wɔn adwene, na yebetumi asuasua wɔn. Momma yɛnhwɛ nea ebinom yɛe de kyerɛe sɛ na wɔayɛ krado bere a wɔde Yesu sii agua so sɛ Ɔhene wɔ afe 1914 mu ne nea afoforo yɛe de kyerɛe sɛ wonsiesiee wɔn ho.

WƆN A WƆASRA WƆN NO KYERƐ SƐ WƆAYƐ KRADO

11. Dɛn nti na afe 1914 akyi no, wɔn a wɔasra wɔn no bi nyaa adwene sɛ Awurade akyɛ?

11 Momma yɛnsan nhwɛ Yesu mfatoho a ɛfa mmaabun ne dwetikɛse ho no. Sɛ mmaabun anaa nkoa a wɔwɔ mfatoho no mu nim bere a ayeforokunu anaa owura no bɛba a, anka ɛho nhia sɛ wɔwɛn. Nanso na wonnim, enti na ɛsɛ sɛ wosiesie wɔn ho twɛn. Ná wɔn a wɔasra wɔn no ahwɛ kwan mfe pii sɛ afe 1914 bɛyɛ afe titiriw, nanso na wonnim nea ebesi ankasa. Bere a nneɛma ankɔ sɛnea wɔhwɛɛ kwan no, ebinom susuwii sɛ Ayeforokunu no akyɛ. Akyiri yi onua bi kae sɛ, “Ná yɛn mu bi gye di paa sɛ yɛbɛkɔ soro October 1914 dapɛn a edi kan no.”

12. Dɛn na wɔn a wɔasra wɔn no yɛe de kyerɛe sɛ wɔyɛ anokwafo ne mmadwemma?

12 Wo de, fa no sɛ worehwɛ kwan sɛ awiei no bɛba na amma. Hwɛ sɛnea anka w’abam bebu afa! Eyi ne tebea a anuanom kɔɔ mu. Nea ɛsɛe asɛm no koraa ne sɛ anuanom hyiaa ɔsɔretia wɔ Wiase Ko I no mu. Asɛnka adwuma no gui ara ne sa. Ná ɛte sɛ nea wɔn a wɔasra wɔn no adeda. Nanso afe 1919 mu no, biribi sii ma wɔsɔre gyinaa wɔn nan so. Yesu baa Onyankopɔn honhom fam asɔrefie hɔ bɛhwɛɛ nea ɛrekɔ so. Obehui sɛ ebinom mfata sɛ wɔyɛ Ɔhene no “adwuma” no. (Mat. 25:16) Ná wonsiesiee wɔn ho; na wɔte sɛ mmaabun nkwaseafo a wɔamfa ngo angu wɔn kanea mu no. Bio nso na wɔte sɛ akoa kwadwofo no, na na wɔmpɛ sɛ woyi wɔn yam yɛ Ahenni no ho adwuma. Nanso wɔn a wɔasra wɔn no mu dodow no ara daa no adi sɛ wɔyɛ anokwafo na wɔasi wɔn bo sɛ wɔbɛsom wɔn Wura no wɔ ɔko bere mpo mu.

