Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Ma Wo Yiw Nyɛ Yiw

Ma Wo Yiw Nyɛ Yiw

“Ɛno ara ne sɛ momma mo Yiw nyɛ yiw, na mo Dabi nyɛ dabi.”​—MAT. 5:37.

1. Dɛn na Yesu kae wɔ ntanka ho? Adɛn nti na ɔkaa saa?

SƐ YƐBƐKA paa a, ɛho nhia sɛ nokware Kristofo ka ntam. Nea enti a ɛte saa ne sɛ wotie asɛm a Yesu kae yi: “Momma mo Yiw nyɛ yiw.” Nea ɔkae no kyerɛ sɛ sɛ obi ka asɛm a, ɛsɛ sɛ odi so. Ná Yesu adi kan aka sɛ: “Monnka ntam koraa.” Nea enti a ɔkaa saa ne sɛ na abɛyɛ nnipa pii su sɛ wɔbɛkeka ntam bere a wɔnyɛɛ wɔn adwene sɛ wɔbɛyɛ nea wɔaka no. Sɛ obi amma ne Yiw anyɛ yiw, na ne Dabi anyɛ dabi a, ɛbɛkyerɛ sɛ ɔnyɛ ɔnokwafo. Ɛba saa a, na wama “ɔbɔnefo no” anya no.​—Monkenkan Mateo 5:33-37.

2. Adɛn nti na yebetumi aka sɛ ɛnyɛ ntanka nyinaa na ɛyɛ bɔne?

2 Asɛm a Yesu kae no kyerɛ sɛ, sɛ obi ka ntam biara a ɛyɛ bɔne anaa? Ɛnte saa ankasa. Adesua a edi eyi anim no ma yehui sɛ ɛtɔ da bi a na Yehowa Nyankopɔn ne ne somfo nokwafo Abraham ka ntam wɔ asɛnhia bi ho. Afei nso na Onyankopɔn Mmara hwehwɛ sɛ nkurɔfo ka ntam de siesie nsɛm bi. (Ex. 22:10, 11; Num. 5:21, 22) Enti mmere bi wɔ hɔ a ɛho behia sɛ Kristoni ka ntam wɔ asɛnnibea de kyerɛ sɛ asɛm a ɔreka no yɛ nokware. Ɛtɔ da bi nso a, Kristoni bɛka ntam de akyerɛ sɛ ɔbɛyɛ biribi anaasɛ ɔbɛka ntam ama asɛm bi atwa, nanso eyi ntaa nsi. Bere a ɔsɔfo panyin no ka kyerɛɛ Yesu sɛ ɔnka ‘nokware wɔ Onyankopɔn anim’ no, Yesu ne no antwe, na mmom ɔkaa nokware kyerɛɛ Yudafo Sanhedrin no. (Mat. 26:63, 64) Ná ɛnyɛ nhyɛ sɛ Yesu bɛka ntam. Nanso na ɔtaa ka asɛm yi: “Nokware, nokware, mise mo sɛ.” Ná ɔka saa de si so dua sɛ nea ɔreka no yɛ nokware turodoo. (Yoh. 1:51;13:16, 20, 21, 38) Momma yɛnhwɛ nneɛma foforo a yebetumi asua afi Yesu, Paulo, ne afoforo hɔ na yɛn nso yɛn Yiw ayɛ Yiw.

 YESU MAA NE “YIW” YƐƐ YIW

Efi bere a wɔbɔɔ Yesu asu kosii sɛ owui no, odii ɛbɔ a ɔhyɛɛ n’Agya no so

3. Ɛbɔ bɛn na Yesu hyɛɛ Onyankopɔn wɔ mpaebɔ mu? Dɛn na ne soro Agya no yɛe wɔ ho?

