Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Ɔporɔw ne Kɛtɛasehyɛ—Atrɛw Akodu He?

Ɔporɔw ne Kɛtɛasehyɛ—Atrɛw Akodu He?

“Yɛn adwumakuw no yɛ nnwuma bi ma aban asoɛe bi a ɛhwɛ ma mpɔtam mpɔtam mpɔntu nnwuma kɔ so. Ɛtɔ da bi a, bɛyɛ asram abien anaa abiɛsa na wontuaa yɛn ka. Nanso nnansa yi ara, aban dwumayɛni bi frɛɛ me telefon so kae sɛ, sɛ yɛbɔ biribi hyɛ no a, ɔbɛyɛ ama wɔatua yɛn ka ntɛm.”—JOHN. *

ƆPORƆW ne kɛtɛasehyɛ, wɔde bi adi wo pɛn anaa? Ebia ɛnte sɛ nea yɛde fii asɛm yi ase no, nanso ɛnyɛ dɛn ara a ɛho nsunsuanso no bi aka wo.

Kuw bi a wɔde wɔn ani di ɔpɔrow ne kɛtɛasehyɛ akyi (Transparency International) buu ɔporɔw ne kɛtɛasehyɛ ho akontaa wɔ afe 2011 mu, na wɔkyerɛe sɛ, aman ne mmeae 183 a wɔyɛɛ nhwehwɛmu wɔ hɔ no, wohui sɛ emu dodow no ara, ɔpɔrow ne kɛtɛasehyɛ adidi wɔn mu paa. Afe 2009 mu no, kuw no gye toom wɔ wɔn amanneɛbɔ mu sɛ ɔpɔrow ne kɛtɛasehyɛ abu so wɔ baabiara. Wɔkae sɛ: “Emu da hɔ fann sɛ wiase yi mu baabiara nni hɔ a nsunsuanso bɔne a ɔporɔw ne kɛtɛasehyɛ de ba no nka wɔn.”

“Wɔkyerɛ ɔporɔw ne kɛtɛasehyɛ ase sɛ, tumi a wɔde ama obi na ɔde pɛ mfaso. Sɛ nnipa a wɔwɔ tumi anni nokware a, nsunsuanso bɔne a ɛde ba no ka wɔn a wɔn nkwa, wɔn ano aduan ne wɔn anigye gyina wɔn so no nyinaa.”​—TRANSPARENCY INTERNATIONAL

Ɛtɔ da bi a ɔhaw a ɔporɔw ne kɛtɛasehyɛ de ba no yɛ hu paa. Ɛho nhwɛso bi ne sɛ, nhoma bi a wɔfrɛ no Time bɔ amanneɛ sɛ, “ɔpɔrow ne kɛtɛasehyɛ ne ahwɛyiye a nnipa mfa nyɛ adwuma” ka ho bi na asasewosow bi a esii Haiti wɔ afe 2010 mu no  kunkum nnipa a enni ano. Ɛka kaa ho sɛ: “Ɔpɔrow ne kɛtɛasehyɛ nti, aban adwumayɛfo a ɛsɛ sɛ wɔhwɛ ma ɔmanfo sisi adan yiye no nyɛ wɔn adwuma yiye.”

Enti ɔpɔrow ne kɛtɛasehyɛ a abɛyɛ koankɔ yare yi, biribi wɔ hɔ a ebetumi atu ase koraa? Sɛ yebenya ɛho mmuae a, gye sɛ yehu nea ɛde ɔpɔrow ne kɛtɛasehyɛ ba no. Yɛbɛka ho asɛm wɔ asɛm a edi hɔ no mu.

^ nky. 2 Wɔasesa din no.