Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Honhom Bɛn na Woda no Adi?

Honhom Bɛn na Woda no Adi?

“Awurade Yesu Kristo adom nka honhom a moda no adi no.”​—FILEM. 25.

1. Sɛ Paulo rekyerɛw ne mfɛfo gyidifo a, asɛm bɛn na na ɔtaa ka?

SƐ ƆSOMAFO Paulo rekyerɛw ne mfɛfo gyidifo a, na ɔtaa ka sɛ ogye di sɛ Onyankopɔn ne Kristo ani sɔ honhom anaa suban a asafo no da no adi no. Nhwɛso biako ne asɛm a ɔkyerɛw kɔmaa Galatifo no. Ɔkae sɛ: “Yɛn Awurade Yesu Kristo adom nka honhom a moda no adi no. Amen.” (Gal. 6:18) Dɛn ne ‘honhom a yɛda no adi no’?

2, 3. (a) Bere a Paulo de asɛmfua “honhom” dii dwuma no, dɛn na na ɔrepɛ akyerɛ? (b) Sɛ yɛpɛ sɛ yehu honhom a yɛda no adi a, nsɛm bɛn na yebetumi abisa?

2 Asɛmfua “honhom” a Paulo de dii dwuma no kyerɛ biribi a epusuw yɛn ma yɛka asɛm bi anaa yɛyɛ biribi. Nnipa bi dwo, wodwen afoforo ho, wɔn yam ye na wɔde bɔne kyɛ. Bible ma yehu sɛ eye sɛ yebenya “honhom a ɛyɛ komm na edwo” saa. (1 Pet. 3:4; Mmeb. 17:27) Nanso ebinom tu wɔn nsɛm bumbum, wɔn hwenem bɔn wɔn, na wɔmpɛ sɛ obi kyerɛ wɔn nea wɔnyɛ. Afoforo nso ama sikapɛ adi wɔn ti. Ebinom mpo de, ahantan ne atuatew ne ahohwibra adonnɔn wɔn.

3 Enti bere a Paulo kae sɛ ‘Awurade nka honhom a woda no adi’ no, na ɔrehyɛ ne nuanom nkuran sɛ wonsuasua Kristo na wonnya su a Onyankopɔn ani gye ho. (2 Tim. 4:22; monkenkan Kolosefo 3:9-12.) Yɛn nso yebetumi abisa sɛ: ‘Honhom bɛn na meda no adi? Mɛyɛ dɛn anya su a Onyankopɔn ani gye ho? Dɛn na metumi ayɛ aboa ma asafo no anya su a Onyankopɔn ani gye ho?’ Momma yɛnyɛ mfatoho yi: Sɛ wokɔ turo bi mu na nhwiren a ɛwɔ hɔ nyinaa ahanhan a, ɛma hɔ yɛ fɛfɛɛfɛ. So yɛn mu biara “han” ma asafo no mu yɛ fɛ te sɛ turo? Ɛsɛ sɛ yɛyere  yɛn ho yɛ saa. Afei momma yɛnhwɛ sɛnea yebetumi anya su a Onyankopɔn ani gye ho.

KWATI WIASE HONHOM

4. Dɛn ne “wiase honhom” no?

4 Kyerɛwnsɛm no ka kyerɛ yɛn sɛ: “Ɛnyɛ wiase honhom na yenyae, na mmom honhom a efi Onyankopɔn hɔ.” (1 Kor. 2:12) Dɛn ne “wiase honhom” no? Ɛno ara ne honhom a wɔaka ho asɛm wɔ Efesofo 2:2 no. Ɛhɔ ka sɛ: “Bere bi monantew sɛnea wiase nhyehyɛe yi te, sɛnea mframa a ɛrebɔ no panyin pɛ; ɛno ne honhom a seesei ɛyɛ adwuma wɔ asoɔden mma mu no.” Saa “mframa” yi anaa wiase honhom no ne adwene a wiase mu nnipa wɔ. Sɛnea mframa fa baabiara no, saa ara na wiase honhom nso wɔ baabiara. Sɛ nhwɛso no, adwene a nnipa pii kura nnɛ ne sɛ, ‘Ɛnyɛ obi na ɔbɛkyerɛ me nea menyɛ!’ anaa ‘Meremma obi ntiatia me fahodi so!’ Nkurɔfo a wokura saa adwene no ne “asoɔden mma” a wɔwɔ Satan wiase yi mu no.

