Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Yesu Ahobrɛase Yɛ Nhwɛsode Ma Yɛn

Yesu Ahobrɛase Yɛ Nhwɛsode Ma Yɛn

“Magyaw mo nhwɛsode sɛ sɛnea mayɛ mo no, mo nso monyɛ saa ara.”—YOH. 13:15.

1, 2. Anadwo a ade rebɛkye ma Yesu awu no, dɛn na ɔde yɛɛ asuade maa n’asomafo no?

ANADWO a ade rebɛkye ma Yesu awu no, ɔne n’asomafo no hyiaam wɔ abansoro dan bi mu wɔ Yerusalem. Bere a wɔredidi no, Yesu sɔre yii n’atade nguguso guu hɔ. Afei ɔfaa mpopaho bɔɔ ne mu, na ɔde nsu guu guasɛn mu fii ase hohoroo n’asuafo no nan ho de mpopaho no popaa ho. Owiei no, ɔsan hyɛɛ n’atade nguguso no. Dɛn nti na Yesu yɛɛ adwuma a ɛba fam saa?—Yoh. 13:3-5.

2 Yesu ankasa kyerɛkyerɛɛ mu sɛ: “Moahu nea mayɛ mo yi? . . . Sɛ me a meyɛ Awurade ne Ɔkyerɛkyerɛfo ahohoro mo nan ho a, ɛsɛ sɛ mo nso mo mu biara hohoro ne yɔnko nan ho. Na magyaw mo nhwɛsode sɛ sɛnea mayɛ mo no, mo nso monyɛ saa ara.” (Yoh. 13:12-15) Bere a Yesu brɛɛ ne ho ase yɛɛ adwuma a ɛte saa no, ɔmaa n’asomafo no nyaa asuade bi a wɔn werɛ remfi da, na na ɛbɛhyɛ wɔn nkuran ma wɔabrɛ wɔn ho ase.

3. (a) Mmere ahorow abien bi mu no, dɛn na Yesu kae de kyerɛe sɛ ahobrɛase ho hia? (b) Dɛn na yebesusuw ho wɔ adesua yi mu?

3 Bere a Yesu hohoroo n’asomafo no nan ho no, na ɛnyɛ ɛno ne bere a edi kan a ɔrekyerɛ wɔn mfaso a ɛwɔ ahobrɛase so. Bere bi na n’asomafo no bi regye akyinnye wɔ nea ɔbɛyɛ wɔn mu kɛse ho. Yesu de abofra ketewa bi begyinaa ne nkyɛn, na ɔka kyerɛɛ n’asomafo no sɛ: “Obiara a obegye abofra yi me din mu no, na wagye me nso, na obiara a obegye me no, na wagye nea ɔsomaa me no nso. Na nea ɔyɛ ne ho akumaa wɔ mo nyinaa mu no, ɔno na ɔyɛ ɔkɛse.” (Luka 9:46-48) Bere foforo nso Yesu kaa biribi de sii so dua sɛ ahobrɛase ho hia. Ná onim sɛ Farisifo no pɛ akɛsesɛm, enti ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Obiara  a ɔma ne ho so no wɔbɛbrɛ no ase, na nea ɔbrɛ ne ho ase no wɔbɛma no so.” (Luka 14:11) Eyi ma yehu sɛ na Yesu pɛ sɛ n’akyidifo brɛ wɔn ho ase na woyi ahomaso ne ahantan biara gu. Afei, momma yɛntɔ yɛn bo ase nhwɛ nea Yesu yɛe a ɛkyerɛ sɛ ɔbrɛ ne ho ase ne sɛnea yebetumi asuasua no. Yebehu nso sɛ, sɛ obi brɛ ne ho ase a, ɛnyɛ ɔno nkutoo na ɛboa no na mmom ɛboa afoforo nso.

“MANSAN M’AKYI”

