Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Teokrase Sukuu Ahorow—Ɛkyerɛ sɛ Yehowa Dɔ Yɛn

Teokrase Sukuu Ahorow—Ɛkyerɛ sɛ Yehowa Dɔ Yɛn

YEHOWA ne yɛn “Kyerɛkyerɛfo Kunini.” (Yes. 30:20) Ɔdɔ a ɔwɔ ma afoforo na ɛka no ma ɔkyerɛkyerɛ wɔn na ɔtete wɔn. Sɛ nhwɛso no, Yehowa dɔ Yesu paa, enti “ɔkyerɛ no nneɛma a ɔno ankasa yɛ nyinaa.” (Yoh. 5:20) Yehowa dɔ yɛn efisɛ yɛyɛ n’Adansefo, enti wama yɛn “asuafo tɛkrɛma” a yɛde beyi no ayɛ na yɛde aboa afoforo.—Yes. 50:4.

Akwankyerɛ Kuw no Nkyerɛkyerɛ Boayikuw no suasua Yehowa dɔ no, enti wɔahyehyɛ teokrase sukuu ahorow du a wɔde tete wɔn a wɔpɛ sɛ wɔkɔ bi na wɔn tebea ma wɔn kwan no. So wubu sukuu ahorow yi sɛ adanse a ɛkyerɛ sɛ Yehowa dɔ yɛn?

Hwɛ teokrase sukuu ahorow yi ho nsɛm ne nea wɔn a wɔakɔ sukuu yi bi aka. Na bisa wo ho sɛ, ‘Mɛyɛ dɛn anya Onyankopɔn nkyerɛkyerɛ yi so mfaso?’

 NYA TEOKRASE NTETEE SO MFASO

Yehowa yɛ ‘Ɔdɔ Nyankopɔn,’ enti ɔtete yɛn ma yɛn ani gye wɔ asetenam, ɔboa yɛn ma yedi nsɛnnennen ho dwuma, na ɔma yɛn ani gye asɛnka adwuma no ho. (2 Kor. 13:11) Sɛnea wɔtetee tete asuafo no, yɛn nso wɔatete yɛn ma yebetumi akyerɛkyerɛ afoforo ma wɔadi nea wɔahyɛ yɛn nyinaa so.—Mat. 28:20.

Ebia ɛnyɛ sukuu yi nyinaa bi na yebetumi akɔ nanso yebetumi anya so mfaso. Yebetumi de Bible nkyerɛkyerɛ a yenya no adi dwuma. Afei nso, bere a yɛne Yehowa asomfo a wɔakɔ sukuu yi bi yɛ asɛnka adwuma no, yebetu mpɔn wɔ ɔsom adwuma no mu.

Bisa wo ho sɛ, ‘Me tebea bɛma me kwan ma makɔ sukuu yi bi?’

Ɛyɛ akwannya kɛse ma Yehowa asomfo sɛ wɔbɛkɔ sukuu yi bi na wɔakyerɛkyerɛ wɔn wɔ hɔ. Ma ntetee a woanya no nka wo mmɛn Yehowa na ɛmmoa wo mma wunni asɛyɛde a wowɔ wɔ Yehowa anim no ho dwuma, titiriw asɛmpaka adwuma a ɛsɛ sɛ yɛde ahokeka yɛ no.