3 ‘Hwɛ! Maba sɛ merebɛyɛ w’apɛde, O Onyankopɔn.’ (Heb. 10:7) Yesu bɔɔ saa mpae yi de kyerɛe sɛ ɔde ne ho nyinaa ama Onyankopɔn sɛ ɔbɛyɛ n’apɛde ma biribiara a waka afa Aseni no ho abam. Ɔmaa kwan mpo maa Satan ‘kaa ne nantin.’ (Gen. 3:15) Onipa foforo biara nni hɔ a watu ne ho asi hɔ ayɛ ade kɛse a ɛte saa da. Yehowa tiee ne Ba no na ɔkae sɛ wagye no atom. Wanka sɛ Yesu nka ntam sɛ obedi ne bɔhyɛ so.​—Luka 3:21, 22.

4. Dɛn na Yesu yɛe de kyerɛe sɛ ɔmaa ne Yiw yɛɛ Yiw?

4 Nea Yesu kae no, ɛno ara na ɔyɛe, enti ɔmaa ne Yiw yɛɛ Yiw. Wamma biribiara anyi n’adwene amfi adwuma titiriw a n’Agya de hyɛɛ ne nsa no so. Ɔkɔɔ so ara kaa Onyankopɔn Ahenni ho asɛmpa na ɔkyerɛkyerɛɛ nnipa a Onyankopɔn atwe wɔn aba ne nkyɛn no ma wɔbɛyɛɛ asuafo. (Yoh. 6:44) Bible ma yehu sɛ Yesu yɛ ɔnokwafo a odi n’asɛm so. Ɛka sɛ: “Onyankopɔn bɔhyɛ dodow nyinaa nam no so ayɛ Yiw.” (2 Kor. 1:20) Enti sɛ yɛreka wɔn a wɔhyɛɛ Agya no bɔ a wodii so a, Yesu da mu fua. Afei yɛbɛhwɛ obi a ɔbɔɔ mmɔden suasuaa Yesu.

PAULO MAA NE “YIW” YƐƐ YIW

5. Dɛn na ɔsomafo Paulo yɛe a yebetumi asuasua?

5 “Menyɛ dɛn, Owura?” (Aso. 22:10) Eyi ne asɛm a Paulo anaa Saul bisae bere a Awurade Yesu a wɔahyɛ no anuonyam yii ne ho adi kyerɛɛ no wɔ anisoadehu mu no. Saa bere no na Kristo pɛ sɛ Saul gyae n’asuafo a ɔretaa wɔn no. Eyi nti Saul sesaa n’akwan bɔɔ asu, na ogye toom sɛ obedi Yesu ho adanse wɔ amanaman mu. Efi saa bere no kosii sɛ Paulo wui no, ɔfrɛɛ Yesu ne ‘Wura’ na ɔyɛɛ nea ne wura kae biara. (Aso. 22:6-16; 2 Kor. 4:5; 2 Tim. 4:8) Yesu kaa ebinom ho asɛm sɛ: “Dɛn nti na mofrɛ me ‘Awurade! Awurade!’ nanso monyɛ nea meka no?” (Luka 6:46) Paulo de, na ɔnte saa. Yesu pɛ sɛ wɔn a wɔfrɛ no Awurade no nyinaa yɛ nea ɔka biara sɛnea ɔsomafo Paulo yɛe no.

6, 7. (a) Dɛn nti na bere a Paulo yɛɛ n’adwene sɛ ɔbɛkɔ Korinto no, ɔsesaa n’adwene? Dɛn nti na wɔn a wɔkae sɛ Paulo nyɛ ɔnokwafo no nni nnyinaso biara? (b) Ɛsɛ sɛ yebu mpanyimfo a wodi yɛn anim no dɛn?

