Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

 Asetenam Nsɛm

Yɛafa Nnamfo Mfe 60 Ni Nanso Afei Mpo na Yɛafi Ase

Yɛafa Nnamfo Mfe 60 Ni Nanso Afei Mpo na Yɛafi Ase

Da bi anwummere wɔ afe 1951 mu no, mmerante baanan a wɔadi mfe 20 ne kakra kɔɔ baabi a ɔmanfo frɛ nkurɔfo wɔ telefon so wɔ Ithaca, New York, U.S.A. Wɔde ahokeka frɛɛ wɔn abusuafo ne wɔn nnamfo a wɔwɔ Michigan ne Iowa ne California. Ná anigyesɛm bi da wɔn ano!

SAA afe no wɔ February bosome mu no, akwampaefo 122 behyiaam wɔ South Lansing, New York. Na wɔrekɔ Gilead Sukuu adesuakuw a ɛtɔ so 17. Na Lowell Turner, William (Bill) Kasten, Richard Kelsey, ne Ramon Templeton ka wɔn a na wɔrebɛtete wɔn ma wɔakɔyɛ asɛmpatrɛwfo no ho. Lowell ne Bill fi Michigan; Richard fi Iowa, na Ramon fi California. Ankyɛ koraa na wɔbɛyɛɛ nnamfo.

Fi benkum kɔ nifa: Richard, Lowell, Ramon, ne Bill bɛyɛɛ nnamfo wɔ Gilead

Bɛyɛ bosome anum akyi no, wɔka kyerɛɛ sukuufo no sɛ Onua Nathan Knorr a ɔwɔ adwumayɛbea ti no ne wɔn rebɛkasa. Na obiara retwɛn nea ɔwɔ ka. Na anuanom baanan yi aka sɛ wɔn yam a, anka wɔn nyinaa akɔsom wɔ ɔman biako mu. Afei na na wɔrebehu baabi a wɔbɛma wɔakɔyɛ asɛmpatrɛw adwuma no.

Bere a Onua Knorr gu so ne sukuufo no rekasa a oduu baabi a ɔrekyerɛ beae a obiara bɛkɔ akɔsom no, ɛhɔ tɛm dinn. Anuanom baanan no na wodii kan frɛɛ wɔn kɔɔ asɛnka agua no so. Ná wɔn yam hyehye wɔn, nanso bere a wohui sɛ wɔn nyinaa bɛkɔ akɔsom faako no, woguu ahome! Nanso na ɛhe na wɔde wɔn rekɔ? Bere a wɔkae sɛ wɔde wɔn rekɔ Germany no, adesuafo no ho dwiriw wɔn na wɔbɔɔ wɔn nsam denneennen.

Bere a Yehowa Adansefo a wɔwɔ wiase mmaa nyinaa tee nokwaredi a Adansefo a wɔwɔ Germany daa no adi fi 1933 reba wɔ Hitler nniso ase no, ɛkaa wɔn koma paa. Adesuafo no pii kaee sɛ bere a Wiase Ko II no baa awiei no, wɔde ntade ne nneɛma foforo kɔmaa wɔn nuanom a wɔwɔ Europa no. Sɛ yɛreka Onyankopɔn nkurɔfo a wɔde gyidi, animia, akokoduru, ne ahotoso asom Yehowa a, yɛrenka nnyaw anuanom a wɔwɔ Germany no. Lowell kae sɛ: ‘Afei de yɛne anuanom mmarima ne mmea akokodurufo yi bɛbɔ ankasa.’ Eyi nti na wɔde anigye ne ahokeka kɔfrɛɛ wɔn abusuafo ne wɔn nnamfo saa anwummere no.