5. Subammɔne bɛn na Israelfo binom daa no adi?

5 Su a ɛte saa hyɛɛ ase akyɛ. Mose bere so no, Kora tew mpanyimfo a na wodi Israel asafo no anim so atua. Wɔn a Kora tuu n’ani sii wɔn so titiriw ne Aaron ne ne mma no; wɔn na na wɔsom sɛ asɔfo. Ebia Kora huu wɔn sintɔ ahorow. Anaa ebetumi aba sɛ onyaa adwene sɛ Mose yɛ animhwɛ, kyerɛ sɛ ɔde n’abusuafo asisi baabi papa. Sɛ eyi na ɛmaa Kora tew atua oo, sɛ nso biribi foforo oo, asɛm no ne sɛ na ne nsusuwii ne Yehowa de nhyia. Ná Kora mmu mmarima a Yehowa apaw wɔn no koraa. Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Yɛabrɛ mo! . . . Adɛn nti na moama mo ho so wɔ Yehowa asafo so saa?” (Num. 16:3) Bio nso Datan ne Abiram nwiinwii, na wɔka kyerɛɛ Mose sɛ ‘ɔpɛ sɛ odi wɔn so bakomasɛm.’ Bere a Mose soma kɔfrɛɛ wɔn no, wɔkae sɛ: “Yɛremma baabiara!” (Num. 16:12-14) Yehowa ani annye aniammɔho a ɛte saa ho, enti okum atuatewfo no nyinaa.​—Num. 16:28-35.

6. Afeha a edi kan no mu no, subammɔne bɛn na ebinom daa no adi? Ɛbɛyɛ sɛ dɛn nti na wɔyɛɛ saa?

6 Afeha a edi kan no mu nso, mmarima bi kasa tiaa wɔn a wodi asafo no anim no. Na “wommu tumidi” koraa. (Yuda 8) Ɛbɛyɛ sɛ na saa mmarima no ani nsɔ hokwan a wɔwɔ wɔ asafo no mu. Na mpanyimfo a wɔwɔ asafo no mu ani ku adwuma a Onyankopɔn de ahyɛ wɔn nsa no ho, nanso atuatewfo yi sɛee mpanyimfo no kyerɛɛ afoforo.​—Monkenkan 3 Yohane 9, 10.

7. Su bɛn na ɛsɛ sɛ yɛhwɛ yiye na yɛannya wɔ asafo no mu?

7 Ɛnsɛ sɛ yɛsosɔ su a ɛte saa so wɔ Kristofo asafo no mu. Enti momma yɛnhwɛ yiye na yɛannya su a ɛte saa. Mose ne ɔsomafo Yohane bere so no na mpanyimfo no nyɛ pɛ. Saa ara na asafo mu mpanyimfo a wɔwɔ hɔ nnɛ nso nyɛ pɛ. Mpanyimfo betumi ayɛ biribi atia yɛn. Ɛba saa a, ɛnsɛ sɛ yesuasua wiase no na yɛka sɛ, “Mentena hɔ mma ɔnyɛ me saa”! anaa “Ɛnsɛ sɛ yegyaa ɔpanyin yi ma ɔyɛ nea ɔreyɛ no”! Momma yɛnkae sɛ Yehowa betumi abu n’ani agu mfomso nketenkete so. Yɛn nso yɛrentumi nyɛ saa anaa? Ebinom yɛ bɔne a emu yɛ duru, nanso mpanyimfo no ho ahi nti, sɛ wɔfrɛ wɔn sɛ wommehyia mpanyimfo bi ma wɔmmoa wɔn mpo a, wɔmma. Sɛ obi yɛ saa a, na akɔyɛ sɛ ɔyarefo bi a ɔmpɛ sɛ ɔkɔ ayaresabea esiane dɔkota no ho ahi nti.

