Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

 Mmofra Afã

Hwɛ Yiye na Woampere Tumidi!

Hwɛ Yiye na Woampere Tumidi!

Akwankyerɛ: Pɛ baabi a ɛhɔ yɛ komm tena na kenkan Bible no fa bua nsɛmmisa yi. Bere a worekenkan kyerɛw nsɛm no, fa no sɛ wowɔ hɔ na asɛm no sii. Twa nea ɛkɔɔ so no ho mfonini. Tie nsɛm a na wɔreka no. Hu sɛnea wɔn a wɔwom no te nka fa. Fa no sɛ afei na asɛm no resi.

Wɔn a wɔwom: Dawid, Absalom, Yoab

Nsɛm a wɔabɔ no mua: Absalom bɔɔ mmɔden sɛ obetu ne papa afi ahenni no so na wasi ne ho hene.

DWINNWEN NEA ESII NO HO.—KENKAN 2 SAMUEL 14:25-33; 15:1-17; 18:9-17, 30-33.

Bere a woretwa Absalom ho mfonini no, kyerɛ sɛnea ɔte (San kenkan 2 Samuel 14:25, 26.)

Wɔn a na wɔba ɔhene nkyɛn sɛ ommu atɛn mma wɔn no, Absalom bɔɔ mmɔden sɛ obenya wɔn koma; wohwɛ a ɛnne bɛn na Absalom de bɛkasa, na na ɔbɛyɛ ne ho dɛn? (San kenkan 2 Samuel 15:2-6.)

Sɛ wohwɛ Absalom ho asɛm a ɛwɔ 2 Samuel 14:28-30 no, na ɔyɛ onipa bɛn?

DWINNWEN HO KƆ AKYIRI.

Dɛn na Absalom yɛe na ama watumi agye ahenni no? (Nea ɛbɛboa wo: Kenkan 2 Samuel 13:28, 29. Amnon na na ɔyɛ Dawid babarima panyin, enti ɔno na ɛsɛ sɛ anka odi ne papa ade.)

Ná Absalom ani abere sɛ obenya tumidi ne anuonyam, nanso wohwɛ ɔkwan a wɔfaa so siee no no a, na nkurɔfo bu no dɛn? (San kenkan 2 Samuel 18:17.)

Wohwɛ a dɛn na ɛmaa Absalom peree tumidi? (Kenkan Diotrefe ho asɛm a ɛwɔ 3 Yohane 9, 10 no, na fa toto ho.)

 Nea Absalom yɛe no kaa Dawid dɛn? (Nea ɛbɛboa wo: Kenkan Dwom 3; ɛyɛ asɛm a Dawid kyerɛwee bere a Absalom tew atua no.)

FA NEA WUSUAE NO YƐ ADWUMA. KYERƐW NEA WUSUAE WƆ NEA EDIDI SO YI HO  . . .

Asiane a ɛwom sɛ yɛbɛpere tumidi.

Sɛnea obi nneyɛe tumi haw afoforo te sɛ n’awofo.

AKWAN FOFORO A WUBETUMI DE ADI DWUMA.

Dɛn na ebetumi ama woapere tumidi?

Dɛn na woyɛ a, ɛbɛma woakwati ahantan?

NSƐM YI AFÃ BƐN NA W’ANI GYE HO PAA, NA DƐN NTIA?

Sɔ eyi hwɛ: Hwɛ asɛm yi wɔ ɔkwan foforo so. Sɛ Absalom ampere tumidi na ɔbrɛɛ ne ho ase a, dɛn na anka ebesi?—Mmebusɛm 18:12.