4. Ansa na Onyankopɔn Ba a ɔwoo no koro no reba asase so no, dɛn na ɔyɛe a ɛkyerɛ sɛ ɔbrɛ ne ho ase?

4 Onyankopɔn Ba a ɔwoo no koro no mmaa asase so mpo no, na ɔbrɛ ne ho ase. Ansa na Yesu reba asase so no, na ɔne n’Agya atena soro bere tenten a yennim ano. Yesaia nhoma no ma yehu sɛ Ɔba no ne n’Agya bɔɔ papee. Bible ka sɛ: “Awurade Tumfoɔ Yehowa ankasa ama me asuafo tɛkrɛma na mahu asɛm a mede bebua nea wabrɛ. Anɔpa biara onyan me, onyan m’aso ma mitie sɛ asuafo. Awurade Tumfoɔ Yehowa ankasa abue m’aso, na me nso mantew atua, na mansan m’akyi.” (Yes. 50:4, 5) Yesu brɛɛ ne ho ase yɛɛ aso tiee nea Yehowa kyerɛɛ no biara. Ná ne ho pere no sɛ obesua biribi afi nokware Nyankopɔn no nkyɛn. Yebetumi aka sɛ bere a Yehowa brɛɛ ne ho ase na ɔdaa mmɔborɔhunu adi kyerɛɛ adesamma abɔnefo no, na Yesu rehwɛ.

5. Dibea a Yesu wɔ sɛ ɔbɔfo panyin Mikael nyinaa akyi no, ɔkwan bɛn so na sɛnea ɔne Ɔbonsam dii ma yehu sɛ ɔbrɛ ne ho ase?

5 Ɛnyɛ abɔfo no nyinaa na wɔbrɛɛ wɔn ho ase te sɛ Yesu. Ɔbɔfo biako bi de, na n’ani nnye ho sɛ obesuasua Yehowa, na mmom ahantan ne dwae nti ɔsɔre tiaa Yehowa. Ná ahobrɛase abɔ no koraa. Ɔbɔfo yi na akyiri yi ɔbɛyɛɛ Satan Bonsam no. Ná Yesu nte saa koraa. Wampere tumidi wɔ soro, mmom na n’ani sɔ nea Onyankopɔn de ama no biara. Bio, wamfa tumi a ɔwɔ anyɛ nea ɔpɛ. Bere bi na Yesu ne ‘Ɔbonsam redi akameakame wɔ Mose amu ho.’ Ɛwom sɛ Onyankopɔn Ba no ne ɔbɔfo panyin Mikael de, nanso wamfa ne tumi anyɛ ade a onni hokwan sɛ ɔyɛ, mmom ɔbrɛɛ ne ho ase. Ná n’ani gye ho sɛ obegyaw ama Ɔtemmufo Pumpuni Yehowa ma wadi tebea no ho dwuma wɔ ɔkwan a ɔpɛ so ne bere a ɛsɛ mu.—Monkenkan Yuda 9.

6. Bere a Yesu gye toom sɛ ɔbɛyɛ Mesia no, ɔkwan bɛn so na ɛdaa adi sɛ ɔbrɛ ne ho ase?

6 Bere a Yesu wɔ soro no, yebetumi aka sɛ na onim Mesia no ho nkɔmhyɛ nyinaa, nkɔmhyɛ a na ɛfa n’asase so asetena ho. Enti ɛbɛyɛ sɛ na onim amanehunu a ɛda hɔ retwɛn no. Nanso Yesu gye too ne ho so bɛtenaa asase so, na owui sɛ Mesia a wɔahyɛ ne ho bɔ no. Dɛn nti na ɔyɛɛ saa? Ɔsomafo Paulo kyerɛe sɛ ahobrɛase nti na Yesu yɛɛ saa. Ɔkyerɛwee sɛ: “Ɛmfa ho sɛ na ɔne Onyankopɔn sɛ no, wannya adwene sɛ ɔbɛpere biribi, sɛ ɔne Onyankopɔn bɛyɛ pɛ. Dabi, na mmom ogyaa biribiara mu faa akoa tebea bɛyɛe sɛ nnipa.”—Filip. 2:6, 7.

BERE A ƆBƐYƐƐ NIPA NO, “ƆBRƐƐ NE HO ASE”

Dɛn na yesua fi Yesu ahobrɛase no mu?

7, 8. Dɛn na Yesu yɛe wɔ ne mmofraberem ne asɛnka adwuma no mu a ɛkyerɛ sɛ ɔbrɛ ne ho ase?

7 Paulo kyerɛwee sɛ: “Bere a [Yesu hui] sɛ ne su ne ne yɛbea te sɛ onipa no, ɔbrɛɛ ne ho ase yɛɛ osetie kosii owu mu, yiw, asɛndua ho wu mu.” (Filip. 2:8) Efi Yesu mmofraberem nyinaa ɔbrɛɛ ne ho ase, na yebetumi asua biribi afi mu. Ɛwom sɛ na Yosef ne Maria a wɔtetee Yesu no nyɛ pɛ de, nanso “ɔkɔɔ so brɛɛ ne ho ase hyɛɛ wɔn ase.”  (Luka 2:51) Eyi yɛ ade a mmofra betumi asua. Sɛ mmofra yɛ osetie ma wɔn awofo a, Onyankopɔn behyira wɔn.