8. Bible mu nsɛm bɛn na ɛboa ma yenya asafo mu mpanyimfo ho adwempa?

 8 Bible ka sɛ ‘nsoromma ason wɔ Yesu nsa nifa mu.’ Sɛ yɛma saa asɛm no tena yɛn adwenem a, ɛbɛboa yɛn ma yɛayi saa su no akwa. “Nsoromma” no gyina hɔ ma ahwɛfo a wɔasra wɔn. Nanso yɛreka a, ɛfa asafo mu mpanyimfo nyinaa ho. Yesu betumi adannan “nsoromma” a wɔwɔ ne nsam no sɛnea ɔpɛ biara. (Adi. 1:16, 20) Esiane sɛ Yesu ne asafo no Ti nti, onim biribiara a ɛrekɔ so wɔ mpanyimfo kuw no mu. Yesu ‘ani te sɛ ogyaframa,’ ohu biribiara. Enti sɛ ehia paa sɛ ɔteɛ ɔpanyin bi a, ɔno ara bɛhwɛ ma wɔateɛ no sɛnea ɔpɛ ne bere a ɛsɛ mu. (Adi. 1:14) Enkosi sɛ Yesu bɛyɛ saa no, ɛsɛ sɛ yɛde obu a ɛfata ma mpanyimfo a honhom kronkron apaw wɔn no. Paulo kyerɛwee sɛ: “Monyɛ osetie mma wɔn a wodi mo anim no na mommrɛ mo ho ase mma wɔn, efisɛ wɔn na wɔhwɛ mo kra so sɛ nnipa a wobebu ho akontaa; ɛno bɛma wɔde anigye ayɛ eyi, na ɛnyɛ ahomegu, anyɛ saa a ɛrensi mo yiye.”​—Heb. 13:17.

Yɛma ɛtena yɛn adwenem sɛ Yesu ne asafo no Ti a, dɛn na yɛbɛyɛ wɔ afotu ho?

9. (a) Sɛ wɔteɛ Kristoni bi so a, su bɛn na ebia ɔbɛda no adi? (b) Sɛ wɔteɛ yɛn so a, dɛn na ɛyɛ papa sɛ yɛyɛ?

9 Sɛ wɔteɛ Kristoni bi so anaa wogye hokwan bi a ɔwɔ wɔ asafo no mu fi ne nsam a, nea ɔbɛyɛ na ɛbɛkyerɛ sɛ ɔwɔ suban pa anaa subammɔne. Na onua aberantewa bi de video so agoru a awudisɛm wom gyigye n’ani, enti mpanyimfo ne no kasae tuu no fo. Awerɛhosɛm  ne sɛ wantie afotu no, enti wogyee hokwan a ɔwɔ sɛ asafo mu somfo fii ne nsam, efisɛ na ne nneyɛe ne nea Kyerɛwnsɛm no ka wɔ asomfo ho no nhyia. (Dw. 11:5; 1 Tim. 3:8-10) Ɛbaa saa no, onua no bɔɔ no dawuru sɛ ɔne mpanyimfo no nyɛ adwene, na ɔkyerɛkyerɛw mpanyimfo no ho nsɛm kɔɔ Betel. Afei nso otutu guu afoforo asom sɛ wɔn nso nyɛ saa ara. Nanso nokwasɛm ne sɛ, sɛ yɛpɛ sɛ yɛma obiara hu sɛ yɛn asɛm yɛ dɛ na ɛno nti yɛsɛe asomdwoe a ɛwɔ asafo no mu a, ɛremmoa obiara. Sɛ wɔteɛ yɛn so a, momma yemmu no sɛ biribi a wɔde rebue yɛn ani ma yɛahu yɛn mmerɛwyɛ. Enti ɛsɛ sɛ yɛyɛ komm gye nteɛso no tom.​—Monkenkan Kwadwom 3:28, 29.

10. (a) Suban pa ne subammɔne bɛn na Yakobo 3:16-18 ka ho asɛm? (b) Sɛ yɛda “nyansa a efi soro no” adi a, dɛn na efi mu ba?

10 Yakobo 3:16-18 ma yehu suban a ɛyɛ papa sɛ yɛda no adi wɔ asafo no mu ne nea ɛnyɛ papa. Ɛka sɛ: “Baabi a ahoɔyaw ne mansotwe wɔ no, ɛhɔ na sakasaka ne akyide biara wɔ. Na nyansa a efi soro no de, nea edi kan no, ɛho tew, ɛpɛ asomdwoe, ɛwɔ ntease, ɛyɛ asoɔmmerɛw, mmɔborɔhunu ne aba pa ayɛ no mã, ɛnhwɛ nnipa anim nyɛ nyiyim, ɛnyɛ nyaatwom. Bio nso, wodua trenee aba wɔ asomdwoe mu ma wɔn a wɔpɛ asomdwoe.” Sɛ yɛde “nyansa a efi soro no” bɔ yɛn bra a, yɛn suban pa no bɛsan asafo no mufo ma asomdwoe atena yɛn mu.