WƆDE WƆN ANI KYERƐƐ GERMANY

Ramon rekyerɛ ade wɔ Ahenni Som Sukuu mu

July 27, 1951 mu no, po so hyɛn a wɔfrɛ no Homeland tu fii New York asubɔnten bi so de n’ani kyerɛɛ Germany. Ná nnamfo baanan yi te mu bi, na wodii nnafua 11 wɔ nsu so. Onua Albert Schroeder a akyiri yi ɔbɛyɛɛ Akwankyerɛ Kuw no muni kyerɛɛ  wɔn ade wɔ Gilead. Ansa na wɔrebɛkɔ Germany no, na wakyerɛ wɔn German kasa kakra. Ná Germanfo pii wɔ hyɛn no mu enti wɔn adwene yɛɛ wɔn sɛ wobetumi asua nsɛm pii wɔ German kasa mu. Nanso na ɛnyɛ mmerɛw saa, efisɛ German kasa gu ahorow enti na ɛsono nea obiara ka. Na wonhu so koraa!

Po so akwantu bɔɔ wɔn yare, nanso August 7 Benada anɔpa no, anuanom yi de wɔn nan sii Germany asase so wɔ Hamburg. Woduu hɔ no, na ɔko no asi ma mfe asia atwam, nanso wɔto wɔn ani a, wohu ɔko no ho twã wɔ baabiara. Afei wɔde awerɛhow kɔtenaa keteke mu anadwo no de wɔn ani kyerɛɛ Wiesbaden; ɛhɔ na na Betel wɔ.

Richard reyɛ afiri bi ho adwuma wɔ Betel, Wiesbaden

Wukuda anɔpatutuutu na wosi fii keteke no mu, na onua a odi kan a wohyiaa no wɔ Germany ne Hans. Wote din no ara pɛ na woahu sɛ ɔyɛ Germanni! Hans de wɔn tenaa kar mu kɔɔ Betel, na oduu hɔ no ɔde wɔn hyɛɛ onuawa bi nsa. Na onuawa no ani afi na wohwɛ a wuhu sɛ ɔmfa n’adwuma nni agoru. Na ɔnte Borɔfo, na na n’adwene yɛ no sɛ, sɛ ɔkasa denneennen a, wɔbɛte nea ɔreka no ase. Nanso ne nteɛteɛm no ammoa wɔn mu biara; ɔne anuanom baanan no nyinaa yɛɛ basaa. Akyiri yi Onua Erich Frost a na ɔhwɛ adwuma no so wɔ Germany bepuee hɔ, na okyiaa wɔn kama wɔ Borɔfo mu. Afei de wɔn ho bae wɔn kakra.

Ɛrekɔ August awiei no, anuanom baanan no kɔɔ nhyiam wɔ Frankfurt am Main. Ɛno ne nhyiam a edi kan a wɔkɔe wɔ German kasa mu. Na nhyiam no asɛmti ne “Ɔsom a Ɛho Tew.” Nnipa 47,432 na wɔkɔɔ bi na wɔbɔɔ nnipa 2,373 asu. Bere a anuanom asɛmpatrɛwfo yi huu eyi no, na wɔn ho pere wɔn sɛ wɔbɛtew asi asasesin no mu de nsi ne ahokeka aka asɛm no. Nanso nna kakra bi akyi no, Onua Knorr ka kyerɛɛ wɔn sɛ wɔbɛtena Betel na wɔayɛ adwuma wɔ hɔ.

Anigye a wonyae wɔ wɔn som mu ma wohui sɛ Yehowa na onim nea eye ma yɛn

Ná ade a ɛda Ramon koma so ne asɛmpatrɛw adwuma, enti bere bi a wɔtoo nsa frɛɛ no sɛ ɔnkɔ United States Betel no, wankɔ. Richard ne Bill nso, na wɔnsoo ho dae da sɛ wɔbɛkɔ Betel. Nanso anigye a wonyae wɔ Betel som mu no ma wohui sɛ  Yehowa nim nea eye ma yɛn. Enti nyansa wom sɛ yɛbɛtwɛn Yehowa ma wakyerɛ yɛn kwan sen sɛ yebedi nea yɛn koma pɛ akyi. Obi gye saa nokwasɛm yi tom a, adwuma biara a wɔde bɛma no wɔ Yehowa som mu anaa baabiara a wɔbɛka sɛ ɔnkɔsom no, ɔde anigye beso mu.

VERBOTEN!

