Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Tie Onyankopɔn​—Waka Ntam a Ɛso Bɛba Wo Mfaso

Tie Onyankopɔn​—Waka Ntam a Ɛso Bɛba Wo Mfaso

“Esiane sɛ na obiara nni hɔ a ɔyɛ kɛse sen [Onyankopɔn] a ɔbɛka no ntam nti, ɔkaa n’ankasa ho ntam.”​—HEB. 6:13.

1. Nsonsonoe bɛn na ɛwɔ Yehowa bɔhyɛ ne nnipa de ntam?

YEHOWA ne “nokware Nyankopɔn” no. (Dw. 31:5) Nnipa tɔ sin enti ɛnyɛ bere nyinaa na wɔka asɛm a yebetumi agye adi, nanso Onyankopɔn de, ‘ontumi nni atoro.’ (Heb. 6:18; monkenkan Numeri 23:19.) Biribiara a ɔbɛbɔ ne tirim sɛ ɔbɛyɛ ama adesamma no bam pɛpɛɛpɛ. Ɛho nhwɛso ne nea esii bere a Onyankopɔn rebɔ nneɛma no. Adebɔ da mfiase biara na ɔka nea ɔbɛyɛ, na Bible ka sɛ “ɛyɛɛ saa” pɛpɛɛpɛ. Enti da a ɛto so asia a Onyankopɔn bɔɔ nneɛma nyinaa wiei no, ‘ohuu biribiara a wayɛ, na na eye.’​—Gen. 1:6, 7, 30, 31.

2. Dɛn ne Onyankopɔn homeda no? Dɛn nti na “ɔyɛɛ no kronkron”?

2 Bere a Yehowa Nyankopɔn kae sɛ nneɛma a wabɔ nyinaa ye no, ɔkae sɛ da a ɛto so ason bi afi ase. Saa da no nyɛ da koro ankasa, kyerɛ sɛ nnɔnhwerew 24, na mmom bere tenten bi. Saa bere no na Onyankopɔn home fii biribiara a wabɔ wɔ asase so ho. (Gen. 2:2) Onyankopɔn homeda no mmaa awiei. (Heb. 4:9, 10) Bible nkyerɛ bere pɔtee a saa da no fii ase. Nanso yenim sɛ ɔbɔɔ Adam yere Hawa wiei ansa na ɛrefi ase, bɛyɛ mfirihyia 6,000 ni. Ɛrenkyɛ Yesu Kristo Mfirihyia Apem Nniso no befi ase. Saa bere no nea enti a Onyankopɔn bɔɔ asase no bɛbam ma asase adan paradise, na nnipa a wɔyɛ pɛ atena so afebɔɔ. (Gen. 1:27, 28; Adi. 20:6) Nya gyidi sɛ asetena pa a ɛte saa betumi aba ma wode w’ani ahu, efisɛ ‘Onyankopɔn hyiraa da a ɛto so ason no na ɔyɛɛ no kronkron.’ Eyi si so dua sɛ ɛmfa ho nea ebesi biara no, enkosi sɛ Onyankopɔn homeda no bɛba awiei no, na n’atirimpɔw nyinaa abam.​—Gen. 2:3.

3. (a) Da a Onyankopɔn fii ase homee no, atuatew bɛn na esii? (b) Dɛn na Yehowa kae sɛ ɔde bedi atuatew no ho dwuma?

 3 Nanso da a Onyankopɔn fii ase homee no asɛmmɔne bi sii. Satan a na ɔyɛ Onyankopɔn bɔfo yɛɛ ne ho onyame ne Onyankopɔn dii asi. Satan na odii kan dii atoro na ɔdaadaa Hawa ma ɔyɛɛ Yehowa so asoɔden. (1 Tim. 2:14) Hawa nso yɛ maa ne kunu tew Yehowa so atua. (Gen. 3:1-6) Saa atuatew yi yɛ bɔne kɛse a na ebi nsii da. Satan bɔɔ Yehowa sobo sɛ ɔyɛ ɔtorofo, nanso na ɛho nhia sɛ Yehowa ka ntam de kyerɛ sɛ n’atirimpɔw bɛbam ɔkwan biara so. Mmom Onyankopɔn kaa biribi a na emu bɛda hɔ wɔ n’ankasa bere a wahyɛ mu. Nea ɔyɛe ara ne sɛ ɔkyerɛɛ sɛnea obedi atuatew no ho dwuma. Ɔkae sɛ: “Mede ɔtan bɛto [Satan] ne ɔbea no ntam ne w’aseni ne n’aseni ntam. Ɔno na ɔbɛbɔ wo ti na wo nso woaka ne nantin.”​—Gen. 3:15; Adi. 12:9.