6 Paulo de nsi ne ahokeka kaa Ahenni no ho asɛm wɔ Asia Kumaa ne Europa nyinaa; ɔhyehyɛɛ asafo pii na  akyiri yi ɔsan kɔsrasraa wɔn. Ɛtɔ da bi na ɔrekyerɛw wɔn a, ɔka ntam de kyerɛ sɛ nea ɔreka no yɛ nokware. (Gal. 1:20) Bere bi nnipa bi a wɔwɔ Korinto kae sɛ Paulo nni n’asɛm so. Enti oyii n’ano sɛ: “Onyankopɔn yɛ ɔnokwafo ma enti yɛn asɛm a yɛka kyerɛɛ mo no, yɛnka Yiw nka Dabi.” (2 Kor. 1:18) Bere a Paulo rekyerɛw saa asɛm no, na wafi Efeso abedu Makedonia a n’ani kyerɛ Korinto. Mfiase no na Paulo ayɛ n’adwene sɛ ɔbɛkɔ Korinto ansa na waba Makedonia. (2 Kor. 1:15, 16) Nanso ɔyɛɛ nsakrae wɔ n’akwantu mu sɛnea ɛnnɛ nso ɛtɔ bere bi a ahwɛfo akwantufo tumi sesa bere a wɔahyɛ sɛ wɔbɛkɔ akɔsra asafo bi no. Ɛnyɛ nea ɛbɛma wɔn ho atɔ wɔn anaa nsɛm nketenkete nti na wɔyɛ saa nsakrae no, na mmom wɔyɛ saa bere a asɛnhia bi asɔre. Biribi pa bi nti na Paulo ankɔ Korinto ntɛm sɛnea na wahyehyɛ no. Asafo no ara yiyedi nti na ɔyɛɛ saa. Ɛyɛ dɛn?

7 Bere a Paulo yɛɛ n’adwene sɛ ɔbɛkɔ Korinto no, ɔtee asɛm bi a na ɛyɛ asefem. Ná Korintofo no ama kwan ma mpaapaemu ne ɔbrasɛe rekɔ so wɔ wɔn mu. (1 Kor. 1:11; 5:1) Enti Paulo kyerɛw krataa a edi kan kɔmaa Korintofo no, na otuu wɔn fo ma wohuu aniberesɛm a ɛwɔ asɛm no mu sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbɛteɛteɛ nneɛma. Na anka Paulo befi Efeso akɔ Korinto tee, nanso ɔtwentwɛn so kakra sɛnea ɛbɛyɛ a asafo no benya kwan de n’afotu no ayɛ adwuma, na sɛ ɔkɔsra wɔn a wɔanyɛ basaa na mmom wɔn ani agye. Bere a Paulo kyerɛw ne krataa a ɛto so abien no, ɔdaa no adi sɛ asɛm a esii yi nti na ɔsesaa ne nhyehyɛe no na ɛnyɛ biribi foforo biara. Ɔkae sɛ: “Onyankopɔn ne me kra dansefo sɛ nea ɛbɛyɛ a mo werɛ renhow pii nti na minnya mmaa Korinto no.” (2 Kor. 1:23) Mommma yɛnnyɛ yɛn ade sɛ wɔn a wɔkasa tiaa Paulo no; mmom, momma yenni mpanyimfo a wodi yɛn anim no ni. Nokwasɛm ne sɛ ɛsɛ sɛ yesuasua Paulo sɛnea ɔno nso suasuaa Kristo no.​—1 Kor. 11:1; Heb. 13:7.

AFOFORO A WƆMAA WƆN “YIW” YƐƐ YIW

8. Dɛn na Rebeka yɛe a yebetumi asuasua?

8 “Mɛkɔ.” (Gen. 24:58) Eyi ne asɛm a Rebeka kae bere a ne maame ne ne nuabarima bisaa no sɛ ɔpɛ sɛ ɔware Abraham ba Isak no. Ná obefi fie saa da no ara ne Abraham akoa no atwa kwan kilomita 800 (kwansin 500). (Gen. 24:50-58) Rebeka maa ne Yiw yɛɛ Yiw, na ɔbrɛɛ ne ho ase maa ne kunu Isak na ɔkɔɔ so som Onyankopɔn. Ne nkwa nna a aka nyinaa ɔtenaa ntamadan mu sɛ ɔhɔho wɔ Bɔhyɛ Asase no so. Rebeka nokwaredi nti, Onyankopɔn hyiraa no, na ɔbɛyɛɛ Aseni a na wɔahyɛ ne ho bɔ, Yesu Kristo, nanabea.​—Heb. 11:9, 13.