8 Bere a Yesu nyinii nso, ɔdaa ahobrɛase adi wɔ akwan pii so. Nea na ehia no paa ne sɛ ɔbɛyɛ Yehowa apɛde. (Yoh. 4:34) Bere a Yesu Kristo reyɛ asɛnka adwuma no, ɔbɔɔ Onyankopɔn din kyerɛɛ afoforo, na ɔboaa nkurɔfo ma wohuu Yehowa su ahorow ne nea wabɔ ne tirim sɛ ɔbɛyɛ ama adesamma. Afei nso na Yesu de nea ɔkyerɛkyerɛ fa Yehowa ho no bɔ ne bra. Ɛho nhwɛso ne mpae a ɔkyerɛɛ n’asuafo sɛ wɔmmɔ no. Ade a edi kan a ɔkae ne sɛ: “Yɛn Agya a wowɔ soro, wo din ho ntew.” (Mat. 6:9) Yesu maa n’akyidifo no hui sɛ ade a ehia paa wɔ wɔn asetenam ne sɛ wɔbɛtew Yehowa din ho. Saa na Yesu ankasa yɛe. Aka kakra ma Yesu awie ne som adwuma wɔ asase so no, ɔbɔɔ Yehowa mpae sɛ: “Mama wɔahu wo din na mɛma wɔahu.” (Yoh. 17:26) Bio nso, biribiara a Yesu tumi yɛe wɔ ne som adwuma mu no, ɔde ho anuonyam maa Yehowa.—Yoh. 5:19.

9. Nkɔm bɛn na Sakaria hyɛ faa Mesia no ho? Ɔkwan bɛn so na enyaa maamu wɔ Yesu so?

9 Sakaria hyɛɛ Mesia no ho nkɔm sɛ: “O Sion babea, ma w’ani nnye. O Yerusalem babea, teɛm bɔ ose. Hwɛ, wo hene reba wo nkyɛn. Ɔyɛ ɔtreneeni na wɔagye no nkwa; ɔbrɛ ne ho ase, na ɔte afurum so, afurummere ba so.” (Sak. 9:9) Saa nkɔmhyɛ yi baam bere a Yesu kɔɔ Yerusalem ansa na wɔredi Twam Afahyɛ wɔ afe 33 Y.B. mu. Nnipakuw no de wɔn ntade sesɛw kwan mu, na ebinom nso de nnua mmaa guu kwan no mu. Nokwasɛm ni, owuraa kurow no mu no, ɛhɔ nyinaa yɛɛ bagyabagya. Bere a nkurɔfo no bɔ gyee Yesu so sɛ wɔn hene mpo no, wammoma ne mmati so; mmom ɔbrɛɛ ne ho ase.—Mat. 21:4-11.

10. Dɛn na nokware a Yesu di kosii owu mu no ma ɛdaa adi?

10 Yesu Kristo brɛɛ ne ho ase, na ɔyɛɛ osetie kosii sɛ owui wɔ asɛndua so. Nea ɔyɛe no daa no adi sɛ, sɛ nnipa hyia sɔhwɛ a emu yɛ den mpo a,  wobetumi akɔ so adi Yehowa nokware. Ná Satan aka sɛ nea nnipa nya fi Yehowa hɔ nkutoo nti na wɔsom no. Nanso Yesu nokwaredi daa no adi sɛ Satan yɛ ɔtorofo. (Hiob 1:9-11; 2:4) Kristo tiee n’Agya wɔ biribiara mu, na ɔdaa no adi sɛ Yehowa na ɔfata sɛ odi amansan yi so, na ne tumidi na ɛyɛ papa. Bere a Yehowa hui sɛ ne Ba hobrɛasefo no adi nokware akosi owu mu no, ne koma tɔɔ ne yam paa.—Monkenkan Mmebusɛm 27:11.