NTANKA​—WƆDE SI NOKWASƐM SO DUA

4, 5. Dɛn na ɛtɔ bere bi a na Abraham yɛ de si asɛm bi so dua?

4 Mfiase a Onyankopɔn bɔɔ Adam ne Hawa no, na ɛho nhia sɛ obi ka ntam si asɛm so de kyerɛ sɛ ɛyɛ nokwasɛm. Nnipa a wɔyɛ pɛ a wɔdɔ Onyankopɔn na wosuasua no de, wɔka nokware bere nyinaa, enti ɛho nhia sɛ wɔka ntam efisɛ obiara gye ne yɔnko di. Nanso bere a nnipa a wodi kan no yɛɛ bɔne na wɔtɔɔ sin no, nneɛma sesae. Bere rekɔ so no, atorodi ne nnaadaasɛm gyee ntini wɔ nnipa komam, enti afei sɛ nnipa reka asɛnhia bi a, na wɔka ntam de si so dua sɛ ɛyɛ nokware.

5 Abraham kaa ntam anaa ɔmaa obi kaa no ntam wɔ tebea horow bɛyɛ abiɛsa mu de sii asɛm so dua. (Gen. 21:22-24; 24:2-4, 9) Ɛho nhwɛso bi ni: Abraham kaa ntam bere a ɔko dii Elam hene ne n’apamfo so no. Bere a ɔbae no Salem hene ne Sodom hene kohyiaa no. Ná Salem hene Melkisedek yɛ “Ɔsorosoroni Nyankopɔn no sɔfo,” enti ohyiraa Abraham na oyii Onyankopɔn ayɛ sɛ wama Abraham adi n’atamfo so. (Gen. 14:17-20) Ná Sodom hene pɛ sɛ ɔyɛ Abraham ayɛ sɛ wagye ne nkurɔfo afi wɔn atamfo nsam. Ɛhɔ na Abraham kaa ntam sɛ: “Mema me nsa so ka Ɔsorosoroni Yehowa Nyankopɔn, ɔsoro ne asase Bɔfo, no ntam sɛ, efi asaawa so kosi mpaboa hama so, meremfa me nsa nka biribiara a ɛyɛ wo de, na woanka sɛ, ‘me na memaa Abram nyaa ne ho.’”​—Gen. 14:21-23.

YEHOWA KAA ABRAHAM NTAM

6. (a) Nhwɛso bɛn na Abraham yɛ maa yɛn? (b) Adɛn nti na osetie a Abraham yɛe no boa yɛn?

6 Yehowa Nyankopɔn nso ka ntam sɛnea ɛbɛyɛ a nnipa a wɔtɔ sin benya awerɛhyem sɛ ne bɔhyɛ bɛbam. Sɛ ɔreka ntam saa a, ɔka asɛm bi te sɛ: “‘Sɛ mete ase yi,’ Awurade Tumfoɔ Yehowa asɛm ni.” (Hes. 17:16) Bible ma yehu sɛ Yehowa Nyankopɔn kaa ntam bɛboro mpɛn 40. Ebia nea yenim paa ne ntam ahorow a Onyankopɔn kaa Abraham no. Sɛ yɛhwɛ Yehowa ne Abraham nantew mu a, yehu sɛ ɔne Abraham yɛɛ apam na ɔkaa ntam pii. Apam ahorow yi nyinaa maa Abraham hui sɛ Aseni a wɔhyɛɛ ne ho bɔ no befi n’abusua mu; ɔnam Isak so na ɛbɛba. (Gen. 12:1-3, 7; 13:14-17; 15:5, 18; 21:12) Afei Yehowa sɔɔ Abraham hwɛe. Ɔka kyerɛɛ no sɛ  ɔmfa ne dɔba no mmɔ afɔre. Abraham antwentwɛn ne nan ase koraa, otiee nea Yehowa kae no. Nanso bere a ɔyɛe sɛ ɔde Isak rebɛbɔ afɔre ara pɛ na Onyankopɔn bɔfo bi ka kyerɛɛ no sɛ onnyae. Afei Onyankopɔn kaa ntam sɛ: “Esiane sɛ woayɛ eyi na woamfa wo ba koro no ankame me nti, meka ntam sɛ ɔkwan biara so mehyira wo na mama w’asefo ayɛ bebree sɛ ɔsoro nsoromma ne mpoano anhwea; na w’asefo bɛfa wɔn atamfo nkurow apon. W’aseni so na asase so aman nyinaa nam benya nhyira, efisɛ woayɛ aso ama me.”​—Gen. 22:1-3, 9-12, 15-18.