Anuanom a wɔwɔ Germany Betel no pii ani gyei sɛ wonyaa Amerikafo wɔ hɔ, efisɛ afei de na wɔanya nkurɔfo a wobetumi akyerɛ wɔn Borɔfo. Nanso da bi a wɔwɔ adididan mu no, amanneɛbɔ bi a wɔde too gua maa wɔn anidaso yɛɛ kwa. Onua Frost a obiara nim sɛ ɔkasa ahoɔden so no fii ase kaa biribi wɔ German kasa mu; wohwɛ a wuhu sɛ na ɛyɛ aniberesɛm. Betel abusua no mufo dodow no ara yɛɛ komm; na wontumi mma wɔn ti so mpo. Na anuanom a wɔaba foforo yi nte nea ɔreka no ase, nanso wohui sɛ asɛm no fa wɔn ho. Enti bere a Onua Frost teɛteɛm sɛ, “VERBOTEN!” “VERBOTEN!” (“Yekyi!”) no, wɔyɛɛ basaa. Dɛn na na wɔayɛ a enti n’ani abere saa?

Onua Frost (nifa) ne afoforo bere a Onua Knorr (benkum) bɛsraa wɔn

Wodidi wiei ara na hwim, obiara kɔɔ ne dan mu. Akyiri yi onua bi kae sɛ: “Sɛ mubetumi aboa yɛn a, gye sɛ musua German kasa no. Eyi nti na Onua Frost kae sɛ, sɛ montee German kasa no a, ɛnsɛ sɛ obiara ne mo ka Borɔfo no.”

Betel abusua no tiee asɛm no guu aso pa mu. Eyi boaa anuanom no ma wosuaa German kasa no, na ɛsan nso kyerɛɛ wɔn sɛ sɛ ɔdɔfo bi tu yɛn fo, na mfiase no ɛyɛ den sɛ yebegye atom mpo a, yɛn ankasa na ɛboa yɛn. Afotu a Onua Frost de mae no ma yehu sɛ na odwen Yehowa ahyehyɛde no ho na ɔdɔ ne nuanom. * Akyiri yi anuanom baanan no bɛpɛɛ n’asɛm!

YESUA BIRIBI FI YƐN NNAMFO HƆ

Bere a yekogyee yɛn ahome wɔ Switzerland, 1952

Yebetumi asua nneɛma pa pii afi yɛn nnamfo a wosuro Onyankopɔn hɔ a ɛbɛboa yɛn ma yɛne Yehowa adamfofa mu ayɛ den. Anuanom baanan no suaa nneɛma pii fii German anuanom anokwafo no hɔ; sɛ yɛka sɛ yɛrebobɔ wɔn din a, adagyew bɛbɔ yɛn. Wɔn baanan no nso, obiara suaa biribi fii ne yɔnko hɔ. Richard kae sɛ: “Na Lowell te German kasa no kakra nanso yɛn a yɛaka no de, yɛde bɔ so a na awae. Na n’ani afi sen yɛn nyinaa, enti sɛ yɛrepɛ obi adi nneɛma anim anaa wakyerɛ yɛn kasa no a, ɔno na yɛdan no.” Ramon kae sɛ: “Bere a yedii afe wɔ Germany no, yɛyɛe sɛ yɛbɛkɔ akogye yɛn ahome kakra wɔ Switzerland, na onua bi a ofi hɔ de ne fie maa yɛn sɛ yebetumi akɔsoɛ hɔ, na m’ani  gyei papa! Na yɛn adwene yɛ yɛn sɛ yɛafa yɛn ho adi nnawɔtwe abien a yɛnka German kasa! Nanso me werɛ fii sɛ Lowell ka yɛn ho yi de, ɔremma kwan. Ɔkae sɛ anɔpa biara yɛnyɛ daa asɛm no wɔ German kasa mu. Na misusuw sɛ ɔbɛsesa n’adwene nanso na ogyina nea ogyina. Yesuaa biribi titiriw fii eyi mu. Sɛ obi a odwen wo ho ma wo akwankyerɛ bi na wo ne no nyɛ adwene mpo a, wo de fa yɛ adwuma. Eyi aboa yɛn mfe pii, na ayɛ mmerɛw ama yɛn sɛ yebegye akwankyerɛ a Yehowa ahyehyɛde no de ma yɛn atom.”