13. Afe 1914 akyi no, su bɛn na akoa kuw no daa no adi? Ɛnnɛ nso su bɛn na wɔwɔ?

13 Afe 1914 akyi no, Ɔwɛn-Aban no de saa asɛm yi too gua: “Anuanom, yɛn a yɛne Onyankopɔn yɛ adwene no de, ne nhyehyɛe biara nni hɔ a ɛma yɛn abam bu. Ɛnyɛ nea yɛn ankasa pɛ na yɛpɛ sɛ ɛyɛ hɔ; enti bere a yehui sɛ nea yɛrehwɛ kwan October, 1914 no nyɛ ne kwan so no, ɛyɛɛ yɛn dɛ sɛ Awurade ansesa ne nhyehyɛe anyɛ nea yɛpɛ. Ná yɛnhwɛ  kwan sɛ ɔbɛyɛ saa. Nea na yɛpɛ ara ne sɛ yɛbɛte ne nhyehyɛe ne n’atirimpɔw ase yiye.” Wɔn a wɔasra wɔn a wɔwɔ hɔ nnɛ no brɛ wɔn ho ase saa ara na wɔpɛ sɛ wɔyɛ Onyankopɔn apɛde. Wɔnka sɛ Yehowa honhom kasa kyerɛ wɔn, nanso wɔasi wɔn bo sɛ wɔbɛyɛ adwuma a Owura no de ahyɛ wɔn nsa wɔ asase so no. Seesei “nnipakuw kɛse” a wɔyɛ “nguan foforo,” kyerɛ sɛ, Kristofo a wɔwɔ anidaso sɛ wɔbɛtena asase so no resuasua wɔn a wɔasra wɔn no nhwɛso.—Adi. 7:9; Yoh. 10:16.

NEA YƐYƐ DE KYERƐ SƐ YƐAYƐ KRADO

Mmere a emu yɛ den mpo, hwehwɛ honhom fam aduan

14. Sɛ yetie akoa nokwafo ne ɔbadwemma kuw no a, ɛbɛboa yɛn dɛn?

14 Nnipakuw kɛse no mufo a wɔn ani da hɔ nim sɛ Onyankopɔn nam akoa nokwafo ne ɔbadwemma kuw no so ma ne nkoa honhom fam aduan, na wɔayɛ krado sɛ wobetie nea akoa no bɛka biara sɛnea Kristofo a wɔasra wɔn yɛ no. Wɔyɛ saa a, ɛte sɛ nea wɔn nso de Onyankopɔn Asɛm ne ne honhom regu wɔn kanea mu. (Monkenkan Dwom 119:130; Yohane 16:13.) Ɛboa wɔn nso ma wɔyɛ krado twɛn awiei no, bere a Kristo bɛba. Afei nso sɛ wohyia sɔhwɛ a emu yɛ den mpo a, ɛhyɛ wɔn den ma wogyina mu kosi ase. Nhwɛso bi ni: Bere a wɔde anuanom koguu Nasi afiase bi no, na Bible biako pɛ na wɔwɔ. Enti wɔbɔɔ mpae hwehwɛɛ honhom fam aduan pii. Ɛno akyi bere tiaa bi no, wɔtee sɛ wɔde onua foforo aba afiase hɔ. Ná wɔde dua ahyɛ onua no nan, enti bere a ɔreba no, owiaa ne ho de Ɔwɛn-Aban a aba foforo no bi hyɛɛ dua no mu bae. Ná Onua Ernst Wauer yɛ Kristoni a wɔasra no a ɔno nso da afiase. Bere a woyii no no, ɔkae sɛ: “Yehowa nam anwonwakwan so boaa yɛn ma yɛkyeree Ɔwɛn-Aban no mu nsɛm a ɛhyɛ den guu yɛn tirim.” Ɔde kaa ho sɛ: “Ɛnnɛ, ɛnyɛ den koraa sɛ yebenya honhom fam aduan, nanso ɛyɛ a yɛkyerɛ ho anisɔ bere nyinaa? Migye di sɛ Yehowa behyira wɔn a wɔde wɔn ho to no so, wodi no nokware, na wodidi wɔ ne pon so no.”

15, 16. Ɔkwan bɛn so na wohyiraa awarefo bi a wɔde nsi yɛɛ asɛnka adwuma no? Dɛn na wubetumi asua afi osuahu a ɛte saa mu?

15 Afei nso nguan foforo no yere wɔn ho boa Kristo nuanom ma wɔyɛ adwuma a Owura no de ahyɛ wɔn nsa no. (Mat. 25:40) Wɔnte sɛ akoa bɔne kwadwofo a Yesu de no yɛɛ mfatoho no. Wɔn de, wokum  wɔn ho yɛ Ahenni no ho adwuma. Nhwɛso bi ni: Wɔtoo nsa frɛɛ Jon ne Masako sɛ wɔnkɔ Kenya nkɔboa Chinafo a wɔwɔ hɔ. Mfiase no na wɔn adwene nsi wɔn pi. Nanso wosusuw wɔn tebea ho na wɔbɔɔ ho mpae, na ɛno akyi no wosii gyinae sɛ wobetu akɔ.