DA OBU ADI WƆ ASAFO NO MU

11. (a) Sɛ yɛwɔ suban pa a, dɛn na yɛrenyɛ? (b) Dɛn na yebetumi asua afi Dawid nhwɛso no mu?

11 Ɛsɛ sɛ yɛkae sɛ ɛyɛ Yehowa ankasa na wama mpanyimfo no asɛyɛde sɛ ‘wɔnhwɛ Onyankopɔn asafo so.’ (Aso. 20:28; 1 Pet. 5:2) Enti yɛyɛ mpanyimfo oo, yɛnyɛ mpanyimfo oo, ɛsɛ sɛ yegye ɔkwan a Onyankopɔn fa so yɛ nneɛma no tom. Sɛ yɛwɔ suban pa a, yɛremfa yɛn adwene nsi dibea anaa hokwan bi a yebenya so. Bere a Ɔhene Saul nyaa adwene sɛ anhwɛ n’ahenni bɛkɔ akodi Dawid nsam no, Saul “nyaa Dawid ho adwemmɔne.” (1 Sam. 18:9) Ná adwene a Saul kura nyɛ papa, na na ɔpɛ sɛ okum Dawid mpo. Ɛnsɛ sɛ yesuasua Saul na yɛpere dibea, na mmom ɛsɛ sɛ yesuasua Dawid. Amanehunu a Dawid faa mu nyinaa akyi no, wanteɛ ne nsa wɔ wɔn a Onyankopɔn apaw wɔn so da.​—Monkenkan 1 Samuel 26:23.

12. Dɛn na ɛbɛboa ma biakoyɛ atena asafo no mu?

12 Ɛnyɛ bere nyinaa na yɛne yɛn nuanom adwene behyia wɔ nsɛm bi ho. Sɛ yɛanhwɛ yiye a, eyi de akameakame bɛba yɛn ntam. Ebetumi aba asafo mu mpanyimfo mpo ntam. Bible boa yɛn ma yehu su a ɛsɛ sɛ yenya. Ɛka sɛ: “Munni kan mfa nidi mma mo ho mo ho” na “monnyɛ mo ani so anyansafo.” (Rom. 12:10, 16) Sɛ asɛm bi si a, ɛnsɛ sɛ yɛka sɛ kyenkyen ara a, yɛn asɛm na ɛyɛ dɛ. Mmom momma yɛnkae sɛ nyansa nni biakofo tirim—akwan pii wɔ hɔ a yebetumi afa so ayɛ biribi. Sɛ yɛbɔ mmɔden sɛ yebetie afoforo adwene a, ɛbɛma biakoyɛ atena asafo no mu.​—Filip. 4:5.

13. Sɛ yɛkyerɛ yɛn adwene wɔ asɛm bi ho wie a, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ? Nhwɛso bɛn na ɛwɔ Bible mu a ɛbɛboa yɛn?

13 So eyi kyerɛ sɛ, sɛ yehu sɛ biribi nkɔ yiye wɔ asafo no mu a, ɛyɛ mfomso sɛ yɛbɛka ma wɔateɛ no? Ɛnte saa. Asomafo no bere so no asɛm bi sɔree, na ɛkɔfaa akyinnyegye bae. Anuanom yɛɛ “nhyehyɛe sɛ Paulo ne Barnaba  ne wɔn mu binom nkohu asomafo no ne mpanyimfo a wɔwɔ Yerusalem no wɔ akyinnyegye yi ho.” (Aso. 15:2) Nokwasɛm ne sɛ na ɛsono obiara adwene wɔ asɛm no ho. Nanso bere a obiara kyerɛɛ n’adwene na honhom kronkron boa ma wosii gyinae wiei no, wɔn nyinaa gye toom maa asɛm no twae. Afei wɔkyerɛw asafo ahorow no kaa gyinae a wɔasi no kyerɛɛ wɔn. Bere a wɔn nsa kaa krataa no, “wodii ahurusi wɔ nkuranhyɛsɛm no ho” na ‘wɔyɛɛ den gyidi mu.’ (Aso. 15:31; 16:4, 5) Ɛnnɛ nso sɛ biribi haw yɛn na yɛka ho asɛm kyerɛ mpanyimfo no wie a, yennyaw mma wɔn ma wɔn ankasa nsi ho gyinae.

DA SU PA ADI BERE A WO NE AFOFORO REDI

14. Ɔkwan bɛn so na yebetumi ada suban pa adi bere a yɛne afoforo redi?