Nnamfo baanan no gye toom sɛ obiara wɔ biribi a ɔbɔ mu mmɔden sɛnea Filipifo 2:3 ka no. Ɛka sɛ: “Mumfi ahobrɛase mu mmu afoforo sɛ wɔkyɛn mo.” Nneɛma bi wɔ hɔ a na wogye tom sɛ Bill nkutoo na obetumi ayɛ no yiye; ɛba saa a, na wɔn a wɔaka no aka akyerɛ no sɛ ɔnyɛ. Lowell kae sɛ: “Na Bill wɔ akokoduru a otumi de di nsɛm bi a ne ka yɛ ka na ho dwuma, enti sɛ yehyia asɛm bi na yɛrepimpini yɛn akyi a, ɔno na na obiara hwɛ no. Nanso obedi ho dwuma pɛpɛɛpɛ sɛnea yɛn nyinaa pɛ.”

AWARE PA

Eduu mmere bi no wɔn baanan nyinaa warewaree. Ɔdɔ a wɔn mu biara wɔ ma Yehowa ne bere nyinaa som adwuma no na ɛma wɔfaa nnamfo. Enti bere dui sɛ wɔware no, wɔhwehwɛɛ ahokafo a wobetumi aboa wɔn ma wɔde Yehowa som adi kan. Ná bere nyinaa som adwuma no ama wɔahu sɛ ɔma mu wɔ nhyira sen ogye. Afei nso wobehui sɛ ɛsɛ sɛ wɔde Ahenni no di kan sen sɛ wɔde wɔn adwene besi nneɛma a wɔn ankasa ani gye ho so. Enti wɔwarewaree mmea a wɔn ankasa ayi wɔn anim reyɛ bere nyinaa som adwuma no dedaw. Nnipa baanan no nyinaa nyaa aware pa.

Sɛ nnamfofa ne aware betumi agyina a, ɛsɛ sɛ Yehowa di akoten wom. (Ɔsɛnk. 4:12) Ɛwom, akyiri yi Bill ne Ramon nyinaa ahokafo fii mu, nanso na wɔrentumi nka sɛ wɔn aware ama wɔn nsa asi fam, efisɛ na wɔn yerenom yɛ mmea anokwafo a wɔbɔɔ wɔn kyidɔm ma wɔde anigye somee. Lowell ne Richard ne wɔn yerenom te hɔ fɛfɛɛfɛ. Bill san hwehwɛɛ ɔbea a obetumi ne no ayɛ bere nyinaa som adwuma no waree no.

Nnamfo baanan yi yam a, anka wɔn nyinaa te faako, nanso akyiri yi wɔn som adwuma no maa wɔn ntam tetewee. Ebinom kopuee, Austria, Luxembourg, Canada, United States ne Germany. Wɔn ntam tetewee de, nanso wɔn werɛ amfi wɔn ho; wɔkɔɔ so dii nkitaho. Obiako ani gye a, wɔn nyinaa ani gye; odi awerɛhow a, wɔn nyinaa di awerɛhow. (Rom. 12:15) Yenya nnamfo a wɔte saa a, ɛsɛ sɛ yeso wɔn mu yiye; ɛnsɛ sɛ yɛtoto wɔn agyaagyaamu. Ɛsɛ sɛ yebu wɔn sɛ akyɛde a efi Yehowa hɔ. (Mmeb. 17:17) Yɔnko berɛbo ho yɛ nna! Nanso wɔn ho nyɛ nna mma nokware Kristofo. Yehowa Adansefo de, yɛn mfɛfo gyidifo a wɔwɔ wiase nyinaa yɛ yɛn nnamfo, na yɛn nnamfo a wɔsen biara ne Yehowa Nyankopɔn ne Yesu Kristo.

Sɛnea yenim no, ɔhaw mpa nnipa ho, enti nnamfo baanan yi nso ahyia wɔn de. Wɔn mu binom ahwere wɔn ahokafo, yare reteetee ebinom na  ɔkwan a wɔbɛfa so ahwɛ wɔn awofo a wɔanyinyin agyaw wɔn tipae. Ebinom nso anya mma, na ɛsɛ sɛ wɔhwɛ wɔn ka bere nyinaa som adwuma no ho. Asafo no ma wɔn dwumadi foforo a, na agyaw wɔn ayamhyehye, na onyin nso mma wɔn ho ntɔ wɔn. Nanso nea asi wɔn asetenam ama wɔahu sɛ, sɛ wɔn a wɔdɔ Yehowa hu wɔn nnamfo oo, wɔwɔ akyirikyiri oo, nnamfo no tumi boa wɔn ma wogyina ɔhaw biara a wohyia ano.