7, 8. (a) Dɛn nti na Onyankopɔn kaa Abraham ntam? (b) Ɔkwan bɛn so na Yesu “nguan foforo” no benya ntam a Onyankopɔn kaa Abraham no so mfaso?

7 Dɛn nti na Onyankopɔn kaa Abraham ntam sɛ ne bɔhyɛ bɛbam? Ná ɛbɛma wɔn a wɔka ‘aseni’ no ho a wɔne Kristo bedi ade no awerɛhyem sɛ Onyankopɔn bɔhyɛ bɛbam, na na eyi bɛhyɛ wɔn gyidi den. (Monkenkan Hebrifo 6:13-18; Gal. 3:29) Ɔsomafo Paulo kyerɛkyerɛɛ mu sɛ Yehowa de “ntam baa mu” na wɔn a wɔasra wɔn no “afa nneɛma abien a ɛnsakra a Onyankopɔn ntumi nni atoro wom so anya nkuranhyɛ a emu yɛ den de aso anidaso a wɔde asi yɛn anim no mu.” Nneɛma abien a ɛnsakra no ne Onyankopɔn bɔhyɛ ne ne ntam.

Ɛrenkyɛ Yehowa bɔhyɛ bɛbam ma Abraham ahu

8 Ɛnyɛ Kristofo a wɔasra wɔn nkutoo na wonya ntam a Onyankopɔn kaa Abraham no so mfaso. Yehowa kaa ntam sɛ Abraham ‘aseni’ so na “aman nyinaa nam benya nhyira.” (Gen. 22:18) Wɔn a wobenya saa nhyira no bi ne Kristo “nguan foforo” asoɔmmerɛwfo a wɔwɔ anidaso sɛ wɔbɛtena ase daa wɔ paradise asase so no. (Yoh. 10:16) Sɛ wowɔ anidaso sɛ wobɛkɔ soro oo, sɛ wobɛtena asase so oo, kɔ so ara yɛ osetie ma Onyankopɔn, na wonam so “aso” anidaso no mu.​—Monkenkan Hebrifo 6:11, 12.

NTAM FOFORO A ONYANKOPƆN KAE

9. Bere a Abraham asefo yɛ nkoa wɔ Egypt no, ntam bɛn na Onyankopɔn kae?

9 Abraham akyi mfe pii no, Yehowa san kaa ntam de sii so dua sɛ bɔ a wahyɛ Abraham no bɛbam. Eyi sii bere a ɔsomaa Mose sɛ ɔne Abraham asefo a na wɔyɛ nkoa wɔ Egypt no nkɔkasa no. (Ex. 6:6-8) Onyankopɔn kaa nea esii yi ho asɛm sɛ: “Da a mepaw  Israel no, memaa me nsa so . . . kaa wɔn ntam sɛ meyi wɔn afi Egypt asase so akɔ asase a mapɛ ato hɔ ama wɔn so, asase a nufusu ne ɛwo sen wɔ so.”​—Hes. 20:5, 6.

10. Bere a Onyankopɔn gyee Israel fii Egypt no, ntam bɛn na ɔkaa wɔn?

10 Afei bere a Yehowa gyee Israelfo fii Egypt no, ɔsan kaa wɔn ntam foforo sɛ: “Sɛ mutie m’asɛm na mudi m’apam so a, ɛnde mɛtew mo afi aman nyinaa ho de mo ayɛ m’agyapade titiriw, efisɛ asase nyinaa yɛ me dea. Na mobɛyɛ asɔfo ahemman ne ɔman kronkron ama me.” (Ex. 19:5, 6) Ná eyi yɛ akwannya kɛse ma Israel man no! Na ɛkyerɛ sɛ sɛ ɔman no yɛ osetie a, daakye Onyankopɔn bɛpaw nnipa afi wɔn mu ayɛ wɔn asɔfo ahemman na ɔnam wɔn so ahyira adesamma nyinaa. Akyiri yi Yehowa kaa nea ɔyɛ maa Israel no ho asɛm sɛ: “Mekaa ntam ne wo yɛɛ apam.”​—Hes. 16:8.