14 Yɛne afoforo redi a, yɛwɔ hokwan pii a yebetumi ada su pa adi. Sɛ nkurɔfo fom yɛn na yɛde kyɛ wɔn a, ɛboa ma yɛne wɔn tena fɛfɛɛfɛ. Onyankopɔn Asɛm ka kyerɛ yɛn sɛ: “Sɛ obi wɔ asɛm tia ne yɔnko a, monkɔ so nnya mo ho abotare na momfa mfirifiri mo ho korakora. Sɛnea Yehowa de afiri mo no, mo nso monyɛ saa ara.” (Kol. 3:13) Bere a Paulo kae sɛ, “sɛ obi wɔ asɛm tia ne yɔnko” no, nea na ɔrekyerɛ ne sɛ ɛtɔ bere bi a yɛn nua bi bɛyɛ biribi ma ahaw yɛn. Ebia yebehu nneɛma nketenkete bi wɔ yɛn nuanom ho a yɛn ani nnye ho, nanso ɛnsɛ sɛ yɛma ɛhyɛ yɛn abufuw de sɛe asafo no asomdwoe. Mmom ɛsɛ sɛ yɛbɔ mmɔden suasua Yehowa na yɛde firifiri yɛn ho na yɛne wɔn bom som.

15. (a) Dɛn na yebetumi asua afi Hiob hɔ na yɛde afoforo bɔne afiri wɔn? (b) Ɔkwan bɛn so na mpaebɔ betumi aboa yɛn ma yɛada su pa adi?

15 Bere a yɛreka bɔne fafiri yi, onipa biako a yebetumi asuasua no ne Hiob. Ne nnamfo baasa a anka ɛsɛ sɛ wɔkyekye ne werɛ no hyɛɛ no awerɛhow mmom. Nanso Hiob de firii wɔn. Dɛn na ɛboaa no ma ɔde firii wɔn? ‘Ɔbɔɔ mpae maa ne nnamfo no.’ (Hiob 16:2; 42:10) Sɛ yɛbɔ mpae ma afoforo a, ebetumi ama yɛanya wɔn ho adwempa. Yɛbɔ mpae ma yɛn nuanom Kristofo nyinaa a, ɛbɛboa ma yɛadɔ wɔn sɛnea Kristo dɔ wɔn no. (Yoh. 13:34, 35) Afei nso ɛsɛ sɛ yɛbɔ mpae hwehwɛ honhom kronkron. (Luka 11:13) Yɛne afoforo redi a, Onyankopɔn honhom bɛboa yɛn ma yɛada su pa adi.​—Monkenkan Galatifo 5:22, 23.

BOA MA SU PA NTENA ONYANKOPƆN ASAFO MU

16, 17. Honhom bɛn na wopɛ sɛ woda no adi?

16 Sɛ yɛn mu biara bɔ mmɔden sɛ ɔbɛboa ma su pa atena asafo no mu a, emu bɛyɛ anika ankasa! Bere a yɛasusuw eyi nyinaa ho no, ebia yebehu sɛ yɛtɔ sin wɔ biribi mu ma enti ehia sɛ yɛyɛ ho adwuma. Sɛ saa na ɛte a, ɛnsɛ sɛ yɛtenatena ho, na mmom ɛsɛ sɛ Onyankopɔn Asɛm no boa yɛn ma yɛyɛ nsakrae. (Heb. 4:12) Ná Paulo pɛ sɛ ɔyɛ nhwɛso a afoforo betumi asuasua wɔ asafo no mu. Ɔkae sɛ: “Minnim asɛm biara a ɛwɔ me ho. Nanso eyi mma minni bem, na nea odi m’asɛm ne Yehowa.”​—1 Kor. 4:4.

17 Sɛ yɛde nyansa a efi soro no yɛ adwuma na yɛampere tumidi anaa yɛanka sɛ kyenkyen ara a yɛn asɛm na ɛyɛ dɛ a, ɛbɛboa ma su pa atena asafo no mu. Yɛde yɛn nuanom bɔne firi wɔn na yenya wɔn ho adwempa a, ɛbɛboa ma yɛne wɔn atena kama. (Filip. 4:8) Yɛyɛ saa a, yebetumi anya ahotoso sɛ Yehowa ne Yesu ani bɛsɔ ‘honhom a yɛda no adi no.’​—Filem. 25.