Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

So Wubetumi Adi Nokware Wɔ Wiase a Aporɔw Yi Mu?

So Wubetumi Adi Nokware Wɔ Wiase a Aporɔw Yi Mu?

“Yɛpɛ sɛ yɛde nokwaredi bɔ yɛn bra wɔ biribiara mu.”​—HEBRIFO 13:18.

ƐWOM, yɛn bɔne, wiase yi ne Ɔbonsam betumi ahyɛ yɛn so, nanso sɛ yɛpɛ nko ara a, yebetumi ako atia saa nhyɛso no nyinaa! Yɛbɛyɛ dɛn ayɛ saa? Sɛ yɛbɛn Onyankopɔn na yɛde n’Asɛm Bible mu afotusɛm a ɛyɛ adwuma bere nyinaa no bɔ yɛn bra a, yebetumi ako atia saa nhyɛso no. Momma yɛnhwɛ nhwɛso abien bi.

BIBLE NNYINASOSƐM: “Nhwɛ nea wiase reyɛ mfa mmɔ wo bra.”—Romafo 12:2, New Jerusalem Bible.

“Bible aboa me ma mahu mfaso a nokwaredi de ba.”​—GUILHERME

Asɛm a esii paa: Guilherme yɛ Brazilni a na n’adwuma kɔ yiye ma no. N’anom asɛm kyerɛ sɛ ɛnyɛ mmerɛw sɛ obi bedi nokware. Ɔka sɛ: “Esiane sɛ obi a ɔyɛ n’ankasa adwuma pɛ sɛ n’adwuma kɔ yiye na otumi ne nnwuma foforo si akan nti, ɛnyɛ den koraa sɛ ɔde ne ho bɛhyɛ ɔporɔw ne kɛtɛasehyɛ mu. Nnipa pii bu  kɛtɛasehyɛ sɛ mfomso biara nni ho. Sɛ wode sika pii hyɛ adwuma foforo mu a, etumi yɛ den sɛ wode nokwaredi bɛyɛ adwuma.”

Eyi nyinaa akyi no, Guilherme atumi ayɛ n’adwuma a wamfa ne ho anhyɛ ɔporɔw ne kɛtɛasehyɛ mu. Ɔka sɛ: “Sɛ wowɔ baabi a wobu kɛtɛasehyɛ sɛ ɛnyɛ hwee mpo a, wubetumi adi nokware. Ɛsɛ sɛ wutumi si wo bo sɛ wobɛbɔ ɔbra pa. Bible aboa me ma mahu mfaso a nokwaredi de ba. Obi a odi nokware wɔ ahonim pa ne asomdwoe, na nkurɔfo bu no. Nnipa a wɔbɛn no betumi asuasua no.”

BIBLE NNYINASOSƐM: “Nnipa a wɔpɛ sɛ wɔbɛyɛ adefo no hwe sɔhwɛ ne afiri ahorow nyinaa mu. Wɔde wɔn ho kɔhyɛ nkwasea akɔnnɔ ne akɔnnɔ a ɛyɛ hu mu, na ɛtwe wɔn hwe fam sɛe wɔn. Sikanibere de ɔhaw bebree ba.”—1 Timoteo 6:9, 10, Contemporary English Version.

“M’ani agye paa sɛ mede abrabɔ pa ho mmara a ɛwɔ Bible mu no ayɛ adwuma ama manya din pa.”​—ANDRÉ

Asɛm a esii paa: André wɔ adwumakuw bi a wɔhyehyɛ bammɔ mfiri. Ɛyɛ a bɔɔlbɔ kuw kɛse bi ma wɔyɛ nnwuma bi ma wɔn. Da bi a bɔɔl akansi kɛse bi kɔɔ so no, André kɔɔ bɔɔlbɔ kuw no adwumayɛbea hɔ sɛ ɔrekogye ne sika. Oduu hɔ no, na wɔn a wɔhwɛ sika so no ani abere rekan sika a wonyae saa da no. Esiane sɛ na ade asa nti, ɔpanyin a ɔda wɔn ano no yɛɛ ntɛm tuaa André ne wɔn a wɔde wɔn ka no nyinaa sika maa wɔn.

André ka sɛ: “Menam kwan so rekɔ fie no, mihui sɛ sika a ɔpanyin no de ama me no aboro so. Ná minim sɛ ɛnyɛ ade a ɔpanyin no behu onipa ko a watua no ka ma aboro so no da. Nanso na minim nso sɛ ɔbarima yi de ne bɔtɔ mu sika betua nea ayera no ahyɛ mu! Enti meyɛɛ m’adwene sɛ mɛsan de sika no akɔ. Merekɔ nyinaa na nnipadɔm a wɔbɛhwɛɛ bɔɔl no bi repuw hyia me, nanso mimiaa m’ani faa wɔn mu san de sika no kɔmaa no. Ɛyɛɛ ɔpanyin no nwonwa paa. Obiara mfaa sika nsan nkɔmaa no saa da.”

André toa so sɛ: “Saa nokwaredi yi maa ɔpanyin no buu me paa. Mfe pii atwam, na nnwumakuw a saa bere no na bɔɔlbɔ kuw no ne wɔn yɛ adwuma no nyinaa, me de no nkutoo na aka. M’ani agye paa sɛ mede abrabɔ pa ho mmara a ɛwɔ Bible mu no ayɛ adwuma ama manya din pa.”

Yɛabehu sɛ Onyankopɔn betumi aboa yɛn ama yɛako atia nhyɛso bɔne na yɛamfa yɛn ho ankɔhyɛ ɔporɔw ne kɛtɛasehyɛ mu. Saa nimdeɛ yi hyɛ yɛn nkuran paa. Nanso nea nnipa mmiako mmiako bɛyɛ ntumi ntu ɔporɔw ne kɛtɛasehyɛ ase koraa. Nea ɛde ɔporɔw ne kɛtɛasehyɛ ba no agye ntini; agye ntini araa ma nnipa a bɔne wɔ yɛn ho ntumi ntu ase. Enti eyi kyerɛ sɛ ɔporɔw ne kɛtɛasehyɛ mfi hɔ da anaa? Asɛm a edi hɔ no bɛma yɛanya Bible mu mmuae a ɛhyɛ nkuran.