16 Yehowa hyiraa mmɔden a wɔbɔe no so ma ɛsow aba. Awarefo yi kae sɛ: “Asɛnka adwuma no yɛ dɛ wɔ ha.” Wɔne nnipa baason fii ase suaa Bible na wɔanya osuahu pii nso. Wɔde kaa ho sɛ, “Da biara yɛda Yehowa ase sɛ wama yɛatena ha.” Anuanom mmarima ne mmea pii nso wɔ hɔ a, sɛ awiei no bɛba nnɛ oo, sɛ ɛbɛba ɔkyena oo, nea ehia wɔn ara ne sɛ awiei no bɛba no na wogu so reyɛ Onyankopɔn som adwuma no denneennen. Anuanom mpempem awie Gilead Sukuu, na wɔyɛ asɛmpatrɛwfo. Sɛ wopɛ sɛ wuhu asɛmpatrɛw adwuma no ho nsɛm a, wubetumi akenkan October 15, 2001, Ɔwɛn-Aban no. Asɛmti no ne, “Yɛyɛ Nea Yebetumi Nyinaa!” Bere a worekenkan asɛm a ɛfa asɛmpatrɛw adwuma no ho no, hwɛ akwan a wubetumi afa so ayɛ pii wɔ Onyankopɔn som mu. Woyɛ saa a, wo som adwuma no de ayeyi bɛbrɛ Onyankopɔn na ama w’ani agye.

WO NSO KƆ SO WƐN

Yɛma ɔsom adwuma no gye yɛn adwene a, bere kɔ ntɛmntɛm

17. Ɔkwan bɛn so na ɛda ne dɔn no a yennim no aboa yɛn?

17 Ɛda ne dɔn pɔtee a wiase yi bɛba awiei a yennim no aboa yɛn. Ɛmmaa yɛn abam mmui na yɛnyɛɛ basaa, mmom aboa yɛn ma yɛayere yɛn ho denneennen reyɛ yɛn soro Agya Yehowa apɛde, na ɛno ama yɛabɛn no kɛse. Sɛ yɛde yɛn adwene si adwuma a Yesu de ahyɛ yɛn nsa no so na yɛamma nneɛma foforo antwetwe yɛn adwene a, yɛn ani begye sɛ yɛresom Yehowa.—Luka 9:62.

18. Dɛn nti na yɛpɛ sɛ yɛkɔ so yɛ Onyankopɔn som adwuma no?

18 Ɛda a Onyankopɔn de bebu atɛn no abɛn paa, enti yɛpɛ sɛ yɛkɔ so yɛ Onyankopɔn som adwuma no. Yɛn mu biara mpɛ sɛ obedi Yehowa anaa Yesu huammɔ. Wɔde ɔsom adwuma a ɛho wɔ nyam ahyɛ yɛn nsa wɔ nna a edi akyiri yi mu. Eyi kyerɛ sɛ wɔwɔ yɛn mu ahotoso na yɛn ani sɔ!—Monkenkan 1 Timoteo 1:12.

19. Dɛn na yɛbɛyɛ de akyerɛ sɛ yɛasiesie yɛn ho?

19 Sɛ yɛn anidaso ne sɛ yɛbɛtena soro oo, Paradise asase so oo, momma yɛnkɔ so nyɛ asɛnka ne asuafoyɛ adwuma a Onyankopɔn de ahyɛ yɛn nsa no. Yennim da ne dɔn pɔtee a Yehowa da no bɛba, na ɛho nhia mpo sɛ yehu. Yɛn de ara ne sɛ yebesiesie yɛn ho atwɛn. (Mat. 24:36, 44) Yebetumi aka paa sɛ, sɛ yɛde yɛn ho nyinaa to Yehowa so na yɛde n’Ahenni no di kan a, yɛn nsa rensi fam da.—Rom. 10:11.