11. Bere a Onyankopɔn kae sɛ ɔde Israelfo bɛyɛ ne man titiriw no, dɛn na ɔman no yɛe?

11 Saa bere no Yehowa anhyɛ Israelfo sɛ wɔnka ntam sɛ wobetie no. Saa ara na wanhyɛ wɔn sɛ wonnye hokwan a ɔde ama wɔn no ntom. Mmom wɔn ankasa na wɔhyɛɛ bɔ sɛ, ‘Nea Yehowa aka nyinaa, wɔbɛyɛ.’ (Ex. 19:8) Nnansa akyi no, Yehowa Nyankopɔn maa Israelfo no hui sɛ, sɛ wɔabɛyɛ ne man de a, ɛnde ɔhwehwɛ biribi fi wɔn hɔ. Nea edi kan, ɔde Mmara Nsɛm Du no maa wɔn, na Mose kaa ahyɛde foforo a wɔayɛ ho kyerɛwtohɔ wɔ Exodus 20:22 kosi Exodus 23:33 kyerɛɛ ɔman no. Dɛn na Israel man no kae? “Wɔn nyinaa de nokoro kae sɛ: ‘Nea Yehowa aka nyinaa yɛbɛyɛ.’” (Ex. 24:3) Afei Mose kyerɛw mmara no wɔ “apam nhoma” no mu na ɔkenkan no den kyerɛɛ ɔman no nyinaa ma wɔtee emu nsɛm bio. Ɛno akyi no, ɔman no hyɛɛ bɔ ne mprɛnsa so sɛ: “Nea Yehowa aka nyinaa yebetie na yɛadi so.”​—Ex. 24:4, 7, 8.

12. Bere a Yehowa kae sɛ ɔde Israel bɛyɛ ne man no, dɛn na ɔyɛe? Bere a nkurɔfo no hyɛɛ Yehowa bɔ wiei no, dɛn na wɔyɛe?

12 Yehowa antwentwɛn ne nan ase koraa na ofii ase yɛɛ nea waka wɔ apam a ɔne Israel yɛe no mu. Ɔpaw asɔfo a wɔbɛsom wɔ ntamadan mu. Ná asɔfo no bɛboa nnipa a wɔtɔ sin ma wɔatumi abɛn Onyankopɔn. Nanso ɛmfa ho sɛ na Israelfo ahyira wɔn ho so ama Onyankopɔn no, ankyɛ koraa na wɔyɛɛ ne so asoɔden, na “wɔmaa Israel Kronkronni no dii wɔn ho yaw.” (Dw. 78:41) Ɛho nhwɛso ne nea Israelfo no yɛe bere a Mose wɔ Bepɔw Sinai so regye akwankyerɛ afi Yehowa hɔ no. Wɔantumi antwɛn, na wɔn gyidi hinhimii ma wonyaa adwene sɛ Mose agyaw wɔn. Enti wɔde sika yɛɛ nantwi ba honi na wɔka kyerɛɛ ɔman no sɛ: “Israel man, mo Nyankopɔn ni. Ɔno na odii mo anim fii Egypt asase so.” (Ex. 32:1, 4) Afei wɔsom ohoni no bɔɔ afɔre maa no na wɔkae sɛ ɛyɛ “Yehowa afahyɛ.” Yehowa huu saa no, ɔka kyerɛɛ Mose sɛ: “Wɔaman afi ɔkwan a mekyerɛe sɛ wɔmfa so no so, wɔantwentwɛn wɔn nan ase koraa.” (Ex. 32:5, 6, 8) Awerɛhosɛm ne sɛ efi saa bere no rekɔ no, Israel hyehyɛɛ Onyankopɔn bɔ kaa ntam pii, nanso na wɔn ani mmu wɔn dwɛ sɛ wobebu so.​—Num. 30:2.

NTAM FOFORO ABIEN

13. Ntam bɛn na Onyankopɔn kaa Ɔhene Dawid? Yɛyɛ dɛn hu sɛ saa ntam no fa Aseni a wɔhyɛɛ ne ho bɔ no ho?

13 Bere a Dawid yɛ Israel hene no,  Yehowa kaa ntam abien a ɛbɛboa wɔn a wotie no nyinaa. Nea edi kan, ɔkaa Dawid ntam sɛ n’ahengua betim hɔ daa. (Dw. 89:35, 36; 132:11, 12) Ná eyi kyerɛ sɛ Aseni a wɔhyɛɛ ne ho bɔ no befi Dawid mu aba na wɔbɛfrɛ no “Dawid ba.” (Mat. 1:1; 21:9) Dawid frɛɛ nea na ɔbɛba abɛyɛ n’aseni no “me Wura” efisɛ na Kristo korɔn sen no.​—Mat. 22:42-44.