9. Dɛn na Rut yɛe a ɛkyerɛ sɛ ɔmaa ne Dabi yɛɛ Dabi?

9 “Dabi, yɛne wo nyinaa bɛkɔ wo nkurɔfo nkyɛn.” (Rut 1:10) Eyi ne asɛm a Rut ne Orpa a wofi Moab ka kyerɛɛ wɔn asebea Naomi. Saa bere no na Naomi fi Moab resan akɔ Betlehem. Ná Naomi ne ne nsenom nyinaa yɛ akunafo, na ɔsrɛɛ wɔn sɛ wɔnsan nkɔ wɔn kurom. Akyiri yi Orpa san n’akyi. Nanso Rut de, ɔmaa ne Dabi yɛɛ Dabi. (Monkenkan Rut 1:16, 17.) Ogyaw n’abusua ne Moab atoro som hɔ de ne ho fam Naomi ho. Ɔde ne nkwa nna a aka nyinaa som Yehowa, na Yehowa nso hyiraa no. Bere a Mateo reka Kristo anato no, ɔbɔɔ mmea baanum pɛ din; Rut ka ho.​—Mat. 1:1, 3, 5, 6, 16.

10. Dɛn na Yesaia yɛe a yebetumi asuasua?

 10 “Mini, soma me.” (Yes. 6:8) Yesaia na ɔkaa saa asɛm yi. Ansa na ɔreka saa no, onyaa anisoadehu bi na ohui sɛ Yehowa te N’ahengua so wɔ Israel asɔrefie no atifi. Yesaia tee Yehowa nne wɔ anisoadehu no mu sɛ: “Hena na mensoma no, na hena na ɔbɛkɔ ama yɛn?” Ná Yehowa pɛ obi asoma no ma wakɔbɔ ne man asoɔdenfo no kɔkɔ. Bere a Yesaia gyee so sɛ ɔbɛkɔ no, ɔmaa ne Yiw yɛɛ Yiw. Ɔde mfe 46 somee sɛ Onyankopɔn diyifo. Ɔhyɛɛ nkɔm sɛ Onyankopɔn bɛtwe ne man asoɔdenfo no aso, na akyiri yi wasan ama wɔabɛsom no bio.

11. (a) Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yedi yɛn asɛm so? (b) Nnipa bɛn na wɔamma wɔn Yiw anyɛ Yiw?

11 Dɛn nti na Yehowa ama wɔakyerɛw saa nsɛm yi nyinaa wɔ n’Asɛm mu ama yɛn? Sɛ wɔka sɛ yɛmma yɛn Yiw nyɛ Yiw a, dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛfa no aniberesɛm? Bible ka pefee sɛ ‘apamsɛefo fata owu.’ (Rom. 1:31, 32) Egypt hene Farao, Yuda hene Sedekia, ne Anania ne Safira nyinaa yɛ nnipa a Bible ka sɛ wɔamma wɔn Yiw anyɛ Yiw. Nea wɔyɛe no anwie wɔn yiye, na eyi yɛ kɔkɔbɔ ma yɛn.​—Ex. 9:27, 28, 34, 35; Hes. 17:13-15, 19, 20; Aso. 5:1-10.