11. Hokwan bɛn na Yesu afɔrebɔ no abue ama wɔn a wogye no di?

11 Bere a Yesu wui wɔ asɛndua so no, otuaa agyede de gyee adesamma. (Mat. 20:28) Eyi ama adesamma abɔnefo anya akwannya kɛse bi—wobetumi atena ase daa. Bere koro no ara nso Yesu afɔre no da Yehowa trenee adi. Paulo kyerɛwee sɛ: “Sɛnea bɔne biako de afobu baa nnipa ahorow nyinaa so no, saa ara na adetrenee biako ma wobu nnipa ahorow nyinaa bem ma nkwa.” (Rom. 5:18) Yesu wu no ama Kristofo a wɔde honhom asra wɔn no anidaso sɛ wobenya nkwa a owu nnim wɔ soro, na “nguan foforo” no nso benya daa nkwa wɔ asase so.—Yoh. 10:16; Rom. 8:16, 17.

“MEBRƐ ME HO ASE KOMA MU”

12. Bere a Yesu ne nnipa a wɔnyɛ pɛ redi no, dɛn na ɔyɛe de kyerɛe sɛ odwo na ɔbrɛ ne ho ase?

12 Yesu frɛɛ ‘wɔn a wɔabrɛ na wɔasoa wɔn nnesoa’ nyinaa sɛ wɔmmra ne nkyɛn. Ɔkae sɛ: “Momfa me kɔndua nto mo ho so na munsua me, efisɛ midwo, na mebrɛ me ho ase koma mu, na mubenya ɔhome ama mo kra.” (Mat. 11:28, 29) Ná Yesu dwo na ɔbrɛ ne ho ase, enti bere a ɔne nnipa a wɔnyɛ pɛ redi no, oyii ne yam boaa wɔn; wannyɛ nyiyim. Wamma n’asuafo no anyɛ biribi a wontumi. Ɔkamfoo wɔn hyɛɛ wɔn nkuran. Wamma wɔante nka sɛ wɔde wɔn yɛ hwee a ɛrenyɛ yiye anaa wɔn so nni mfaso. Ná Yesu asɛm nyɛ den, na na ɔnyɛ katee nso. Mmom ɔmaa n’akyidifo awerɛhyem sɛ, sɛ wɔka wɔn ho ba ne ho na wɔde ne nkyerɛkyerɛ bɔ wɔn bra a, wobenya ɔhome efisɛ ne kɔndua yɛ mmerɛw na n’adesoa yɛ hare. Ná mmea ne mmarima, mpanyin ne mmofra nyinaa kɔ Yesu nkyɛn a wonsuro.—Mat. 11:30.

Ɛsɛ sɛ yesuasua Yesu mmɔborɔhunu

13. Dɛn na Yesu yɛe a ɛkyerɛ sɛ na ne yam hyehye no ma wɔn a wɔn asɛm yɛ mmɔbɔ?

13 Yesu nyaa tema maa Israelfo a na wɔn asɛm yɛ mmɔbɔ no, na ɔyɛɛ nea obetumi biara boaa wɔn. Bere bi Yesu kɔtoo anifuraefo baanu a wɔresrɛsrɛ ade wɔ Yeriko kurotia. Ná wɔfrɛ obiako Bartimeo. Wɔteɛteɛɛm sɛ Yesu nhu wɔn mmɔbɔ, nanso nkurɔfo a wɔwɔ hɔ no teɛteɛɛ wɔn sɛ wɔnyɛ dinn. Yesu pɛ a, anka ɔremmua anifuraefo no, nanso wanyɛ saa. Mmom wɔn asɛm yɛɛ no mmɔbɔ na ɔkae sɛ wɔmfa wɔn  mmra. Wɔbae no, ɔma wohuu ade. Yesu brɛɛ ne ho ase maa abɔnefo a wɔn asɛm yɛ mmɔbɔ, na na ne yam hyehye no ma wɔn. Ɔyɛɛ eyi nyinaa de suasuaa n’Agya Yehowa. —Mat. 20:29-34; Mar. 10:46-52.

“OBIARA A ƆBRƐ NE HO ASE NO WƆBƐMA NO SO”

14. Yesu ahobrɛase no aboa afoforo dɛn?

14 Ahobrɛase a Yesu Kristo daa no adi no maa afoforo ani gyei, na ɛboaa nnipa pii. Yehowa ani gyei sɛ ne Dɔba no brɛɛ ne ho ase yɛɛ n’apɛde. Asomafo no ne asuafo no koma tɔɔ wɔn yam efisɛ na Yesu brɛ ne ho ase komam, na ɔne wɔn dii no odwo so. Yesu yɛɛ nhwɛso pa maa wɔn, ɔkyerɛkyerɛɛ wɔn, na ɔkamfoo wɔn. Eyi hyɛɛ wɔn mpamden ma wɔsom Onyankopɔn yiye. Yesu boaa mmɔborɔwafo, ɔkyerɛkyerɛɛ wɔn, ɔhyɛɛ wɔn nkuran na ɔde nea wohia maa wɔn. Nokwarem no, Yesu afɔrebɔ nti nnipa a wogye no di nyinaa benya nhyira afebɔɔ.