14. Ntam bɛn na Yehowa ka faa Aseni a wɔhyɛɛ ne ho bɔ no ho? Mfaso bɛn na yenya fi so?

14 Nea ɛto so abien, Yehowa maa Dawid hui sɛ saa Ɔhene titiriw yi bɛyɛ adesamma nyinaa Sɔfo Panyin nso. Ná obi ntumi nyɛ ɔhene na bere koro no ara ɔnsan nyɛ ɔsɔfo wɔ Israel. Ná wɔpaw asɔfo fi Lewi abusuakuw mu, ɛnna wɔpaw ahemfo nso fi Yuda abusuakuw mu. Nanso Dawid kaa Ɔhene a na ɔbɛba no ho asɛm sɛ: “Asɛm a Yehowa ka kyerɛɛ me Wura ne sɛ: ‘Tena me nsa nifa kosi sɛ mede w’atamfo bɛyɛ wo nan ase ntiaso.’ Yehowa aka ntam (na ɔrennu ne ho) sɛ: ‘Woyɛ ɔsɔfo kosi mmeresanten wɔ Melkisedek kwan so!’” (Dw. 110:1, 4) Sɛnea Dawid kae no, saa pɛpɛɛpɛ na ɛbae, efisɛ seesei Yesu Kristo a ɔno ne Aseni a wɔhyɛɛ ne ho bɔ no te soro redi hene. Afei nso, ɔyɛ adesamma nyinaa Sɔfo Panyin, na ɔboa wɔn a wonu wɔn ho nyinaa ma wɔne Onyankopɔn ntam yɛ papa.​—Monkenkan Hebrifo 7:21, 25, 26.

“ONYANKOPƆN ISRAEL”

15, 16. (a) Israel man abien bɛn na Bible ka ho asɛm? Emu nea ɛwɔ he na anya Onyankopɔn anim dom ɛnnɛ? (b) Ahyɛde bɛn na Yesu de maa n’akyidifo wɔ ntanka ho?

15 Israel man no poo Yesu Kristo, enti wɔhweree Onyankopɔn anim dom, na anidaso a wɔwɔ sɛ wɔbɛyɛ “asɔfo ahemman” no nso bɔɔ wɔn. Yesu ka kyerɛɛ Yudafo akannifo no sɛ: “Wobegye Onyankopɔn ahenni afi mo nsam na wɔde ama ɔman a ɛbɛsow aba.” (Mat. 21:43) Wɔwoo saa ɔman foforo no wɔ Pentekoste afe 33 Y.B. mu. Saa bere no na wohwiee Onyankopɔn honhom guu Yesu asuafo 120 a na wɔahyiam wɔ Yerusalem no so. Wɔbɛfrɛɛ eyinom “Onyankopɔn Israel.” Ankyɛ koraa na nnipa mpempem pii a wofi aman horow so bɛkaa Onyankopɔn Israel no ho.​—Gal. 6:16.

16 Onyankopɔn honhom fam Israel no nte sɛ honam fam Israel a wɔyɛɛ asoɔden no; wɔn de, wɔakɔ so ayɛ osetie ama Onyankopɔn na wɔasow aba pa. Ahyɛde biako a wɔatie fa ntanka ho. Bere a Yesu wɔ asase so no, na nkurɔfo keka ntanhunu; ade a ɛho nhia biara na wɔreka ho ntam. (Mat. 23:16-22) Yesu ka kyerɛɛ n’akyidifo sɛ: “Monnka ntam koraa . . . Ɛno ara ne sɛ momma mo Yiw nyɛ yiw, na mo Dabi nyɛ dabi; nea ɛboro eyinom so no fi ɔbɔnefo no.”​—Mat. 5:34, 37.

Yehowa di ne bɔhyɛ biara so

17. Nsɛmmisa bɛn na yebesusuw ho wɔ adesua a edi hɔ no mu?

17 So eyi kyerɛ sɛ ɛnsɛ sɛ yɛka ntam koraa? Sɛ Bible ka sɛ yɛn Yiw nyɛ Yiw a, dɛn na ɛkyerɛ? Yebenya nsɛmmisa yi ho mmuae wɔ adesua a edi hɔ no mu. Bere a yɛredwinnwen Onyankopɔn Asɛm ho no, momma ɛnka yɛn ma yɛnyɛ osetie mma Yehowa daa. Sɛ yɛyɛ saa a, ɔno nso behyira yɛn afebɔɔ sɛnea waka ntam sɛ ɔbɛyɛ no.