12. Dɛn na ɛbɛboa yɛn ma yɛadi yɛn asɛm so?

12 Yɛte “nna a edi akyiri mu,” na nnipa dodow no ara ‘nni nokware’; “wɔde nyamesom pa adura wɔn anim, nanso wɔmfa tumi a ɛwom no nyɛ adwuma.” (2 Tim. 3:1-5) Ɛsɛ sɛ yɛbɔ mmɔden sɛ yɛne saafo no remfa yɔnko. Mmom, momma yɛne wɔn a wɔpɛ sɛ wɔn Yiw yɛ Yiw no mmɔ bere nyinaa.​—Heb. 10:24, 25.

WO YIW A EHIA PAA

13. Yiw a ehia paa bɛn na Yesu Kristo kyidini ka?

13 Bɔhyɛ a emu yɛ duru sen biara ne sɛ obi behyira ne ho so ama Onyankopɔn. Sɛ obi pɛ sɛ odi Yesu akyi a, wobisa no nsɛm abiɛsa bi a ɛbɛhwehwɛ sɛ obua Yiw. Wobisa nsɛm yi hwɛ sɛ ampa-ne-ampa ara onim anammɔn a ɔpɛ sɛ otu no anaa. (Mat. 16:24) Nea edi kan, sɛ obi pɛ sɛ ofi asɛnka ase a, mpanyimfo baanu hyia no bisa no asɛm bi te sɛ: “So wopɛ sɛ woyɛ Yehowa Dansefo ampa?” Nea ɛto so abien, sɛ onipa no nya nkɔso na ɔpɛ sɛ ɔbɔ asu a, mpanyimfo ne no hyia bisa no sɛ, “So woahyira wo ho so ama Yehowa wɔ mpaebɔ mu?” Nea ɛto so abiɛsa, edu asubɔ da no a, ɔkasafo no bisa onii a ɔpɛ sɛ ɔbɔ asu no sɛ: “Wugyina Yesu Kristo afɔrebɔ no so anu wo ho wɔ wo bɔne ho, na woahyira wo ho so ama Yehowa sɛ wobɛyɛ n’apɛde anaa?” Enti asubɔfo no gyina adansefo anim ka Yiw de hyɛ bɔ sɛ wɔbɛsom Onyankopɔn daa.

So woredi wo Yiw a ehia paa no so?

14. Ɛwɔ hɔ ara a nsɛm bɛn na ɛsɛ sɛ yebisa yɛn ho?

 14 Sɛ afei na woabɔ asu oo, sɛ wode mfe pii na asom Onyankopɔn oo, ɛwɔ hɔ ara a bisa wo ho sɛ: ‘Misuasua Yesu Kristo ma me Yiw yɛ Yiw ma enti meredi bɔ a mahyɛ Yehowa no so? Mitie Yesu asɛm ma enti mekɔ so yɛ asɛnka ne asuafoyɛ adwuma no de kyerɛ sɛ ɛno ne adwuma a ehia me paa?’​—Monkenkan 2 Korintofo 13:5.

15. Nneɛma bɛn mu na ehia sɛ yɛma yɛn Yiw yɛ Yiw?

15 Yehyira yɛn ho so ma Onyankopɔn a yɛhyɛ no bɔ, nanso sɛ yebetumi adi bɔhyɛ yi so a, ɛsɛ sɛ yedi nokware wɔ nneɛma foforo a ehia mu. Nhwɛso bi ni: Sɛ woaware a, wokaa ntam sɛ wobɛdɔ wo hokafo na woadi no ni. So wudi so? Wo ne obi ayɛ adwuma ho nhyehyɛe anaa asafo no ama woahyehyɛ krataa bi? Sɛ saa a, ɛnde nea woaka wom sɛ wobɛyɛ no di so. Onua hianiwa bi ato nsa afrɛ wo sɛ bedidi ma woapene so? Ɛnde sɛ obi foforo to nsa frɛ wo na wususuw sɛ ne hɔ bɛyɛ dɛ mpo a, ɛnsɛ sɛ wutwa ohianiwa no de mu kɔ ɛno. Sɛ woreyɛ afie afei asɛnka adwuma no na wohyɛ obi bɔ sɛ wobɛsan aba ne nkyɛn a, ɛsɛ sɛ woma wo Yiw yɛ Yiw. Woyɛ saa a, Yehowa bɛma w’asɛnka adwuma no asow aba.​—Monkenkan Luka 16:10.