15. Ahobrɛase a Yesu daa no adi no boaa no dɛn?

15 Yesu nso ɛ? So ahobrɛase a ɔdaa no adi no boaa no? Yiw, ɛboaa no, efisɛ ɔka kyerɛɛ n’asuafo no sɛ: “Obiara a ɔbrɛ ne ho ase no wɔbɛma no so.” (Mat. 23:12) Paulo kyerɛe sɛ saa pɛpɛɛpɛ na wɔyɛɛ Yesu. Paulo kae sɛ: “Onyankopɔn pagyaw [Yesu] maa no gyinabea a ɛkorɔn, na ɔdom maa no din a ɛkyɛn edin biara, ma enti Yesu din mu na ɛsɛ sɛ nkotodwe nyinaa kotow, nea ɛwɔ soro ne nea ɛwɔ asase so ne nea ɛwɔ asase ase nyinaa, na ɛsɛ sɛ tɛkrɛma nyinaa pae mu ka sɛ Yesu Kristo ne Awurade de hyɛ Agya Onyankopɔn anuonyam.” Esiane sɛ bere a Yesu wɔ asase so ɔbrɛɛ ne ho ase na odii nokware nti, Yehowa Nyankopɔn maa no so, na wama no tumi wɔ abɔde a ɛwɔ ɔsoro ne asase so nyinaa so.—Filip. 2:9-11.

YESU BƐKO WƆ “NOKWAREDI NE AHOBRƐASE” MU

16. Dɛn na ɛkyerɛ sɛ ahobrɛase bɛkɔ so ara adi akoten wɔ Onyankopɔn Ba no dwumadi nyinaa mu?

16 Ahobrɛase bɛkɔ so ara adi akoten wɔ Onyankopɔn Ba no dwumadi nyinaa mu. Odwontofo no hyɛɛ nkɔm de kyerɛɛ nea Yesu bɛyɛ Onyankopɔn atamfo bere a Yesu redi hene wɔ soro. Ɔkae sɛ: “Kodi nkonim w’anuonyam mu; tena wo pɔnkɔ so ma nokwaredi ne ahobrɛase ne trenee.” (Dw. 45:4) Harmagedon pae gu a, Yesu Kristo bɛko agye ahobrɛasefo, wɔn a wɔteɛ, ne wɔn a wodi nokware. Sɛ Mfirihyia Apem Nniso no ba awiei na Mesia no ‘tu aban ne tumi ne ahoɔden nyinaa gu’ a, dɛn na ebesi? So Yesu bɛda ahobrɛase adi? Yiw, efisɛ Bible ma yehu sɛ ɔbɛdan “ahenni no ahyɛ ne Nyankopɔn ne n’Agya nsa.”—Monkenkan 1 Korintofo 15:24-28.

17, 18. (a) Dɛn nti na ehia sɛ Onyankopɔn asomfo suasua Yesu ahobrɛase no? (b) Dɛn na yebesusuw ho wɔ adesua a edi hɔ no mu?

17 Yɛn nso ɛ? So yebedi Yesu anammɔn akyi na yɛabrɛ yɛn ho ase? Sɛ Ɔhene Yesu Kristo ba sɛ ɔrebebu atɛn wɔ Harmagedon a, ebewie yɛn dɛn? Esiane sɛ Yesu ankasa brɛ ne ho ase nti, yebetumi aka sɛ wɔn a wɔbrɛ wɔn ho ase na wɔyɛ nea ɛteɛ nkutoo na obegye wɔn. Enti sɛ yɛpɛ nkwa a, ɛnde ehia sɛ yenya ahobrɛase ɔkwan biara so. Bio, sɛnea Yesu Kristo ahobrɛase boaa ɔne afoforo no, saa ara na sɛ yɛbrɛ yɛn ho ase a, ɛbɛboa yɛne afoforo akwan pii so.

18 Dɛn na ebetumi aboa yɛn ma yɛabrɛ yɛn ho ase te sɛ Yesu? Sɛ yehyia tebea a ɛyɛ den mpo a, adɛn nti na ɛsɛ sɛ yemia yɛn ani da ahobrɛase adi? Yebesusuw nsɛm yi ho wɔ adesua a edi hɔ no mu.