ADAMFOFA A ƐBƐTENA HƆ AFEBƆƆ

Bere a nnamfo baanan yi hyiraa wɔn ho so maa Yehowa no, na wɔyɛ mmerantewa koraa. Nà Lowell adi mfe 18, na Ramon adi mfe 12, na Bill adi mfe 11, ɛnna Richard nso adi mfe 10. Wofii bere nyinaa som adwuma no ase no, na nea osua wɔ wɔn mu adi mfe 17, ɛnna nea wɔanyin nso adi mfe 21. Wotiee afotu a ɛwɔ Ɔsɛnkafo 12:1 no. Ɛka sɛ: “Kae wo Bɔfo Kɛse no, wo mmeranteberem.”

Sɛ woyɛ aberante wɔ Kristofo asafo no mu a, Yehowa reto nsa frɛ wo sɛ bɛyɛ bere nyinaa som adwuma no bi. Enti wubetumi atoto wo nneɛma yiye na wode wo ho ahyem. Yehowa adom so no wubenya nhyira pii sɛnea nnamfo baanan yi nyae no. Wubetumi ayɛ ɔmansin anaa ɔmantam sohwɛfo, anaa wubetumi anya hokwan asrasra Betel ahorow ahyɛ anuanom den. Afei wubetumi anya hokwan asom wɔ Betel na ebia woabɛyɛ Baa Boayikuw muni mpo. Bio nso wubetumi anya hokwan akyerɛ ade wɔ Ahenni Som Sukuu ne Akwampaefo Ɔsom Sukuu mu, na mpo woanya akwannya ama ɔkasa wɔ nhyiam akɛse ne nketewa ase. Anuanom baanan yi ani gyei sɛ wotumi boaa nnipa mpempem pii! Nea ɛma wotumi yɛɛ eyi nyinaa ne sɛ bere a wɔyɛ mmerante koraa no, wohui sɛ Yehowa reto nsa frɛ wɔn sɛ womfi wɔn kra nyinaa mu nsom no, na wɔpenee so.—Kol. 3:23.

Fi benkum kɔ nifa: Richard, Bill, Lowell, ne Ramon wɔ Selters bere a wɔrehyira Betel adan foforo so, 1984

Ɛnnɛ, Lowell, Richard, ne Ramon nyinaa asan aba Germany Betel a seesei ɛwɔ Selters no. Awerɛhosɛm ne sɛ Bill wui 2010 bere a na ɔresom sɛ ɔkwampaefo titiriw wɔ United States no. Nnamfo baanan yi bɔe bɛyɛ mfe 60. Seesei owu afa biako kɔ yayaayaw! Nanso yɛn Nyankopɔn Yehowa werɛ remfi ne nnamfo da. Yɛwɔ awerɛhyem sɛ bere a n’Ahenni redi tumi no, yɛn nnamfo Kristofo a owu atetew yɛne wɔn ntam no bɛsan aba na yɛn nnamfofa no atoa so.

“Mfirihyia 60 a yɛfaa nnamfo nyinaa, menkae da koro mpo a akameakame baa yɛn ntam”

Aka kakra ma Bill awu no, ɔkyerɛwee sɛ: “Mfirihyia 60 a yɛfaa nnamfo nyinaa, menkae da koro mpo a akameakame baa yɛn ntam. Yɛn nnamfofa no aboa me paa wɔ m’asetenam.” Ne nnamfo baasa no nim sɛ wɔn adamfofa no bɛtoa so wɔ wiase foforo no mu, enti wɔn nso kae sɛ: “Afei mpo na yɛafi ase.”

^ nky. 17 Onua Frost asetenam nsɛm baa April 15, 1961, Borɔfo Ɔwɛn-Aban, kratafa 244-249 mu.