YƐN SƆFO PANYIN NE YƐN HENE YESU BOA YƐN

16. Sɛ yɛka asɛm bi na yɛanni so a, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ?

16 Yɛnyɛ pɛ enti ɛnyɛ nwonwa sɛ Bible ka sɛ “yɛn nyinaa di mfomso mpɛn pii.” Yɛn kasa mu paa na yedi mfomso. (Yak. 3:2) Sɛ yɛka sɛ yɛbɛyɛ biribi na yɛantumi anni yɛn asɛm so a, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ? Bere a Onyankopɔn de Mmara no maa Israelfo no, na ɛwɔ Mmara no mu sɛ, sɛ obi “pere ne ho ka ntanhunu” a, wobetumi apata ama ne bɔne. (Lev. 5:4-7, 11) Sɛ Kristoni nso ka asɛm na wanni so a, nhyehyɛe bi wɔ hɔ a wobetumi de apata ama ne bɔne. Sɛ yɛka yɛn bɔne no kyerɛ Yehowa a, ɔnam yɛn Sɔfo Panyin, Yesu Kristo, so behu yɛn mmɔbɔ na ɔde akyɛ yɛn. (1 Yoh. 2:1, 2) Nanso sɛ yɛpɛ sɛ yenya Onyankopɔn anim dom a, ɛsɛ sɛ yɛda no adi sɛ yɛasakra yɛn adwene ampa. Sɛ nhwɛso no, ɛnsɛ sɛ yɛde yɛ yɛn su sɛ yebebu yɛn bɔhyɛ so. Afei nso sɛ yɛanni yɛn asɛm so na ɛkɔfa ɔhaw bi ba a, ɛsɛ sɛ yɛhwɛ siesie ma yiye tɔ yiye. (Mmeb. 6:2, 3) Nanso ne papa mu paa ne sɛ yɛbɛhwɛ yiye na yɛampere yɛn ho anhyɛ bɔ a yɛrentumi nni so.​—Monkenkan Ɔsɛnkafo 5:2.

17, 18. Nhyira a ɛkyɛn so bɛn na ɛda hɔ retwɛn wɔn a wɔbɔ mmɔden sɛ wɔbɛma wɔn Yiw ayɛ Yiw no nyinaa?

17 Nhyira a ɛkyɛn so da hɔ retwɛn Yehowa asomfo a wɔbɔ mmɔden sɛ wɔbɛma wɔn Yiw ayɛ Yiw no! Kristofo 144,000 a wɔasra wɔn no benya nkwa a owu nnim wɔ soro, na wɔbɛka Yesu ho wɔ n’Ahenni mu ne no ‘adi hene mfe apem.’ (Adi. 20:6) Nnipa mpempem pii nso benya hokwan atena paradise asase so ma Kristo adi wɔn so. Saa bere no, wɔbɛboa wɔn ma wɔn nipadua ne wɔn nsusuwii nyinaa ayɛ pɛ.​—Adi. 21:3-5.

18 Sɛ Yesu Mfirihyia Apem Nniso no ba awiei a, wɔbɛsɔ nnipa ahwɛ. Wɔn a wobedi nokware wɔ sɔhwɛ a etwa to no mu no bɛtena Paradise, na saa bere no obiara begye ne yɔnko adi sɛ obedi ne bɔhyɛ so. (Adi. 20:7-10) Obiara Yiw bɛyɛ Yiw, na ne Dabi ayɛ Dabi. Efisɛ wɔn a wɔbɛtena hɔ saa bere no nyinaa besuasua yɛn soro Agya Yehowa, “nokware Nyankopɔn” a ɔdɔ yɛn no yiye.​—Dw. 31:5.